Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wo Ne Onyankopɔn Bɛnantew?

So Wo Ne Onyankopɔn Bɛnantew?

So Wo Ne Onyankopɔn Bɛnantew?

‘Wo ne wo Nyankopɔn nnantew ahobrɛase mu.’—MIKA 6:8.

1, 2. Ɔkwan bɛn so na yebetumi de sɛnea Yehowa te nka wɔ yɛn ho no atoto ɔwofo a ɔrekyerɛ abofra bi nantew ho?

AKOKOAA bi a ne nan nnyee fam yiye teɛ ne nsa kyerɛ ɔwofo bi a watrɛw ne nsam regye no taataa no, na akokoaa no fi ase tutu n’anammɔn a edi kan. Ebia ɛbɛyɛ wo sɛ adeyɛ yi yɛ ade a ɛho nhia ahe biara de, nanso wɔ ɛna ne agya no fam de, ɛyɛ ade titiriw, ɛyɛ adeyɛ a ɛho hia a ɛma wonya daakye ho anidaso. Awofo no de anigye hwɛ kwan sɛ wɔne wɔn ba no bɛbɔ anan anantew wɔ asram ne mfe a ɛreba no mu. Wɔhwɛ kwan sɛ wɔde akwankyerɛ ne mmoa bɛma abofra no wɔ nneɛma pii mu daakye.

2 Yehowa Nyankopɔn wɔ atenka a ɛte saa ara ma ne mma a wɔwɔ asase so no. Bere bi, ɔkaa ne nkurɔfo Israel anaa Efraim ho asɛm sɛ: ‘Me na migyigyee Efraim taataa; mituruu wɔn m’abasa so. Nnipa nhama na mede metwee wɔn, ne ɔdɔ ntampehama nso.’ (Hosea 11:3, 4) Yehowa ka n’ankasa ho asɛm wɔ ha sɛ ɔwofo bi a ɔwɔ ɔdɔ a ofi boasetɔ mu rekyerɛ abofra bi nantew, a ebia sɛ abofra no hwe ase a ɔfa no to Ne nsa so. Yehowa, Ɔwofo a ɔsen biara no de anigye kyerɛ yɛn nantew. Na sɛ yɛn anan regye fam a, ɔne yɛn bɔ anan nantew anigye so. Kyerɛwsɛm a yɛn asɛm yi gyina so no kyerɛ sɛ yebetumi ne Onyankopɔn anantew! (Mika 6:8) Nanso, Onyankopɔn a yɛne no bɛnantew no kyerɛ dɛn? Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛne no nantew? Ɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi ne no anantew? Na nhyira bɛn na ɛwɔ Onyankopɔn a yɛne no nantew mu? Momma yensusuw nsɛmmisa anan yi ho mmiako mmiako.

Onyankopɔn a Yɛne no Bɛnantew no Kyerɛ Dɛn?

3, 4. (a) Dɛn na ɛma ntotoho a wɔde kyerɛkyerɛ Onyankopɔn a yɛne no bɛnantew mu no yɛ nea ɛfata? (b) Onyankopɔn a yɛne no bɛnantew no kyerɛ dɛn?

3 Nokwarem no, onipa desani ntumi ne Yehowa a ɔyɛ honhom no mmɔ anan nnantew ankasa. (Exodus 33:20; Yohane 4:24) Enti sɛ Bible ka sɛ nnipa ne Onyankopɔn renantew a, na ɛde kasakoa na ɛredi dwuma. Ɛyɛ ntotoho a ɛfata a nnipa a wɔwɔ ɔman biara mu mpo betumi ate ase bere biara. Nokwarem no, ɛhefa anaa bere bɛn mu na nnipa ntumi nte obi a ɔne obi renantew ase? Ntotoho a wɔde di dwuma yi ma yɛn ani gye na yɛte nka sɛ ɔbɛn yɛn, ɛnte saa? Atenka a ɛte saa ma yɛte nea Onyankopɔn a yɛne no bɛnantew no kyerɛ ase. Nanso, momma yɛnhwɛ nea ɛkyerɛ ankasa.

