Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Abɔde a Ɛyɛ Nwonwa Kamfo Yehowa

Abɔde a Ɛyɛ Nwonwa Kamfo Yehowa

Abɔde a Ɛyɛ Nwonwa Kamfo Yehowa

WƆAKAMFO Yehowa Nyankopɔn sen sɛnea nnipa a yɛnyɛ pɛ besusuw. Ne nsaano nnwuma a ɛwɔ soro ne asase so yi no ayɛ ma yɛn ho dwiriw yɛn.—Dwom 19:1-4.

Sɛ́ Ɔbɔadeɛ ne Amansan Hene no, sɛ Yehowa kasa a, ɛfata sɛ yetie no. Nanso sɛ ɔne yɛn a yɛyɛ nnipa wɔ asase so ha rekasa a, hwɛ sɛnea anka yɛn ho bedwiriw yɛn afa! Fa no sɛ ebia ɔnam ɔbɔfo bi so ne wo rebɛkasa. Akyinnye biara nni ho sɛ wubetie. Ɛbɛyɛ sɛ ɔtreneeni Hiob wɛn n’aso tiee Onyankopɔn bere a ɔkasa kyerɛɛ no bɛyɛ mfe 3,500 ni no. Dɛn na yebetumi asua afi ɔsoro ne asase ho nsɛm a Onyankopɔn ka kyerɛɛ Hiob no mu?

Hena na Ɔhyɛɛ Asase Ase, na Hena na Ɔkyerɛ Po Kwan?

Onyankopɔn fi ahum mu bisaa Hiob nsɛm faa asase ne po ho. (Hiob 38:1-11) Ɛnyɛ adansi ho nimdefo biara na osii sɛnea ɛsɛ sɛ asase no kɛse yɛ ho gyinae maa Onyankopɔn na ɔboae ma wɔbɔe. Bere a Onyankopɔn de asase retoto ɔdan ho no, obisaa Hiob sɛ: “Hena na ɔde ne twea bo toe?” Ɛnyɛ ɔdesani biara! Bere a Yehowa bɔɔ okyinnsoromma yi no, Onyankopɔn abɔfo hwɛe na wodii ho ahurusi.

Onyankopɔn a ɔyɛɛ sɛnkyerɛnne kwan so nkataho maa po no akyɛ sen ɛpo koraa. “Efii asase yam puei.” Onyankopɔn ka po hyem te sɛ nea wɔde krɔkrɔ to dan mu, na tumi a ɔsram ne owia wɔ no na ɛma asorɔkye no di akɔneaba.

The World Book Encyclopedia ka sɛ: “Mframa na ɛma po asorɔkye pii bɔ, efi nsu a ɛworo fa so nketenkete kosi asorɔkye akɛse a etumi bɔ kɔ soro bɛboro anammɔn 100 so (mita 30). . . . Sɛ mframa no gyae a, asorɔkye no kɔ so bɔ fa po no so, na etumi kɔ akyirikyiri. Afei ɛtrɛw ma po no ani yɛ fɛfɛɛfɛ. Awiei koraa no, asorɔkye no gyae bɔ bere a adu mpoano, na ɛdan ahuru wɔ hɔ.” Po no tie Onyankopɔn ahyɛde yi: “Ɛha yi na bra bedu, na ntra so, na ɛha ara na w’asorɔkye ahantan mmɛsõ.”

Hena na Ɔma Adekyee Foro Kɔ?

Afei Onyankopɔn bisaa Hiob nea hann ne nneɛma afoforo a wabɔ no tumi yɛ. (Hiob 38:12-18) Ɔdesani biara nni hɔ a ɔwɔ anadwo ne adekyee so tumi. Sɛnkyerɛnne kwan so no, adekyee kura asase mu na ɛwosow abɔnefo fi so. Abɔnefo betumi ayɛ nneɛma bɔne wɔ “sum” mu. (Hiob 24:15, 16) Nanso adekyee pam abɔnefo pii.

Wɔ Onyankopɔn nsam no, adekyee te sɛ nsɔano a ɛma asase so yɛ fɛ. Owia hann ma yehu kɔla ahorow, na ɛma asase no so yɛ te sɛ nea wɔde nkataho fɛfɛ asiesie no. Ná Hiob nsa nni eyinom biara mu na na ɔnnantew po bun mu nhwehwɛɛ nneɛma dodow a ɛwom. Ɛde besi nnɛ mpo no, nhwehwɛmufo nnyaa po mu nneɛma ho nimdeɛ a ɛkɔ akyiri biara!

Hena na Ɔwɔ Korabea Ma Sukyerɛma ne Amparuwbo?

Onipa biara nnii hann anaa sum akyi nkɔɔ ne trabea, na saa ara na obiara nkɔɔ sukyerɛma ne amparuwbo korabea a Onyankopɔn de asie ama “ɔko ne dɔmdi da no.” (Hiob 38:19-23) Bere a Yehowa tow amparuwbo guu n’atamfo so wɔ Gibeon no, “wɔn a amparuwbo no kunkum wɔn dɔɔso sen wɔn a Israelfo no kunkum wɔn nkrante ano no.” (Yosua 10:11) Obetumi de amparuwbo a wonnim sɛnea n’akɛse te asɛe adesamma abɔnefo a Gog, anaasɛ Satan di wɔn anim no.—Hesekiel 38:18, 22.

