Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yɛne Onyankopɔn Nnantew Na Yentwa Aba Pa

Yɛne Onyankopɔn Nnantew Na Yentwa Aba Pa

Yɛne Onyankopɔn Nnantew Na Yentwa Aba Pa

“Mframa na wogu, na ahum nso na wobetwa.”—HOSEA 8:7.

1. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ne Yehowa anantew?

SƐ WONAM baabi a ɛhɔ yɛ hu a, ɛbɛyɛ nea ahobammɔ wom sɛ wobɛma obi a onim hɔ yiye akyerɛ wo kwan. Ɛbɛyɛ papa sɛ wo ne onipa a ɔte saa no bɛbɔ anan anantew mmom sen sɛ wobɛtew wo ho akɔfa baabi. Wɔ ɔkwan bi so no, tebea a yɛwom nnɛ no te saa ara. Sɛnea ɛte no, Yehowa aka sɛ ɔbɛkyerɛ yɛn kwan wɔ saa wiase bɔne a ahobammɔ nnim yi mu. Ɛbɛyɛ papa sɛ yɛne no bɛnantew sen sɛ yɛn ankasa bɛbɔ mmɔden akyerɛ yɛn anammɔn kwan. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ne Onyankopɔn anantew? Sɛ yedi akwankyerɛ a ɔde ma wɔ N’asɛm mu so a, yebetumi ayɛ saa.

2. Dɛn na yebesusuw ho wɔ asɛm yi mu?

2 Yesusuw sɛnkyerɛnne kwan so ɔyɛkyerɛ a ɛwɔ Hosea ti 1 kosi 5 no ho wɔ adesua a edi kan no mu. Sɛnea yɛahu wɔ saa ɔyɛkyerɛ no mu no, asuade ahorow bi wɔ mu a ɛbɛboa yɛn ma yɛne Onyankopɔn anantew. Afei, momma yensusuw nsɛntitiriw bi a ɛwɔ Hosea ti 6 kosi 9 no ho. Ɛbɛyɛ papa sɛ yedi kan hu nea saa ti ahorow anan yi ka ho asɛm no tiawa.

Emu Nhwehwɛmu Tiawa

3. Ka Hosea ti 6 kosi 9 no mu nsɛm tiawa.

3 Israel mmusuakuw du ahemman a ɛwɔ atifi fam no titiriw na Yehowa somaa Hosea sɛ ɔnkɔhyɛ wɔn ho nkɔm. Na ɔman yi a wɔsan frɛ no Efraim esiane sɛ wɔde abusuakuw a na ɛso sen mmusuakuw a aka no din too no nti no atwe ne ho afi Onyankopɔn ho. Yehu wɔ Hosea ti 6 kosi 9 no mu sɛ nkurɔfo no buu wɔn ani guu wɔne Yehowa ntam apam no so de wɔn ho kɔhyɛɛ amumɔyɛde mu de kyerɛe sɛ wɔnyɛ anokwafo. (Hosea 6:7) Sɛ́ anka wɔbɛsan aba Yehowa nkyɛn no, wɔde wɔn ho too aman ahorow mmom so ne wɔn kɔyɛɛ apam. Esiane aba bɔne a wɔkɔɔ so gui nti, na wobetwa aba bɔne. Wɔ ɔkwan foforo so no, na atemmu a emu yɛ den bɛba wɔn so! Nanso, nkuranhyɛ nsɛm bi wɔ Hosea nkɔmhyɛ no mu. Hosea hyɛɛ nkurɔfo no nkuran sɛ, sɛ wofi komam nu wɔn ho na wɔdan ba Yehowa nkyɛn a, obehu wɔn mmɔbɔ.