4 Kae mmarima anokwafo Henok ne Noa. Dɛn nti na wɔka wɔn ho asɛm sɛ wɔne Onyankopɔn nantewee? (Genesis 5:24; 6:9) Wɔ Bible mu no, asɛm “nantew” no taa kyerɛ ɔkwan bi a wɔfa so yɛ ade. Henok ne Noa faa asetra kwan bi a ɛne Yehowa Nyankopɔn apɛde hyia so. Wɔanyɛ wɔn ade te sɛ wiase no mu nnipa a na wɔne wɔn te no, mmom no, wɔhwehwɛɛ akwankyerɛ fii Yehowa hɔ, na wodii so. Wɔde wɔn ho too no so. So eyi kyerɛ sɛ Yehowa na osisii gyinae maa wɔn? Dabi. Yehowa ama nnipa ahofadi a ɛma wotumi yɛ nea wɔpɛ, na ɔpɛ sɛ yɛde saa akyɛde no ne yɛn ankasa “adwene” di dwuma. (Romafo 12:1) Nanso, bere a yɛresisi gyinae no, yefi ahobrɛase mu ma Yehowa adwene a ɛkorɔn sen biara no kyerɛ yɛn nsusuwii kwan. (Mmebusɛm 3:5, 6; Yesaia 55:8, 9) Enti, bere a yɛrebɔ yɛn bra no, na yɛne Yehowa rebɔ anan anantew.

5. Dɛn nti na Yesu kaa basafa biako a yɛde bɛka yɛn nkwa nna tenten ho ho asɛm?

5 Bible taa de asetra toto akwantu anaa nantew ho. Ɛtɔ bere bi a ntotoho no kyerɛ akwantu anaa nantew ankasa, na ɛtɔ bere bi nso a ɛkyerɛ biribi foforo. Sɛ nhwɛso no, Yesu kae sɛ: “Mo mu hena na sɛ ɔdwennwene a obetumi de basafa biako aka ne nkwa nna ho?” (Mateo 6:27) Nsɛmfua yi mu bi betumi ama wo ho adwiriw wo. Dɛn nti na Yesu kaa “basafa biako” a obi betumi de aka ne “nkwa nna” tenten ho ho asɛm, wɔ bere a ɔkwan bi tenten na wosusuw no basafa mu, na wobu “nkwa nna” ho akontaa wɔ bere anaa mfe mu no? * Ɛda adi sɛ na Yesu de asetra retoto akwantu ho. Enti, nea na ɔrekyerɛkyerɛ ne sɛ adwennwen remmoa wo mma wuntumi mfa bere tiaa bi mpo nka wo nkwa nna tenten ho. Nanso, so ɛsɛ sɛ yɛka sɛ biribiara nni hɔ a yebetumi ayɛ a ɛbɛma yɛatumi ne Onyankopɔn anantew akɔ akyiri? Ɛnte saa koraa! Ɛno de yɛn ba yɛn asɛmmisa a ɛto so abien no so sɛ, Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛne Onyankopɔn nantew?

Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Yɛne Onyankopɔn Nantew?

6, 7. Dɛn na nnipa a yɛnyɛ pɛ no hia denneennen, na dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkɔ Yehowa nkyɛn ma odi saa ahiade no ho dwuma ma yɛn?

6 Wɔakyerɛkyerɛ ade biako nti a ɛsɛ sɛ yɛne Onyankopɔn nantew no mu wɔ Yeremia 10:23 sɛ: “[Yehowa, NW], mahu sɛ onipa kwan nni ne nsam, enni ɔbarima nsam, sɛnea ɔnam a obetutu n’anammɔn.” Enti sɛ́ nnipa no, yenni tumi anaa hokwan sɛ yɛkyerɛ yɛn ankasa asetra kwan. Yehia akwankyerɛ denneennen. Wɔn a wɔyɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛtwe wɔn ho afi Onyankopɔn ho na wɔn ankasa afa wɔn akwan so no di mfomso koro no ara a Adam ne Hawa dii no bi. Nnipa baanu a wodi kan no fa too wɔn ho so sɛ wɔn ankasa bɛkyerɛ nea ɛyɛ papa ne nea ɛyɛ bɔne. (Genesis 3:1-6) Nokwarem no, saa hokwan no “nni” yɛn nsam.

