Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Yehowa Akwan Yɛ Tẽẽ’

‘Yehowa Akwan Yɛ Tẽẽ’

‘Yehowa Akwan Yɛ Tẽẽ’

“[Yehowa, NW] akwan yɛ tẽe, na atreneefo bɛnantew so.”—HOSEA 14:9.

1, 2. Nhyɛase bɛn na Yehowa de maa Israelfo no, nanso dɛn na ɛtoo wɔn?

YEHOWA maa Israelfo no nyaa mfiase pa wɔ odiyifo Mose bere so. Nanso, eduu afeha a ɛto so awotwe A.Y.B. mfiase no, na wɔn tebea no asɛe koraa ma enti Onyankopɔn buu wɔn fɔ wɔ amumɔyɛde a na wɔreyɛ no ho. Yehu eyi wɔ Hosea ti 10 kosi 14.

2 Ná Israelfo abɛyɛ nyaatwomfo. Ná mmusuakuw du ahemman no mufo ‘afɛntɛm abɔnefosɛm’ ma wɔatwa mmusu. (Hosea 10:1, 13) Yehowa kae sɛ: “Israel yɛ aberante no, na medɔ no, na Misraim na mefrɛɛ me ba fii.” (Hosea 11:1) Ɛwom sɛ na Onyankopɔn agye Israelfo no afi Misraim nkoasom mu de, nanso wɔde atorodi ne nnaadaa na etuaa no ka. (Hosea 11:12) Ɛno nti Yehowa de saa afotu yi maa wɔn sɛ: “San kɔ wo Nyankopɔn nkyɛn; so adɔe ne atemmu mu.”—Hosea 12:6.

3. Dɛn na na ɛbɛto Samaria a watew atua no, nanso, dɛn na na ɛsɛ sɛ Israelfo yɛ na wɔahu wɔn mmɔbɔ?

3 Ná Samaria a watew atua no ne ne hene no awiei bɛyɛ hu. (Hosea 13:11, 16) Nanso Hosea nkɔmhyɛ no ti a etwa to no de adesrɛ yi na efi ase sɛ: “Israel, san bra [Yehowa, NW] wo Nyankopɔn nkyɛn.” Sɛ Israelfo no sakra na wɔhwehwɛ bɔne fafiri a, na Onyankopɔn nso behu wɔn mmɔbɔ. Nokwasɛm ni, na ɛsɛ sɛ wogye tom sɛ “[Yehowa, NW] akwan yɛ tẽe,” na wɔnantew so.—Hosea 14:1-6, 9.

4. Nnyinasosɛm bɛn na yɛrebesusuw wɔ Hosea nkɔmhyɛ no mu?

4 Nnyinasosɛm pii wɔ Hosea nkɔmhyɛ no fã yi mu a ɛbɛboa yɛn ma yɛne Onyankopɔn anantew. Yɛrebesusuw nea edidi so yi ho: (1) Yehowa hwehwɛ sɛ yɛde nokwaredi som no, (2) Onyankopɔn da ɔdɔ kann adi kyerɛ ne nkurɔfo, (3) ɛsɛ sɛ yenya Yehowa mu ahotoso bere nyinaa, (4) Yehowa akwan teɛ bere nyinaa, ne afei (5) abɔnefo betumi asan aba Yehowa nkyɛn.

Yehowa Hwehwɛ Sɛ Yɛde Nokwaredi Som No

5. Ɔsom bɛn na Onyankopɔn hwehwɛ fi yɛn hɔ?

5 Yehowa hwɛ kwan sɛ yɛbɛsom no wɔ nokwaredi mu, a nyaatwom biara nnim. Nanso, na Israel abɛyɛ ‘bobe bɔne’ a ɛnsow aba. Ná Israelfo ama “afɔremuka” a wɔsom atoro anyame wɔ so nso “adɔɔso.” Ná saa awaefo no asisi abo adum—a ebia na ɛyɛ nkaedum akɛse a wɔde di dwuma wɔ atoro som mu. Ná Yehowa bedwiriw wɔn afɔremuka asɛe wɔn ahoni adum no.—Hosea 10:1, 2.

