Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Ne Yɛn Hwɛfo

Yehowa Ne Yɛn Hwɛfo

Yehowa Ne Yɛn Hwɛfo

“[Yehowa, NW] ne me hwɛfo, hwee renhia me.”—Dwom 23:1.

1-3. Dɛn nti na ɛnyɛ nwonwa sɛ Dawid de Yehowa totoo oguanhwɛfo ho?

SƐ WƆKA kyerɛ wo sɛ ka sɛnea Yehowa hwɛ ne nkurɔfo ho asɛm a, anka dɛn na wobɛka? Ntotoho bɛn na wubetumi ayɛ a ɛbɛma afoforo ahu sɛ Yehowa yɛ n’asomfo anokwafo brɛbrɛ? Bɛboro mfirihyia 3,000 a atwam ni no, Ɔhene Dawid odwontofo no kyerɛw dwom dɛdɛ bi de kyerɛɛ sɛnea Yehowa te mu, na Dawid de n’adwuma a na ɔyɛ wɔ ne mmofraase no na ɛyɛɛ ntotoho de hyehyɛɛ dwom no.

2 Bere a na Dawid yɛ aberante no, na ɔyɛ oguanhwɛfo, enti na onim sɛnea wɔhwɛ nguan ho nsɛm yiye. Ná onim yiye sɛ sɛ wɔamma ani ankɔ nguan ho a, ɛnyɛ den koraa sɛ wɔbɛyera na ama awifo anaa mmoa bɔne akyere wɔn. (1 Samuel 17:34-36) Sɛ nguan nni ɔhwɛfo bi a odwen wɔn ho a, ebia wontumi nhu wɔn adidibea nkodidi. Wɔ Dawid nkwakoraa bere mu no, akyinnye biara nni ho sɛ na ɔde anigye kaakae nnɔnhwerew pii a na ɔde di nguan anim bɔ wɔn ho ban ma wokodidi no.

3 Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ bere a Onyankopɔn de ne honhom kaa Dawid sɛ ɔnkyerɛkyerɛ sɛnea Yehowa hwɛ ne nkurɔfo mu no, ɔkaee adwuma a oguanhwɛfo yɛ no. Dwom 23 a Dawid kyerɛwee no fi ase sɛ: “[Yehowa, NW] ne me hwɛfo, hwee renhia me.” Momma yensusuw nea enti a saa asɛm yi fata no ho nhwɛ. Afei Dwom 23 bɛboa yɛn ma yɛahu akwan a Yehowa fa so hwɛ n’asomfo so sɛnea oguanhwɛfo hwɛ ne nguan no.—1 Petro 2:25.

Ntotoho a Ɛfata

4, 5. Bible ka sɛnea nguan te ho asɛm dɛn?

4 Yehowa wɔ abodin pii wɔ Kyerɛwnsɛm no mu, nanso abodin a ɛne ‘Oguanhwɛfo’ no ka abodin ahorow a ɛma yehu paa sɛ ɔyɛ ne nkurɔfo brɛbrɛ no ho. (Dwom 80:1) Nea ɛbɛyɛ na yɛate nea enti a ɛfata koraa sɛ wɔfrɛ Yehowa Oguanhwɛfo ase no, ɛbɛyɛ papa sɛ yebehu nneɛma abien bi: nea edi kan no, sɛnea nguan yɛ wɔn ade, ne nea ɛto so abien, su ahorow a oguanhwɛfo pa wɔ ne nnwuma a ɔyɛ.

5 Bible taa twe adwene si sɛnea nguan te so, na ɛka wɔn ho asɛm sɛ wotie wɔn hwɛfo nne ntɛm ara (2 Samuel 12:3), wɔnyɛ basabasa (Yesaia 53:7), wɔn ankasa ntumi mmɔ wɔn ho ban. (Mika 5:8) Nhoma kyerɛwfo bi a ɔde mfirihyia pii ayɛn nguan kae sɛ: “Sɛnea ebinom adwene yɛ wɔn no, nguan yɛ mmoa a ‘wɔn ankasa ntumi nhwɛ wɔn ho.’ Nguan yɛ ayɛmmoa a ehia sɛ ani kɔ wɔn ho na wɔhwɛ wɔn yiye bere nyinaa sen ayɛmmoa foforo biara.” Saa mmoa a wɔn ankasa ntumi mmɔ wɔn ho ban yi hia ɔhwɛfo a odwen wɔn ho, na ama wɔakɔ so atra ase.—Hesekiel 34:5.