7 So wote nka sɛ wunhia akwankyerɛ wɔ w’abrabɔ mu? Da biara da, yehyia nsɛm nketewa ne akɛse a ɛsɛ sɛ yesisi ho gyinae. Saa gyinaesi yi mu bi fa nneɛma a anibere wom ho a ebetumi aka yɛn ankasa anaa yɛn adɔfo daakye. Nanso susuw ho hwɛ, yɛwɔ obi a wanyin na onim nyansa sen yɛn koraa wɔ hɔ a n’ani gye ho sɛ ɔbɛma yɛn akwankyerɛ a ɔdɔ wom ma yɛde asisi saa gyinae ahorow! Awerɛhosɛm ne sɛ, nnipa a wɔwɔ hɔ nnɛ dodow no ara pɛ sɛ wɔn ankasa de wɔn adwene bɔ wɔn bra. Wobu wɔn ani gu nokwasɛm a wɔada no adi wɔ Mmebusɛm 28:26 no so. Ɛkenkan sɛ: “Nea ne ho da ne koma so no yɛ ɔkwasea, na nea ɔnam nyansa mu no benya aguanye.” Yehowa pɛ sɛ yɛkwati asiane ahorow a efi yɛn ho a yɛde bɛto nnipa koma a ɛyɛ okontomponi so mu ba no. (Yeremia 17:9) Ɔpɛ sɛ yɛnantew nyansam, na yɛde yɛn ho to ɔno so sɛ yɛn Kwankyerɛfo ne Kyerɛkyerɛfo nyansafo. Sɛ yɛyɛ saa a, yɛn abrabɔ bɛyɛ nea ahobammɔ, abotɔyam, ne anigye wom.

8. Ɛhe na bɔne ne sintɔ de nnipa kɔ, nanso dɛn na Yehowa pɛ sɛ yenya?

8 Ade foforo nti a ɛsɛ sɛ yɛne Onyankopɔn nantew no fa ɔkwan a yɛpɛ sɛ yetwa no tenten ho. Bible ka nokwasɛm bi a ɛyɛ awerɛhow ho asɛm. Ɔkwan bi so no, beae koro na nnipa a yɛnyɛ pɛ no nyinaa rekɔ. Bere a Ɔsɛnkafo 12:5 reka sɔhwɛ ahorow a onyin de ba ho asɛm no, ɛkae sɛ: “Onipa rekɔ ne daa fie, na ayiyɛfo rekyini mmorɔn so.” Dɛn ne “daa fie” no? Ɔdamoa, baabi a bɔne ne sintɔ de yɛn kɔ no. (Romafo 6:23) Nanso, Yehowa pɛ sɛ yɛn nkwa nna ware sen asetra a ɔhaw wom a yɛfa mu fi bere a wɔwo yɛn kosi sɛ yɛbɛkɔ ɔdamoa mu no. (Hiob 14:1) Sɛ yɛne Onyankopɔn nantew nkutoo a ɛnna yebetumi ahwɛ kwan sɛ yɛbɛtra ase bere tenteenten sɛnea ɔpɛe sɛ yɛtra ase daa no. So ɛnyɛ saa na wopɛ? Ɛnde, ɛda adi pefee sɛ ɛsɛ sɛ wo ne W’agya nantew.

Yɛbɛyɛ Dɛn Atumi ne Onyankopɔn Anantew?

9. Dɛn nti na ɛtɔ mmere bi a na Yehowa de ne ho hintaw ne nkurɔfo, nanso sɛnea Yesaia 30:20 ka no, awerɛhyem bɛn na ɔde maa wɔn?