6. Su bɛn na ɛsɛ sɛ yɛkwati na ama yɛatumi ne Onyankopɔn anantew?

6 Nyaatwomyɛ nni afã biara wɔ Yehowa asomfo mu. Nanso dɛn na na ato Israelfo no? Hwɛ, ‘na wɔn koma mu apaapae’! Ɛwom sɛ bere bi wɔne Yehowa yɛɛ apam na wɔnam so hyiraa wɔn ho so maa no de, nanso Yehowa buu wɔn fɔ esiane wɔn nyaatwom no nti. Dɛn na yebetumi asua afi eyi mu? Sɛ yɛahyira yɛn ho so ama Onyankopɔn a, ɛnsɛ sɛ yɛyɛ nyaatwom. Mmebusɛm 3:32 bɔ kɔkɔ sɛ: “Ɔkɔnkɔnsani yɛ [Yehowa, NW] akyide, na tẽefo na ɔne wɔn di atirimsɛm.” Sɛ yebetumi ne Onyankopɔn anantew a, ɛsɛ sɛ yenya “koma a emu tew, ahonim pa ne gyidi a nyaatwom nnim.”—1 Timoteo. 1:5.

Onyankopɔn Da Ɔdɔ Kann Adi Kyerɛ Ne Nkurɔfo

7, 8. (a) Sɛ yɛyɛ dɛn a na yebenya Onyankopɔn adɔe? (b) Sɛ yɛayɛ bɔne bi a anibere wom a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

7 Sɛ yɛsom Yehowa nokware mu a, ɔbɛda adɔe anaa ɔdɔ kann adi akyerɛ yɛn. Wɔka kyerɛɛ Israelfo asowuifo no sɛ: “Mungu aba mma trenee mfifi mma mo, muntwa adɔe so ade; monnɔw kwaeberentuw mfa, na adu bere a wɔde hwehwɛ [Yehowa, NW] akyi kwan, kosi sɛ ɔbɛba abɛtɔ trenee su ama mo.”—Hosea 10:12.

8 Sɛ anka Israelfo no san wɔn akyi kɔhwehwɛɛ Yehowa akyi kwan ɛ! Ɛnde anka ɔde anigye ‘bɛma wɔn akwankyerɛ wɔ trenee mu.’ Sɛ yɛayɛ bɔne bi a anibere wom a, momma yɛnhwehwɛ Yehowa, na yɛmmɔ no mpae mfa nhwehwɛ bɔne fafiri na yɛnhwehwɛ honhom fam mmoa mfi Kristofo mpanyimfo hɔ. (Yakobo 5:13-16) Ɛsɛ sɛ yɛsan hwehwɛ Onyankopɔn honhom kronkron no akwankyerɛ nso, “efisɛ nea ogu ma ne honam no fi ne honam mu betwa ɔporɔw, na nea ogu ma honhom no fi honhom mu betwa daa nkwa.” (Galatifo. 6:8) Sɛ ‘yegu gu honhom so’ a, yɛbɛkɔ so anya Onyankopɔn adɔe.

9, 10. Hosea 11:1-4 fa Israelfo ho dɛn?

9 Yebetumi anya ahotoso sɛ Yehowa ne ne nkurɔfo di no ɔdɔ so bere nyinaa. Yehu eyi ho adanse wɔ Hosea 11:1-4, baabi a yɛkenkan sɛ: “Israel yɛ aberante no, na medɔ no, na Misraim na mefrɛɛ me ba fii. . . . Wɔkɔbɔɔ afɔre maa Baal, na wɔhyew aduhuam maa ahoni. Na me na migyigyee Efraim [Israelfo] taataa; mituruu wɔn m’abasa so, na wɔanhu sɛ masa wɔn yare. Nnipa nhama na mede metwee wɔn, ne ɔdɔ ntampehama nso, na meyɛɛ wɔn sɛ nea ɔmoma kɔndua so, wɔn nnyepi so, na meyɛɛ wɔn mu biara brɛoo mema odidii.”