4. Hosea nkɔmhyɛ no mu asuade a mfaso wɔ so bɛn na yebesusuw ho?

4 Yebetumi anya akwankyerɛ foforo afi Hosea nkɔmhyɛ nhoma no ti ahorow anan yi mu a ɛbɛboa yɛn ma yɛne Onyankopɔn anantew. Momma yensusuw asuade ahorow anan a mfaso wɔ so yi ho: (1) Yɛde nneyɛe na ɛda ahonu a efi komam adi na ɛnyɛ nea yɛka kɛkɛ; (2) afɔrebɔ nkutoo nsɔ Onyankopɔn ani; (3) sɛ Yehowa asomfo twe wɔn ho fi ne ho a, odi yaw; na afei (4) sɛ yɛpɛ sɛ yetwa aba pa a, ɛsɛ sɛ yegu aba pa.

Nea Ɛkyerɛ sɛ Obi Anu Ne Ho Ankasa

5. Ka nsɛntitiriw a ɛwɔ Hosea 6:1-3 mu.

5 Hosea nkɔmhyɛ no kyerɛkyerɛ yɛn ahonu ne mmɔborohunu ho ade pii. Yɛkenkan wɔ Hosea 6:1-3 sɛ: “Mommra mma yɛnsan nkɔ [Yehowa, NW] nkyɛn, na ɔno na watetew yɛn mu na ɔbɛsa yɛn yare, ɔno na wabobɔ yɛn na ɔbɛkyekyere yɛn. Nnanu akyi no, ɔbɛma yɛanya nkwa, da a ɛto so abiɛsa no, ɔbɛma yɛasɔre na yɛanya n’anim nkwa. Na momma yenhu na yentiw [Yehowa, NW] nimdeɛ no; wɔasiesie n’adifi sɛ adekyee, na ɔbɛba ama yɛn sɛ osutɔ, sɛ adonsu a ɛtɔ gu asase so.”

6-8. Asɛm bɛn na na ɛwɔ Israel ahonu no ho?

6 Hena na ɔkaa nsɛm a ɛwɔ Hosea nhoma mu yi? Ebinom ka sɛ ɛyɛ Israelfo a wɔanni nokware no na wɔkaa saa nsɛm no, na wɔkyerɛ sɛ na saa asowuifo no reyɛ wɔn ade sɛnea wɔanu wɔn ho na Onyankopɔn ahu wɔn mmɔbɔ. Nanso afoforo ka sɛ ɛyɛ odiyifo Hosea ankasa na na ɔrekasa de asrɛ nkurɔfo no sɛ wɔnsan mmra Yehowa nkyɛn. Sɛnea asɛm no te biara no, asɛmmisa a ehia paa ne sɛ, So Israel mmusuakuw du ahemman no mu nnipa nyinaa fii komam nuu wɔn ho san baa Yehowa nkyɛn? Mmuae no yɛ dabi. Yehowa nam Hosea so kae sɛ: “Dɛn na menyɛ wo, Efraim? Dɛn na menyɛ wo, Yuda? Na mo adɔe te sɛ anɔpa mununkum, na ɛte sɛ obosu a ɛpɛ ntɛm akɔ.” (Hosea 6:4) Adanse a ɛkyerɛ sɛnea na Onyankopɔn nkurɔfo no asɛe abusuabɔ a ɛda wɔne no ntam bɛn ni! Ná adɔe nyinaa ayera te sɛ anɔpa mununkum a sɛ owia pue pɛ a na ayera no. Ɛwom sɛ nkurɔfo no yɛɛ sɛnea wɔanu wɔn ho de, nanso Yehowa anhu biribiara a na obetumi agyina so ahu wɔn mmɔbɔ. Dɛn na na atõtõ?

7 Israelfo no amfi komam anna ahonu ankasa adi. Hosea 7:14 ka nea enti a Yehowa ani annye ne nkurɔfo ho no ho asɛm: “Na wonsu mfrɛɛ me wɔn komam, na wɔbobom wɔn nnae so.” Nkyekyɛm 16 no de ka ho sɛ: “Wɔsan wɔn akyi, nanso wɔmma ɔsorosoroni no nkyɛn”—anaa sɛnea New World Translation Reference Bible ase hɔ asɛm no kyerɛ no, “wɔamma nokware som ho.” Na nkurɔfo no nni ɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ nsakrae horow na ama wɔne Onyankopɔn ntam abusuabɔ a asɛe no ayɛ yiye na wɔatumi asan aba Yehowa som a ɛyɛ nokware no ho. Nokwarem no, na wɔmpɛ sɛ wɔne Onyankopɔn nantew.

