Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Beresosɛm Nhoma a Ɛto so Abien no Mu Nsɛntitiriw

Beresosɛm Nhoma a Ɛto so Abien no Mu Nsɛntitiriw

Yehowa Asɛm Wɔ Nkwa

Beresosɛm Nhoma a Ɛto so Abien no Mu Nsɛntitiriw

NÁ Salomo na ɔredi hene wɔ Israel bere a wofii Beresosɛm Nhoma a Ɛto so Abien no kyerɛw ase no. Nsɛm yi a Persia hene Kores ka kyerɛɛ Yudafo a na wɔwɔ nnommumfa mu wɔ Babilon no na wɔde wiee nhoma no: “[Yehowa] ara de ato me so sɛ minsi ofi memma no Yerusalem a ɛwɔ Yuda. Mo man muni biara a ɔwɔ mo mu ha no, [Yehowa, NW] ne Nyankopɔn nni n’akyi; na ɔmforo nkɔ [Yerusalem].” (2 Beresosɛm 36:23) Ɔsɔfo Esra kyerɛw nhoma no wiei wɔ afe 460 A.Y.B. mu, na nhoma no ka nsɛm a esisii wɔ mfirihyia 500 mu, efi afe 1037 A.Y.B. kosi afe 537 A.Y.B. mu ho nsɛm.

Mmara a Kores hyɛe no maa Yudafo no tumi san kɔɔ Yerusalem kofii Yehowa som ase wɔ hɔ bio. Nanso, na mfirihyia pii a wɔakodi wɔ Babilon nnommumfa mu no anya wɔn so nkɛntɛnso bɔne. Ná wɔn a wofi nnommumfa mu bae no nnim wɔn man no ho abakɔsɛm. Beresosɛm Nhoma a Ɛto so Abien no ma wonyaa Dawid adehye abusua no ho nsɛm a wɔakyerɛkyerɛ mu yiye. Kyerɛwtohɔ no ho hia yɛn nso, efisɛ ɛka nhyira a ɛwɔ osetie a wɔyɛ ma nokware Nyankopɔn no mu ne ɔhaw a efi ne so asoɔden a wɔyɛ mu ba ho asɛm.

ƆHENE BI SII OFIE MAA YEHOWA

(2 Beresosɛm 1:1–9:31)

Yehowa maa Ɔhene Salomo nsa kaa nea na ne koma pɛ, ɛno ne nyansa ne nimdeɛ, na ɔde ahonyade ne anuonyam kaa ho maa no. Ɔhene no sii asɔrefie kɛse bi wɔ Yerusalem maa Yehowa, na nkurɔfo no “ani gyei na wɔn bo tɔɔ wɔn yam.” (2 Beresosɛm 7:10) Na Salomo “sõe sen asase so ahene nyinaa, adedodow ne nyansa fam.”—2 Beresosɛm 9:22.

Bere a Salomo dii Israel so mfirihyia 40 akyi no, ‘ɔne n’agyanom kɔdae, na ne ba Rehabeam bedii n’ade.’ (2 Beresosɛm 9:31) Esra anka man a Salomo man fii nokware som ho no ho asɛm. Ɔhene no mfomso a ɔkaa ho asɛm nkutoo ne ade a wanyɛ no nyansam ma ogyee apɔnkɔ pii fii Misraim ne Farao babea a ɔwaree no no. Enti, nneɛma pa a ɔhene no yɛe na Esra kaa ho asɛm.

Kyerɛwsɛm mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

2:14—Dɛn nti na wɔkaa odwumfo no ho asɛm wɔ ha sɛ ofi Dan abusuakuw mu na wɔkaa ne ho asɛm wɔ 1 Ahene 7:14 sɛ ofi Naftali abusuakuw mu? Ahene Nhoma a Edi Kan no ka odwumfo no maame ho asɛm sɛ “ɔyɛ Naftali abusuakuw mu ɔbea kunafo” efisɛ na wadi kan aware ɔbarima bi a ofi saa abusuakuw no mu. Nanso, ɔno ankasa de na ofi Dan abusuakuw mu. Wɔ ne kunu wu akyi no, ɔwaree ɔbarima bi a ofi Tiro, na saa aware no mu na ɔwoo odwumfo no.