6. Ɔkwan bɛn so na Bible asekyerɛ nhoma bi kyerɛkyerɛ adwuma a tete no na oguanhwɛfo yɛ no da biara no mu?

6 Nnwuma bɛn na tete no na oguanhwɛfo yɛ no da biara? Bible nsɛm asekyerɛ nhoma bi kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ná ɔka nguan no fi nguannan mu di wɔn anim kɔ baabi a wodidi no anɔpatutuutu. Na ɔhwɛ wɔn da mũ nyinaa wɔ hɔ, ɔhwɛ sɛ wɔn mu biara remman mfa baabi, na sɛ wɔn mu bi man fa baabi na wanhu a, na ɔde nsi hwehwɛ no kosi sɛ obehu no de no abɛka nguankuw no ho. . . . Edu anadwo a, na ɔde nguan no begu nguannan mu, na ogyina nguannan no pon no ano de ne poma kan wɔn dodow bere a wɔrehyɛn mu no de hwɛ sɛ wɔn mu bi nyerae anaa. . . . Mpɛn pii na na ɔwɛn nguan no anadwo hwɛ sɛ mmoa bɔne anaa awifo bi renwia wɔn ho nkyere bi.” *

7. Dɛn nti na ɛtɔ mmere bi a na ehia sɛ oguanhwɛfo tɔ ne bo ase kɛse na ɔyɛ nguan no brɛbrɛ?

7 Mmere bi wɔ hɔ a na ehia sɛ oguanhwɛfo tɔ ne bo ase kɛse ma nguan no, titiriw nguammere a wɔyem ne nguammaa no, na ɔyɛ wɔn brɛbrɛ. (Genesis 33:13) Nhoma bi a ɛkyerɛkyerɛ Bible mu ka sɛ: “Awo taa ka nguan wɔ bepɔw so wɔ akyirikyiri. Oguanhwɛfo no nya bere hwɛ oguan baatan no wɔ bere a onni ahoɔden yi mu, na ɔfa oguammaa no de no kɔka nguankuw no ho. Oguanhwɛfo no turu oguammaa no wɔ ne nsa so anaa n’atade nguguso mu nna kakra wɔ n’awo akyi kosi sɛ obetumi anantew.” (Yesaia 40:10, 11) Ɛda adi pefee sɛ, ehia sɛ oguanhwɛfo pa yɛ obi a ne ho yɛ den na ɔyɛ nguan no brɛbrɛ nso.

8. Nneɛma bɛn na Dawid twee adwene sii so sɛ ɛno na ɛma onyaa Yehowa mu ahotoso?

8 “[Yehowa, NW] ne me hwɛfo”—so eyi nyɛ asɛm a ɛfata a wɔka fa yɛn soro Agya no ho? Bere a yɛrehwehwɛ Dwom 23 mu no, yebehu sɛnea Onyankopɔn hwɛ yɛn wɔ ahoɔden so, na ɔyɛ yɛn brɛbrɛ te sɛ oguanhwɛfo no. Wɔ nkyekyɛm 1 no, Dawid kaa sɛnea ɔwɔ Onyankopɔn mu ahotoso sɛ ɔbɛyɛ nsiesiei biara a ɛho hia ama Ne nguan sɛnea ɛbɛyɛ a “hwee renhia” wɔn no ho asɛm. Wɔ nkyekyɛm a edi hɔ no, Dawid twee adwene sii nneɛma abiɛsa a ɛma onyaa saa ahotoso yi so: Yehowa di ne nguan anim, ɔbɔ wɔn ho ban, na ɔma wɔn aduan. Momma yensusuw saa nneɛma yi ho mmiako mmiako.

