Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Hosea Nkɔmhyɛ No Boa Yɛn Ma Yɛne Onyankopɔn Nantew

Hosea Nkɔmhyɛ No Boa Yɛn Ma Yɛne Onyankopɔn Nantew

Hosea Nkɔmhyɛ No Boa Yɛn Ma Yɛne Onyankopɔn Nantew

‘Wobedi Yehowa akyi.’—HOSEA 11:10.

1. Sɛnkyerɛnne kwan so ɔyɛkyerɛ bɛn na yehu wɔ Hosea nhoma no mu?

SO W’ANI gye ɔyɛkyerɛ anaa drama a nnipa a wɔn ho yɛ anika wom ho? Bible nhoma a ɛne Hosea no ka sɛnkyerɛnne kwan so ɔyɛkyerɛ bi ho asɛm. * Saa ɔyɛkyerɛ no kyerɛkyerɛ Onyankopɔn diyifo Hosea abusua mu nsɛm mu, na ɛfa sɛnkyerɛnne kwan so aware a Yehowa nam Mose Mmara no so ne tete Israel man no hyehyɛe no ho.

2. Dɛn na yenim fa Hosea ho?

2 Yehu ɔyɛkyerɛ no ho nsɛm wɔ Hosea nhoma no ti 1 mu. Ɛda adi sɛ Hosea traa Israel mmusuakuw du ahemman (a wɔsan frɛ no Efraim, a ɛno ne abusuakuw a na wɔdɔɔso) no mu. Hosea hyɛɛ nkɔm wɔ bere a Israel atumfoɔ baason a wotwa to no dii ade ne Yuda Ahene Usia, Yotam, Ahas ne Hesekia bere so. (Hosea 1:1) Enti anyɛ yiye koraa no, Hosea hyɛɛ nkɔm mfirihyia 59. Ɛwom sɛ ɔkyerɛw nhoma a ne din da so no wiei bere tiaa bi wɔ afe 745 A.Y.B. akyi de, nanso ɛso wɔ mfaso ma yɛn nnɛ, bere a nnipa ɔpepem pii nam ɔkwan a ɛte sɛ nea wɔkaa ho asɛm too hɔ yi so no: ‘Wobedi Yehowa akyi.’—Hosea 11:10.

Nea Emu Nhwehwɛmu Da No Adi

3, 4. Kyerɛkyerɛ asɛm a ɛwɔ Hosea ti 1 kosi 5 no mu tiawa.

3 Hosea ti 1 kosi 5 mu nhwehwɛmu tiawa a yɛbɛyɛ no bɛhyɛ yɛn bo a yɛasi sɛ yɛne Onyankopɔn bɛnantew no mu den, na yɛnam gyidi ne yɛn ade a yɛbɛyɛ ma ɛne n’apɛde ahyia no so betumi ayɛ saa. Ɛwom sɛ nnipa a wɔte Israel ahemman mu no bɔɔ aguaman honhom fam de, nanso sɛ na wɔsakra a, na Onyankopɔn bɛda mmɔborohunu adi akyerɛ wɔn. Sɛnea Hosea ne ne yere Gomer dii nsɛm no kyerɛkyerɛ eyi mu. Ɛda adi sɛ bere a ɔne Hosea woo baako no, ɔsan woo mpena mma baanu. Nanso Hosea san gyee no, sɛnea na Yehowa wɔ ɔpɛ sɛ obehu Israelfo a wɔasakra mmɔbɔ no.—Hosea 1:1–3:5.

4 Esiane sɛ na nokware, adɔe, ne Onyankopɔn ho nimdeɛ bi nni asase no so nti, Yehowa ne Israel nyaa asɛm. Na ɔbɛtwe Israel a na wɔresom abosom ne Yuda ahemman asowuifo no aso. Nanso bere a Onyankopɔn nkurɔfo kɔɔ ‘ahohia mu no,’ wɔhwehwɛɛ Yehowa.—Hosea 4:1–5:15.

Ɔyɛkyerɛ no Mfiase

5, 6. (a) Ná aguamammɔ mu atrɛw wɔ Israel mmusuakuw du no mu akodu he? (b) Dɛn nti na kɔkɔbɔ a wɔde maa tete Israel no ho hia yɛn?

