Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nya Nhomasua a Eye Sen Biara So Mfaso!

Nya Nhomasua a Eye Sen Biara So Mfaso!

Nya Nhomasua a Eye Sen Biara So Mfaso!

BIBLE ka sɛ Yehowa Nyankopɔn ne nneɛma nyinaa a nnipa ka ho no Bɔfo. (Genesis 1:27; Adiyisɛm 4:11) Sɛ́ Ɔkyerɛkyerɛfo Kunini no, ɔkyerɛkyerɛɛ nnipa baanu a wodi kan no, Adam ne Hawa, na osiesiee wɔn maa asetra wɔ Eden turo fɛfɛ no mu. Ná n’atirimpɔw ne sɛ ɔbɛkɔ so akyerɛkyerɛ wɔn na wahwɛ wɔn daa. (Genesis 1:28, 29; 2:15-17; Yesaia 30:20, 21) Wo de, susuw nea na ebefi mu aba no ho hwɛ!

Nanso, awerɛhosɛm ne sɛ nnipa baanu a wodi kan no sɛee biribiara. Wɔn asoɔden no maa adesamma abusua no abrabɔ sɛee na ɛkaa wɔn nipadua. (Genesis 3:17-19; Romafo 5:12) Bere a Bible no reka nnipa a wɔtraa ase wɔ mfe kakraa a edi bere a wɔbɔɔ onipa akyi no ho asɛm no, ɛka sɛ: “Na [Yehowa, NW] hui sɛ nnipa bɔne dɔɔso pii asase so, na wɔn komam adwene nyinaa yɛ bɔne nko daa nyinaa.”—Genesis 6:5.

Bɛyɛ mfe 4,500 ni a Yehowa kae sɛ onipa tɔ kɔ bɔne so bere nyinaa, na tebea a adesamma wom nnɛ no asɛe sen bere biara. Ɛnhaw nnipa pii sɛ wobedi atoro, awia ade, anaasɛ wɔbɛtow ahyɛ afoforo so. Ɔhaw ahorow renya nkɔanim da biara da, na sɛnea anka onipa dwen ne yɔnko nipa ho no reba fam. So ɛnyɛ nea nnipa dodow no ara ntam abusuabɔ a mmusua ntam de ka ho resɛe ankasa? Nanso, ɛnyɛ Onyankopɔn na wama nea ɛrekɔ so nnɛ no aba, na ommuu n’ani nguu ɔhaw ahorow a ɛrekɔ so nnɛ no so. Yehowa kyerɛ nnipa yiyedi ho anigye bere nyinaa, na wasiesie ne ho sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn a wɔde wɔn ho to no so hwehwɛ akwankyerɛ a ɛbɛma wɔanya asetra a anigye wom no. Bɛyɛ mfe 2,000 ni no, ɔsomaa ne Ba Yesu Kristo baa asase so, na ɔkyerɛe sɛ N’ani gye ho sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ nnipa a wɔpɛ sɛ esi wɔn yiye no. Yesu gyaw adesua ho nhwɛso a edi mu maa yɛn efisɛ na Ɔkyerɛkyerɛfo Kunini no de mfe a enni ano akyerɛkyerɛ no.

Nokware Kristosom—Ɛyɛ Adesua

Yesu Kristo de nokware Kristosom a ɛyɛ asetra kwan a egyina ɔdɔ so no sii hɔ. Wɔ Kristosom mu no, ɛsɛ sɛ yɛn nsusuwii ne yɛn nneyɛe nyinaa ne Onyankopɔn apɛde hyia na ama yɛadi ne din ni ahyɛ no anuonyam. (Mateo 22:37-39; Hebrifo 10:7) Ná Yesu nkyerɛkyerɛ a ɛfa sɛnea yɛbɛbɔ yɛn bra ho no fi Yehowa, ne Papa hɔ. Yɛkenkan mmoa a Yesu nya fii Onyankopɔn hɔ no ho asɛm wɔ Yohane 8:29 sɛ: “Na nea ɔsomaa me no ka me ho; wannyaw me nko, efisɛ meyɛ nea ɛsɔ n’ani daa.” Yiw, Yesu nyaa mmoa ne akwankyerɛ fii ne Papa hɔ wɔ ne som adwuma no nyinaa mu. Yesu akyidifo a wodi kan no nyaa akwankyerɛ a wɔde dii asetra mu nsɛnnennen ho dwuma. Yehowa nam ne Ba no so kyerɛkyerɛɛ wɔn. Yesu nkyerɛkyerɛ ne ne nhwɛso akyi a wodii no ma wɔyɛɛ nnipa pa. Saa na n’asuafo a wɔwɔ hɔ nnɛ no te.—Hwɛ adaka “Nkɛntɛnso a na Yesu ne Ne Nkyerɛkyerɛ Wɔ” a ɛwɔ kratafa 6.