‘Odi M’anim’

9. Tebea a asomdwoe wom bɛn na Dawid kaa ho asɛm, na ɛbɛyɛ dɛn na nguan anya baabi a ɛte saa akɔda?

9 Nea edi kan no, Yehowa di ne nkurɔfo anim. Dawid kyerɛwee sɛ: “Ɔma me da wura frɔmfrɔm adidibea, ogya me kɔ nsu a ɛho dwo ho. Odwudwo me kra, ɔde me fa akwantrenee so, ne din nti.” (Dwom 23:2, 3) Dawid kaa nguankuw a wɔda wura frɔmfrɔm asomdwoe mu ho asɛm de kyerɛkyerɛɛ tebea a abotɔyam, ɔhome, ne ahobammɔ wom mu. Hebri asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “adidibea” no betumi akyerɛ “baabi a ahotɔ wɔ” nso. Ɛda adi sɛ, sɛ wogyae nguan nkutoo a, wɔrenhu baabi a ɛhɔ dwo nkɔda asomdwoe mu. Ɛsɛ sɛ wɔn hwɛfo no di wɔn anim kɔ “baabi a ahotɔ wɔ” a ɛte saa.

10. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn da no adi sɛ ɔwɔ yɛn mu ahotoso?

10 Ɔkwan bɛn na Yehowa fa so di yɛn anim nnɛ? Emu biako ne nhwɛso a ɔyɛ ma yɛn. N’asɛm hyɛ yɛn nkuran sɛ ‘yensuasua Onyankopɔn.’ (Efesofo 5:1) Nneɛma a wɔka sɛ yensuasua Onyankopɔn wom no ne ayamhyehye, bɔne fafiri, ne ɔdɔ. (Efesofo 4:32; 5:2) Ɛda adi pefee sɛ, Yehowa yɛ nhwɛso pa a ɛsen biara wɔ sɛnea ɔda saa su ahorow a ɛsom bo yi adi mu. So ɛyɛ nea ɛfata sɛ ɔbɛka sɛ yensuasua no wɔ saa su ahorow yi a ɔda no adi no mu? Yiw. Onyankopɔn afotu yi yɛ adanse a ɛkyerɛ ankasa sɛ ɔwɔ yɛn mu ahotoso. Ɔkwan bɛn so? Wɔyɛɛ yɛn wɔ Onyankopɔn suban so, a nea ɛkyerɛ ne sɛ yɛwɔ abrabɔ ho su pa, na yetumi ne Onyankopɔn nya abusuabɔ pa. (Genesis 1:26) Enti, Yehowa nim sɛ yɛn sintɔ nyinaa akyi no, yebetumi anya su pa ahorow a ɔda no adi no bi. Wode susuw ho hwɛ—yɛn Nyankopɔn a ɔwɔ ɔdɔ no wɔ ahotoso sɛ yebetumi ayɛ sɛ ɔno. Sɛ yesuasua no a, sɛnea yɛbɛka no no, obedi yɛn anim akɔ ‘baabi a ɛhɔ dwo.’ Esiane sɛ yenim sɛ yɛwɔ Onyankopɔn anim dom nti ‘yɛbɛtra ase dwoodwoo’ wɔ wiase a basabasayɛ wom yi mu, na yɛanya asomdwoe.—Dwom 4:8; 29:11.