10 Yehowa de Israel totoo abofra ketewaa bi ho wɔ ha. Yehowa fi ɔdɔ mu gyigyee Israelfo no taataa, na oturuu wɔn n’abasa so. Na ɔkɔɔ so de “ɔdɔ ntampehama” twee wɔn bɛn no. Asɛm a ɛka koma bɛn ara ni! Fa no sɛ woyɛ ɔwofo a woregyigye wo ba ketewaa taataa. Woateɛ wo nsa. Na ebia wobɛma wo ba no asɔ ahama bi mu na wanhwe ase. Saa pɛpɛɛpɛ na ɔdɔ a Yehowa wɔ ma wo no te. N’ani gye ho sɛ ɔde “ɔdɔ ntampehama” bɛkyerɛ wo kwan.

11. Ntease bɛn mu na Onyankopɔn bɛyɛɛ sɛ obi a ‘ɔmoma kɔndua so’?

11 Wɔ Yehowa ne Israelfo no nsɛnnii mu no, ɔbɛyɛɛ sɛ obi a ‘ɔmoma kɔndua so, wɔn nnyepi so, na ɔyɛɛ wɔn mu biara brɛoo ma odidii.’ Onyankopɔn bɛyɛɛ n’ade sɛ obi a oyi aboa bi kɔndua anaa ohodwo mu ma otumi didi ma ne ho tɔ no. Sɛ Israelfo no yi wɔn ho fi Yehowa kɔndua ase nkutoo a na na wɔkɔhyɛ wɔn atamfo kɔndua duruduru no ase. (Deuteronomium 28:45, 48; Yeremia 28:14) Mommma yɛnkɔ nkɔhyɛ yɛn tamfo kɛse, Satan tumidi ase da, na ne kɔndua duruduru no ammia yɛn ampira yɛn. Mmom no momma yɛnkɔ so ne yɛn Nyankopɔn a ɔwɔ ɔdɔ no nnantew daa.

Nya Yehowa Mu Ahotoso Bere Nyinaa

12. Sɛnea Hosea 12:6 kyerɛ no, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama yɛakɔ so ne Onyankopɔn anantew?

12 Sɛ yebetumi ne Onyankopɔn akɔ so anantew a, ɛsɛ sɛ yenya ne mu ahotoso bere nyinaa. Wɔka kyerɛɛ Israelfo no sɛ: “Wo nso, san kɔ wo Nyankopɔn nkyɛn; so adɔe ne atemmu mu, na hwɛ wo Nyankopɔn kwan daa.” (Hosea 12:6) Ná Israelfo no nam adɔe, adetreneeyɛ ne ‘Onyankopɔn a wɔbɛhwɛ no kwan daa’ no so bɛkyerɛ sɛ wɔanu wɔn ho na wɔasan aba Yehowa nkyɛn. Ɛmfa ho mfe dodow a yɛakɔ so ne Onyankopɔn anantew no, ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛbɛda adɔe ne atɛntrenee adi, na yɛanya Onyankopɔn mu ahotoso bere nyinaa.—Dwom 27:14.

13, 14. Paulo de asɛm a ɛwɔ Hosea 13:14 no dii dwuma dɛn, na ahotoso bɛn na ɛma yenya wɔ Yehowa mu?

13 Hosea nkɔmhyɛ a ɛfa Israelfo ho no ma yenya biribi pa a yebegyina so anya Onyankopɔn mu ahotoso. Yehowa kae sɛ: ‘Megye wɔn mafi asaman nsam; mɛpon wɔn owu mu. Owu, ɛhe na wo nwowɔe wɔ? Asaman, ɛhe na wo sɛe wɔ?’ (Hosea 13:14) Na ɛnyɛ sɛ Yehowa begye Israelfo no afi owu mu saa bere no, mmom no na awiei koraa no, ɔbɛmene owu akosi daa na wayi owu nkonimdi afi hɔ koraa.

