Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔdɔ, Gyidi, ne Osetie Ho Adanse

Ɔdɔ, Gyidi, ne Osetie Ho Adanse

Ɔdɔ, Gyidi, ne Osetie Ho Adanse

WƆ May 16, 2005 anɔpa no, na ewim atew ma adwo fɔmm kama wɔ Watchtower Farms, Wallkill, New York. Ná osu atɔ ahemadakye no agu sare a wɔatwa so ne anoano kama no ne nhwiren a esisi nkofie so no so ma ayɛ fɛ yiye. Ná dabodabo bi ne ne mma awotwe reguare nsu a ataa dinn no mu brɛoo wɔ ɛrekɔ ɔtare no ano. Ahɔho no ani gyee sɛnea na ɛhɔ yɛ fɛ no ho yiye. Wɔkasaa brɛoo te sɛ nea na wɔmpɛ sɛ wɔyɛ dede de haw adwene wɔ hɔ anɔpa no.

Ná ahɔho no yɛ Yehowa Adansefo a wofi aman 48 a ɛwɔ wiase afã horow nyinaa a wɔaba hɔ. Nanso wɔamma hɔ sɛ wɔrebɛhwɛ sɛnea ɛhɔ asase no ne ɛso nneɛma yɛ fɛ fa. Mmom no, nea na ehia wɔn ne adwuma a na ɛrekɔ so wɔ ɔdan kɛse bi a wɔde ntayaa kɔkɔɔ asi mu no, ɔdan a na wosi kaa United States Betel adan a ɛwɔ Wallkill ho nkyɛe no. Ɛwom sɛ na dede wɔ ɔdan no mu de, nanso wɔn ani gyee nea na ɛrekɔ so wɔ hɔ no nso ho.

Ahɔho no gyinaa abrannaa bi a na ɛwɔ abansoro so hwɛɛ mfiri a ɛho nneɛma dɔɔso a na ɛreyɛ adwuma wɔ fam no. Wɔde mfiri akɛse anum a wɔde tintim nhoma asisi ɔdan a ne ntwemu ne ne tɛtrɛtɛ kɛse sen prama a wɔbɔ so bɔɔl asia a wɔaka mu semɛnte atwiw so hyɛnhyɛn no mu. Ɛyɛ ha na wotintim Bible, nhoma ne nsɛmma nhoma no. Nkrataa mmobɔwee a emu biara mu duru yɛ kilogram 1,700 no retwa ne ho te sɛ lɔre a ɛretu mmirika ntɛmntɛm kɔba. Nkrataa mmobɔwee a emu biara tenten yɛ kilomita 23 no sansan fa afiri no mu wɔ simma 25 pɛ mu. Wɔ saa bere no mu no, afiri no de adubiri ka krataa no so ma ɛwo, na ɛma no dwo nso sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi abubu ato so ma ayɛ nsɛmma nhoma. Na nsɛmma nhoma no kɔfa bɛlt bi a ɛnam atifi wɔ ɔdan no mu a ɛretwa ne ho ntɛmntɛm so kogu nnaka mu ma wɔde kɔma asafo ahorow no. Ná mfiri a aka no nso retintim nhoma afã horow ma wɔde kogu ɔdan no fã bi hyehyɛ ma ɛkɔka ɔdan no nsɛmso so kosi sɛ wɔde bɛkɔ baabi a wɔpam nhoma no. Kɔmputa na wɔde kyerɛ adwuma yi kwan ma biribiara kɔ so pɛpɛɛpɛ.

Bere a ahɔho no fii baabi a wotintim nhoma no, wɔkɔhwɛɛ baabi a wɔpam nhoma no nso. Ɛha no, mfiri no yɛ nhoma a akyiri nnuraho yɛ den ne Bible a akyiri nnuraho yɛ mmerɛw no mmiako mmiako bɛyɛ 50,000 da biara. Wɔkeka nhoma afã horow no bom, wɔpam, na wotwitwa anoano no. Afei wɔde nnuraho no hyehyɛ ho. Wɔde nhoma a wɔawie no gu nnaka mu. Mfiri katakata nnaka no so bobɔ address gu ho, na wɔhyehyɛ de sisi ade so. Afei nso, da biara wotintim nhoma bɛyɛ 100,000 hyehyɛ wɔ baabi a wotintim nhoma a akyiri nnuraho mu yɛ hare no. Mfiri na ɛyɛ eyinom nso ho adwuma, nnade pii a ɛretwa ne ho, ntwahonan ne bɛlt ahorow, ne nyinaa tu mmirika ntɛmntɛm tintim Bible ho nhoma no.