11. Sɛ Yehowa di ne nguan anim a, dɛn na osusuw ho, na ɔkwan bɛn so na eyi da adi wɔ nea ɔhwehwɛ sɛ yɛyɛ mu?

11 Yehowa yɛ yɛn brɛbrɛ na ɔtɔ ne bo ase ma yɛn bere a odi yɛn anim no. Oguanhwɛfo susuw ne nguan mmerɛwyɛ ahorow ho, enti odi wɔn anim ‘sɛnea mmoa no betumi.’ (Genesis 33:14) Saa ara na Yehowa di ne nguan anim ‘sɛnea wobetumi.’ Osusuw yɛn ahoɔden ne yɛn nsɛm tebea ho. Sɛ yɛbɛka a, ɔgow ne nantew mu, na ɔnhwehwɛ sɛ yɛbɛyɛ nneɛma a yentumi nyɛ. Nea ɔhwehwɛ ne sɛ yebefi ɔkra nyinaa mu ayɛ ade. (Kolosefo 3:23) Na sɛ wo mfe akɔ anim ma enti wuntumi nyɛ nea na anka woyɛ nso ɛ? Anaasɛ yare bi a emu yɛ den abɔ wo a wuntumi nyɛ pii nso ɛ? Ɛyɛ tebea a ɛtete saa mu na ɛsɛ sɛ yɛma ɔkra nyinaa mu a yebefi ayɛ ade no kyekye yɛn werɛ paa. Akra baanu biara nni hɔ a wɔn ahoɔden yɛ pɛpɛɛpɛ. Nea ɔkra nyinaa mu a wubefi asom kyerɛ ne sɛ, wode w’ahoɔden nyinaa bɛyɛ nea wubetumi biara wɔ Onyankopɔn som adwuma mu. Ɛmfa ho sɛ yɛn mmerɛwyɛ ahorow betumi ama nea yetumi yɛ so atew no, Yehowa ani sɔ koma nyinaa mu a yefi som no no.—Marko 12:29, 30.

12. Mose Mmara no mu nhwɛso bɛn na ɛkyerɛ sɛ Yehowa di ne nguan anim ‘sɛnea wobetumi’?

12 Sɛ wopɛ sɛ wuhu sɛnea Yehowa di ne nguan anim ‘sɛnea wobetumi’ no ho nhwɛso a, susuw nsɛm a wɔaka afa asodi ho afɔre bi ho wɔ Mose Mmara no mu ho hwɛ. Ná Yehowa ani gye afɔre a edi mũ a wofi koma a anisɔ ayɛ no ma mu bɔ no ho. Nanso, bere koro no ara no, wogyinaa sɛnea onii a ɔrebɔ afɔre no ahoɔden te so na ɛyɛɛ ho nhyehyɛe. Mmara no kae sɛ: ‘Sɛ ne nsa anso oguan so a, ɔmfa nturukuku abien anaa mmorɔnoma mma abien mmra.’ Na sɛ ne nsa anso mmorɔnoma abien mpo so nso ɛ? Ɛnde na obetumi de “asikresiam” aba. (Leviticus 5:7, 11) Eyi kyerɛ sɛ Onyankopɔn anhwehwɛ biribi a na ɛboro nea onii a na ɔrebɔ afɔre no nsa bɛso so so. Esiane sɛ Onyankopɔn nsakra nti, yebetumi anya awerɛkyekye sɛ yenim sɛ Onyankopɔn nhwehwɛ biribi a yentumi nyɛ mfi yɛn hɔ; mmom no, n’ani sɔ nea yetumi yɛ. (Malaki 3:6) Ɛyɛ anigye ankasa sɛ Oguanhwɛfo a ɔwɔ ntease saa no di yɛn anim!

“Minsuro Bɔne Bi, Efisɛ Wo Ne Me na Ɛwɔ Hɔ”

13. Wɔ Dwom 23:4 no, ɔkwan bɛn so na Dawid ne Yehowa kasae te sɛ nea ɔne n’adamfo paa na ɛrekasa, na dɛn nti na eyi nyɛ nwonwa?