14 Bere a Paulo rekyerɛw ne mfɛfo Kristofo a wɔasra wɔn no, ɔfaa Hosea nkɔmhyɛ no mu nsɛm kae sɛ: “Sɛ nea ɛporɔw yi hyɛ nea ɛmporɔw, na nea ewu yi hyɛ nea enwu a, ɛno na asɛm a wɔakyerɛw no bɛba mu sɛ: ‘Wɔamene owu akosi daa.’ ‘Owu, wo nkonimdi wɔ he? Owu, wo nwowɔe wɔ he?’ Nwowɔe a ɛde owu ba ne bɔne, na bɔne tumi ne Mmara no. Nanso aseda nka Nyankopɔn, efisɛ ɔnam yɛn Awurade Yesu Kristo so ma yedi nkonim!” (1 Korintofo 15:54-57) Yehowa nyanee Yesu fii awufo mu, na ama yɛanya awerɛhyem a edi mũ ankasa sɛ wobenyan wɔn a wɔwɔ Onyankopɔn nkae mu nyinaa. (Yohane 5:28, 29) Ade a ɛyɛ anigye a enti ɛsɛ sɛ yenya Yehowa mu ahotoso bɛn ara ni! Nanso, wɔ owusɔre ho anidaso no akyi no, biribi foforo nso wɔ hɔ a ɛkanyan yɛn ma yɛne Onyankopɔn nantew.

Yehowa Akwan Teɛ Bere Nyinaa

15, 16. Nkɔm bɛn na wɔhyɛɛ wɔ Samaria ho, na ɛbaa mu dɛn?

15 Gye a yegye tom ankasa sɛ ‘Yehowa akwan teɛ bere nyinaa’ no boa yɛn ma yɛkɔ so ne Onyankopɔn nantew. Samariafo no annantew Onyankopɔn akwantrenee no so. Ne saa nti, na wobehu bɔne a wɔyɛe ne Yehowa mu gyidi a wɔannya no ho amane. Wɔhyɛɛ ho nkɔm sɛ: “Samaria ti atõ, sɛ watew ne Nyankopɔn anim atua; afoa ano na wɔbɛtɔ; wɔbɛtew wɔn nkokoaa abobɔ hɔ, na wɔapaapae wɔn anyinsɛnfo mu.” (Hosea 13:16) Abakɔsɛm da no adi sɛ na Asiriafo a wodii Samaria so nkonim no tumi di atirimɔdensɛm a ɛyɛ hu saa.

16 Ná Samaria yɛ Israel mmusuakuw du ahemman no ahenkurow. Nanso, ɛtɔ da bi a na wotumi de edin Samaria no gyina hɔ ma saa ahemman no nyinaa. (1 Ahene 21:1) Asiria hene Salmaneser a ɔto so anum, kɔkaa Samaria kurow no hyɛɛ mu wɔ afe 742 A.Y.B. mu. Bere a awiei koraa no Samaria sɛee wɔ afe 740 A.Y.B. no, wɔfaa kurow no mu akunini pii kɔɔ nnommumfa mu wɔ Mesopotamia ne Media. Yɛrentumi nka no pen sɛ ɛyɛ Salmaneser a ɔto so anum anaa Sargon ɔto so abien a obedii n’ade no na odii Samaria so nkonim. (2 Ahene 17:1-6, 22, 23; 18:9-12) Nanso, Sargon ho kyerɛwtohɔ no ka sɛ wɔfaa Israelfo 27,290 kɔɔ nnommumfa mu wɔ Eufrate Atifi fam ne Media.

17. Sɛ́ anka yebebu Onyankopɔn gyinapɛn animtiaa no, dɛn mmom na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

17 Samariafo no twaa nantew a wɔannantew Yehowa akwan so no so aba bɔne. Sɛ́ Kristofo a yɛahyira yɛn ho so no, sɛ yɛn nso yɛkɔ so yɛ bɔne na yebu Onyankopɔn gyinapɛn a ɛteɛ no animtiaa a, nea ebefi mu aba bɛyɛ awerɛhosɛm. Mommma yɛmmfa kwammɔne a ɛte saa so da! Mmom no, momma yɛn mu biara mfa ɔsomafo Petro afotu yi nyɛ adwuma: “Ɛnsɛ sɛ mo mu biara hu amane sɛ owudifo anaa ɔkorɔmfo anaa ɔdebɔneyɛfo anaa nea ɔde ne ho gyigye afoforo nsɛm mu. Na sɛ ohu amane sɛ Kristoni a, ɔmmma n’ani nnwu, na mmom ɔnkɔ so nhyɛ Nyankopɔn anuonyam edin yi mu.”—1 Petro 4:15, 16.