2:18; 8:10—Saa nkyekyɛm yi ka sɛ asafohene a wɔyɛ ahwɛfo a na wɔhwɛ adwumayɛfo no so dodow si 3,600 ne 250, bere a 1 Ahene 5:16; 9:23 kyerɛ sɛ, na wɔn dodow si 3,300 ne 550. Dɛn nti na nsonsonoe wɔ akontaahyɛde no mu? Ɛte sɛ nea na nsonsonoe no wɔ sɛnea wɔakyekyɛ asafohene no mu no mu. Ebia Beresosɛm Nhoma a Ɛto so Abien no kyerɛ nsonsonoe a ɛwɔ asafohene 3,600 a wɔnyɛ Israelfo no ne asafohene 250 a wɔyɛ Israelfo no mu, ɛnna Ahene Nhoma a Edi Kan no kyerɛ nsonsonoe a ɛwɔ asafohene a wɔyɛ ahwɛfo 3,300 no ne ahwɛfo mpanyin 550 no mu. Sɛnea ɛte biara no, na wɔn a wɔresom sɛ asafohene no dodow si 3,850.

4:2-4—Dɛn nti na wɔyɛɛ ogu po no ase te sɛ anantwi? Wɔ Kyerɛwnsɛm mu no, wɔde anantwi yɛ ahoɔden ho sɛnkyerɛnne. (Hesekiel 1:10; Adiyisɛm 4:6, 7) Ase no a wɔyɛɛ no te sɛ anantwi no fata efisɛ kɔbere anantwi 12 no so na wɔde “po” a na emu duru bɛyɛ tɔn 30 no sii. Ogu po no ase no a wɔyɛɛ no te sɛ anantwi no antia mmara nsɛm du no mu nea ɛto so abien no, efisɛ nea mmara no barae ne sɛ ɛnsɛ sɛ wɔyɛ ahoni na wɔsom.—Exodus 20:4, 5.

4:5—Nsu dodow ahe na na ogu po no tumi fa? Sɛ wɔhyɛ no ma a, na ɛpo no tumi fa bat anaa twahina mpem abiɛsa anaa bɛyɛ lita 66,000. Nanso, na wɔtaa de nsu gu mu ma edu ne nkyekyɛm abiɛsa mu abien. Ahene Nhoma a Edi Kan 7:26 ka sɛ: “[Ná ɛpo no fa] bat mpennu [lita 44,000].”

5:4, 5, 10—Ɔdan mu nneɛma bɛn na na ɛwɔ ntamadan no mu a wɔde kɔɔ Salomo asɔrefie no mu? Adaka no nkutoo ne ade a wɔde fii ahyiae ntamadan no mu kosii Salomo asɔrefie no mu. Bere a wosii asɔrefie no wiei no, wɔkɔfaa ntamadan no fii Gibeon baa Yerusalem, na ɛda adi sɛ wɔkoraa so wɔ hɔ.—2 Beresosɛm 1:3, 4.

Asuade a Ɛwom Ma Yɛn:

1:11, 12. Salomo adesrɛ no maa Yehowa hui sɛ na Salomo koma so ade a ɔpɛ ne sɛ obenya nyansa ne nimdeɛ. Nsɛm a yɛka wɔ yɛn mpaebɔ mu no ma Onyankopɔn hu yɛn koma so ade a yɛpɛ. Nyansa wom sɛ yebesusuw nsɛm a yɛka wɔ yɛn mpaebɔ mu no ho.

6:4. Ɛsɛ sɛ Yehowa adɔe ne ne papayɛ ho anisɔ kanyan yɛn ma yehyira Yehowa—kyerɛ sɛ, yebefi ɔdɔ ne anisɔ mu ayi no ayɛ.