8 Na asɛm foforo wɔ Israelfo ahonu no ho. Na nkurɔfo no da so ara reyɛ bɔne ahorow te sɛ apoobɔ, awudi, korɔnbɔ ne abosonsom, na wɔne aman foforo yeyɛɛ apam a na nyansa nnim. Esiane bɔne a na ɛredɛw nkurɔfo no mu te sɛ ogya nti, Hosea 7:4 de wɔn totoo abodootofo ‘fononoo’ ho. Esiane sɛnea na nkurɔfo no ne Onyankopɔn ntam ayɛ basaa afa no nti, so na wɔfata sɛ ohu wɔn mmɔbɔ? Dabida! Hosea ka kyerɛɛ atuatewfo no sɛ Yehowa ‘bɛkae wɔn amumɔyɛ,’ na ‘ɔbɛtwe wɔn asõ wɔn bɔne ho.’ (Hosea 9:9) Ɔrenhu wɔn mmɔbɔ!

9. Ahonu ne mmɔborohunu ho asuade bɛn na Hosea nsɛm no ma yenya?

9 Sɛ yɛkenkan Hosea nsɛm no a, ahonu ne mmɔborohunu ho ade bɛn na yesua? Israelfo a na wonni nokware no nhwɛso no yɛ kɔkɔbɔ a ɛkyerɛ yɛn sɛ, sɛ Yehowa behu yɛn mmɔbɔ a, ɛsɛ sɛ yefi komam nu yɛn ho. Yɛbɛyɛ dɛn ada ahonu a ɛte saa adi? Yɛrentumi mfa nusu hunu anaa nsɛm ara kɛkɛ nnaadaa Yehowa. Yɛde nneyɛe na ɛkyerɛ sɛ yɛanu yɛn ho ankasa. Enti sɛ wobehu ɔdebɔneyɛfo bi mmɔbɔ a, ɛsɛ sɛ ɔsakra fi ne kwammɔne so korakora, na ɔbɔ bra pa ma ɛne Yehowa som a ɛkorɔn no hyia.

Afɔrebɔ Nkutoo Nsɔ Yehowa Ani

10, 11. Sɛnea wɔakyerɛkyerɛ Israel ho nsɛm mu no, dɛn nti na afɔrebɔ nkutoo nsɔ Yehowa ani?

10 Afei momma yensusuw asuade a ɛto so abien a ebetumi aboa yɛn ma yɛne Yehowa anantew no ho. Ɛno ni: Afɔrebɔ nkutoo nsɔ Nyankopɔn ani. Hosea 6:6 ka sɛ: “Mepɛ adɔeyɛ, na ɛnyɛ afɔrebɔ, ne Onyankopɔn ho nimdeɛ sen ɔhyew afɔre.” Hyɛ no nsow sɛ Yehowa pɛ adɔeyɛ anaa nokware dɔ—su a ɛda adi wɔ komam—ne ne ho nimdeɛ. Nanso ebia wubebisa sɛ: ‘Dɛn nti na saa nkyekyɛm yi ka sɛ Yehowa mpɛ “afɔrebɔ” ne “ɔhyew afɔre” no? So na Mose Mmara no nhwehwɛ sɛ wɔyɛ saa?’

11 Ná Mmara no hwehwɛ sɛ wɔbɔ afɔre, nanso na biribi nkɔ yiye koraa wɔ Hosea bere sofo no ho. Ɛda adi sɛ na Israelfo binom bɔ afɔre a ɛtete saa wɔ nnipa ani so de kyerɛ sɛ wɔwɔ ahofama. Nanso bere koro no ara no, na nkurɔfo no gu so reyɛ bɔne. Bɔne ahorow a na wɔreyɛ no daa no adi sɛ wonni nokware dɔ. Esiane sɛ na wɔn abrabɔ ne Onyankopɔn ho nimdeɛ nhyia nti, akyinnye biara nni ho sɛ na wɔapo Onyankopɔn ho nimdeɛ. Sɛ na nkurɔfo no asetra kwan ne wɔn koma nteɛ a, ɛnde na ɛbɛyɛ dɛn na wɔn afɔrebɔ betumi asɔ ani? Ná Yehowa Nyankopɔn ani nnye wɔn afɔrebɔ no ho.