5 Onyankopɔn hyɛɛ Hosea sɛ: “Kɔ na kɔfa ɔbaa aguaman ne aguamammɔ mma, na aguaman na asase no afi [Yehowa, NW] akyi rebɔ.” (Hosea 1:2) Ná Israel de ne ho ahyɛ aguamammɔ mu akodu he? Wɔka kyerɛ yɛn sɛ: “Aguamammɔ honhom adaadaa [nnipa a wɔwɔ mmusuakuw du ahemman no mu], na wɔafi wɔn Nyankopɔn ase akɔbɔ aguaman. . . . Mo mmabea bɔ aguaman, na mo sewnom sɛe aware. . . . Mmarima no nso ne mmea nguaman mãn, [anaa wɔfom kwan] na wɔne mmosomfenaa [anaa asɔrefie tuutuufo] bɔ afɔre.”—Hosea 4:12-14.

6 Ná honhom fam ne honam fam aguamammɔ nyinaa abu so wɔ Israel. Enti na Yehowa ‘bɛtwe Israelfo aso.’ (Hosea 1:4; 4:9) Saa kɔkɔbɔ yi ho hia yɛn efisɛ Yehowa bɛtwe nnipa a wobu brabɔne na wɔde wɔn ho hyɛ atorosom mu nnɛ no aso. Nanso wɔn a wɔne Onyankopɔn nantew no du nokware som ho gyinapɛn a wahyehyɛ no ho na wonim sɛ “oguamammɔfo biara . . . nni apɛgyade biara wɔ Kristo ne Nyankopɔn ahenni mu.”—Efesofo 5:5; Yakobo 1:27.

7. Hosea ne Gomer aware no yɛ dɛn ho mfonini?

7 Bere a Hosea waree Gomer no, ɛda adi sɛ na ɔyɛ ɔbaabun, na na ɔyɛ ɔyere nokwafo bere a ‘ɔwoo ɔbabanin maa no’ no. (Hosea 1:3) Sɛnea ɛdaa adi wɔ sɛnkyerɛnne kwan so ɔyɛkyerɛ no mu no, bere tiaa bi akyi a Israelfo no fii Misraim nkoasom mu wɔ 1513 A.Y.B. mu no, Onyankopɔn ne wɔn yɛɛ apam bi a ɛte sɛ aware nhyehyɛe. Bere a Israel man no penee apam no so no, ɔhyɛɛ bɔ sɛ ɔremfi Yehowa a ɔyɛ ne “kunu” no akyi. (Yesaia 54:5) Yiw, ware a Onyankopɔn waree Israel wɔ sɛnkyerɛnne kwan so no yɛ Hosea ne Gomer aware no ho mfonini. Nanso hwɛ sɛnea nneɛma sakrae!

8. Ɛyɛɛ dɛn na Israel mmusuakuw du ahemman no bae, na dɛn na wubetumi aka afa ne som ho?

8 Hosea yere ‘nyinsɛnee bio, na ɔwoo ɔbabea.’ Ɛbɛyɛ sɛ Gomer nyinsɛnee ɔbabea yi ne abofra a akyiri yi ɔwoo no no wɔ n’awaresɛe no mu. (Hosea 1:6, 8) Esiane sɛ Gomer gyina hɔ ma Israel nti, ebia wubebisa sɛ, ‘Ɔkwan bɛn so na Israel bɔɔ aguaman?’ Wɔ afe 997 A.Y.B. mu no, Israel mmusuakuw du no twee wɔn ho fii Yuda ne Benyamin mmusuakuw a ɛwɔ anafo fam no ho. Israel mmusuakuw du a ɛwɔ atifi fam no yɛɛ nantwi ba som no sɛnea ɛbɛyɛ a ɔman no renkɔ Yuda nkɔsom Yehowa wɔ asɔrefie a ɛwɔ Yerusalem no mu. Afei atoro nyame Baal som a na wɔyɛ nna mu adapaade wom no begyee ntini wɔ Israel.