Nokware Kristosom ho ade a ɛda nsow nso ne sɛ ɛde nkyerɛkyerɛ a ɛka nnipa adwene ne wɔn koma ma wɔasakra ma. (Efesofo 4:23, 24) Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso biako pɛ a, susuw nea Yesu kyerɛkyerɛ faa nokware a obi bedi n’aware mu hokafo no ho hwɛ: “Motee sɛ wɔkae sɛ, ‘Nsɛe aware.’ Nanso mise mo sɛ obiara a ɔbɛkɔ so ahwɛ ɔbea anya akɔnnɔ ama no no asɛe aware dedaw ne koma mu.” (Mateo 5:27, 28) Yesu de nsɛm yi kyerɛkyerɛɛ n’asuafo no sɛ ɛsɛ sɛ wɔma wɔn koma mu tew, efisɛ nsusuwii ne akɔnnɔ bɔne a wɔnnaa no adi mpo betumi de ɔhaw kɛse aba. So ɛnyɛ nokware sɛ nsusuwii bɔne betumi ama yɛayɛ nneɛma a Onyankopɔn mpɛ na epira afoforo?

Enti Bible de afotu yi ma: “Na mommfa wiase nhyehyɛe yi su, na mmom munnya adwensakra mfa nyɛ mo ho foforo, na moasɔ ahwɛ ahu Nyankopɔn pɛ a eye na ɛsɔ ani na edi mu.” (Romafo 12:2) Ebia wubebisa sɛ: ‘So yɛnam adesua so betumi asakra yɛn adwene ampa?’ Adwene a yɛbɛsakra no no hwehwɛ sɛ yɛdan fi biribi so de kosi biribi foforo so denam nnyinasosɛm ne nkyerɛkyerɛ a wɔde ama wɔ Onyankopɔn Asɛm mu a yɛde bɛhyɛ adwene no mu no so. Yebetumi ayɛ eyi denam nkyerɛkyerɛ a Onyankopɔn nam N’asɛm so de ma a yebegye atom no so.

Wɔkanyan Wɔn Ma Wɔsakra

“Onyankopɔn asɛm wɔ nkwa, na tumi wɔ mu.” (Hebrifo 4:12) So ɛda so ara nya nnipa so tumi kɛse ma enti ɛkyerɛ sɛ entwaam? Ebetumi akanyan obi ma wasakra n’asetra, agye nokware Kristosom atom na wabɛyɛ onipa pa. Nhwɛso a edidi so yi kyerɛkyerɛ Bible adesua so mfaso mu.

Emilia a yɛkaa ne ho asɛm wɔ asɛm a edi kan no mu no ka sɛ: “Mmɔden a mebɔe sɛ mɛma tebea a ɛwɔ me fie ayɛ papa no annɔɔso. Bere a mifii ase ne Yehowa Adansefo suaa Bible no, mihui sɛ tebea no betumi ayɛ yiye na mifii ase sakraa me suban. Misuae sɛnea mɛda boasetɔ kɛse adi, na mamma me bo amfuw denneennen. Ankyɛ na me kunu bɛkaa me ho ma yesuaa ade. Na ɛyɛ den ma no sɛ obegyae asanom, nanso otumi gyaee. Eyi ma yenyaa hokwan foforo a yɛde besiesie yɛn aware no. Seesei yɛyɛ Kristofo a yɛwɔ anigye na yɛde Bible mu nnyinasosɛm a eye no redua yɛn mma komam.”—Deuteronomium 6:7.