6:18-21. Ɛwom sɛ ɔdan biara nni hɔ a ebetumi akora Onyankopɔn de, nanso na asɔrefie no bɛyɛ baabi a wɔsom Yehowa. Ɛnnɛ, Yehowa Adansefo Ahenni Asa ahorow no yɛ baabi a wɔsom nokwarem wɔ mpɔtam biara.

6:19, 22, 32. Ná Yehowa tumi tie obiara mpaebɔ, efi ɔhene a ɔwɔ ɔman no mu kosi nkoa so, ne ahɔho a wofi komam baa n’anim mpo no mpaebɔ. *Dwom 65:2.

AHEMFO A WOFI DAWID ABUSUA MU A WODII ADE

(2 Beresosɛm 10:1–36:23)

Israel ahemman no mu pae bɛyɛɛ abien, atifi fam mmusuakuw du ahemman, ne Yuda ne Benyamin mmusuakuw abien ahemman a ɛwɔ anafo fam no. Asɔfo ne Lewifo a na wɔwɔ Israel nyinaa dii Ahenni apam no nokware sen ɔman no, na wɔkɔɔ Salomo ba Rehabeam afã. Bere a wosii asɔrefie no wiei akyi mfirihyia 30 ne kakra no, wowiaa asɔrefie no mu nnwinne.

Ahemfo 19 a wodii Rehabeam akyi nyinaa no, wɔn mu 5 na wodii nokware, 3 fii ase yiye, nanso wɔanni nokware ankosi ase, na biako dan fii ne bɔne ho. Ahemfo a aka no yɛɛ Yehowa ani so bɔne. * Wɔkaa ahemfo baanum a wɔde wɔn ho too Yehowa so no nnwuma ho nsɛm pii. Ɛbɛyɛ sɛ asɔrefie hɔ ɔsom adwuma a Hesekia ma wɔsan fii ase ne Twam afahyɛ ho nhyehyɛe kɛse bi a Yosia yɛe no hyɛɛ Yudafo a na Yehowa som a wɔbɛsan de asi hɔ wɔ Yerusalem ho hia wɔn no nkuran yiye.

Kyerɛwnsɛm mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

13:5—Dɛn ne “nkyene apam” no? Esiane sɛ nkyene tumi kora nneɛma so nti, ɛbɛyɛɛ biribi a ɛtra hɔ daa a ɛnsakra ho sɛnkyerɛnne. Enti, “nkyene apam” no kyerɛ apam anaa nhyehyɛe a ɛnsɛ sɛ wobu so.

14:2-5; 15:17—So Ɔhene Asa yiyii “sorɔnsorɔmmea” no nyinaa? Ɛda adi sɛ Asa anyiyi ne nyinaa. Ebia oyiyii sorɔnsorɔmmea a na wɔsom atoro anyame wɔ hɔ no nkutoo, na wanyiyi wɔ mmeae a na wɔsom Yehowa no. Ebetumi aba nso sɛ wɔsan sisii sorɔnsorɔmmea no bio wɔ Asa nniso no awiei mu. Ɛyɛ saa sorɔnsorɔmmea yi na ne ba Yehosafat yiyii no. Nokwarem no, wɔ Yehosafat nniso no mpo mu no wɔanyiyi sorɔnsorɔmmea no nyinaa amfi hɔ koraa.—2 Beresosɛm 17:5, 6; 20:31-33.

15:9; 34:6—Bere a Israel ahemman no mu paee no, ɔfã bɛn na Simeon abusuakuw no kɔe? Esiane sɛ wɔmaa Simeon abusuakuw no agyapade anaa nsase wɔ Yuda abusuakuw no nsase mu nti, na Simeon abusuakuw no da Yuda ne Benyamin ahemman no mu. (Yosua 19:1) Nanso, wɔ nyamesom ne amanyɔsɛm mu de, Simeon abusuakuw no de wɔn ho kɔbɔɔ atifi fam ahemman no. (1 Ahene 11:30-33; 12:20-24) Enti, wɔkan Simeon abusuakuw no kaa mmusuakuw du ahemman no ho.