Amparuwbo a n’akɛse te sɛ akokɔ nkesua kunkum nnipa 25, na epirapiraa afoforo 200 wɔ Henan Mansin mu wɔ China wɔ July 2002 mu. Odwumfo Benvenuto Cellini a ofi Italy kyerɛw amparuwbo bi a ɛtɔe wɔ afe 1545 mu ho asɛm sɛ: “Bere a aprannaa fii ase boboom denneennen no . . . na efi faako a yɛwɔ de rekɔ Lyons no yɛ da koro kwan. . . . Aprannaa no boboom wiei no, yɛtee dede kɛse wɔ soro a na ɛyɛ hu araa ma enti misusuwii sɛ wiase awiei na aba; enti memaa me pɔnkɔ no gyinae kakra, na asukɔtweaa fii ase tɔe a na nsu biako mpo nka ho. . . . Afei asukɔtweaa no yeyɛɛ te sɛ akutu akɛse. . . . Ahum no tui denneennen bere tiaa bi, nanso awiei koraa no egyaee . . . Yɛde yɛn apirakuru kyerɛkyerɛɛ yɛn ho yɛn ho; nanso bere a yɛkɔɔ yɛn anim bɛyɛ kwansin biako no yɛkɔtoo tebea bi a na ɛsen nea yɛfaa mu no koraa a yɛrentumi nkyerɛkyerɛ sɛnea na nneɛma asɛe afa no mu. Na nnua a ɛwɔ hɔ nyinaa nhaban apo ma ne mman abubu; mmoa a ɛwɔ hɔ nyinaa awuwu; mmoahwɛfo no mu pii nso awuwu; yehuu amparuwbo akɛseakɛse pii a wuntumi mfa wo nsa abien mma so.”—Autobiography (Nhoma II, 50), Harvard Classics, Po 31, kratafa 352 kosi 353.

Sɛ Yehowa bue sukyerɛma ne amparuwbo akorae no ano de ko tia n’atamfo a, asɛm bɛn na ebesi? Sɛ ɔde asukɔtweaa anaa amparuwbo di n’apɛde ho dwuma a, wɔrentumi nnya wɔn ti nnidi mu.

Hena Nsa Ano Adwuma ne Osu, Obosu, Ntonsu, ne Nsukyenee?

Afei Yehowa bisaa Hiob osu, obosu, ntonsu, ne nsukyenee ho asɛm. (Hiob 38:24-30) Onyankopɔn na Ɔma osu tɔ, na mpo “wura a onipa bi nni mu” nya so mfaso. Osu, nsukyenee, ne ntonsu nni ɔdesani agya anaa hyehyɛfo.

Nature Bulletin ka sɛ: “Ade a ɛyɛ nwonwa wɔ [nsukyenee] ho ne sɛ nsu trɛw bere a akyen no . . . Nsukyenee a ɛkata nsu ani wɔ awɔw bere mu no ma nsu mu abɔde (apataa, ne nea ɛkeka ho) tumi tra nsu ase. Sɛ . . . nsu hyehyɛ na ɛkyen denneennen na antrɛw a, emu bɛyɛ duru asen nsu na amem akɔ nsu ase. Ɛbɛma nsu no ani akyenkyen kosi sɛ ne nyinaa bɛkyen ayɛ denneennen. . . . Wɔ wiase no mmeae a ɛhɔ yɛ nwini no, anka nsubɔnten, mmura, atare, ne mpo ɛpo bɛkyen koraa.”

Hwɛ sɛnea ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani sɔ sɛ nsubɔnten nkyenkyen saa! Na ɛyɛ yɛn anigye nso sɛ Yehowa nsaano nnwuma a ɛne osu ne obosu ma asase so afifide tumi nyin.

Hena na Ɔhyehyɛɛ Ɔsoro Mmara?

Afei Onyankopɔn bisaa Hiob ɔsoro ho asɛm. (Hiob 38:31-33) Ebegye mfe 380 ansa na hann atumi ahyerɛn afi Nsoromma kuw a wɔfrɛ no Akokɔtan-ne-ne-mma a mpɛn pii no ɛyɛ nsoromma akɛse ason ne nketewa pii a ɛbom no so akodu baabi a owia no wɔ no. Onipa ntumi ‘nkyere Akokɔtan-ne-ne-mma’ mmom. Ɔdesani biara ntumi ‘nsãn Nyɛnkrɛnte nhama’ a wɔtaa nim no sɛ nsoromma kuw a wɔfrɛ no Orion no. Sɛnea nsoromma kuw Owiakwanmu ne Sisi te biara nnɛ no, onipa rentumi nni so anaa ɔmmɔ ho ban. Nnipa rentumi nsesa “ɔsoro nhyehyɛe,” anaa mmara a ɛbɔ amansan ho ban no.

