Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Misii Me Bo Sɛ Mɛkɔ So Asom Me Bɔfo No

Misii Me Bo Sɛ Mɛkɔ So Asom Me Bɔfo No

Asetram Nsɛm

Misii Me Bo Sɛ Mɛkɔ So Asom Me Bɔfo No

SƐNEA CONSTANCE BENANTI KA KYERƐE

Biribiara sii ntɛmntɛm dodo! Yɛn babea Camille a na wanya asram 22 no ho yɛɛ hyehyeehyew ma owui wɔ nnafua asia ntam. Awerɛhow hyɛɛ me ma. Ná me nso mepɛ sɛ miwu bi. Adɛn nti na Onyankopɔn maa kwan ma biribi saa sii? Ná minhu nea menyɛ.

NÁ M’AWOFO fi Castellammare del Golfo, kurow bi a ɛwɔ Sicily, Italy. Ná wɔatu abɛtra New York City, na wɔwoo me wɔ hɔ December 8, 1908. Ná yɛyɛ nnipa du wɔ yɛn abusua mu, me papa ne me maame, ne yɛn mmofra baawɔtwe. Ná yɛyɛ mmarimaa baanum ne mmeawa baasa. *

Me papa, Santo Catanzaro, fii ase kɔɔ kuw ketewaa bi a wɔfrɛ wɔn Bible Asuafo nhyiam wɔ afe 1927 mu. Saa na na wɔfrɛ Yehowa Adansefo saa bere no. Ná Giovanni De Cecca, onua bi a ɔyɛ Italiani a ɔsom wɔ Brooklyn, New York, Yehowa Adansefo adwumayɛbea ti (wɔfrɛ hɔ Betel) hɔ bɛyɛ asafo nhyiam wɔ baabi a na yɛte a na ɛbɛn New Jersey no. Ankyɛ na Paapa fii ase kɔɔ asɛnka, na ɔde ne ho hyɛɛ bere nyinaa som adwuma no mu. Ɔyɛɛ saa adwuma no kosii ne wu mu wɔ afe 1953 mu.

Bere a na Maame yɛ abofra no, na ɔpɛ sɛ ɔyɛ ɔkokorani, nanso n’awofo amma ho kwan. Mfiase no, Maame amma manka Paapa ho ansua Bible no. Nanso, ankyɛ na mihui sɛ me papa ayɛ nsakrae. Ɔbɛyɛɛ obi a odwo paa, na yɛn asom dwoo yɛn wɔ abusua no mu paa. Ná m’ani gye ho saa.

Saa bere no, mihyiaa ɔbarima bi a wɔfrɛ no Charles a wɔwoo no wɔ Brooklyn a me ne no bɔ tipɛn. Ná n’abusua fi Sicily te sɛ m’abusua no ara. Ankyɛ na yɛyɛɛ nhyehyɛe sɛ yɛbɛware, na bere a Paapa fii Yehowa Adansefo nhyiam a wɔyɛe wɔ Columbus, Ohio, wɔ afe 1931 mu bae no, yɛwaree. Yɛwoo yɛn babea Camille wɔ afe biako ntam. Owui no, me werɛ howee paa. Da bi a na Charles resu no, ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Ná Camille yɛ yɛn nyinaa ba. Adɛn nti na yentumi nkɔ so mmɔ yɛn bra, na yɛnkyekye yɛn ho werɛ?”

Yegyee Bible Mu Nokware Toom

Charles kaee me sɛ bere a Paapa maa ɔkasa wɔ Camille ayi ase no, ɔkaa owusɔre anidaso no ho asɛm. Mibisaa no sɛ: “So wugye owusɔre no di ankasa?”

Obuae sɛ: “Migye di! Ɛnde, adɛn nti na womma yɛnhwehwɛ pii wɔ nea Bible wɔ ka no ho?”

Saa anadwo no mantumi anna. Ɛbɔɔ anɔpa nnɔnsia, ansa na Paapa rekɔ adwuma no, mekɔɔ ne nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ me ne Charles pɛ sɛ yesua Bible no. N’ani gyei na ɔbam me. Maame a na ɔda so da mpa mu no tee asɛm a na yɛreka no. Obisaa me asɛm a na asi. Mekae sɛ, “Ɛnyɛ hwee, na mmom me ne Charles asi gyinae sɛ yebesua Bible.”

Maame kae sɛ, “Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa sua Bible no.” Enti yɛn nyinaa, a me nuanom mmarima ne mmea nyinaa ka ho fii ase boom suaa Bible no sɛ abusua. Ná yɛn nyinaa dodow yɛ 11.