12. Kɔkɔbɔ nsɛm bɛn na Hosea 6:6 wɔ ma nnipa a wɔte ase nnɛ?

12 Kɔkɔbɔ bi wɔ Hosea nsɛm yi mu ma asɔrekɔfo pii nnɛ. Wɔnam ɔsom mu nnwuma so bɔ afɔre ma Onyankopɔn. Nanso wɔmma wɔn som no nnya wɔn abrabɔ so tumi wɔ ɔkwan titiriw biara so. So Onyankopɔn ani sɔ nnipa a wɔn koma nka wɔn mma wonsua ade nnya Onyankopɔn ho nokware nimdeɛ a sɛ wɔde yɛ adwuma a ɛbɛma wɔagyae nneyɛe bɔne no? Mma obiara nnaadaa ne ho nsusuw sɛ ɔsom mu nnwuma nkutoo sɔ Onyankopɔn ani. Yehowa ani nnye nnipa a wɔpɛ sɛ wonya n’anim dom nanso wɔntra ase mma ɛne nea N’asɛm ka no nhyia na mmom wɔsom no bi-ne-bi no ho.—2 Timoteo 3:5.

13. Afɔre bɛn na yɛbɔ, nanso dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkae na ama adi mu?

13 Sɛ́ nokware Kristofo no, ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛkae sɛ afɔrebɔ nkutoo nsɔ Onyankopɔn ani. Ɛyɛ nokware sɛ yɛmfa mmoa mmɔ afɔre mma Yehowa nnɛ. Nanso ‘yɛbɔ Onyankopɔn ayeyi afɔre daa a ɛne anofafa aba a yɛde bɔ ne din baguam no.’ (Hebrifo 13:15) Momma yɛnhwɛ yɛn ho yiye na yɛanyɛ bɔne koro no ara a Israelfo a na wɔwɔ Hosea bere so no yɛe no bi, na yɛansusuw sɛ yebetumi abɔ afɔre wɔ honhom fam ama Nyankopɔn de atua bɔne a yɛbɛyɛ no ho ka. Sɛ nhwɛso no, susuw ababaa bi a ɔde ne ho kɔhyɛɛ nna mu ɔbrasɛe mu na ɔde siei no ho hwɛ. Akyiri yi ɔkae sɛ: “Mede me ho hyɛɛ asɛnka adwuma no mu denneennen saa bere no, susuwii sɛ ebia ebetumi atua me bɔne no ho ka.” Saa pɛpɛɛpɛ na Israelfo asoɔdenfo no bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ. Nanso sɛ yɛn ayeyi afɔre bɛsɔ Yehowa ani a, gye sɛ yɛde koma pa yɛ saa na yɛbɔ ɔbra pa nso.

Sɛ Yehowa Asomfo Gyaw No a Odi Yaw

14. Hosea nkɔmhyɛ no ma yehu dɛn fa sɛnea Onyankopɔn te nka no ho?

14 Asuade a ɛto so abiɛsa a yenya fi Hosea ti 6 kosi 9 mu ne sɛnea Yehowa te nka bere a n’asomfo twe wɔn ho fi ne ho no. Yehowa bo tumi fuw na ɔwɔ ayamhyehye nso. Tema a ɔwɔ nti n’ani gye na ɔwɔ ayamhyehye ma wɔn a wɔsakra fi wɔn bɔne ho no. Nanso sɛ ne nkurɔfo yɛ asobrakye na wɔansakra a, ɔde asotwe a emu yɛ den ma wɔn ntɛm ara. Esiane sɛ Onyankopɔn dwen yɛn yiyedi ho nti, sɛ yefi nokwaredi mu ne no nantew a, n’ani gye. Dwom 149:4 ka sɛ: “[Yehowa, NW] ani sɔ ne man.” Nanso sɛ Onyankopɔn asomfo anni no nokware a, ɔte nka dɛn?