Sɛnea mfiri a wɔde tintim nhoma no yɛ adwuma pɛpɛɛpɛ no te sɛ wɔɔkye a edi mũ, na mmirika a ɛde yɛ adwuma no yɛ abɛɛfo mfiridwuma ho nkɔanim a ɛyɛ nwonwa. Sɛnea yebehu no, ɛyɛ ɔdɔ, gyidi, ne osetie a Onyankopɔn nkurɔfo da no adi ho adanse nso. Nanso, dɛn nti na woyii nhoma tintim no fii Brooklyn, New York, kɔɔ Wallkill?

Ade titiriw nti a wɔde nhoma tintim no nyinaa kɔɔ beae koro ne sɛ ɛbɛma nhoma tintim ne ne mena ayɛ mmerɛw. Mfirihyia pii na wɔde atintim nhoma wɔ Brooklyn de amena aman ahorow, na wɔatintim nsɛmma nhoma nso wɔ Wallkill de amena aman ahorow. Abien no nyinaa a na wɔde bɛkɔ beae koro no bɛma nnipa a wɔyɛ adwuma wɔ hɔ no dodow so atew, na ama wɔde ntoboa a wɔahyira so ama Onyankopɔn adwuma no adi dwuma yiye. Afei nso, esiane sɛ na mfiri a wɔde tintim nhoma wɔ Brooklyn no reyɛ dedaw nti, wɔkraa MAN Roland Lithoman mfiri a wɔde tintim nhoma abien fii Germany. Na saa mfiri yi yɛ akɛseakɛse dodo a wontumi nkɔhyehyɛ wɔ baabi a wotintim nhoma wɔ Brooklyn no.

Yehowa Taa Adwuma no Akyi

Nea enti a wɔakɔ so atintim nhoma bere nyinaa ne sɛ wɔde bɛboa ma wɔatrɛw Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no mu. Efi mfiase pɛɛ na wohui sɛ Yehowa nhyira wɔ adwuma no so. Efi afe 1879 kosi 1922 no, na adwumakuw bi na wotintim yɛn nhoma no ma yɛn. Wɔ afe 1922 mu no, yegyee abansoro dan bi a ɛtoa so asia wɔ 18 Concord Street wɔ Brooklyn tuaa ho ka totɔɔ mfiri sisii mu de tintim nhoma. Saa bere no, na ebinom nnye nni sɛ anuanom no betumi ayɛ adwuma no.

Wɔn a na wonnye nni no biako ne adwumakuw bi a na wɔatintim yɛn nhoma dodow no ara so panyin no. Bere a ɔbaa Concord Street nsrahwɛ no, ɔkae sɛ: “Mowɔ mfiri papa a wɔde tintim nhoma, nanso munni obiara a onim sɛnea wɔde mfiri yi yɛ adwuma. Asram asia pɛ mfiri no nyinaa bɛsɛe; na mubehu sɛ nkurɔfo a wobetumi atintim mo nhoma ama mo no ne wɔn a wɔatintim ama mo bere nyinaa no, efisɛ wɔn na ɛyɛ wɔn adwuma.”

Nhoma tintim sohwɛfo a na ɔwɔ hɔ saa bere no, Robert J. Martin, kae sɛ: “Ɛte sɛ nea na ntease wɔ nea ɔreka no mu ankasa, nanso oyii Awurade fii asɛm no mu; na waka yɛn ho bere nyinaa. . . . Ɛno akyi bere tiaa bi no, yetintim nhoma.” Yehowa Adansefo de wɔn ankasa mfiri atintim nhoma ɔpepepem pii wɔ ɛno akyi mfirihyia 80 ni.

Afei wɔ October 5, 2002, wɔ Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania no afe afe nhyiam ase no, wɔbɔɔ amanneɛ sɛ Sodikuw no apene so sɛ wonyi nhoma a wotintim wɔ United States baa dwumadibea no nyinaa nkɔ Wallkill. Ná wɔakra mfiri a wɔde tintim nhoma foforo abien a na wɔn nsa bɛka no February 2004. Ná ɛsɛ sɛ anuanom yɛ nhyehyɛe trɛw ɔdan a wotintim nhoma wom no mu na wowie wɔ asram 15 mu, ansa na mfiri foforo no aba. Afei, na ɛsɛ sɛ wosiesie baabi a wɔpam nhoma ne baabi a wofi de nhoma mena no na wowie wɔ asram akron a edi hɔ no mu. Ɛbɛyɛ sɛ ebinom adwenem yɛɛ wɔn naa wɔ bere a na ɛsɛ sɛ wɔde wie adwuma no ho, na ɛte sɛ nea wontumi nwie adwuma no wɔ bere ano. Nanso, na anuanom nim sɛ ɛdenam Yehowa nhyira so no, wobetumi ayɛ.