Bible adesua no ma minyaa awerɛkyekye, na nkakrankakra m’adwene a na ayɛ me basaa no kɔe ma minyaa anidaso. Afe biako akyi wɔ afe 1935 mu no, me ne Charles fii ase kaa Bible mu nokware kyerɛɛ afoforo. Wɔ February 1937 mu no, bere a yetiee ɔkasa bi a ɛkyerɛkyerɛɛ nea Kyerɛwnsɛm ka wɔ nsu mu asubɔ ho wɔ adwumayɛbea no ti wɔ Brooklyn wiei no, wɔbɔɔ yɛne afoforo pii asu wɔ ahɔhodan bi a ɛbɛn hɔ mu. Ná ɛnyɛ me babea no a mewɔ anidaso sɛ mɛsan ahu no bio nkutoo nti na mebɔɔ asu, na mmom esiane sɛ na mepɛ sɛ mesom yɛn Bɔfo a na mabehu no na medɔ no no nti.

Mifii Bere Nyinaa Som Adwuma Ase

Nea na masua a mekaa ho asɛm kyerɛɛ afoforo no maa m’ani gyei na ɛma minyaa akomatɔyam, titiriw esiane sɛ wɔn mu pii gyee Ahenni nkrasɛm no toom na wɔkaa bi kyerɛɛ afoforo nti. (Mateo 9:37) Wɔ afe 1941 mu no, me ne Charles bɛyɛɛ akwampaefo, saa na Yehowa Adansefo frɛ wɔn bere nyinaa asomfo no. Ɛno akyi bere tiaa bi no, yɛtɔɔ kar a ɔdan si so, na Charles de trɔɔs adwuma a na yɛn abusua no yɛ no hyɛɛ me nuabarima Frank nsa. Bere bi akyi no, yɛn ani gyei sɛ yɛn nsa kaa krataa bi a ɛka kyerɛɛ yɛn sɛ wɔayɛ yɛn akwampaefo titiriw. Mfiase no, yɛsomee wɔ New Jersey, na akyiri yi wɔde yɛn kɔɔ New York State.

Wɔ afe 1946 mu, bere a yɛrekɔ ɔmantam nhyiam bi wɔ Baltimore, Maryland no, wɔka kyerɛɛ yɛn sɛ yɛne Yehowa Adansefo ananmusifo atitiriw nkɔyɛ nhyiam bi. Yehyiaa Nathan H. Knorr ne Milton G. Henschel wɔ hɔ. Wɔne yɛn bɔɔ asɛmpatrɛw adwuma no ho nkɔmmɔ, na ne titiriw no, wɔne yɛn bɔɔ Italy asɛnka adwuma no ho nkɔmmɔ. Wɔma yehui sɛ hokwan wɔ hɔ sɛ yebetumi akɔ Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu no bi.

Enti, wɔka kyerɛ yɛn sɛ, “Munnwen ho na momma yɛn mmuae.” Me ne Charles pue fii dan a na wɔwom mu no, obiara hwɛɛ ne yɔnko anim, na yɛdanee yɛn ho san kɔɔ dan no mu. Yɛka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Yɛadwen ho awie, na yɛayɛ krado sɛ yɛbɛkɔ Gilead.” Nnafua du akyi no, yɛkɔɔ Gilead adesuakuw a ɛto so ason no bi.

Ntetee a yenyae wɔ asram a yedii wɔ hɔ no yɛ ade a na yɛn werɛ remfi da. Ade a yɛn ani gyee ho kɛse ne sɛnea akyerɛkyerɛfo no nyaa yɛn ho abotare ne ɔdɔ a wonya maa yɛn, na ɛresiesie yɛn ama nsɛnnennen a yebehyia wɔ amannɔne asasesin mu. Bere a yewiee sukuu no wɔ July 1946 mu no, wɔma yedii bere kakra wɔ New York City kaa asɛm no wɔ hɔ, baabi a na Italiafo pii wɔ no. Afei da no durui sɛ yɛkɔ! Wɔ June 25, 1947 no, yefii hɔ kɔɔ Italy, baabi a na yɛrekɔyɛ yɛn asɛmpatrɛw adwuma no.

Yɛn Dwumadi no Mu Asetra

Yɛde po so hyɛn bi a kan no na asraafo de di ako na etuu kwan no. Nnafua 14 a yedii wɔ po so akyi no, yekoduu Italy po so hyɛn gyinabea wɔ Genoa. Ná Wiase Ko II a ɛbaa awiei mfe abien pɛ a na atwam no asɛe kurow no. Sɛ nhwɛso no, esiane atopae a wɔtotowee nti na nhwehwɛ a ɛhyehyɛ keteke gyinabea adan mpomma mu no abobɔ. Yɛfaa keteke bi a wɔde twe nneɛma fi Genoa kɔɔ Milan, baabi a na baa dwumadibea ne asɛmpatrɛwfo fie bi wɔ no.

Ná asetra mu yɛ den paa wɔ Italy wɔ ɔko no akyi. Na wogu so resiesie nneɛma, nanso na ohia aka nnipa pii. Ankyɛ, na yare bi a emu yɛ den bɔɔ me. Oduruyɛfo bi kae sɛ, na manya komayare bi a enye koraa, enti osusuw sɛ ɛbɛyɛ papa sɛ mɛsan akɔ United States. Ɛyɛ me dɛ sɛ n’asɛm a ɔkae no anyɛ nokware. Mfe 58 akyi no, meda so wɔ m’asɛmpatrɛw adwuma mu wɔ Italy.

Yefii yɛn dwumadi no ase no, ankyɛ koraa na me nuanom mmarima a wɔwɔ United States no kae sɛ wɔpɛ sɛ wɔma yɛn kar. Nanso, Charles ampene so, na m’ani gyee gyinae a osii no ho. Sɛnea na yenim no, saa bere no na Ɔdansefo biara nni kar wɔ Italy, na na Charles te nka sɛ ɛyɛ papa sɛ yɛbɛbɔ yɛn bra te sɛ yɛn nuanom Kristofo a na wɔwɔ hɔ no ara. Afe 1961 mu ansa na yenyaa kar ketewaa bi.

Ná Ahenni Asa a yedii kan nyae wɔ Milan no hyɛ ɔdan bi ase, na na wɔnkaa fam hɔ semɛnte. Na aguaree biara nni hɔ, na na osu tɔ a ɛhɔ yiri. Ná nkura nso di hɔ akɔneaba. Na nkanea abien na ɛwɔ hɔ a ɛma yenya hann de yɛ asafo nhyiam. Ahokyere yi nyinaa akyi no, ɛhyɛɛ yɛn nkuran sɛ nnipa komapafo baa asafo nhyiam na bere bi akyi no wɔbɛkaa yɛn ho wɔ asɛnka adwuma no mu.

Asɛmpatrɛw Adwuma Mu Osuahu Ahorow

Da bi, yegyaw Peace—Can It Last? (Asomdwoe—So Ɛbɛkyɛ?) nhomawa no maa ɔbarima bi. Bere a yɛrefi hɔ no, ne yere, Santina, bɛtoo yɛn a na wakodi gua a ɛbobɔ ne ho pii. Ne bo fuwii kakra, na ɔkae sɛ ɔwɔ mmabea baawɔtwe a ɛsɛ sɛ ɔhwɛ wɔn, enti onni adagyew koraa. Da foforo a mesan kɔɔ Santina hɔ no, na ne kunu nni fie, na na ɔrenwene ntade. Ɔkae sɛ: “Minni adagyew a mede betie, ɛno da nkyɛn a, minnim akenkan.”

Mebɔɔ Yehowa mpae wɔ me tirim na afei meka kyerɛɛ no sɛ, mepɛ sɛ mitua no ka na ɔnwene atade ma me kunu. Nnawɔtwe abien akyi no, me nsa kaa atade no, na me ne Santina de “The Truth Shall Make You Free” (Nokware no Bɛma Moade Mo Ho) nhoma no fii ase suaa Bible. Santina suaa akenkan, na ɛmfa ho sɛ ne kunu sɔre tiaa no no, ɔyeree ne ho nyaa nkɔso bɔɔ asu. Ne mmabea no mu baanum bɛyɛɛ Adansefo na Santina nso aboa nnipa pii ma wɔabegye Bible mu nokware no atom.

Wɔ March 1951 mu no, woyii yɛne asɛmpatrɛwfo foforo baanu kɔɔ Brescia, baabi a na Adansefo biara nni hɔ. Na wɔfrɛ wɔn Ruth Cannon * ne Loyce Callahan, a akyiri yi ɔwaree Bill Wenger no. Yenyaa dan bi a na wɔasiesie mu dedaw, nanso asram abien akyi no, ofiewura no maa yɛn nnɔnhwerew 24 sɛ yɛmfa ntu mfi fie hɔ. Esiane sɛ na Adansefo biara nni mpɔtam hɔ nti, na ɛsɛ sɛ yɛkɔda ahɔhodan mu. Yɛtraa hɔ bɛyɛ asram abien.

Na aduan kakraa bi na yɛwɔ: na yɛnom kɔfe ne keeki anɔpa, na awia yɛadi nnuaba ne paano ne kyiis, anwummere na yɛasan adi nnuaba ne paano ne kyiis. Ɛwom sɛ yɛn ho kyeree yɛn de, nanso yenyaa nhyira pii. Bere bi akyi no, yenyaa fie ketewaa bi mu trae, na bere a yɛhyɛɛ Kristo wu Nkaedi ho fa wɔ afe 1952 mu wɔ dan ketewa a yɛde yɛɛ Ahenni Asa mu no, nnipa 35 na wɔbae.

Yegyinaa Nsɛnnennen Ano

Saa bere no nyinaa na asɔfo no da so wɔ tumi kɛse wɔ nnipa no so. Sɛ nhwɛso no, bere bi a na yɛreka asɛmpa no wɔ Brescia no, ɔsɔfo bi hyɛɛ mmarimaa bi nkuran sɛ wɔntotow abo mmɔ yɛn. Nanso, bere kɔ so no, nnipa 16 ne yɛn fii ase suaa Bible no, na bere tiaa bi akyi no wɔbɛyɛɛ Adansefo. Ná hena na ɔka wɔn ho? Ná mmarimaa a wɔpɛ sɛ wɔtotow abo bobɔ yɛn no biako ka ho! Seesei ɔsom sɛ asafo mu panyin wɔ asafo a ɛwɔ Brescia no biako mu. Bere a yefii Brescia wɔ afe 1955 mu no, na Ahenni adawurubɔfo 40 na wɔreyɛ asɛnka adwuma no.

Ɛno akyi no, yɛde mfe abiɛsa somee wɔ Leghorn (Livorno,) baabi a na Adansefo dodow no ara yɛ mmea. Ná ɛno kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛn anuanom mmea no di asafo asɛyɛde ahorow a anka anuanom mmarima na ɛhyɛ wɔn nsa ho dwuma. Yetu fii hɔ kɔɔ Genoa, baabi a yedii kan fii ase mfe 11 a atwam no. Saa bere yi de na asafo wɔ hɔ. Ná Ahenni Asa no wɔ abansoro a na yɛte so no nea edi kan mu.

Yekoduu Genoa no, me ne awuraa bi a kan no na ne kunu yɛ okuturukubɔfɔ na ɔsan yɛ baabi a wɔtete akuturukubɔfo so panyin fii ase suaa ade. Awuraa no nyaa nkɔso wɔ Bible adesua no mu na ankyɛ na ɔbɛyɛɛ yɛn nuabea Kristoni. Nanso, na ne kunu ani nnye ho, na ɔsɔre tiae kyɛe. Afei ofii ase ne ne yere kɔɔ asafo nhyiam. Sɛ́ anka ɔbɛkɔ Ahenni Asa no so akotie asɛm no, na ɔtra abɔnten mmom tie. Akyiri yi a yefii Genoa no, yɛtee sɛ wafi Bible adesua ase. Bere kɔ so no, ɔbɔɔ asu na ɔbɛyɛɛ Kristoni ɔhwɛfo a ɔwɔ ɔdɔ. Ɔkɔɔ so somee kosii owu mu.

Me ne ɔbea bi a na ɔne polisini bi ayɛ aware nhyehyɛe nso suaa Bible no. Mfiase no, polisini no kyerɛɛ adesua no ho anigye, nanso ayeforohyia no akyi no, ne suban sesae. Ɔsɔre tiaa ɔbea no ma ogyaee adesua no. Akyiri yi bere a ɔsan fii Bible adesua no ase no, ne kunu ka kyerɛɛ no sɛ, sɛ ohu sɛ me ne no resua ade bio a, ɔbɛtow tuo akum yɛn baanu nyinaa. Nanso, ɔkɔɔ so suaa Bible no nyaa nkɔso bɛyɛɛ Ɔdansefo a wabɔ asu. Na wantow yɛn tuo sɛnea ɔkae sɛ anka ɔbɛyɛ no. Nokwasɛm ne sɛ, mfe bi akyi, bere bi a mekɔɔ ɔmansin nhyiam wɔ Genoa no, obi begyinaa m’akyi de ne nsa kataa m’ani bisaa me sɛ minim nipa kõ a ɔyɛ anaa. Bere a mihui sɛ ɛyɛ saa ɔbea no kunu no, misui. Ɔyɛɛ me atuu na ɔka kyerɛɛ me sɛ wabɔ asu saa da no ara de ayɛ n’ahosohyira ho sɛnkyerɛnne ama Yehowa!

Efi afe 1964 kosi afe 1972 no, minyaa hokwan ne Charles kɔsrasraa asafo ahorow bere a ɔkɔsom wɔn hyɛɛ wɔn den honhom fam no. Ɛkame ayɛ sɛ yɛsomee wɔ Italy atifi fam nyinaa—Piedmont, Lombardy, ne Liguria. Ɛno akyi no, yɛsan fii akwampae adwuma ase wɔ beae bi a ɛbɛn Florence na akyiri yi yɛkɔɔ Vercelli nso. Wɔ afe 1977 mu no, na asafo biako pɛ na ɛwɔ Vercelli, nanso bere a yefii hɔ wɔ afe 1999 mu no na asafo abiɛsa na ɛwɔ hɔ. Saa afe no mu na midii mfe 91, na wɔhyɛɛ yɛn nkuran sɛ yentu nkɔ asɛmpatrɛwfo fie a ɛwɔ Rome no. Ná ɛyɛ fie fɛfɛ ketewa bi a ɛwɔ baabi a ɛhɔ dwo kakra.

Awerɛhosɛm Foforo Bi Sii

Ná Charles wɔ apɔwmuden a edi mũ, nanso wɔ March 2002 mu no, yare bi bɔɔ no mpofirim. Yare no mu yɛɛ den ara kosii sɛ owui wɔ May 11, 2002. Wɔ mfe 71 biako a yɛtrae mu no, awerɛhow mu o anigye mu o, na yebom yɛ biribiara. Ne wu no ma mehweree ade kɛse na me werɛ howee paa.

Ɛyɛ a metaa yɛ Charles ho mfonini wɔ m’adwenem sɛ wahyɛ n’atade kama ne ne kyɛ a na aba so wɔ 1930 mfe no mu no. Na metaa kae sɛnea na ɔtaa serew no. Ɛdenam Yehowa mmoa ne anuanom Kristofo mmarima ne mmea pii dɔ so no, matumi agyina awerɛhosɛm yi ano. Mehwɛ bere a mɛsan ahu Charles bio no kwan denneennen.

Migu So Resom

Ade a m’ani agye ho paa wɔ m’asetram ne sɛ mɛsom me Bɔfo no. Wɔ mfe a atwam no mu no, ‘Maka ahwɛ na mahu sɛ [Yehowa, NW] ye.’ (Dwom 34:8) Mate nka sɛ Yehowa dɔ me na mahu sɛ wahwɛ me. Ɛwom sɛ mehweree me ba no de, nanso Yehowa ama me honhom fam mmabarima ne mmabea pii a wɔwɔ Italy mmeae pii, na wɔama me ne Yehowa koma ani agye.

Ade a m’ani gye ho paa sɛ mɛyɛ ne sɛ mɛka me Bɔfo no ho asɛm akyerɛ afoforo. Ɛno nti na mekɔ so ka asɛm no na meyɛ Bible adesua. Ɛtɔ da bi a ɛyɛ me yaw sɛ mintumi nyɛ pii esiane m’ahoɔden a ɛso atew nti. Nanso mihu sɛ Yehowa nim nea metumi ayɛ na ɔdɔ me na n’ani sɔ nea mitumi yɛ. (Marko 12:42) Mebɔ mmɔden sɛ mɛbɔ me bra sɛnea asɛm a ɛwɔ Dwom 146:2 ka no. Ɛka sɛ: “Mete ase yi, meyi [Yehowa, NW] ayɛ, mewɔ hɔ yi, mɛto dwom mama me Nyankopɔn.” *

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 5 Me nuabarima Angelo Catanzaro suahu puei wɔ April 1, 1975, Engiresi Ɔwɛn-Aban, kratafa 205-7 mu.

^ nky. 28 Sɛ wopɛ n’asetram asɛm a, hwɛ Engiresi Ɔwɛn-Aban, May 1, 1971, kratafa 277-80.

^ nky. 41 Onuawa Benanti wui July 16, 2005, bere a yɛrekyerɛw n’anom asɛm yi. Odii mfe 96.

[Mfonini wɔ kratafa 13]

Camille

[Mfonini wɔ kratafa 14]

Yɛn ayeforohyia da, 1931

[Mfonini wɔ kratafa 14]

Mfiase no na Maame ani nnye ho, nanso ɔpenee so sɛ yɛn nyinaa yensua Bible no

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Yɛne Onua Knorr wɔ Gilead adesua awiei, 1946

[Mfonini wɔ kratafa 17]

Me ne Charles bere tiaa bi ansa na ɔrewu