Nkyerɛkyerɛ a Kristosom de ma no betumi ama obi akwati nneɛma bɔne ne ɔbrasɛe. Manuel * hui sɛ ɛte saa. Bere a odii mfe 13 no, oguan fii fie na ofii ase nom wii ne nnubɔne afoforo. Na ɔne mmarima ne mmea da sɛnea ɛbɛyɛ a obenya dabere ne sika. Ɛtɔ bere bi a ɔbɔ nkurɔfo apoo na wanya nea ɔde bɛhwɛ ne ho. Ɛkame ayɛ sɛ na ɔnom nnubɔne bere nyinaa. Basabasa a na ɔyɛ no ma ɔkɔdaa afiase mpɛn pii. Bere bi ɔkɔdaa afiase mfe anan, na ɛhɔ mpo no, na ɔtɔn akode. Bere a Manuel waree akyi no, n’abrabɔ ma ohyiaa ɔhaw pii. Ɔka sɛ: “Bere bi yɛkɔtraa nkokɔbuw mu. Meda so ara kae sɛ na me yere noa aduan wɔ ntayaa bi so. Na tebea a yɛwom no nye koraa ma m’abusuafo hyɛɛ me yere nkuran sɛ onnyae me aware.”

Dɛn na ɛsakraa n’asetra? Manuel bua sɛ: “Ɔmannifo bi bɛkaa Bible ho asɛm wɔ yɛn fie. Mepenee so sɛ ɔmmɛsra me sɛnea ɛbɛyɛ a mɛkyerɛ no sɛ Onyankopɔn biara nni hɔ a ɔkyerɛ nnipa ho anigye. Mefaa no sɛ m’ankasa meyɛ ho adanse. Ɛyɛɛ me nwonwa sɛ Ɔdansefo no daa boasetɔ ne obu adi, ma enti mepenee so sɛ mɛkɔ asafo nhyiam wɔ Ahenni Asa so. Ɛwom sɛ na wɔn a wɔwɔ hɔ no mu binom nim onipa ko a meyɛ de, nanso wɔde animtew kyiaa me. Wɔma metee nka te sɛ nea meyɛ wɔn mu biako. Ná eyi yɛ awerɛkyekye kɛse. Ɛma misii gyinae sɛ merenyɛ nnubɔne ho adwuma bio na mɛhwehwɛ adwuma pa bi ayɛ. Mifii ase suaa Bible no asram anan akyi no, mefatae sɛ mɛka wɔn ho akɔ asɛnka, na asram anan akyi no, wɔbɔɔ me asu sɛ Yehowa Dansefo.”

Dɛn na nokware Kristosom ayɛ ama Manuel ne n’abusua? “Sɛ ɛnyɛ Bible adesua a, anka akyinnye biara nni ho sɛ mawu dedaadaw. Asetra kwan a Yesu kyerɛɛ me no aka me ne m’abusua abom. Ɛnsɛ sɛ me mma baanu no fa tebea a mefaa mu wɔ me mmerantebere mu no mu. Ɛyɛ me dɛ na meda Yehowa ase sɛ abusuabɔ pa wɔ me ne me yere ntam seesei. Nnipa a me ne wɔn bɔ kan no mu binom akamfo me na wɔaka akyerɛ me sɛ wosusuw sɛ ɔkwan a menam so no ye sen biara.”

Abrabɔ pa akyi no, Kristofo asetra hwehwɛ sɛ yɛma yɛn ho nso tew. John a ɔte ahiafo atrae wɔ South Africa no huu eyi. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ɛtɔ da bi a, bɛyɛ dapɛn biako na yɛn babea no nguaree, nanso na ɛnhaw yɛn mu biara.” Ne yere kae sɛ na wɔn fie ntew koraa. Nanso Kristofo nkyerɛkyerɛ nti nneɛma asesa. John ne akorɔmfo kuw bi a na wowia kar gyaee bɔ na ofii ase maa n’ani kuu n’abusua ho. “Yehui sɛ, sɛ Kristofo no, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ho ne yɛn ntade ani tew. M’ani gye nsɛm a ɛwɔ 1 Petro 1:16 a etu yɛn fo sɛ yɛnyɛ kronkron efisɛ Yehowa Nyankopɔn yɛ kronkron no ho. Seesei yɛbɔ mmɔden nso sɛ yɛbɛma yɛn fie korokorowa no ayɛ fɛ.”