“Wɔde Biakoyɛ Yɛɛ Adwuma no Anigye So”

Esiane sɛ na anuanom nim sɛ Yehowa nkurɔfo beyi wɔn yam koraa de wɔn ho ama nti, wofii adwuma no ase. (Dwom 110:3) Esiane sɛnea na adwuma no kɛse te nti, na wohia adwumayɛfo a wɔdɔɔso sen adwumayɛfo a na wɔwɔ Betel adansi adwumayɛbea hɔ no. Anuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ adansi ho nimdeɛ bɛboro 1,000 a wofi United States ne Canada tuu wɔn ho mae bɛboae wɔ bere tiaa mu, efi dapɛn biako kosi asram abiɛsa. Wɔtoo nsa frɛɛ amanaman ntam asomfo ne atuhoama adwumayɛfo foforo ma wɔbɛboaa adwuma no. Amantam Adansi Boayikuw nso boae kɛse.

Wɔn a wotuu wɔn ho mae bɛyɛɛ adwuma wɔ Wallkill no mu pii bɔɔ ka kɛse wɔ wɔn akwantu no ho, na wogyaw wɔn nnwuma hɔ bere tenteenten nso. Nanso, wɔde saa nneɛma yi bɔɔ afɔre anigye so. Dabere ne aduan a na wobenya ama saafo pii a na wɔatu wɔn ho ama yi maa Betel abusua no mufo nyaa hokwan de mmɔdenbɔ boaa adwuma no. Betel abusua no mufo bɛboro 535 a wofi Brooklyn, Patterson, ne Wallkill na wotuu wɔn ho mae bɛboaa adwuma no Memeneda biara de kaa nnwuma a wɔyɛ no dapɛn mu no ho. Esiane sɛ na Yehowa taa adwuma no akyi nti na Onyankopɔn nkurɔfo tumi boae kɛse saa wɔ adwuma titiriw yi mu.

Afoforo nso boae wɔ sika fam. Sɛ nhwɛso no, anuanom nsa kaa krataa bi fii Abby a na wadi mfirihyia akron no hɔ. Ɔkyerɛwee sɛ: “M’ani sɔ adwuma a moreyɛ no nyinaa yiye, nhoma ahorow a emu nsɛm yɛ dɛ a mutintim no. Ebia ɛrenkyɛ mɛba abɛsra mo. Me papa kae sɛ yɛbɛba afe a ɛreba no! Mɛbɔ baagye na ama moahu sɛ ɛyɛ me. Me de dɔla 20 yi reboa nhoma tintim adwuma foforo no! Ɛyɛ sika a wɔde ma me totɔ biribi di, nanso anuanom, mepɛ sɛ me de ma mo.”

Onuawa bi kyerɛwee sɛ: “Mesrɛ mo, munnye kyɛw a m’ankasa menwenee yi. Mepɛ sɛ mode kyɛw yi ma adwumayɛfo a wɔresi Wallkill dan no. Nhoma bi a ɛka ewim nsakrae ho asɛm no kyerɛ sɛ awɔw bere no mu bɛyɛ den paa afe yi. Sɛ́ ɛyɛ ampa anaasɛ ɛnyɛ ampa de, merentumi nkyerɛ. Nanso, minim sɛ wɔbɛyɛ Wallkill adwuma no fã kɛse no ara wɔ petee mu, na mempɛ sɛ awɔw bɛde me nuanom mmarima ne mmea no tiri ho. Minni nimdeɛ a anuanom a wɔrehwehwɛ wɔn wɔ hɔ wɔ no bi, nanso mitumi nwen ade, enti misii gyinae sɛ me de saa nimdeɛ yi bɛboa sɛnea metumi.” Ɔde kyɛw mmiako mmiako 106 brɛɛ yɛn!

Wowiee nhoma tintimbea no ho adwuma wɔ bere ano. John Larson a ɔyɛ nhoma tintimbea sohwɛfo no kae sɛ: “Wɔde biakoyɛ yɛɛ adwuma no anigye so. Hena na ɔrennye ntom sɛ na Yehowa nhyira wɔ adwuma no so? Adwuma no kɔɔ so ntɛmntɛm. Mekae bere a na migyina atɛkyɛ no mu rehwɛ anuanom wɔ bere a na wɔreto ɔdan no fapem wɔ May 2003 no. Anni afe biako, na migyina beae koro no ara rehwɛ mfiri a ɛretintim nhoma no.”