9 Ɛsɛ sɛ yesusuw yɛn asɛmmisa a ɛto so abiɛsa no ho yiye paa. Ɛno ne, Yɛbɛyɛ dɛn atumi ne Onyankopɔn anantew? Yebenya ɛho mmuae wɔ Yesaia 30:20, 21: “W’akyerɛkyerɛfo [remfa wɔn ho nsie, Asante Twi Bible] bio, na mmom w’aniwa behu w’akyerɛkyerɛfo no; na w’aso nso bɛte w’akyi asɛm bi sɛ: Eyi ne kwan, sɛ mofa nifa oo, mofa benkum oo, monnantew so.” Wɔ asɛm a ɛhyɛ nkuran yi mu no, ɛbɛyɛ sɛ Yehowa asɛm a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ nkyekyɛm 20 no kaee ne nkurɔfo no sɛ, sɛ wɔtew ne so atua a, ɔde ne ho behintaw wɔn. (Yesaia 1:15; 59:2) Nanso, wɔ ɛha no, Yehowa amfa ne ho anhintaw wɔn, na mmom ɔdaa ne ho adi sɛ obi a ogyina ne nkurɔfo anokwafo anim wɔ petee mu. Yebetumi ayɛ ɔkyerɛkyerɛfo bi a ogyina ne sukuufo anim rekyerɛ wɔn ade a ɔpɛ sɛ wosua ho mfonini wɔ yɛn adwenem.

10. Ɔkwan bɛn so na ‘w’aso bɛte w’akyi asɛm bi’ afi wo Kyerɛkyerɛfo Kunini no hɔ?

10 Ɔyɛɛ ntotoho foforo bi wɔ nkyekyɛm 21. Wɔka Yehowa ho asɛm sɛ odi ne nkurɔfo akyi a ɔrekyerɛ wɔn ɔkwan a ɛfata sɛ wɔfa so. Bible ho animdefo bi aka sɛ, ebetumi aba sɛ saa asɛm yi gyina sɛnea ɛtɔ mmere bi a oguanhwɛfo di ne nguan akyi teɛm kyerɛ wɔn kwan sɛnea ɛbɛyɛ a wɔremfom kwan no so. Saa ntotoho yi fa yɛn ho dɛn? Sɛ yɛkɔ Onyankopɔn Asɛm mu kɔhwehwɛ akwankyerɛ a, nsɛm a yɛkenkan no yɛ nsɛm a wɔkyerɛw no mfirihyia mpempem pii a atwam. Sɛnea yɛbɛka no no, nsɛm a yɛkenkan no fi yɛn akyi, wɔkyerɛwee akyɛ. Nanso, mfaso wɔ so nnɛ te sɛ bere a wɔkyerɛwee no ara pɛ. Bible mu afotu betumi akyerɛ yɛn kwan ma yɛasisi gyinae wɔ yɛn asetram da biara da, na ebetumi aboa yɛn ma yɛatoto nneɛma ama asetra a yebenya daakye no. (Dwom 119:105) Sɛ yefi komam hwehwɛ afotu a ɛte saa na yɛde yɛ adwuma a, ɛnde na Yehowa ne yɛn Kwankyerɛfo. Ná yɛne Onyankopɔn renantew.