9. Sɛnea wɔahyɛ ho nkɔm wɔ Hosea 1:6 no, dɛn na ɛtoo Israel?

9 Ɛbɛyɛ sɛ bere a Gomer woo ne mpena ba a ɔto so abien no, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Hosea sɛ: “To ne din Lo-Ruhama [a ase ne “Nea wɔanhu no mmɔbɔ”], na merenna so minhu Israel fi mmɔbɔ, na meremfa mimfiri wɔn bio [efisɛ mede wɔn bɛkɔ, NW].” (Hosea 1:6) Yehowa ‘de wɔn kɔe’ bere a Asiria de Israel kɔɔ nnommumfa mu wɔ afe 740 A.Y.B. mu no. Nanso, Onyankopɔn huu Yuda mmusuakuw abien no mmɔbɔ, na wɔamfa ɔta, nkrante, akõdi, apɔnkɔ anaa apɔnkɔsotefo so na egyee wɔn nkwa. (Hosea 1:7) Wɔ afe 732 A.Y.B. mu no, anadwo bi ɔbɔfo baako kunkum Asiria asraafo 185,000 a na wɔrehunahuna nnipa a na wɔte Yuda ahenkurow, Yerusalem mu no.—2 Ahene 19:35.

Yehowa ne Israel Di Asɛm

10. Gomer awaresɛe no yɛ dɛn ho mfonini?

10 Gomer gyaw Hosea hɔ na ɔbɛyɛɛ “ɔbaa aguaman,” a na ɔne ɔbarima foforo te. Eyi yɛ sɛnea Israel ahemman no ne aman a wɔsom abosom yɛɛ amammui apam na ofii ase de ne ho too wɔn so no ho mfonini. Sɛ́ anka Israel de ne yiyedi ho nkamfo bɛma Yehowa no, ɔde ho anuonyam maa anyame a wɔwɔ aman afoforo so no, na ɔnam atorosom so buu aware apam a ɔne Nyankopɔn yɛe no so. Ɛnyɛ nwonwa sɛ na Yehowa wɔ asɛm tia ɔman a wasɛe aware honhom fam no!—Hosea 1:2; 2:2, 12, 13.

11. Dɛn na ɛbaa Mmara apam no so bere a Yehowa maa Israel ne Yuda kɔɔ nnommumfa mu no?

11 Asotwe bɛn na Israel nyae wɔ ne kunu a ogyaw no hɔ no ho? Onyankopɔn ma wɔde no ‘kɔɔ sare so’ wɔ Babilon. Babilonfo na wodii Asiria a ɛfaa Israelfo nnommum wɔ afe 740 A.Y.B. mu no so. (Hosea 2:14) Bere a Yehowa maa mmusuakuw 10 ahemman no baa awiei no, wantwa nhyehyɛe a ɔne Israel mmusuakuw 12 no yɛe no mu. Nokwasɛm ne sɛ, bere a Onyankopɔn maa Babilonfo sɛe Yerusalem wɔ afe 607 A.Y.B. mu no, ɔmaa nnipa a wɔte Yuda no kɔɔ nnommumfa mu, nanso wansɛe Mose Mmara apam a Israel mmusuakuw 12 no nam so ne no yɛɛ sɛnkyerɛnne kwan so aware nhyehyɛe no. Wɔsɛee saa ayɔnkofa no bere a Yudafo akannifo no poo Yesu Kristo na wɔma wokum no afe 33 Y.B. mu no.—Kolosefo 2:14.

Yehowa Tu Israel Fo

12, 13. Aba bɛn na ɛwɔ Hosea 2:6-8 mu, na ɔkwan bɛn so na saa nsɛm no fa Israel ho?

12 Onyankopɔn tuu Israel fo sɛ “onyi n’aguamammɔ no mfi n’anim,” nanso na Israel pɛ sɛ odi wɔn a wɔdɔ no no akyi. (Hosea 2:2, 5) “Ne saa nti,” Yehowa kae sɛ, ‘hwɛ, mede nguare anaa nsɔe metwa wo kwan so ban, na mato so fasu, na wanhu n’asa anaa n’akwan. Na obetiw n’adɔfo, nanso ne nsa renka wɔn, na ɔbɛhwehwɛ wɔn akyi kwan, na ɔrenhu; na ɔbɛka sɛ: Mɛsan m’akyi makɔ me kan kunu no nkyɛn; na ɛno mu na eye ma me sen nnɛ. Na ɔno de, onnim sɛ me na memaa no awi ne nsa ne ngo, na memaa ne dwetɛ dɔe, ne ne sika a wɔde yɛɛ Baal honi no.’—Hosea 2:6-8.