13 Dawid kyerɛɛ ade a ɛto so abien a ɛma onyaa ahotoso no: Yehowa ne nguan ho ban. Yɛkenkan sɛ: “Nso menam esum kabii bon no mu a, minsuro bɔne bi, efisɛ wo ne me na ɛwɔ hɔ, w’abaa ne wo poma na ɛkyekye me werɛ.” (Dwom 23:4) Afei Dawid ne Yehowa kasae te sɛ n’adamfo paa bere a ɔde edin nsiananmu “wo” dii dwuma no. Eyi nyɛ nwonwa, efisɛ na Dawid reka sɛnea Onyankopɔn aboa no ma wafa asiane bebree mu ho asɛm. Ná Dawid afa esum kabii bon mu mpɛn pii—mmere a na n’ankasa nkwa da asiane mu. Nanso wammɔ hu, efisɛ na onim sɛ Onyankopɔn kura ‘N’abaa’ ne ne “poma” a wayɛ krado sɛ ɔbɛbɔ ne ho ban. Saa ahobammɔ a na Dawid nim sɛ ɔwɔ no kyekyee ne werɛ, na akyinnye biara nni ho sɛ ɛno ma ɔbɛn Yehowa yiye. *

14. Yehowa ahobammɔ ho awerɛhyem bɛn na Bible ma yenya, nanso dɛn na eyi nkyerɛ?

14 Ɔkwan bɛn so na Yehowa bɔ ne nguan ho ban nnɛ? Bible ma yɛn awerɛhyem sɛ atamfo biara, sɛ́ wɔyɛ adaemone anaa nnipa, nni hɔ a wobetumi atɔre ne nguan ase afi asase so. Yehowa remma ho kwan da. (Yesaia 54:17; 2 Petro 2:9) Nanso, eyi nkyerɛ sɛ yɛn Hwɛfo no bɛbɔ yɛn ho ban afi adebɔne biara ho. Yehyia sɔhwɛ ahorow a ɛto nnipa nyinaa no bi, na yehyia ɔsɔretia a ɛba nokware Kristofo nyinaa so no bi. (2 Timoteo 3:12; Yakobo 1:2) Sɛnea yɛbɛka no no, mmere bi wɔ hɔ a ‘yɛfa esum kabii bon mu.’ Sɛ nhwɛso no, ɔtaa anaa yare bi betumi ama yɛabɛn owu. Anaasɛ yɛn dɔfo bi betumi abɛn owu anaasɛ obewu mpo. Wɔ mmere a ɛte sɛ nea emu yɛ den ma yɛn sen biara mu no, yɛn Hwɛfo no ka yɛn ho, na ɔbɛbɔ yɛn ho ban. Ɔkwan bɛn so?

15, 16. (a) Akwan bɛn so na Yehowa boa ma yɛfa akwanside ahorow a etumi ba yɛn akwan mu no mu? (b) Ka osuahu bi fa kyerɛ sɛnea Yehowa boa yɛn wɔ sɔhwɛ bere mu.

15 Yehowa nhyɛ yɛn bɔ sɛ ɔde ne ho begye yɛn nsɛm mu anwonwakwan so. * Nanso, yebetumi anya saa awerɛhyem yi sɛ: Yehowa bɛboa yɛn ma yɛafa akwanside ahorow a ebetumi aba yɛn akwan mu no mu. Obetumi ama yɛn nyansa a yɛde begyina “sɔhwɛ ahorow” ano. (Yakobo 1:2-5) Ɛnyɛ mmoa a wɔkyere nguan we nko na oguanhwɛfo de n’abaa anaa ne poma pam wɔn, na mmom ɔde ka ne nguan no brɛoo fa ɔkwan a ɛfata so nso. Ebia Yehowa nam yɛn yɔnko ɔsomfo bi so betumi ‘aka yɛn brɛoo’ ma yɛde Bible mu afotu bi ayɛ adwuma ma ɛde nsakrae pa bi aba yɛn asetra mu. Afei nso, Yehowa betumi ama yɛn ahoɔden a yɛde begyina amanehunu ano. (Filipifo 4:13) Ɔnam ne honhom kronkron so betumi ama yɛanya “tumi a ɛboro nnipa de so.” (2 Korintofo 4:7) Onyankopɔn honhom betumi ama yɛagyina sɔhwɛ biara a Satan betumi de aba yɛn so ano. (1 Korintofo 10:13) So ɛnyɛ awerɛkyekye sɛ yebehu sɛ Yehowa ayɛ krado bere nyinaa sɛ ɔbɛboa yɛn?