18. Yɛbɛyɛ dɛn atumi akɔ so ‘ahyɛ Onyankopɔn anuonyam’?

18 Sɛ yɛnantew Onyankopɔn akwan a ɛteɛ no so sen sɛ yɛbɛyɛ nea yɛn ankasa pɛ a, na ‘yɛrehyɛ Onyankopɔn anuonyam.’ Kain dii awu esiane sɛ ɔyɛɛ nea n’ankasa pɛ na wantie Yehowa kɔkɔbɔ a ɛne sɛ bɔne rehwehwɛ n’akyi kwan no nti. (Genesis 4:1-8) Bileam gyee sika wɔ Moab hene hɔ, bɔɔ mmɔden sɛ anka ɔbɛdome Israelfo no nanso anyɛ yiye. (Numeri 24:10) Afei nso Onyankopɔn kum Lewini Kora ne afoforo, esiane sɛ wɔtew atua tiaa Mose ne Aaron tumidi nti. (Numeri 16:1-3, 31-33) Akyinnye biara nni ho sɛ yɛmpɛ sɛ ‘yɛfa Kain’ awudi kwan no so, anaa yɛde ahopere ‘kɔfa Bileam kwammɔne no so,’ anaa ‘wɔsɛe yɛn wɔ Kora atuatew kasa mu.’ (Yuda 11) Nanso, sɛ yɛyɛ bɔne a, yenya awerɛkyekye wɔ Hosea nkɔmhyɛ no mu.

Abɔnefo Betumi Asan Aba Yehowa Nkyɛn

19, 20. Afɔre bɛn na Israelfo a na wɔanu wɔn ho no tumi bɔe?

19 Wɔn a wɔayɛ bɔne a anibere wom mpo betumi asan aba Yehowa nkyɛn. Yehu saa adesrɛ yi wɔ Hosea 14:1, 2 sɛ: “Israel, san bra [Yehowa, NW] wo Nyankopɔn nkyɛn; na wamumɔyɛ nti woahwe ase. Momfa nsɛm nkura nsan mmra [Yehowa, NW] nkyɛn; monka nkyerɛ no sɛ: fa amumɔyɛ firi, na gye papa, na yɛmfa yɛn ano nyɛ anantwinini mmɛbɔ afɔre.”

20 Israelfo a na wɔasakra no tumi de ‘wɔn ano yɛɛ anantwinini bɔɔ afɔre’ maa Onyankopɔn. Ná ɛyɛ ayeyi afɔre a efi komam. Nkɔmhyɛ yi ho asɛm na na Paulo reka bere a ɔhyɛɛ Kristofo nkuran sɛ ‘wɔmmɔ Onyankopɔn ayeyi afɔre daa, a ɛne anofafa aba a wɔde bɔ no din baguam no.’ (Hebrifo 13:15) Hwɛ hokwan kɛse ara a ɛyɛ sɛ yɛne Onyankopɔn bɛnantew na yɛabɔ afɔre a ɛte saa nnɛ!

21, 22. Nsiesiei bɛn na na Israelfo a wɔasakra no benya?

21 Israelfo a wɔsan fii wɔn akwammɔne so na wɔbaa Onyankopɔn nkyɛn no de ‘wɔn ano yɛɛ anantwinini bɔɔ afɔre’ maa no. Ɛno nti, sɛnea na Onyankopɔn ahyɛ wɔn bɔ no, ɔsan gyee wɔn toom. Hosea 14:4-7 ka sɛ: “[Me Yehowa], mɛsa wɔn nsanakyiri mu yare, meyi me yam madɔ wɔn, na m’abufuw adan afi no so. Mɛdan sɛ obosu mama Israel, ne nhwiren bɛhan sɛ sukooko, na wagye ntini sɛ Lebanon; n’abaa bɛdennan, na n’ahoɔfɛ ayɛ sɛ ngodua, na ayi hua sɛ Lebanon. Wɔn a wɔtete ne nwini ase bɛsan abɛma awi asan anya afiye, na wɔafefɛw sɛ obobe a ne din ahye sɛ Lebanon bobesa.”