13 Ɛwom sɛ Israel hwehwɛɛ mmoa fii aman a na ‘wɔdɔ no’ no hɔ de, nanso wɔn mu biara antumi ammoa no. Ná ɛte sɛ nea dɔtɔ kusuu bi atwa ne ho ahyia, ma enti na wontumi mmoa no. Mfe abiɛsa a Asiriafo de kaa Israel ahenkurow, Samaria hyɛɛ mu akyi no, afei kurow no bɔe wɔ afe 740 A.Y.B. mu, a wɔansan ankyekyere mmusuakuw du ahemman no bio. Israelfo a wɔwɔ nnommumfa mu no mmaako mmaako bi na wobehui sɛ, bere a wɔn nananom som Yehowa no, nneɛma kɔɔ yiye maa wɔn. Ná saa nkaefo no bɛpo Baalsom na wɔahwɛ asiesie wɔne Yehowa ntam abusuabɔ no.

Ɔyɛkyerɛ no a Wɔsan Susuw Ho

14. Ɛyɛɛ dɛn na Hosea ne Gomer san waree?

14 Nea ɛbɛyɛ na woahu nsɛdi a ɛwɔ Hosea awaresɛm ne abusuabɔ a ɛda Israel ne Yehowa ntam mu yiye no, susuw nsɛm yi ho hwɛ: ‘Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: Kɔ bio na kɔdɔ ɔbea a adamfo dɔ no, nanso ɔyɛ ɔwaresɛefo.’ (Hosea 3:1) Hosea tiee ahyɛde yi, na okogyee Gomer fii ɔbarima a ɔne no te no nsam. Ɛno akyi no, Hosea de afotu a emu yɛ den maa ne yere no sɛ: “Tra ha ma me nna pii, mmɔ aguaman na nyɛ ɔbarima bi de.” (Hosea 3:2, 3) Gomer gyee nteɛso no toom, na Hosea san ne no trae sɛ awarefo. Ɔkwan bɛn so na eyi fa sɛnea Onyankopɔn ne nnipa a wɔwɔ Israel ne Yuda no dii nsɛm no ho?

15, 16. (a) Tebea horow bɛn mu na na ɛbɛma Onyankopɔn ahu ɔman a wateɛ ne so no mmɔbɔ? (b) Ɔkwan bɛn so na Hosea 2:18 anya mmamu?

15 Bere a na Israelfo ne Yudafo wɔ Babilon nnommumfa mu no, Onyankopɔn maa adiyifo kaa ‘abodwoesɛm kyerɛɛ wɔn.’ Sɛ na Onyankopɔn behu wɔn mmɔbɔ a, na ɛsɛ sɛ ne nkurɔfo da ahonu adi na wɔsan kɔ wɔn Kunu no nkyɛn, sɛnea Gomer san kɔɔ ne kunu nkyɛn no. Ɛno ansa na Yehowa begye ɔman a ɛte sɛ ne yere a wateɛ ne so no afi Babilon “sare” so na wasan de no aba Yuda ne Yerusalem. (Hosea 2:14, 15) Ɔmaa bɔhyɛ yi baa mu wɔ afe 537 A.Y.B. mu.

