Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Momma Yɛnyɛ Asomfo A Wɔn Ho Akokwaw Na Wɔyɛ Fakaa

Momma Yɛnyɛ Asomfo A Wɔn Ho Akokwaw Na Wɔyɛ Fakaa

Momma Yɛnyɛ Asomfo A Wɔn Ho Akokwaw Na Wɔyɛ Fakaa

“Mayɛ biribiara ama nnipa ahorow nyinaa, sɛnea ɛyɛ dɛn ara a, megye ebinom nkwa.”—1 KORINTOFO 9:22.

1, 2. (a) Dɛn nti na yebetumi aka sɛ na ɔsomafo Paulo yɛ ɔsomfo a ne ho akokwaw? (b) Su bɛn na Paulo ankasa kae sɛ onyae wɔ n’adwuma no ho?

NÁ ƐNYƐ den mma no koraa sɛ ɔne nnipa a wonim nhoma yiye ne ntamanwemfo a wɔba fam besusuw nsɛm ho. Otumi ne atitiriw a na wɔwɔ Roma ne mpapahwekwa a wɔwɔ Frigia nyinaa susuw nsɛm ho ma ɛtɔɔ wɔn asom. Helafo a na wɔpɛ nsakrae ne Yudafo a na wɔmpɛ sɛ wɔbɛyɛ nsakrae nyinaa ani gyee ne nkrataa a ɔkyerɛwee ho. Na ɔkasa tumi so ma ɛka koma, na na wontumi mmɔ ne nsusuwii ngu. Ɔbɔɔ mmɔden sɛ obenya asɛm a ɔne obiara a ɔne no bɛkasa no adwene behyia wɔ ho sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi anya ebinom ama Kristo.—Asomafo Nnwuma 20:21.

2 Onipa a yɛreka ne ho asɛm yi ne ɔsomafo Paulo. Akyinnye biara nni ho sɛ na ɔyɛ ɔsomfo a ne ho akokwaw na otu mpɔn. (1 Timoteo 1:12) Yesu de adwuma maa no sɛ “ɔmfa [Kristo] din nkɔ amanaman ne ahemfo ne Israel mma nkyɛn.” (Asomafo Nnwuma 9:15) Su bɛn na onyae wɔ adwuma yi ho? Ɔkae sɛ: “Mayɛ biribiara ama nnipa ahorow nyinaa, sɛnea ɛyɛ dɛn ara a, megye ebinom nkwa. Nanso asɛmpa no nti na meyɛ ade nyinaa, na ama me ne afoforo anya mu kyɛfa.” (1 Korintofo 9:19-23) Dɛn na yebetumi asua afi Paulo nhwɛso no mu a ebetumi aboa yɛn ma yɛayɛ asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no yiye?

Ɔbarima Bi a Ɔsakrae Tumi Yɛɛ Adwuma Bi a Ɛyɛ Den

3. Dɛn na Paulo de yɛɛ Kristofo ansa na ɔresakra?

3 So na Paulo yɛ obi a ɔwɔ abodwokyerɛ na osusuw afoforo ho dedaw nti na ɛma ɔfata maa ne dwumadi no? Dabida! Esiane sɛ na Saulo (sɛnea kan no na wɔfrɛ Paulo) yɛ katee wɔ ne som mu nti, ɛmaa no bɛtan Kristo akyidifo paa. Bere a na ɔyɛ aberantewa no, ɔpenee Stefano kum no so. Ɛno akyi no, Paulo nam atirimmɔden so taa Kristofo. (Asomafo Nnwuma 7:58; 8:1, 3; 1 Timoteo 1:13) Ɔkɔɔ so “hunahunaa Awurade asuafo no, na ɔpɛ sɛ okunkum wɔn.” Esiane sɛ ɔhaw a ɔde baa gyidifo a na wɔwɔ Yerusalem so no amma ne bo antɔ ne yam nti, ofii ase trɛw ɔtan no mu kɔɔ atifi fam koduu Damasko.—Asomafo Nnwuma 9:1, 2.