11. Sɛnea Yeremia 6:16 kyerɛ no, ntotoho a ɛka koma bɛn na Yehowa yɛ maa ne nkurɔfo, nanso dɛn na wɔyɛe wɔ ho?

11 So yɛrema Onyankopɔn Asɛm akyerɛ yɛn kwan yiye? Mfaso wɔ so sɛ ɛtɔ mmere bi a yɛbɛtra ase afi nokwaredi mu ahwehwɛ yɛn ho mu ahwɛ. Susuw Bible mu asɛm bi a ɛbɛboa yɛn ma yɛayɛ saa ho hwɛ: “Sɛ [Yehowa, NW] se ni: Munkogyina akwan so na monhwɛ, na mummisa tete atempɔn no, nea ɔkwan pa no wɔ, na momfa so, na munnya ɔhome mma mo kra.” (Yeremia 6:16) Ebia saa asɛm yi bɛkae yɛn ɔkwantufo bi a ogyina nkwanta bi so na obisa kwan a ɔmfa so. Ná ɛsɛ sɛ Yehowa nkurɔfo a wɔatew atua wɔ Israel no yɛ biribi a ɛte saa wɔ ne som mu. Ná ɛsɛ sɛ wɔsan kɔfa “tete atempɔn no” so. Ná saa “ɔkwan pa” no na na wɔn agyanom anokwafo no anantew so, ɔkwan a na ɔman no adi nkwaseasɛm aman afi so no. Awerɛhosɛm ne sɛ, Israel de mpiyɛ na ebuaa saa nkaesɛm a Yehowa fi ɔdɔ mu ka kyerɛɛ wɔn no. Saa nkyekyɛm no ara toa so sɛ: “Nanso wose: Yɛremfa so.” Ɛnnɛ mmere yi mu de, Onyankopɔn nkurɔfo agye saa afotu yi so wɔ ɔkwan soronko so koraa.

12, 13. (a) Dɛn na Kristo akyidifo a wɔasra wɔn no ayɛ wɔ afotu a ɛwɔ Yeremia 6:16 no ho? (b) Yɛbɛyɛ dɛn atumi ahwehwɛ yɛn ho mu wɔ sɛnea yɛrebɔ yɛn bra nnɛ no ho?

12 Efi afeha a ɛto so 19 no awiei mu no, Kristo akyidifo a wɔasra wɔn no ankasa afa afotu a ɛwɔ Yeremia 6:16 no de ayɛ adwuma. Sɛ́ kuw no, wɔafi wɔn koma nyinaa mu adi anim asan akɔfa “tete atempɔn no” so. Wɔnte sɛ Kristoman awaefo no, wɔn de, wofi nokwaredi mu akura “nsɛm a eye” a Yesu Kristo kae no mu, sɛnea Yesu akyidifo anokwafo a wɔtraa ase wɔ afeha a edi kan Y.B. mu yɛe no. (2 Timoteo 1:13) Ɛde besi nnɛ no, wɔn a wɔasra wɔn no boa wɔn ho wɔn ho ne wɔn ahokafo “nguan foforo” no ma wɔfa asetra kwan a eye na ɛyɛ anigye a Kristoman agyae so fa no so.—Yohane 10:16.

13 Akoa nokwafo kuw no nam honhom fam aduan a wɔde ma wɔ bere a ɛsɛ mu so aboa nnipa ɔpepem pii ma wɔahu “tete atempɔn no” ma wɔne Onyankopɔn renantew. (Mateo 24:45-47) So woka saa nnipa ɔpepem pii no ho? Sɛ ɛte saa a, dɛn na wubetumi ayɛ na amma woantwe wo ho ankɔfa w’ankasa wo kwan so? Nyansa wom sɛ bere ne bere mu no wobɛhwehwɛ sɛnea worebɔ wo bra no mu. Sɛ wokenkan Bible ne Bible ho nhoma daa, na wokɔ nhyiam a wɔn a wɔasra wɔn a wɔwɔ hɔ nnɛ no ahyehyɛ a wɔnam so de akwankyerɛ rema no a, ɛnde na wɔretete wo ama wo ne Onyankopɔn anantew. Na sɛ wufi ahobrɛase mu de afotu a wɔde rema no yɛ adwuma a, ɛnde na wo ne Onyankopɔn renantew, na wonam “tete atempɔn no” so.