16 Yiw, ɛremma sɛ yɛn nkutoo bɛnantew obon bi a emu yɛ sum mu a obi nka yɛn ho. Yɛn Hwɛfo no ka yɛn ho a ɔreboa yɛn wɔ akwan bi so a ebia mfiase no yɛrenhu no yiye. Susuw Kristoni bi a ɔyɛ asafo mu panyin a wohui sɛ biribi bɔne bi ahon n’amemene mu asɛm no ho hwɛ. “Nokwarem no, mfiase no minyaa adwene sɛ ebia Yehowa bo afuw me anaasɛ ɔnnɔ me mpo. Nanso, misii me bo sɛ merentwe me ho mfi Yehowa ho. Mmom no, mede me haw too n’anim. Na Yehowa boaa me, mpɛn pii no, ɔnam me nuanom Kristofo mmarima ne mmea so na ɛkyekyee me werɛ. Pii kaa wɔn ankasa suahu a mfaso wɔ so a ɛfa sɛnea wɔn ankasa agyina nyarewa a emu yɛ den ano kyerɛɛ me. Nsɛm a ɛfata a wɔka kyerɛɛ me no ma mekaee sɛ yare a abɔ me no nyɛ yare soronko biara. Mmoa a ɛfata a wɔyɛɛ me, a ebi yɛ ayamye mu a wofi boaa me no ma minyaa awerɛhyem sɛ ɛnyɛ sɛ na Yehowa bo afuw me. Nokwarem no, ɛsɛ sɛ mekɔ so ko me yare no, na minnim nea ebefi mu aba. Nanso, mewɔ gyidi sɛ Yehowa ka me ho, na ɔbɛkɔ so aboa me wɔ me sɔhwɛ yi mu.”

“Wotow Me Pon”

17. Dawid ka Yehowa ho asɛm dɛn wɔ Dwom 23:5, na dɛn nti na saa asɛm yi a wɔde toto oguanhwɛfo ho no fata yiye?

17 Afei Dawid twee adwene sii ade a ɛto so abiɛsa nti a ɔwɔ ne Hwɛfo no mu ahotoso no so sɛ: Yehowa ma ne nguan aduan, na ɔma wɔn aduan ma ebu wɔn so. Dawid kyerɛwee sɛ: “Wotow me pon m’atamfo anim, wode ngo fɔw me tirim, me kuruwa yɛ ma bu so.” (Dwom 23:5) Dawid ka ne Hwɛfo no ho asɛm wɔ saa nkyekyɛm yi mu sɛ ɔyɛ ofiewura a ne yam ye, na ɔma n’ahɔho aduan ne anonne ma ebu wɔn so. Ntotoho abien yi a ɛfa oguanhwɛfo a ɔka ne nguan brɛbrɛ ne ofiewura a ne yam ye no fata yiye. Efisɛ ɛsɛ sɛ oguanhwɛfo pa hu baabi a obenya adidibea frɔmfrɔm ne nsu pii ama ne nguan sɛnea ɛbɛyɛ a “hwee renhia” wɔn.—Dwom 23:1, 2.

18. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Yehowa yɛ ofiewura a ne yam ye?