4. Nsakrae bɛn na na ehia sɛ Paulo yɛ ansa na watumi ayɛ adwuma a na wɔde ahyɛ ne nsa no?

4 Ɛda adi sɛ ade titiriw a ɛmaa Paulo tan Kristosom denneennen ne sɛ na ogye di sɛ ɔsom foforo no bɛma wɔde amanaman mufo nsusuwii a ɛmfata abɛfrafra Yudasom mu asɛe no. Nokwarem no, na anka Paulo yɛ “Farisini,” edin a ɛkyerɛ “nea watew ne ho.” (Asomafo Nnwuma 23:6) Enti, hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ Paulo ho dwiriw no bere a wɔka kyerɛɛ no sɛ Onyankopɔn ayi ɔno sɛ ɔnkɔka Kristo ho asɛm nkyerɛ, ná anyɛ nnipa biara sɛ amanaman mufo no! (Asomafo Nnwuma 22:14, 15; 26:16-18) Nea enti a ɛte saa ne sɛ, ná ɛyɛ Farisifo no tan mpo sɛ wɔne wɔn a wobu wɔn sɛ adebɔneyɛfo bedidi! (Luka 7:36-39) Akyinnye biara nni ho sɛ na egye mmɔdenbɔ kɛse na ama Paulo atumi ayɛ nsakrae wɔ ne nsusuwii mu ma ɛne Onyankopɔn adwene a ɛne sɛ ɔpɛ sɛ ogye nnipa horow nyinaa nkwa no ahyia.—Galatifo 1:13-17.

5. Dɛn na yebetumi asua afi Paulo hɔ wɔ yɛn asɛnka adwuma no mu?

5 Ebia ebehia sɛ yɛn nso yɛyɛ saa ara. Bere a yehyia nnipa ahorow a wofi aman nyinaa so a wɔka kasa ahorow no, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden hwehwɛ yɛn ho mu na yeyi nnipa afoforo ho adwemmɔne biara a yɛwɔ no gu. (Efesofo 4:22-24) Sɛ́ yenim anaasɛ yennim no, baabi a yɛtrae ne ntetee a yenya fii fie ne sukuu mu no ka sɛnea yɛyɛ yɛn ade. Eyi betumi ama yɛabɛyɛ nnipa a wɔwɔ mmusua afoforo ho adwemmɔne na wɔyɛ katee nso. Sɛ yɛanyi nsusuwii a ɛte saa amfi yɛn adwene mu a, yɛrentumi nhu wɔn a wɔte sɛ nguan no mmoa wɔn. (Romafo 15:7) Saa pɛpɛɛpɛ na Paulo yɛe. Ogye toom sɛ ɔbɛkasa akyerɛ obiara wɔ ne som adwuma no mu. Ɔdɔ kanyan no ma ɔkyerɛkyerɛe wɔ ɔkwan a etu mpɔn so, na ɛfata sɛ yesuasua. Nokwasɛm ni, sɛ yɛyɛ nhwehwɛmu wɔ adwuma a ‘ɔsomafo ma amanaman’ no yɛe mu a, yebehu sɛ na osusuw afoforo ho, na ɔyɛ fakaa, na na ɔfa akwan horow a etu mpɔn so ka asɛm no kyerɛkyerɛ wɔ ne som adwuma no mu. *Romafo 11:13.

Sɛnea Paulo Dii Tebea Ahorow Ho Dwuma

6. Ɔkwan bɛn na Paulo faa so kyerɛe sɛ osusuw nea n’atiefo nim dedaw ho, na dɛn na efi mu bae?

6 Ná Paulo susuw n’atiefo gyidi ne nea wonim dedaw ho. Bere bi a Paulo ne Ɔhene Agripa II rekasa no, ogye toom sɛ Agripa nim “amanne nyinaa ne akyinnyegye a ɛwɔ Yudafo mu” no. Afei Paulo fii ahokokwaw mu gyinaa gyidi a na onim sɛ Agripa kura so ne no susuw nsɛm ho ma ɔhene no tee ase yiye. Ahotoso a Paulo de kasae ne sɛnea na emu da hɔ no maa Agripa kae sɛ: “Aka bere tiaa bi sɛ woadan me ti ama mabɛyɛ Kristoni.”—Asomafo Nnwuma 26:2, 3, 27, 28.

7. Dɛn na Paulo yɛ de kyerɛe sɛ ɔyɛ fakaa bere a na ɔreka asɛm no akyerɛ nnipa bi a wɔwɔ Listra no?

7 Ná Paulo yɛ fakaa nso. Hwɛ ɔkwan soronko a ɔfaa so danee nnipakuw bi a na wɔwɔ Listra a wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛsom ɔno ne Barnaba sɛ anyame no adwene. Wɔaka sɛ na saa nkurɔfo a wɔka Likaonia kasa no yɛ nnipa a na wonnim nhoma pii, na na gyidihunu nso adi wɔn ti. Sɛnea Asomafo Nnwuma 14:14-18 kyerɛ no, Paulo twee adwene sii abɔde ne emu nneɛma bebree so de kyerɛe sɛ ɛyɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ nokware Nyankopɔn no korɔn sen obiara. Wɔtee nea Paulo ne wɔn susuw ho no ase, na ɛda adi sɛ esiw “nnipakuw no kwan wɔ afɔre a wɔpɛe sɛ wɔbɔ ma” Paulo ne Barnaba no ano.

8. Akwan bɛn so na Paulo kyerɛe sɛ na ɔyɛ fakaa ɛmfa ho sɛ ɛtɔ mmere bi a na nneɛma tumi hyɛ no abufuw no?

8 Nokwasɛm ne sɛ na Paulo nyɛ pɛ, na ɛtɔ mmere bi a na nneɛma bi tumi hyɛ no abufuw kɛse. Sɛ nhwɛso no, bere bi a woguu n’anim ase na wobuu no atɛnkyea no, ɔkasa tiaa Yudani bi a wɔfrɛ no Anania. Nanso bere a wɔka kyerɛɛ Paulo sɛ nea ɔyɛe no kyerɛ sɛ wadidi ɔsɔfo panyin no atɛm no, ntɛm ara na ɔpaa kyɛw. (Asomafo Nnwuma 23:1-5) Bere a ɔkɔɔ Atene na “ohui sɛ ahoni ahyɛ kurow no ma no,” mfiase no “ɛyɛɛ no ahometew.” Nanso, ɔne wɔn rekasa wɔ Areopago asɛnnibea hɔ no, Paulo anyɛ biribiara ankyerɛ sɛ ne bo afuw. Mmom no, ɔne Atenefo no susuw nsɛm a na ɔne wɔn adwene hyia wɔ ho ho twee adwene sii afɔremuka bi a na wɔasi ama “Onyame Bi a Wonnim No” so, na ɔsan faa wɔn anwensɛm kyerɛwfo bi asɛm kae wɔ wɔn guabɔ no ase.—Asomafo Nnwuma 17:16-28.

9. Ɔkwan bɛn na Paulo faa so dii tebea biara ho dwuma bere a na ɔne atiefo a wofi mmeae ahorow rekasa no?

9 Bere a Paulo ne nnipa ahorow rekasa no, ɔfaa akwan ahorow a etu mpɔn so dii tebea biara ho dwuma. Wammu n’ani angu amammerɛ ne faako a na n’atiefo no fi a na anya wɔn so nkɛntɛnso no so. Bere a na ɔrekyerɛw krataa akɔma Kristofo a wɔwɔ Roma no, na onim yiye sɛ na wɔte ɔman a saa bere no na edi wiase aman nyinaa so tumi no ahenkurow mu. Asɛntitiriw a na ɛwɔ Paulo krataa a ɔde kɔmaa Kristofo a wɔwɔ Roma no mu ne sɛ, Kristo wɔ tumi a ɔde begye yɛn afi Adam bɔne mu. Ɔde nsɛm a na ebetumi aka Kristofo a na wɔwɔ Roma ne wɔn a wɔatwa wɔn ho ahyia no koma na ɛkasa kyerɛɛ wɔn.—Romafo 1:4; 5:14, 15.

10, 11. Ɔkwan bɛn na Paulo faa so maa ne mfatoho ahorow no faa n’atiefo ho? (Hwɛ asehɔ asɛm no nso.)