22 Ná Israelfo a wɔasakra no benya honhom fam ayaresa na Onyankopɔn anya wɔn ho dɔ bio. Ná wobehu Yehowa sɛ obosu a ɛma ahomeka, a ɛkyerɛ sɛ obehyira wɔn pii. Ná ne nkurɔfo a wɔasan agye wɔn atom no ‘ahoɔfɛ bɛyɛ sɛ ngodua’ na wɔanantew Onyankopɔn akwan so. Esiane sɛ yɛn nso yɛasi yɛn bo sɛ yɛne Yehowa Nyankopɔn bɛnantew nti, dɛn na wɔhwehwɛ fi yɛn hɔ?

Kɔ So Nantew Yehowa Akwan a Ɛteɛ No So

23, 24. Nkɔmhyɛ a ɛhyɛ nkuran bɛn na Hosea de wie ne nhoma no, na ɛno ka yɛn dɛn?

23 Sɛ yebetumi akɔ so anantew Onyankopɔn akwan so a, ɛsɛ sɛ yɛde “nyansa a efi soro” no di dwuma na yɛyɛ yɛn ade bere nyinaa ma ɛne n’akwantrenee no hyia. (Yakobo 3:17, 18) Hosea nkɔmhyɛ no nkyekyɛm a etwa to no kenkan sɛ: “Hena ne onyansafo a obehu eyinom mu, nhumufo a obehu ɛno? Na [Yehowa, NW] akwan yɛ tẽe, na atreneefo bɛnantew so, na mmaratofo bɛhwehwe so ase.”—Hos. 14:9.

24 Sɛ́ anka yɛbɛma wiase no nyansa ne n’akwan akyerɛ yɛn nea yɛnyɛ no, momma yensi yɛn bo sɛ yɛbɛnantew Onyankopɔn kwan a ɛyɛ tẽe no so. (Deuteronomium 32:4) Hosea nantew Onyankopɔn kwan a ɛteɛ no so mfirihyia 59 anaa nea ɛboro saa. Ɔde nokwaredi kaa Onyankopɔn nkrasɛm, a na onim sɛ wɔn a wɔyɛ anyansafo ne nhumufo bɛte nsɛm a ɛte saa no ase. Na yɛn nso ɛ? Bere tenten a Yehowa ma yɛn kwan sɛ yenni adanse no, yɛbɛkɔ so ahwehwɛ anyansafo a wobegye ne dom atom no. Yɛn ani gye ho sɛ yɛne “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no de biakoyɛ bɛyɛ eyi.—Mateo 24:45-47.

25. Ɛsɛ sɛ Hosea nkɔmhyɛ a yɛasusuw ho no boa yɛn ma yɛyɛ dɛn?

25 Ɛsɛ sɛ Hosea nkɔmhyɛ no a yɛasusuw ho no boa yɛn ma yɛkɔ so ne Onyankopɔn nantew, bere a yɛhwɛ kwan sɛ yebenya daa nkwa wɔ wiase foforo a abɛn pɛɛ mu no. (2 Petro 3:13; Yuda 20, 21) Anidaso nwonwaso bɛn ara ni! Sɛ yɛkɔ so de yɛn nsɛm ne yɛn nneyɛe kyerɛ ampa ara sɛ yegye tom ankasa sɛ ‘Yehowa akwan yɛ tẽe’ a, saa anidaso no bɛbam ama yɛn mu biara.

Wubebua Dɛn?

• Sɛ yɛsom Onyankopɔn nokware mu a, ɔne yɛn bedi no dɛn?

• Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yenya Yehowa mu ahotoso daa?

• Dɛn na ɛma wugye di ankasa sɛ Yehowa akwan teɛ?

• Yɛbɛyɛ dɛn atumi akɔ so anantew Yehowa akwan a ɛteɛ no so?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 28]

Gye honhom fam mmoa a Kristofo mpanyimfo de ma no tom

[Mfonini wɔ kratafa 29]

Hosea nkɔmhyɛ no ma yenya ahotoso wɔ Yehowa bɔhyɛ a ɛfa owusɔre ho no mu

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 31]

Kɔ so ne Onyankopɔn nnantew na nya daa nkwa ho anidaso