18 So yɛn Hwɛfo no nso yɛ ofiewura a ne yam ye? Yiw, ɔyɛ ɔyamyefo ankasa! Wode susuw honhom fam aduan pa bebree a ɛhyɛ den a yɛn nsa ka mprempren no ho hwɛ. Yehowa nam akoa nokwafo ne ɔbadwemma kuw no so ama yɛn nsa aka nhoma ahorow a mfaso wɔ so ne dwumadi ahorow a etu mpɔn wɔ asafo nhyiam, amansin ne amantam nhyiam ahorow ase, na ne nyinaa ma yɛmmee wɔ honhom fam. (Mateo 24:45-47) Yɛn nsa ka honhom fam aduan bere nyinaa. “Akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no atintim Bible ne Bible ho nhoma bebree, na nhoma a ɛtete saa no bi wɔ kasa 413 mu mprempren. Yehowa ama yɛn honhom fam aduan ahorow yi bebree—efi “nufusu” a ɛyɛ mfitiase Bible nkyerɛkyerɛ so kosi “aduan a ɛyɛ den” so, a ɛne Bible nkyerɛkyerɛ a emu dɔ. (Hebrifo 5:11-14) Ne saa nti, sɛ yehyia nsɛnnennen anaasɛ ɛkɔba sɛ ɛsɛ sɛ yesisi gyinae ahorow bi a, mpɛn pii no, yetumi nya nea yehia pɛpɛɛpɛ. Sɛ ɛnyɛ honhom fam aduan a yedi a, anka yɛn abrabɔ te dɛn? Nokwarem no, yɛn Hwɛfo no yɛ ɔdemafo a ne yam ye sen biara!—Yesaia 25:6; 65:13.

‘Mɛtra Yehowa Fie’

19, 20. (a) Ahotoso bɛn na Dawid daa no adi wɔ Dwom 23:6, na yɛbɛyɛ dɛn atumi anya saa ahotoso no bi? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu?

19 Bere a Dawid susuw sɛnea ne Hwɛfo ne Ɔdemafo yɛ ne nneɛma ho wiei no, ɔkae sɛ: “Yiye ne adɔe nko na ebedi m’akyi me nkwa nna nyinaa, na mɛtra [Yehowa, NW] fi daa.” (Dwom 23:6) Dawid fi koma a anisɔ ne gyidi ayɛ no ma—anisɔ a ɔde kaee tete nna ne gyidi a ɔde hwɛɛ nneɛma a ɛbɛba daakye kwan—mu na ɛkasae. Dawid a na anka ɔyɛ oguanhwɛfo no wɔ abotɔyam efisɛ ohui sɛ, sɛ ɔkɔ so bata ne Hwɛfo a ɔwɔ soro no ho te sɛ nea ɔte ne Hwɛfo no fie a, Yehowa bɛkɔ so ayɛ no adɔe daa.

20 Hwɛ aseda ara a yebetumi de ama wɔ Dwom 23 mu nsɛm a ɛyɛ dɛ no ho! Dawid nyaa ɔkwan a ɛfata yiye a ɔfaa so kyerɛkyerɛɛ sɛnea Yehowa di ne nguan anim, bɔ wɔn ho ban, na ɔma wɔn aduan no mu. Wɔakora anigyesɛm a Dawid kae no so sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛma yɛn nso yɛanya ahotoso sɛ yebetumi afa Yehowa sɛ yɛn Hwɛfo. Yiw, sɛ yɛkɔ so bata Yehowa ho a, ɔbɛhwɛ yɛn sɛ Oguanhwɛfo a ɔwɔ ɔdɔ akosi “daa” anaa afebɔɔ. Nanso, sɛ́ ne nguan no, yɛwɔ asɛyɛde sɛ yɛne Yehowa, yɛn Hwɛfo kunini no bɛnantew. Yebesusuw nea eyi kyerɛ ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 13 Dawid hyehyɛɛ nnwom pii a oyii Yehowa ayɛ wom sɛ oyii no fii asiane mu.—Sɛ nhwɛso no, hwɛ Dwom 18, 34, 56, 57, 59, ne 63 atifi nsɛm.

So Wokae?

• Dɛn nti na ɛfata sɛ Dawid de Yehowa totoo oguanhwɛfo ho?

• Ɔkwan bɛn so na Yehowa di yɛn anim wɔ ntease mu?

• Akwan bɛn so na Yehowa boa yɛn ma yegyina sɔhwɛ ahorow ano?

• Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Yehowa yɛ Ofiewura a ne yam ye?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Yehowa di Ne nguan anim te sɛ Israel guanhwɛfo