Ɔdan no So Hyira Dwumadi

Wohyiraa nhoma tintimbea foforo no ne adan abiɛsa a anuanom bɛtra mu no so wɔ Wallkill, Dwoda, May 16, 2005. Betel mmusua a wɔwɔ Patterson, Brooklyn, ne Canada, nam video so hwɛɛ dwumadi no bi. Wɔn a wɔkɔɔ ɔdan no so hyira dwumadi no bi nyinaa si 6,049. Theodore Jaracz a ɔyɛ Yehowa Adansefo Sodikuw no muni no na ɔyɛɛ dwumadi no guamtrani, na ɔkaa nhoma tintim no ho abakɔsɛm kakra. Baa Boayikuw no mufo, John Larson ne John Kikot nam nsɛm a wobisabisaa afoforo ne video a woyi kyerɛe so kaa adansi ne nhoma tintim a akɔ so wɔ United States no ho abakɔsɛm. John Barr a ɔyɛ Sodikuw no muni no na ɔmaa ɔkasa a etwa to, na ohyiraa nhoma tintimbea foforo no ne adan akɛse abiɛsa a anuanom bɛtra mu no so maa Yehowa Nyankopɔn.

Dapɛn a edi hɔ no, wɔmaa Betelfo a wofi Patterson ne Brooklyn bɛhwɛɛ adan ne nhoma tintimbea foforo no. Wɔn a wɔbɛhwɛe wɔ saa bere no mu nyinaa si nnipa 5,920.

Ɛsɛ sɛ Yebu Nhoma Tintimbea no Dɛn?

Wɔ ɔkasa a Onua Barr ma de hyiraa adan no so mu no, ɔkaee n’atiefo no sɛ, ɛwom sɛ nhoma tintimbea no yɛ ade kɛse de, nanso ɛnyɛ mfiri no ho asɛm na wosi so dua na mmom ɛfa nnipa ho. Nhoma a yetintim no tumi sesa nnipa asetra koraa ma ɛyɛ papa.

Mfiri a wɔde tintim nhoma foforo no mu biara betumi atintim nkratawa ɔpepem biako wɔ dɔnhwerew biako pɛ mu! Nanso, kratawa biako betumi anya obi asetra so nkɛntɛnso pa pii. Sɛ nhwɛso no, wɔ afe 1921 mu no, keteke kwan so adwumayɛfo bi a wɔwɔ South Africa kɔyɛɛ keteke kwan bi so adwuma. Wɔn mu biako a ne din de Christiaan hui sɛ kratasin bi hyɛ keteke kwan no ase. Ná ɛyɛ yɛn nkratawa no biako. Christiaan de anigye kɛse kenkanee. Otuu mmirika kɔka kyerɛɛ ne babea kunu anigye so sɛ: “Mahu nokware no nnɛ!” Ɛno akyi bere tiaa bi no, wɔkyerɛw krataa sɛ wɔmmrɛ wɔn nhoma pii. South Africa baa dwumadibea no de Bible ho nhoma foforo pii kɔmaa wɔn. Mmarima baanu yi suaa ade bɔɔ asu, na wɔkaa Bible mu nokware no ho asɛm kyerɛɛ afoforo. Ne saa nti, nnipa pii begyee nokware no. Nokwarem no, eduu 1990 mfe no mfiase no na wɔn asefo bɛboro ɔha na wɔyɛ Yehowa Adansefo—kratawa biako a na ɛhyɛ keteke kwan bi ase a ɔbarima bi hui no na ɛde eyi nyinaa bae!

Onua Barr kae sɛ, nhoma a yetintim no de nkurɔfo ba nokware no mu, ɛma wɔtra mu, ɛhyɛ wɔn nkuran ma wɔyere wɔn ho yɛ pii, na ɛma biakoyɛ ba anuanom mu. Nea ɛsen ne nyinaa no, nhoma a yɛn nyinaa nya ne kyekyɛ mu kyɛfa no hyɛ yɛn Nyankopɔn Yehowa anuonyam!

Yehowa Bu Nhoma Tintimbea no Dɛn?