Nantew Te sɛ Nea ‘Wuhu Onii a Wonhu no No’

14. Sɛ yebu Yehowa sɛ ɔwɔ hɔ ankasa a, ɔkwan bɛn so na ɛbɛda adi wɔ gyinae ahorow a yesisi mu?

14 Sɛ yɛne Yehowa bɛnantew a, ɛsɛ sɛ yebu no sɛ ɔwɔ hɔ ankasa. Kae sɛ, Yehowa maa anokwafo a na wɔwɔ tete Israel no awerɛhyem sɛ ɔremfa ne ho nhintaw wɔn. Ɛnnɛ nso, ɔda ne ho adi kyerɛ ne nkurɔfo sɛ Ɔkyerɛkyerɛfo Kunini. So wubu Yehowa sɛ obi a ɔwɔ hɔ ankasa, sɛ obi a ogyina w’anim rekyerɛkyerɛ wo? Sɛ yɛne Onyankopɔn bɛnantew a, gyidi a ɛte saa na ɛsɛ sɛ yenya. Ná Mose wɔ gyidi a ɛte saa, “na ɔkɔɔ so tintimii te sɛ nea ohu Onii a wonhu no no.” (Hebrifo 11:27) Sɛ yebu Yehowa sɛ obi a ɔwɔ hɔ ankasa a, ɛnde sɛ yɛresisi gyinae a, yebesusuw ne nkate ho. Sɛ nhwɛso no, yɛrennya adwene sɛ yɛbɛyɛ bɔne bi na yɛabɔ mmɔden de asie Kristofo asafo no mu mpanyimfo ne yɛn abusuafo. Mmom no, yɛbɛbɔ mmɔden ne Onyankopɔn anantew bere mpo a yɛwɔ baabi a yɛn yɔnko nnipa biara ntumi nhu yɛn no. Ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo te sɛ Ɔhene Dawid a ɔtraa ase tete no sɛ: “Mede me koma pɛyɛ mɛnantew me fi.”—Dwom 101:2.

15. Ɔkwan bɛn so na fekuw a yɛne yɛn nuanom Kristofo mmarima ne mmea bɛbɔ no bɛboa yɛn ma yɛahu sɛ Yehowa wɔ hɔ ankasa?

15 Yehowa nim sɛ yɛnyɛ pɛ, yɛyɛ ɔhonam, na ɛtɔ mmere bi a ɛbɛyɛ den ama yɛn sɛ yebegye biribi a yenhu adi sɛ ɛwɔ hɔ. (Dwom 103:14) Ɔboa yɛn pii ma yedi mmerɛwyɛ a ɛtete saa so. Sɛ nhwɛso no, waboaboa “nnipa bi” ano afi asase so amanaman nyinaa mu ‘ama ne din.’ (Asomafo Nnwuma 15:14) Yɛhyehyɛ yɛn ho yɛn ho den bere a yebom de biakoyɛ som no no. Sɛ yɛte sɛ Yehowa aboa yɛn nua Kristoni barima anaa ɔbea bi ma wadi ne mmerɛwyɛ so anaasɛ wagyina sɔhwɛ bi a emu yɛ den ano a, ɛma gyidi a yɛwɔ sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ ankasa no mu yɛ den.—1 Petro 5:9.

16. Ɔkwan bɛn so na Yesu ho ade a yebesua bɛboa yɛn ma yɛne Onyankopɔn anantew?

16 Nea ɛsen ne nyinaa no, Yehowa ama ne Ba no ayɛ nhwɛso pa ama yɛn. Yesu kae sɛ: “Mene kwan ne nokware ne nkwa; obi mma agya no nkyɛn, gye sɛ ɔnam me so.” (Yohane 14:6) Akwan a ɛbɛma yɛabu Yehowa sɛ ɔwɔ hɔ ankasa paa no mu biako ne sɛ yebesua Yesu asase so asetra ho nsɛm. Biribiara a Yesu kae anaa ɔyɛe no daa ne soro Agya no suban ne n’akwan adi pɛpɛɛpɛ. (Yohane 14:9) Sɛ yɛresisi gyinae a, ɛsɛ sɛ yesusuw ho yiye hwɛ sɛ ɛyɛ Yesu a anka obedi ho dwuma dɛn. Sɛ yɛde ahwɛyiye ne mpaebɔ susuw yɛn gyinaesi ahorow ho saa a, ɛnde na yɛredi Kristo anammɔn akyi. (1 Petro 2:21) Sɛ yɛyɛ saa a, na yɛne Onyankopɔn renantew.

