Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Harmagedon Ɛyɛ Atoyerɛnkyɛm Bi a Ɛbɛsɛe Biribiara?

Harmagedon Ɛyɛ Atoyerɛnkyɛm Bi a Ɛbɛsɛe Biribiara?

Harmagedon Ɛyɛ Atoyerɛnkyɛm Bi a Ɛbɛsɛe Biribiara?

HARMAGEDON! Sɛ wote saa asɛmfua yi a, ɛma wunya adwene sɛ ɛyɛ nnipadɔm a wɔbɛtɔre wɔn ase anaa ogya a wɔde bɛsɛe wiase no? “Harmagedon” abɛyɛ Bible mu asɛm bi a ɛda nkurɔfo ano wɔ aman pii so nnɛ. Wɔtaa ka ho asɛm wɔ mmeae pii sɛ saa asɛmfua no kyerɛ atoyerɛnkyɛm bi a nnipa behyia. Sini, television, ne video so dwumadi ahorow ama nkurɔfo anya “Harmagedon” ho adwene sɛ ɛyɛ biribi a ɛyɛ hu paa. Wɔnte saa asɛmfua no ase, na nea wɔka fa ho biara nyɛ nokware. Ɛwom sɛ nnipa wɔ adwenkyerɛ pii wɔ Harmagedon ho de, nanso wɔn adwenkyerɛ dodow no ara ne nea Bible no a saa asɛmfua no fi mu ka no nhyia.

Esiane sɛ Bible ka sɛ Harmagedon na ɛde “wiase awiei” bɛba nti, wunnye ntom sɛ ɛho hia sɛ yɛte nea saa asɛmfua no kyerɛ ase ankasa? (Mateo 24:3, Akuapem Twi Bible) Wunnye nni sɛ ntease wom sɛ yɛbɛhwehwɛ nea Harmagedon kyerɛ ne sɛnea ɛbɛka wo ne w’abusua no ho mmuae afi Onyankopɔn Asɛm a ɛka nokwasɛm turodoo no mu?

Nhwehwɛmu a ɛte saa bɛma yɛahu sɛ Harmagedon bɛma nnipa a wɔpɛ sɛ wɔtra wiase foforo a trenee wom mu na esi wɔn yiye no anya mfiase a ɛyɛ anigye, na ɛnyɛ sɛ ɛyɛ atoyerɛnkyɛm bi a ɛbɛba abɛsɛe biribiara. Sɛ wokenkan nea Harmagedon kyerɛ ankasa wɔ asɛm a edi hɔ no mu a, wobɛte Bible mu nokwasɛm yi ase yiye na ama woanya akomatɔyam.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 3]

WUSUSUW SƐ HARMAGEDON YƐ DƐN?

• Ɛyɛ nuklea ɔsɛe bi?

• Ɛyɛ atoyerɛnkyɛm bi a ɛrebɛsɛe wiase?

• Ɛyɛ nsoromma bi na ɛbɛte abɛbɔ asase so?

• Ɛyɛ abɔnefo a Onyankopɔn bɛsɛe wɔn?