15. Sɛnea Hosea 6:7 kyerɛ no, dɛn na na Israelfo binom reyɛ?

15 Bere a Yehowa reka Israelfo a na wonni nokware no ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Na wɔn de, wɔafom apam so sɛ Adam, ɛhɔ na wɔatwa me nkontompo.” (Hosea 6:7) Hebri asɛmfua a wɔakyerɛ ase ‘atwa nkontompo’ no san kyerɛ “nnaadaa, anaa atorodi.” Wɔde asɛmfua koro no ara kyerɛkyerɛ Israelfo a wɔanni wɔn aware mu ahokafo nokware no mu wɔ Malaki 2:10-16. Nhwehwɛmu nhoma bi ka sɛ asɛmfua yi a wɔde dii dwuma wɔ Hosea 6:7 no “yɛ kasakoa a ɛfa aware ho, na ɛkyerɛ sɛnea obi de ne ho hyɛ nhyehyɛe no mu fee . . . Ɛte sɛ nea obi de ne dɔ ama obi nanso wankyerɛ ho anisɔ.”

16, 17. (a) Israelfo yɛɛ wɔn ade dɛn wɔ apam a Onyankopɔn ne wɔn yɛe no ho? (b) Ɛdefa yɛn nneyɛe ho no, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkae?

16 Yehowa nam mmara apam a ɔne Israel yɛe no so faa ɔman no sɛ ne sɛnkyerɛnne kwan so yere. Enti bere a ne nkurɔfo no buu saa apam no so no, na ɛte sɛ nea wɔresɛe aware. Ná Onyankopɔn te sɛ okunu nokwaredifo, nanso ne nkurɔfo no twee wɔn ho fii ne ho!

17 Na yɛn nso ɛ? Sɛ́ yɛne Onyankopɔn bɛnantew anaasɛ yɛne no rennantew no fa ne ho. Ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ “Onyankopɔn ne dɔ,” ɛne sɛ yɛn nneyɛe ka no. (1 Yohane 4:16) Sɛ yɛfa ɔkwammɔne so a, yebetumi ama Yehowa adi yaw, na akyinnye biara nni ho sɛ ɛbɛhaw no. Eyi a yɛbɛkae daa no bɛboa yɛn ma sɛ yehyia sɔhwɛ a, yɛagyina mu.

Sɛnea Yebetumi Atwa Aba Pa

18, 19. Nnyinasosɛm bɛn na yehu wɔ Hosea 8:7, na ɔkwan bɛn so na ɛbaa mu wɔ Israelfo no fam?

18 Ma yensusuw asuade a ɛto so anan a yebetumi anya afi Hosea nkɔmhyɛ no mu ho—ɛno ne sɛnea yebetumi atwa aba pa. Ɛdefa Israel nkwaseade ne mfaso biara a na enni ɔkwammɔne a wɔnam so ho no, Hosea kyerɛwee sɛ: “Mframa na wogu, na ahum nso na wobetwa.” (Hosea 8:7) Yehu nnyinasosɛm bi wɔ ha a ɛsɛ sɛ yɛkae: Ɛne sɛ, abusuabɔ kɛse paa da nea yɛyɛ nnɛ ne nea ebefi mu aba akyiri no mu. Ɔkwan bɛn so na nnyinasosɛm yi bɛyɛɛ nokwasɛm wɔ Israelfo a wɔanni nokware no fam?

19 Esiane bɔne a na Israelfo no reyɛ nti, na wɔregu aba bɔne. So na wobetumi akɔ so ayɛ saa a wontwa ɛso aba biara? Nokwarem no, na wɔrentumi nguan atemmu. Hosea 8:13 ka sɛ: ‘Yehowa bɛkae wɔn amumɔyɛ na wabɛtwe wɔn bɔne so asõ.’ Na yɛkenkan wɔ Hosea 9:17 sɛ: “Me Nyankopɔn apa wɔn, efisɛ wɔantie no; na wɔbɛyɛ akobɔfo amanaman mu.” Na Yehowa bɛtwe Israelfo no asõ wɔ wɔn bɔne ho. Esiane sɛ woguu aba bɔne nti, na wobetwa aba bɔne. Onyankopɔn de atemmu a ɛte saa baa wɔn so wɔ afe 740 A.Y.B. mu, bere a Asiria betuu Israel mmusuakuw du ahemman no gui na wɔde emu nnipa kɔɔ nnommumfa mu no.