10 Dɛn na Paulo yɛe bere a ɔpɛe sɛ ɔkyerɛkyerɛ Bible mu nsɛm a emu dɔ mu kyerɛ n’atiefo no? Ná ɔsomafo no ho akokwaw wɔ sɛnea wɔde nneɛma a obiara nim na ɛnyɛ den sɛ wɔbɛte ase bɛyɛ mfatoho de akyerɛkyerɛ Kyerɛwnsɛm mu nsɛm a ɛyɛ den sɛ wɔbɛte ase mu. Sɛ nhwɛso no, na Paulo nim sɛ Romafo nim nkoasom ho nhyehyɛe a na ɛwɔ Roma Ahemman no mu no. Nokwarem no, ɛbɛyɛ sɛ na wɔn a ɔrekyerɛw wɔn no mu dodow no ara yɛ nkoa. Ɛno nti Paulo de nkoasom yɛɛ mfatoho de hyɛɛ asɛm a na ɔne wɔn resusuw ho sɛ obi betumi apaw sɛ ɔde ne ho bɛhyɛ bɔne anaa trenee ase no mu den.—Romafo 6:16-20.

11 Nhwehwɛmu nhoma bi ka sɛ, “Wɔ Romafo mu no, na akoa bi wura betumi ama wafa ne ho adi korakora anaasɛ akoa no ankasa betumi atua ne wura no ka na wafa ne ho adi. Ná akoa no wura betumi ama wafa ne ho adi denam onyame bi a ɔde no bɛma no so.” Ná akoa a wade ne ho no betumi akɔ so ayɛ adwuma ama ne wura de agye akatua. Ɛda adi sɛ eyi ho asɛm na na Paulo reka bere a ɔkae sɛ obi betumi apaw owura ko a ɔpɛ sɛ otie no, sɛ́ ɔbɛyɛ akoa ama bɔne anaa trenee no. Ná Kristofo a wɔwɔ Roma no ade wɔn ho afi bɔne ho ma afei de na wɔabɛyɛ Onyankopɔn nkoa. Enti na wɔwɔ ahofadi a wɔde bɛsom Onyankopɔn, nanso sɛ na wɔpɛ a, na wobetumi akɔ so ayɛ nkoa ama wɔn kan wura a ɔne bɔne no. Ná mfatoho a asete nyɛ den nanso wonim no yiye yi bɛka Kristofo a wɔwɔ Roma no ma wɔabisa wɔn ho sɛ, ‘Owura bɛn na meresom no?’ *

Paulo Nhwɛso a Yebesuasua

12, 13. (a) Mmɔden bɛn na ɛsɛ sɛ yɛbɔ nnɛ na ama yɛatumi adu yɛn atiefo a wɔn nsɛm tebea gu ahorow no komam? (b) Ɔkwan bɛn na woahyɛ no nsow sɛ sɛ wofa so ka asɛm no kyerɛ nnipa a wɔn nsɛm tebea gu ahorow a ɛsow aba?

12 Ɛsɛ sɛ yesusuw afoforo ho, yɛyɛ fakaa na yɛfa akwan horow so di tebea biara ho dwuma sɛnea Paulo yɛe no, na ama yɛatumi adu yɛn atiefo a wɔn nsɛm tebea gu ahorow no nyinaa koma mu. Nea ɛbɛyɛ na yɛaboa yɛn atiefo ma wɔate asɛmpa no ase no, ɛsɛ sɛ yɛkwati sɛ yɛbɛka asɛm no bi-ne-bi akyerɛ wɔn, asiesie asɛm bi akɔka akyerɛ wɔn anaa yebegyaw wɔn Bible ho nhoma ara kɛkɛ. Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden hu nea wohia ne nea ɛhaw wɔn, nea wɔpɛ ne nea wɔmpɛ, nea wosuro, ne nneɛma a wonni ho adwempa. Ɛwom sɛ egye mmɔdenbɔ ne nneɛma ho a wosusuw kɔ akyiri na ama yɛatumi ayɛ eyi de, nanso Ahenni adawurubɔfo a wɔwɔ wiase nyinaa de anigye reyɛ saa. Sɛ nhwɛso no, Yehowa Adansefo baa dwumadibea a ɛwɔ Hungary no bɔ amanneɛ sɛ: “Anuanom kyerɛ obu ma nkurɔfo a wofi aman foforo so no amammerɛ ne ɔkwan a wɔfa so bɔ wɔn bra, na wɔnhwɛ kwan sɛ ahɔho no besua Hungaryfo amammerɛ.” Adansefo a wɔwɔ mmeae foforo nso bɔ mmɔden yɛ saa ara.

13 Wɔ ɔman bi a ɛwɔ Asia Apuei fam no, ade a ehia nnipa pii a wɔwɔ hɔ ne akwahosan, mmofra ntetee ne nhomasua. Ahenni adawurubɔfo a wