Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Harmagedon Mfiase a Ɛyɛ Anigye

Harmagedon Mfiase a Ɛyɛ Anigye

Harmagedon Mfiase a Ɛyɛ Anigye

WONYAA asɛmfua “Harmagedon” fii Hebri asɛmfua Har–Magedon, anaa “Bepɔw Megido” mu. Yehu saa asɛmfua no wɔ Adiyisɛm 16:16, a ɛka sɛ: “Wɔboaboaa wɔn ano kɔɔ baabi a wɔfrɛ hɔ Hebri mu sɛ Harmagedon.” Henanom na wɔboaboaa wɔn ano kɔɔ Harmagedon, na dɛn ntia? Adiyisɛm 16:14 ka sɛ: “Asase nyinaa so ahemfo” na wɔboaboaa wɔn ano maa “ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn da kɛse no mu ko no.” Akyinnye biara nni ho sɛ, saa nsɛm no ma nsɛmmisa afoforo a ɛho hia sɔre. Ɛhefa na saa “ahemfo” yi di ako? Asɛm bɛn na ahemfo yi ko wɔ ho, na wɔne henanom na edi ako no? So saa ahemfo no de akode a ɛtɔre nnipa ase na ebedi ako no sɛnea ebinom adwene yɛ wɔn no? Ebinom benya wɔn ti adidi mu wɔ Harmagedon anaa? Ma Bible no mmua mma yɛn.

So “Bepɔw Megido” din a wɔbɔ no kyerɛ sɛ wɔbɛko Harmagedon ko no wɔ bepɔw pɔtee bi so wɔ Israel mpɔtam hɔ? Dabi. Nea edi kan no, bepɔw biara nni hɔ saa, mmom esiw bi a ne tenten yɛ mita 20 na esi asasetaw no nkyɛnmu wɔ baabi a na tete Megido wɔ no. Bio nso, Megido mpɔtam hɔ sua sɛ “asase so ahemfo ne wɔn asafodɔm” nyinaa bɛkɔ hɔ. (Adiyisɛm 19:19) Nanso, na Megido yɛ baabi a wɔadi ako a ɛyɛ hu na ɔfã biako tumi dii ne yɔnko so nkonim koraa wɔ Israel mpɔtam hɔ. Enti, edin Harmagedon no gyina hɔ ma ɔko kɛse bi a ɔfã biako pɛ na ebedi nkonim koraa.—Hwɛ adaka a wɔato din sɛ, “Megido Yɛ Harmagedon Ho Ntotoho a Ɛfata” a ɛwɔ kratafa 5 no.

Harmagedon ntumi nyɛ akodi bi a ɛbɛkɔ so wɔ asase so aman ntam kɛkɛ, efisɛ Adiyisɛm 16:14 ka sɛ, “asase nyinaa so ahemfo” yɛ biako ko wɔ “ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn da kɛse no mu ko no.” Yeremia kae wɔ ne nkɔmhyɛ a Onyankopɔn ma ɔhyɛe no mu sɛ: “[Yehowa, NW] bɛma atɔfo adeda hɔ afi asase awiei akosi asase awiei.” (Yeremia 25:33) Enti, Harmagedon nyɛ nnipa akodi bi a ɛbɛkɔ so wɔ beae pɔtee bi wɔ Israel mpɔtam hɔ. Ɛyɛ Yehowa ko, na ɛbɛka wiase nyinaa.

Nanso, hyɛ no nsow sɛ Adiyisɛm 16:16 no ka sɛ Harmagedon yɛ “baabi.” Wɔ Bible mu no, “baabi” betumi akyerɛ tebea bi. Enti nea ɛbɛba ne sɛ, wiase mũ no nyinaa bɛyɛ biako asɔre atia Yehowa. (Adiyisɛm 12:6, 14) Sɛ Harmagedon ko no du hɔ a, asase so aman nyinaa bɛbom asɔre atia “asafodɔm a wɔwɔ soro” a “ahemfo mu Hene ne awuranom mu Awurade” Yesu Kristo di wɔn anim no.—Adiyisɛm 19:14, 16.

Na nea ebinom ka sɛ Harmagedon bɛyɛ akode a wɔde bɛtɔre nnipa ase anaasɛ nsoromma bi na ɛbɛte abɛbɔ asase so no nso ɛ? So ɔdɔ Nyankopɔn bɛma kwan ma wɔasɛe adesamma ne asase a ɛyɛ wɔn fie no wɔ ɔkwan a ɛte saa so? Dabi. Ɔka no pefee sɛ wammɔ asase no “hunu” na “ɔnwenee sɛ wɔntra so.” (Yesaia 45:18; Dwom 96:10) Yehowa remfa ogya nhyew yɛn asase yi wɔ Harmagedon. Mmom no, ‘ɔbɛsɛe wɔn a wɔsɛe asase no.’—Adiyisɛm 11:18.

Bere Bɛn na Harmagedon Bɛba?

Asɛmmisa a ɛho hia a nkurɔfo akyerɛ wɔn adwene wɔ ho mfe pii ni ne sɛ, Bere bɛn na Harmagedon bɛba? Adiyisɛm nhoma no ne Bible afã ahorow bi a yɛbɛhwehwɛ mu de atoto ho no betumi aboa yɛn ma yɛahu nea Bible ka fa bere a wɔbɛko saa ko a ɛho hia sen biara yi no. Adiyisɛm 16:15 kyerɛ sɛ Harmagedon ne ba a Yesu reba sɛnea ɔkorɔmfo ba no wɔ biribi yɛ. Yesu de saa ntotoho no ara kyerɛkyerɛɛ ba a ɔbɛba abebu wiase yi atɛn nso mu.—Mateo 24:43, 44; 1 Tesalonikafo 5:2.

Sɛnea Bible nkɔmhyɛ a anya mmamu kyerɛ no, wiase yi nna a edi akyiri no fii ase wɔ afe 1914 mu. * Nea ɛde nna a edi akyiri yi bɛba awiei koraa ne bere a Yesu frɛɛ no sɛ “ahohiahia kɛse” no. Bible no nka bere tenten a saa bere no bedi, nanso amanehunu a ɛde bɛba no bɛkyɛn amanehunu biara a aba wiase pɛn. Harmagedon na ɛde saa ahohiahia kɛse no bɛba n’awiei.—Mateo 24:21, 29.

Esiane sɛ Harmagedon yɛ “ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn da kɛse no mu ko” nti, biribiara nni hɔ a nnipa betumi ayɛ de atwe akɔ akyiri. Yehowa wɔ ‘bere a wahyɛ’ a saa ɔko no befi ase. “Ɛrenka akyiri.”—Habakuk 2:3.

Onyankopɔn a Ɔteɛ Ko Trenee Ko

Nanso, dɛn nti na Onyankopɔn ne wiase nyinaa bɛko? Harmagedon ne Onyankopɔn su atitiriw no mu biako a ɛno ne atɛntrenee no hyia. Bible ka sɛ: “Yehowa, dɔ atɛntrenee.” (Dwom 37:28, NW) Wahu nneɛma bɔne a akɔ so wɔ nnipa asetram nyinaa no. Ɛda adi pefee sɛ ɛhyɛ no abufuw ma ɔyɛ ho biribi wɔ ɔkwan a ɛteɛ so. Ɛno nti, wapaw ne Ba no sɛ ɔnko trenee ko mfa nyi nneɛma bɔne yi nyinaa mfi hɔ.

Yehowa nkutoo na obetumi adi ako wɔ atɛntrenee so ankasa na wayɛ nyiyim wɔ ɔko no mu asɛe wɔn a wɔfata ɔsɛe, na bere koro no ara wakora nnipa komapafo a wɔwɔ asase so baabiara so. (Mateo 24:40, 41; Adiyisɛm 7:9, 10, 13, 14) Ɔno nkutoo nso na ɔwɔ hokwan sɛ odi ne tumi wɔ asase nyinaa so, efisɛ ɔno na ɔbɔe.—Adiyisɛm 4:11.

Nneɛma bɛn na Yehowa de bɛsɛe n’atamfo? Ɛno de yennim. Nea yenim ne sɛ, ɔwɔ nea ɔde bɛsɛe nnipa abɔnefo pasaa. (Hiob 38:22, 23; Sefania 1:15-18) Nanso, Onyankopɔn asomfo a wɔwɔ asase so no renni ako no bi. Anisoadehu a ɛwɔ Adiyisɛm ti 19 no ma yehu sɛ ɔsoro asafodɔm no nkutoo na wɔbɛka Yesu Kristo ho wɔ ɔko no mu. Kristofo a wɔyɛ Yehowa asomfo a wɔwɔ asase so no mu biara renni ako no bi.—2 Beresosɛm 20:15, 17.

Onyankopɔn Nyansafo De Kɔkɔbɔ Ma Bere Tenten

Henanom na wobenya wɔn ti adidi mu? Nokwarem no, anka ɛho nhia sɛ wɔsɛe obiara wɔ Harmagedon. Ɔsomafo Petro kae sɛ: ‘Yehowa mpɛ sɛ obiara bɛsɛe, na mmom ɔpɛ sɛ obiara nya adwensakra.’ (2 Petro 3:9) Ɔsomafo Paulo kae sɛ Onyankopɔn pɛ ne sɛ “wogye nnipa ahorow nyinaa ma wobenya nokware no ho nimdeɛ a edi mũ.”—1 Timoteo 2:4.

Sɛnea ɛbɛyɛ a ɛno betumi ayɛ yiye no, Yehowa fi nyansam ahwɛ sɛ wɔbɛka “ahenni ho asɛmpa” no wɔ kasa pii mu wɔ asase so baabiara. Wɔama nnipa a wɔwɔ baabiara hokwan a ɛbɛma wɔanya nkwagye. (Mateo 24:14; Dwom 37:34; Filipifo 2:12) Wɔn a wotie asɛmpa no betumi anya wɔn ti adidi mu wɔ Harmagedon na wɔatra ase daa wɔ paradise asase so wɔ pɛyɛ mu. (Hesekiel 18:23, 32; Sefania 2:3; Romafo 10:13) So ɛnyɛ saa na obiara hwɛ kwan sɛ ɔdɔ Nyankopɔn bɛyɛ?—1 Yohane 4:8.

So Ɔdɔ Nyankopɔn Betumi Adi Ako?

Nnipa pii nte ase sɛ Onyankopɔn a ɔne dɔ no de owu ne ɔsɛe bɛba nnipa pii so saa. Yebetumi de tebea no atoto fie bi a ntɛfrɛw ahyɛ mu ma ho. Wunnye ntom sɛ ɛsɛ sɛ ofiewura a n’adwene mu da hɔ kunkum ntɛfrɛw no nyinaa de bɔ n’abusua apɔwmuden ne wɔn yiyedi ho ban?

Saa ara na esiane ɔdɔ a emu yɛ den a Yehowa wɔ ma nnipa nti ɛsɛ sɛ ɔko Harmagedon ko no. Onyankopɔn atirimpɔw ne sɛ ɔbɛyɛ asase no paradise na wama adesamma ayɛ pɛ na wɔanya asomdwoe a “obi bi renyi wɔn hu.” (Mika 4:3, 4; Adiyisɛm 21:4) Ɛnde, dɛn na wɔbɛyɛ wɔn a wɔsɛe asomdwoe ne ahobammɔ a wɔn yɔnko nnipa wɔ no? Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn yi “ntɛfrɛw” a wɔte saa no fi hɔ—amumɔyɛfo a wɔnsakra wɔn adwene no—na ama treneefo anya asomdwoe.—2 Tesalonikafo 1:8, 9; Adiyisɛm 21:8.

Nnipa nniso a ɛnyɛ pɛ ne pɛsɛmenkominya a obiara de hwehwɛ ne man yiyedi na ɛnnɛ ama akodi ne nnipakum basabasa mu fa kɛse no ara ba. (Ɔsɛnkafo 8:9) Esiane sɛ nnipa tumidifo pɛ sɛ wonya nnipa pii di wɔn so nti, wobu wɔn ani gu Onyankopɔn Ahenni a ɔde asi hɔ no so koraa. Biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ wobegyae wɔn tumi no mu ama Onyankopɔn ne Kristo. (Dwom 2:1-9) Enti, ɛsɛ sɛ woyi nniso a ɛtete saa no fi hɔ na ama Yehowa Ahenni a ɛhyɛ Kristo nsa no adi tumi wɔ trenee so. (Daniel 2:44) Ɛsɛ sɛ wɔko Harmagedon ko no na ama wɔatumi ahu nea ɔwɔ hokwan sɛ odi asase yi ne adesamma so tumi koraa.

Adesamma yiyedi nti na Yehowa bɛkeka ne ho wɔ Harmagedon. Saa bere yi a wiase tebea sɛe ara na ɛresɛe no, Onyankopɔn nniso a ɛyɛ pɛ no nkutoo na ɛbɛma nnipa nsa aka nea wohia akosi ase. Onyankopɔn Ahenni no nkutoo na ɛbɛma asomdwoe ankasa ne yiyedi aba. Sɛ Onyankopɔn amfa ne ho annye nsɛm mu a, wiase nsɛm tebea bɛyɛ dɛn? So anka ɔtan, basabasayɛ, ne akodi renkɔ so nnhaw adesamma sɛnea ahaw wɔn mfe pii wɔ nnipa nniso ase no? Harmagedon ko no yɛ adepa a nnipa betumi anya so mfaso ankasa!—Luka 18:7, 8; 2 Petro 3:13.

Ɔko a Ɛbɛma Akodi Nyinaa Agyae

Harmagedon bɛyɛ ade bi a ɔko biara ntumi nyɛe da. Ɛbɛma akodi nyinaa agyae. Hena na ne yam a anka akodi ntwaam? Nanso, mmɔden a nnipa rebɔ sɛ wɔbɛma akodi agyae no nyinaa ayɛ ɔkwa. Mmɔden a nnipa abɔ mpɛn pii sɛ wɔbɛma akodi agyae nanso entumi nyɛɛ yiye no si so dua sɛ Yeremia asɛm no yɛ nokware. Ɔkae sɛ: “[Yehowa, NW] mahu sɛ onipa kwan nni ne nsam, enni ɔbarima nsam, sɛnea ɔnam a obetutu n’anammɔn.” (Yeremia 10:23) Ɛdefa nea Yehowa bɛyɛ ho no, Bible hyɛ bɔ sɛ: “Ɔma akodi gyae kosi asase ano, obubu ta mu na otwitwa peaw mu asinasin, ɔde gya hyew nteaseɛnam.”—Dwom 46:8, 9.

Bere a amanaman no de wɔn akode a edi awu no kunkum wɔn ho wɔn ho na wɔpɛ sɛ wɔsɛe asase no, asase no Yɛfo bɛwosow ne ho wɔ Harmagedon a wɔka ho asɛm wɔ Bible mu no! (Adiyisɛm 11:18) Enti, saa ɔko yi bɛma nnipa a wosuro Onyankopɔn a wɔatra ase fi bere tenteenten besi saa bere yi anya biribi a wɔhwɛ kwan sɛ wobetumi anya. Ɛbɛma Yehowa Nyankopɔn a ɔyɛ asase Wura, a ɔwɔ hokwan sɛ odi n’abɔde nyinaa so no adi bem.

Enti, ɛnsɛ sɛ nnipa a wɔn ani gye adetreneeyɛ ho suro Harmagedon. Mmom no, ɛma wonya anidaso. Harmagedon ko no beyi porɔwee ne amumɔyɛsɛm nyinaa afi asase so na abue kwan ama nhyehyɛe foforo a trenee wom aba wɔ Mesia Ahenni a Onyankopɔn de asi hɔ no ase. (Yesaia 11:4, 5) Harmagedon bɛma nnipa a wɔyɛ treneefo a wɔbɛtra ase daa wɔ paradise asase so no anya mfiase a ɛyɛ anigye, na mmom ɛnyɛ sɛ ɛyɛ atoyerɛnkyɛm bi a ɛyɛ hu a ɛbɛba abɛsɛe biribiara.—Dwom 37:29.

[Ase hɔ asɛm]

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 5]

MEGIDO YƐ HARMAGEDON HO NTOTOHO A ƐFATA

Ná tete Megido da beae bi a ɛfata paa, na na Yesreel Bon a ɛwɔ Israel atifi fam a ɛyɛ asase pa no da kurow no ase wɔ atɔe fam. Esiane sɛ na kurow no da nkwanta so nti na etumi ma aguadi kɔ so anaa ɛsɛe no, na saa ara nso na na etumi ma akodi kɔ so anaa ɛbrɛ ase. Enti, Megido bɛyɛɛ beae a na wodi ako wɔ hɔ ma ɔfã bi di nkonim koraa. Ɔbenfo Graham Davies kyerɛwee wɔ ne nhoma Cities of the Biblical World—Megiddo (Bible Bere So Nkurow—Megido) mu sɛ: “Ná ɛnyɛ den koraa sɛ aguadifo ne akwantufo a wofi mmeae ahorow nyinaa betumi akɔ . . . Megido kurow no mu; nanso bere koro no ara no sɛ kurow no yɛ den a, etumi siw saa akwantempɔn yi, na amma afoforo antumi ankɔ kurow no mu ankodi gua anaa ako. Enti, ɛnyɛ nwonwa sɛ na wɔtaa di ako de pere saa kurow no, na sɛ wotumi ko fa a, na wɔbɔ ho ban denneennen.”

Megido ho abakɔsɛm a efi teteete no hyɛɛ ase wɔ bɛboro mfirihyia mpem abiɛsa ne ahanum a atwam ni, bere a Misraim hene Thutmose III ko dii Kanaan ahemfo so wɔ hɔ no. Ɛkɔɔ so araa besii afe 1918 mu bere a Britaniani Ɔsahene Edmund Allenby ko dii Turkey asraafo so nkonim yayaayaw no. Ɛyɛ Megido na Onyankopɔn maa Ɔtemmufo Barak ko dii Kanaan hene Yabin so nkonim pasaa no. (Atemmufo 4:12-24; 5:19, 20) Ɛhɔ na Ɔtemmufo Gideon ko dii Midianfo so nkonim koraa no. (Atemmufo 7:1-22) Ɛyɛ ɛhɔ ara nso na wokunkum ɔhene Ahasia ne ɔhene Yosia.—2 Ahene 9:27; 23:29, 30.

Enti ɛfata sɛ wɔde saa beae no toto Harmagedon ho, efisɛ na ɛyɛ beae a wodi ako ma ɔfã bi di nkonim koraa. Sɛ wɔde nkonim a Onyankopɔn bedi wɔ n’atamfo nyinaa so koraa no toto ho a ɛfata.

[Asɛm Fibea]

Pictorial Archive (Near Eastern History) Est.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 7]

Harmagedon bɛyɛ mfiase a ɛyɛ anigye

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Wogu so rebɔ nnipa kɔkɔ wɔ wiase baabiara na ama wɔanya wɔn ti adidi mu wɔ Harmagedon