16:13, 14—So wɔhyew Asa? Dabi, “ɔhyew kɛse pa” no nkyerɛ sɛ wɔhyew Asa, na mmom ɛkyerɛ aduhuam a wɔhyewee.

35:3—Ɛhe na Yosia ma wɔkɔfaa Adaka kronkron no fi besii asɔrefie no mu? Sɛ́ ahemmɔne no bi na ɔma woyii Adaka no fii asɔrefie hɔ anaasɛ Yosia na ɔma woyi kosii baabi pa bere a na wɔresiesie asɔrefie no de, Bible nka. Salomo akyi no, Adaka no ho asɛm biako pɛ a Bible ka ne bere a Yosia ma wɔde besii asɔrefie no mu no.

Asuade a Ɛwom Ma Yɛn:

13:13-18; 14:11, 12; 32:9-23. Hwɛ asuade a yebetumi anya afi hia a ɛho hia sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so no mu!

16:1-5, 7; 18:1-3, 28-32; 21:4-6; 22:10-12; 28:16-22. Ananafo anaa wɔn a wonnye nni a wɔne wɔn yɛ apam ahorow de awerɛhosɛm pii na ɛba. Nyansa wom sɛ yɛne wiase no remmɔ fekuw a ɛho nhia.—Yohane 17:14, 16; Yakobo 4:4.

16:7-12; 26:16-21; 32:25, 26. Ahantan maa Ɔhene Asa yɛɛ nneɛma bɔne wɔ n’afe a etwa to wɔ n’asetram no mu. Ahantan maa Usia hwee ase. Hesekia anyɛ n’ade nyansam, na ɛbɛyɛ sɛ ofii ahantan mu na ɔde n’akorade kyerɛɛ asomafo a wofi Babilon baa ne nkyɛn no. (Yesaia 39:1-7) Bible bɔ kɔkɔ sɛ: “Ahantan di ɔsɛe anim, na kwasiare honhom di asehwe kan.”—Mmebusɛm 16:18.

16:9. Yehowa boa wɔn a wɔn koma di mũ wɔ ne ho, na n’ani gye ho sɛ ɔde ne denyɛ bedi wɔn asɛm ama wɔn.

18:12, 13, 23, 24, 27. Te sɛ Mikaia no, ɛsɛ sɛ yɛde akokoduru ka Yehowa ne n’atirimpɔw ahorow ho asɛm.

19:1-3. Sɛ yɛyɛ nneɛma bi a Yehowa ani nnye ho mpo a, ɔhwɛ nneɛma pa a yɛyɛ no.

20:1-28. Yebetumi anya ahotoso sɛ, sɛ yefi ahobrɛase mu kɔ Yehowa nkyɛn kɔhwehwɛ akwankyerɛ a, ɔbɛma yɛahu no.—Mmebusɛm 15:29.

20:17. Sɛ ‘yebehu Yehowa nkwagye’ a, ɛsɛ sɛ yɛde nnamyɛ ‘gyina’ Onyankopɔn Ahenni akyi. Sɛ́ anka yɛn ankasa bɛyɛ nea yɛpɛ no, ɛsɛ sɛ ‘yegyina’ na yɛde yɛn ho to Yehowa so koraa.

24:17-19; 25:14. Abosonsom sum Yoas ne ne ba Amasia afiri. Ɛnnɛ nso, abosonsom betumi adaadaa nnipa saa ara, titiriw bere a ɛnam anibere anaa ɔmampɛ a ɛno nso yɛ abosonsom so ba no.—Kolosefo 3:5; Adiyisɛm 13:4.

32:6, 7. Ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛyɛ den na yɛyɛ nnam, bere a ‘yɛhyɛ Onyankopɔn akode nyinaa,’ na yedi ako honhom mu no.—Efesofo 6:11-18.