16 Onyankopɔn maa bɔhyɛ yi nso baa mu: “Mɛpam apam bi mama wɔn ɛda no, me ne wuram mmoadoma ne wim nnomaa ne mmoa a wɔwea fam, na mebubu ɔta ne nkrante ne akõdi afi asase no so, na mama wɔatra dwoodwoo.” (Hosea 2:18) Yudafo nkaefo a wɔsan baa wɔn man mu no traa asomdwoe mu a na wonsuro aboa biara. Saa nkɔmhyɛ yi san nyaa mmamu wɔ 1919 Y.B. mu, bere a honhom fam Israel nkaefo no dee wɔn ho fii “Babilon Kɛse,” wiase atorosom ahemman no ho no. Seesei wɔte asomdwoe mu, na wɔne wɔn ayɔnkofo a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtra ase daa wɔ asase so no te honhom fam paradise mu. Nnipa a wɔn su te sɛ mmoa biara nni nokware Kristofo mu.—Adiyisɛm 14:8; Yesaia 11:6-9; Galatifo 6:16.

Fa Mu Asuade no Di Dwuma

17-19. (a) Onyankopɔn su ahorow bɛn na wɔhyɛ wɔ ha sɛ yensuasua? (b) Ɛsɛ sɛ Yehowa mmɔborohunu ne tema a ɔwɔ no ka yɛn dɛn?

17 Onyankopɔn wɔ mmɔborohunu ne tema, na saa na ɛsɛ sɛ yɛyɛ. Ɛno ne asuade a atiri a edi kan wɔ Hosea nhoma no mu no kyerɛ yɛn. (Hosea 1:6, 7; 2:23) Ɔpɛ a Onyankopɔn wɔ sɛ ɔbɛda mmɔborohunu adi akyerɛ Israelfo a wɔasakra no ne abebusɛm a efi honhom mu yi hyia: “Nea ɔkata ne mmarato so no, ɔrenkyẽ ade, na nea ɔka na ogyae no, wobehu no mmɔbɔ.” (Mmebusɛm 28:13) Nsɛm a odwontofo no kae yi betumi akyekye abɔnefo a wɔasakra nso werɛ: “Onyankopɔn afɔre ne honhom a abubu; Onyankopɔn, koma a abubu na apɛtɛw na worempo.”—Dwom 51:17.

18 Hosea nkɔmhyɛ no si mmɔborohunu ne tema a Onyankopɔn a yɛsom no wɔ no so dua. Na sɛ mpo ebinom dan fi ne trenee kwan no so a, wobetumi asakra. Sɛ wɔyɛ saa a, Yehowa gye wɔn. Ɔdaa mmɔborohunu adi kyerɛɛ nnipa a na wɔasakra wɔ Israel, ɔman a na waware no sɛnkyerɛnne kwan so no. Ɛwom sɛ wɔyɛɛ Yehowa so asoɔden na ‘woyii Israel Kronkronni no ahi de, nanso ɔyɛ timmɔbɔ nti, ɔkaee sɛ wɔyɛ honam.’ (Dwom 78:38-41) Ɛsɛ sɛ mmɔborohunu a ɛte saa ka yɛn ma yɛne yɛn Onyankopɔn a ɔwɔ tema, Yehowa, nantew.

19 Ɛwom sɛ na bɔne bi te sɛ awudi, korɔnbɔ, ne awaresɛe abu so wɔ Israel de, nanso Yehowa kaa ‘abodwoesɛm kyerɛɛ wɔn.’ (Hosea 2:14; 4:2) Sɛ yesusuw mmɔborohunu ne tema a Yehowa wɔ no ho a, ɛsɛ sɛ yɛn koma ka yɛn ma yɛne no nya abusuabɔ a emu yɛ den. Enti momma yemmisa yɛn ho sɛ: ‘Ɔkwan bɛn so na metumi asuasua Yehowa mmɔborohunu ne tema a ɔwɔ no yiye bere a me ne afoforo redi nsɛm no? Sɛ yɔnko Kristoni bi fom me na ɔsrɛ sɛ memfa mfiri no a, so mayɛ krado sɛ mede befiri sɛnea Onyankopɔn de firi no?’—Dwom 86:5.

20. Ma nhwɛso fa kyerɛ nea enti a sɛ ɛsɛ sɛ yenya anidaso a Onyankopɔn de ama no mu ahotoso.

20 Onyankopɔn ma yenya anidaso ankasa. Sɛ nhwɛso no, ɔhyɛɛ bɔ sɛ: ‘Mede Akor bon no mɛma no, na mɛyɛ no anidaso pon.’ (Hosea 2:15) Na Yehowa tete ahyehyɛde a ɛte sɛ ɔyere no wɔ anidaso a edi mu koraa sɛ wɔbɛsan de no aba baabi a na “Akor bon” wɔ no. Bɔhyɛ yi a ɛbaa mu wɔ afe 537 A.Y.B. mu no ma yenya nea enti a ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani gye wɔ anidaso a Yehowa de asi yɛn anim no mu.