Onua Barr san ka kyerɛɛ atiefo no sɛ wonsusuw sɛnea Yehowa bu nhoma tintimbea no ho nhwɛ. Akyinnye biara nni ho sɛ ɛnyɛ ɛno na ɛma Yehowa tumi yɛ biribi. Obetumi ama abo aka asɛmpa no! (Luka 19:40) Afei nso, sɛnea mfiri no ho nneɛma dɔɔso, sɛnea ɛyɛ akɛse fa, sɛnea ɛyɛ adwuma ntɛmntɛm, anaa nnwuma pii a etumi yɛ no nyɛ Yehowa nwonwa. Nea enti a ɛnyɛ no nwonwa ne sɛ, ɔno na ɔbɔɔ amansan yi! (Dwom 147:10, 11) Yehowa nim akwan pa a ɛsen eyi koraa a wɔfa so yɛ nhoma, akwan a nnipa nsusuw ho da. Ɛnde, dɛn na Yehowa hu a ɛsɔ n’ani? Akyinnye biara nni ho sɛ ohu su pa a ne nkurɔfo a wɔwɔ nhoma tintimbea yi da no adi no—wɔn dɔ, wɔn gyidi, ne osetie a wɔyɛ.

Onua Barr maa mfatoho de kyerɛɛ sɛnea ɔdɔ ho wɔ asɛm yi mu. Ɔkae sɛ abeawa bi tõ keeki ma n’awofo. Ɛda adi sɛ awofo no ani begye ho. Nanso, ɛmfa ho sɛnea keeki no yɛ dɛ fa no, nea awofo no ani gye ho kɛse ne ɔdɔ a wɔn ba no ada no adi, ade a wafi ayamye mu ayɛ no. Saa ara na sɛ Yehowa hwɛ nhoma tintimbea foforo yi a, ɛnyɛ ɔdan no ne mfiri no nkutoo na ohu. Ne titiriw no, obu no sɛ ɛyɛ ɔdɔ a wɔada no adi wɔ ne din ho.—Hebrifo 6:10.

Afei nso, sɛnea Yehowa buu adaka a Noa yɛe no sɛ ɛyɛ gyidi a wada no adi no, saa ara na obu nhoma tintimbea yi sɛ yɛn gyidi ho adanse a edi mũ. Ɛyɛ dɛn mu gyidi? Noa nyaa gyidi sɛ nea Yehowa aka asie no bɛbam. Yegye di sɛ yɛte nna a edi akyiri no mu, na asɛmpa no ne asɛm a ɛho hia sen biara a wɔrebɔ no dawuru wɔ asase so nyinaa, na ɛho hia sɛ nkurɔfo te. Yenim sɛ Bible mu asɛm no betumi agye nnipa nkwa.—Romafo 10:13, 14.

Akyinnye biara nni ho sɛ, Yehowa bu nhoma tintimbea yi nso sɛ ɛyɛ osetie a yɛyɛ ma no. Sɛnea yenim no, ɛyɛ ne pɛ sɛ wɔka asɛmpa no wɔ wiase nyinaa ansa na awiei no aba. (Mateo 24:14) Nhoma tintimbea yi ne nea ɛwowɔ wiase afã horow no bɛboa ma wɔayɛ saa adwuma yi.

Yiw, ɔdɔ, gyidi, ne osetie a wɔda no adi wɔ ntoboayi, ɔdansi, ne nhoma no tintim ho no da adi nso wɔ nsi a Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ baabiara da no adi bere a wɔkɔ so bɔ nokware no dawuru kyerɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wotie no.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 11]

NHOMA TINTIM NTRƐWMU WƆ UNITED STATES

1920: Wɔde afiri a wɔde tintim nhoma a edi kan tintimii nsɛmma nhoma wɔ 35 Myrtle Avenue, Brooklyn.

1922: Wɔde nhoma tintimbea no kɔɔ abansoro a ɛtoa so asia mu wɔ 18 Concord Street. Wofii ase tintim nhoma saa bere yi.

1927: Wɔde nhoma tintimbea no kɔɔ ɔdan foforo a wosii wɔ 117 Adams Street no mu.

1949: Wosii abansoro a ɛtoa so akron kaa nhoma tintimbea no ho.

1956: Wɔtrɛw Adams Street nhoma tintimbea no mu mmɔho abien bere a wosii ɔdan foforo wɔ 77 Sands Street no.

1967: Wosii abansoro a ɛtoa so du maa nhoma tintimbea no kɛse bɛyɛɛ nea ɛboro dedaw no so mmɔho du.

1973: Wosii nhoma tintimbea ketewa bi wɔ Wallkill, a wɔde tintim nsɛmma nhoma titiriw.

2004: Wɔde United States nhoma tintim, ne pam, ne ne mena ho adwuma nyinaa kɔɔ Wallkill.