Wubetumi Anya Adesua a Ɛsen Biara

Osuahu ahorow a yɛaka ho asɛm no taa si. Esiane Bible adesua nti, nnipa mpempem pii asua sɛnea wɔbɛma wɔn asetra ayɛ papa. Esiane sɛ wɔyɛ anokwafo ne nsiyɛfo nti, wɔn adwumawuranom ani gye wɔn ho. Wɔabɛyɛ afipamfo ne nnamfo pa, na wɔkyerɛ wɔn mfɛfo nnipa yiyedi ho anigye. Wɔasi wɔn bo sɛ wɔbɛkwati nneɛma bɔne ne nipasu a ɛmfata ma enti wɔhwɛ wɔn nipadua ne wɔn adwene so na wodi wɔn nkate so yiye. Sɛ anka wɔbɛsɛe wɔn sika wɔ nneɛma bɔne ho no, wɔde hwɛ wɔn ho ne wɔn mmusua. (1 Korintofo 6:9-11; Kolosefo 3:18-23) Akyinnye biara nni ho sɛ nea efi nea Yehowa aka a ɛwɔ Bible mu a wɔde di dwuma mu ba no ada no adi sɛ nokware Kristosom a wɔde bɔ bra no ne ade a eye sen biara wɔ asetram, na ɛma yenya nhomasua a eye sen biara. Bible no ka onipa a odi Onyankopɔn mmara so ho asɛm sɛ: “Nea ɔyɛ nyinaa bewie yiye.”—Dwom 1:3.

Ɛhyɛ nkuran sɛ yebehu sɛ Ade Nyinaa so Tumfoɔ Yehowa wɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ yɛn. Ɔka n’ankasa ho asɛm sɛ: “Me [Yehowa, NW], wo Nyankopɔn, mene nea ɔkyerɛ wo nea eye ma wo, na ogya wo kɔ ɔkwan a fa so no so.” (Yesaia 48:17) Yiw, Yehowa nam ne Ba, Yesu Kristo nhwɛso ne ne nkyerɛkyerɛ so akyerɛ yɛn saa kwan no. Ne nkyerɛkyerɛ maa nnipa pii a na wonim no bere a na ɔwɔ asase so no asetra yɛɛ yiye, na saa ara na ɛte wɔ afoforo pii a wɔde ne nkyerɛkyerɛ bɔ wɔn bra no fam nnɛ. Dɛn nti na wunnye bere nsua nkyerɛkyerɛ yi ho ade pii? Mo mpɔtam hɔ Yehowa Adansefo ani begye ho sɛ wɔbɛboa wo ma woasua ade a mfaso wɔ so a ɛte saa.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 12 Wɔasesa edin ahorow no bi.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 6]

Nkɛntɛnso a na Yesu ne Ne Nkyerɛkyerɛ Wɔ

Esiane Sakeo dibea sɛ towgyefo panyin no nti, ɔnam nnipa a wɔba fam a ɔbɔɔ wɔn apoo so bɛyɛɛ ɔdefo. Nanso ɔnam Yesu nkyerɛkyerɛ a ɔde dii dwuma no so sakraa n’abrabɔ.—Luka 19:1-10.

Saul a ofi Tarso no gyaee taa a na ɔtaa Kristofo no na ogyee Kristosom toom bɛyɛɛ ɔsomafo Paulo.—Asomafo Nnwuma 22:6-21; Filipifo 3:4-9.

Ná Kristofo a wɔwɔ Korinto no mu binom yɛ ‘aguamammɔfo, abosonsomfo, awaresɛefo, mmarima a wɔne wɔn ho da, akorɔmfo, adifudepɛfo, asabofo, wɔn a wɔsopa afoforo ne apoobɔfo.’ Nanso bere a wosuaa nokware Kristosom no, ‘woguaree kama, tew wɔn ho, na wobuu wɔn bem wɔn Awurade Yesu Kristo din mu.’—1 Korintofo 6:9-11.

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Bible no betumi akyerɛ wo sɛnea ebesi wo yiye