21. Dwuma bɛn na nimdeɛ di wɔ Onyankopɔn a yɛne no nantew no mu?

21 Sɛ yɛbɛkɔ so ne Onyankopɔn anantew a, ehia sɛ yɛkɔ so nya ne ho nimdeɛ na yɛde bɔ yɛn bra. Ná Yehowa ho nimdeɛ nni Israel koraa. (Hosea 4:1, 6) Nanso na ebinom bu Onyankopɔn nkyerɛkyerɛ sɛ ɛsom bo yiye ma enti wɔde bɔɔ wɔn bra, na wonyaa so nhyira pii. Ná Hosea ka wɔn ho. Saa ara na ohyiraa nnipa 7,000 a wɔankotow Baal wɔ Elia bere so no. (1 Ahene 19:18; Romafo 11:1-4) Onyankopɔn nkyerɛkyerɛ a yɛbɛkyerɛ ho anisɔ no bɛboa yɛn ma yɛakɔ so ne no anantew.—Dwom 119:66; Yesaia 30:20, 21.

22. Ɛsɛ sɛ yebu ɔwae dɛn?

22 Yehowa pɛ sɛ mmarima a wɔredi ne nkurɔfo anim no po ɔwae. Nanso Hosea 5:1 ka sɛ: “Muntie eyi, asɔfo, na monwɛn aso, Israel fi, na ɔhene fi nso, monyɛ aso; na mo so na atemmu aba; na moadan afiri Mispa, ne asawu a wɔatrɛw mu Tabor so.” Na akannifo a wɔawae no te sɛ afiri ne asawu ma Israelfo no, ná wɔtwetwe wɔn ma wɔsom abosom. Bepɔw Tabor ne baabi a wɔfrɛ hɔ Mispa no ne mmeae titiriw a ɛbɛyɛ sɛ na wɔsom atoro nyame no.

23. Mfaso bɛn na woanya afi Hosea ti 1 kosi 5 a yɛasua yi mu?

23 Ɛde besi ha yi, Hosea nkɔmhyɛ no akyerɛ yɛn sɛ Yehowa yɛ mmɔborohunu Nyankopɔn a ɔma wɔn a wɔde ne nkyerɛkyerɛ bɔ wɔn bra na wɔpo ɔwae no nya anidaso ne nhyira. Sɛnea tete Israelfo a na wɔasakra yɛe no, momma yɛnhwehwɛ Yehowa na yɛmmɔ mmɔden sɛ yɛbɛsɔ n’ani bere nyinaa. (Hosea 5:15) Sɛ yɛyɛ saa a, yebetwa nea eye na yɛanya anigye ne asomdwoe a ɛso bi nni, a wɔn a wɔne Onyankopɔn nantew nya no bi.—Dwom 100:2; Filipifo 4:6, 7.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 1 Wɔka sɛnkyerɛnne kwan so ɔyɛkyerɛ bi ho asɛm wɔ Galatifo 4:21-26. Hwɛ ho asɛm wɔ Insight on the Scriptures, Po 2, a Yehowa Adansefo tintimii no kratafa 693 kosi 694.

Wubebua Dɛn?

• Hosea ne Gomer aware no yɛ dɛn ho mfonini?

• Dɛn nti na Yehowa ne Israel dii nsɛm?

• Asuade a ɛwɔ Hosea ti 1 kosi 5 no mu nea ɛwɔ he na w’ani gye ho?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Wunim nea Hosea yere no yɛ ne ho mfonini?

[Mfonini wɔ kratafa 19]

Asiriafo dii Samariafo so nkonim wɔ afe 740 A.Y.B.

[Mfonini wɔ kratafa 20]

Nnipa a wɔwɔ anigye asan reba wɔn man mu