33:2-9, 12, 13, 15, 16. Sɛ obi twe ne ho fi nneyɛe bɔne ho na osi ne bo sɛ ɔbɛyɛ nneɛma a ɛteɛ a, ɔda no adi sɛ wanu ne ho nokware mu. Sɛ obi a wayɛ bɔne te sɛ Ɔhene Manase mpo nu ne ho nokwarem a, Yehowa betumi agyina n’ahonu no so ayi mmɔborohunu adi akyerɛ no.

34:1-3. Ɛnsɛ sɛ tebea bɔne biara a yɛfa mu wɔ yɛn mmofraase no siw Onyankopɔn a yebehu no na yɛasom no no kwan. Ebia Yosia nanabarima Manase a na wanu ne ho no na onyaa Yosia so nkɛntɛnso pa wɔ ne mmofraase. Mmoa papa biara a ebia Yosia nyae no sow aba pa akyiri yi. Enti, yɛn nso yebetumi asow aba pa saa ara.

36:15-17. Yehowa wɔ ayamhyehye ne boasetɔ. Nanso, n’ayamhyehye ne ne boasetɔ no wɔ baabi a ekosi. Sɛ nnipa benya nkwa bere a Yehowa de wiase bɔne yi bɛba n’awiei no a, ɛsɛ sɛ wotie Ahenni ho asɛm a yɛka no.

36:17, 22, 23. Yehowa asɛm bam bere nyinaa.—1 Ahene 9:7, 8; Yeremia 25:9-11.

Nhoma Bi Kanyan no Ma Ɔyɛɛ Biribi

Sɛnea 2 Beresosɛm 34:33 ka no: “Yosia yiyii akyide no nyinaa fii nsase a ɛyɛ Israelfo de no nyinaa so, na ɔde wɔn a wɔwɔ Israel no nyinaa hyɛɛ ɔsom no mu ma wɔsom [Yehowa, NW] wɔn Nyankopɔn.” Dɛn na ɛkanyan Yosia ma ɔyɛɛ eyi? Bere a ɔkyerɛwfo Safan de Yehowa Mmara nhoma no a na wɔahu no brɛɛ Ɔhene Yosia no, ɔhene no ma wɔkenkan no den. Nea Yosia tee no kaa ne koma araa ma ɔde nsiyɛ boa maa nokware som nyaa nkɔso wɔ ne nkwa nna nyinaa mu.

Sɛ yɛkenkan Onyankopɔn Asɛm na yesusuw nea yɛkenkan no ho a, ebetumi anya yɛn so nkɛntɛnso yiye. So ahemfo a wofi Dawid abusua mu ho nsɛm a yɛasusuw yi nhyɛ yɛn nkuran sɛ yensuasua wɔn a wɔde wɔn ho too Yehowa so no nhwɛso ahorow no, na yɛntwe yɛn ho mfi wɔn a wɔamfa wɔn ho anto Yehowa so no nneyɛe ho? Beresosɛm Nhoma a Ɛto so Abien no hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnsom nokware Nyankopɔn no nkutoo, na yɛnkɔ so nni no nokware. Nokwarem no, emu nsɛm no wɔ nkwa na tumi wɔ mu.—Hebrifo 4:12.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 9 Sɛ wopɛ asɔrefie no so hyira ne mpae a Salomo bɔe saa da no ne asuade foforo a ɛwom ho nsɛmmisa a, hwɛ July 1, 2005, Ɔwɛn-Aban, kratafa 28-31.

^ nky. 1 Sɛ wopɛ sɛ wuhu sɛnea Yuda ahemfo no dii ade nnidiso nnidiso a, hwɛ August 1, 2005, Ɔwɛn-Aban, kratafa 12.

[Mfonini wɔ kratafa 18]

So wunim nea enti a wɔyɛɛ ogu po no ase te sɛ anantwi no?

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 21]

Ɛwom sɛ Yosia annya mmoa ahe biara wɔ ne mmofraase de, nanso onyin bedii nokware maa Yehowa