Nhyira Bɛn na Ɛwom?

17. Sɛ yɛfa Yehowa kwan so a, “ɔhome” bɛn na yebenya ama yɛn kra?

17 Sɛ yɛne Yehowa Nyankopɔn nantew a, yebenya nhyira wɔ yɛn asetram. Kae nea Yehowa de hyɛɛ ne nkurɔfo a wɔhwehwɛɛ “ɔkwan pa no” bɔ no. Ɔkae sɛ: “Momfa so, na munnya ɔhome mma mo kra.” (Yeremia 6:16) Saa “ɔhome” no kyerɛ dɛn? So ɔhome no yɛ asetra a anigye ne ahotɔ ayɛ no ma? Dabi. Yehowa ma yɛn biribi a eye sen saa koraa, biribi a ɛyɛ den paa sɛ adesamma mu adefo paa no mpo benya. Sɛ wunya ɔhome ma wo kra a, ɛkyerɛ sɛ wubenya asomdwoe, anigye, abotɔyam, na wubehu sɛ woresom Onyankopɔn wɔ ɔkwan pa so. Nea ɔhome a ɛte saa kyerɛ ne sɛ wubetumi anya ahotoso sɛ woapaw asetra kwan a eye sen biara. Asomdwoe a ɛte saa yɛ nhyira a ɛho yɛ na wɔ wiase a emu yɛ den yi mu!

18. Nhyira bɛn na Yehowa pɛ sɛ wunya, na dɛn na woasi wo bo sɛ wobɛyɛ?

18 Nokwarem no, nkwa ankasa yɛ nhyira kɛse. Obi a ne nkwa nna yɛ tiaa mpo ye sen obi a onni nkwa mu koraa. Nanso, ɛnyɛ nkwa a Yehowa pɛ sɛ wunya ara ne sɛ wubenyin ayɛ aberante anaa ababaa a wusi pi si ta na bere tiaa bi akyi woabɔ akwakoraa anaa aberewa na wate nipaduam yaw. Dabi, Yehowa pɛ sɛ wunya nhyira a ɛsen biara. Ɔpɛ sɛ wo ne no nantew afebɔɔ! Wɔakyerɛkyerɛ eyi mu yiye wɔ Mika 4:5 sɛ: “Aman no mu biara nantew ne nyame din mu, na yɛn de, yɛbɛnantew [Yehowa, NW] yɛn Nyankopɔn din mu de akosi daa daa.” So wopɛ sɛ wunya saa nhyira yi bi? So wopɛ sɛ wunya nea Yehowa frɛ no anigye so sɛ “nkwa ankasa” no bi? (1 Timoteo 6:19) Ɛnde, sɛnea ɛte biara no, si wo bo sɛ wo ne Yehowa bɛnantew nnɛ, ɔkyena, da biara, de akosi daa!

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 5 Bible nkyerɛase bi sesa “basafa” a ɛwɔ nkyekyɛm yi mu yɛ no bere ho akontaabu, te sɛ “anibu” (The Emphatic Diaglott) anaa “simma biako” (A Translation in the Language of the People, a Charles B. Williams yɛe). Nanso, asɛmfua a wɔde dii dwuma wɔ mfitiase nkyerɛwee no mu ankasa kyerɛ basafa a ne tenten bɛyɛ sɛntimita 45.

Wubebua Dɛn?

• Onyankopɔn a wo ne no bɛnantew no kyerɛ dɛn?

• Dɛn nti na wote nka sɛ ɛsɛ sɛ wo ne Onyankopɔn nantew?

• Dɛn na ɛbɛboa wo ma wo ne Onyankopɔn anantew?

• Nhyira bɛn na wɔn a wɔne Onyankopɔn nantew no nya?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 23]

Yɛte Yehowa nne wɔ yɛn akyi wɔ Bible mu sɛ, “Eyi ne kwan” no

[Mfonini wɔ kratafa 25]

Yenya honhom fam aduan wɔ bere a ɛsɛ mu wɔ asafo nhyiam ahorow ase