Onyankopɔn na ɔhyehyɛɛ mmara a ɛkyerɛ ɔsoro abɔde kwan ma enya wim tebea, asorɔkye, ahunmu, ne nkwa a ɛwɔ okyinnsoromma yi so no so nkɛntɛnso. Fa owia sɛ nhwɛso. The Encyclopedia Americana (1996 De) ka owia ho asɛm sɛ: “Owia mu hyew na ɛma asase no nya ɔhyew ne hann, ɛka ho bi nso na nnua tumi nyin, ɛma ntutuw fi po ne nsubɔnten mu kɔ soro, ɛboa ma mframa bɔ na ɛyɛ nneɛma ahorow pii ma nneɛma a nkwa wom tumi tra asase so.” Nhoma koro no ara ka sɛ: “Sɛ obi bɛte tumi kɛse a owia hann wɔ ase a, nea obetumi ayɛ ara ne sɛ obesusuw ho ahu sɛ tumi a ɛwɔ mframa, nsu a wɔagye ho ban, nsubɔnten, ne tumi a ɛwɔ nneɛma a wɔde sɔ gya te sɛ nnua, gyabiriw, ne ngo mu no fi owia mu tumi a ɛwɔ okyinnsoromma ketewaa [asase], a ɔkwan a ɛda ɛne owia ntam no yɛ kwansin ɔpepem 93 no.”

Hena na Ɔde Nyansa Siee Amununkum Mu?

Yehowa ka kyerɛɛ Hiob sɛ onsusuw amununkum ho. (Hiob 38:34-38) Onipa rentumi nhyɛ omununkum biako mpo sɛ ɛmmra na osu ntɔ. Nanso hwɛ sɛnea adesamma dan kyinhyia a nsu di a Ɔbɔadeɛ no ahyehyɛ no!

Dɛn ne nsu kyinhyiadi no? Nhoma bi kyerɛ sɛ: “Nsu kyinhyiadi no wɔ afã horow anan: korabea, huhurow, osutɔ, ne nsunsuan. Wobetumi akora nsu so bere tiaa bi wɔ fam; wɔ ɛpo, atare, ne nsubɔnten ne nsukyenee mu. Ɛdan ntutuw fi asase no ani kɔ wim, ɛdan nsu wɔ omununkum mu, ɛsan tɔ gu asase so sɛ osu anaa sukyerɛma, na awiei koraa no ɛsan kɔ po mu anaasɛ ɛsan dan ntutuw kɔ wim. Ɛkame ayɛ sɛ nsu a ɛwɔ asase so nyinaa adi kyinhyia mpɛn pii.”—Microsoft Encarta Reference Library 2005.

Omununkum a osu ahyɛ mu ma no te sɛ ɔsoro asuhina. Sɛ Yehowa hwie gu a, ebetumi atɔ nsu pii ma mfutuma adan atɛkyɛ na dɔte abɔ atɔwatɔw. Onyankopɔn betumi ama osu atɔ anaasɛ agyae tɔ.—Yakobo 5:17, 18.

Sɛ osu tɔ a, anyinam taa pae, nanso nnipa ntumi mma anyinam nyɛ nea wɔpɛ mma wɔn. Wɔka anyinam ho asɛm sɛ wɔkɔ Onyankopɔn anim kɔka sɛ, “Yɛn ni!” Compton’s Encyclopedia ka sɛ: “Anyinam ma nsakrae titiriw bi ba nnuru a ɛwɔ ahunmu no mu. Sɛ anyinam no nenam mframa mu a, ɛboa ma ɔhyew kɛse ba wim na ɛka mframa a esiesie asase ne nea nnipa home no bom ma ɛdan nnuru ahorow a etumi yɛ asase yiye. Saa nnuru yi fra nsu na ɛtɔ gu Asase so. Saa kwan yi so na nneɛma a ɛwɔ ahunmu no kɔ so boa ma dɔte nya nnuannuru a afifide hia no.” Nnipa ntumi nte anyinam ho nsɛm ase nwie nanso Onyankopɔn nim ne nyinaa.

Abɔde a Ɛyɛ Nwonwa Yi Onyankopɔn Ayɛ

Abɔde a ɛyɛ nwonwa kamfo nea Ɔbɔɔ ade nyinaa no ampa. (Adiyisɛm 4:11) Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ asase ne ahunmu nneɛma ho asɛm a Yehowa kae no yɛɛ Hiob nwonwa!

Ɛnyɛ abɔde a ɛyɛ nwonwa ho nsɛmmisa ne nkyerɛkyerɛmu a wɔde maa Hiob no nyinaa na yɛasusuw ho seesei yi ara no. Nanso, nea yɛasusuw ho yi mpo kanyan yɛn ma yɛteɛm sɛ: ‘Hwɛ, Onyankopɔn sõ sen sɛnea yenim.’—Hiob 36:26.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 14]

Sukyerɛmma: snowcrystals.net

[Mfonini Ahorow Fibea wɔ kratafa 15]

Akokɔtan-ne-ne-mma: NASA, ESA and AURA/Caltech; apataa: U.S. Fish & Wildlife Service, Washington, D.C./William W. Hartley