20. Nea ɛtoo Israelfo no kyerɛ yɛn dɛn?

20 Nea ɛtoo saa Israelfo no ma yehu nokwasɛm bi a yɛrentumi mmu yɛn ani ngu so da: Nea yegu no, ɛno ara na yetwa. Onyankopɔn Asɛm bɔ yɛn kɔkɔ sɛ: “Mommma wɔnnnaadaa mo: Onyankopɔn nyɛ obi a wosi no atwetwe. Na nea onipa biara gu no, ɛno ara na obetwa.” (Galatifo 6:7) Enti sɛ yegu aba bɔne a, yebetwa aba bɔne. Sɛ nhwɛso no, wɔn a wɔde wɔn ho hyɛ nna mu ɔbrasɛe mu no betwa ɛso aba a ɛyɛ awerɛhow paa. Ɔbɔnefo a onnu ne ho no remfa ne ho nni tɔtorɔtɔɔ.

21. Yɛbɛyɛ dɛn atumi atwa aba pa?

21 Ɛnde, yɛbɛyɛ dɛn atumi atwa aba pa? Yebetumi de mfatoho tiawa yi ama asɛmmisa no ho mmuae. Sɛ okuafo bi pɛ sɛ otwa aburow a, so obedua ɛmo? Dabida! Ɛsɛ sɛ odua nea ɔpɛ sɛ otwa no. Saa ara na yɛn nso, sɛ yɛpɛ sɛ yetwa ade pa a, ɛsɛ sɛ yegu aba pa. So wopɛ sɛ wokɔ so twa aba pa—asetra a abotɔyam wom a ɛyɛ anigye wɔ nnɛ wiase yi mu, na wunya daa nkwa ho anidaso wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu? Sɛ saa a, ɛnde kɔ so ne Onyankopɔn nnantew na tra ase ma ɛne ne trenee gyinapɛn no nhyia.

22. Asuade bɛn na yɛanya afi Hosea ti 6 kosi 9 mu?

22 Yɛasua nneɛma ahorow anan a ebetumi aboa yɛn ma yɛne Onyankopɔn anantew no afi Hosea ti 6 kosi 9 mu: (1) Yɛde nneyɛe na ɛkyerɛ sɛ yefi komam anu yɛn ho; (2) afɔrebɔ nkutoo nsɔ Onyankopɔn ani; (3) sɛ Yehowa asomfo twe wɔn ho fi no ho a, odi yaw; na afei (4) sɛ yɛpɛ sɛ yetwa aba pa a, ɛsɛ sɛ yegu aba pa. Ɔkwan bɛn so na asɛm a ɛwɔ saa Bible nhoma yi ti ahorow anum a etwa to mu no betumi aboa yɛn ma yɛne Onyankopɔn anantew?

Wubebua Dɛn?

• Dɛn na ɛkyerɛ sɛ obi anu ne ho ankasa?

• Dɛn nti na afɔrebɔ nkutoo nsɔ yɛn soro Agya no ani?

• Sɛ Onyankopɔn asomfo twe wɔn ho fi ne ho a, ɔte nka dɛn?

• Sɛ yɛpɛ sɛ yetwa aba pa a, dɛn na ɛsɛ sɛ yegu?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Israel adɔe yerae te sɛ omununkum

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Akɔnnɔ bɔne a na ɛwɔ Israel mu no dɛwee sɛ fononoo

[Mfonini wɔ kratafa 24]

Dɛn nti na Yehowa poo afɔre a ne nkurɔfo bɔe no?

[Mfonini wɔ kratafa 25]

Sɛ yebetwa aba pa a, ɛsɛ sɛ yegu aba pa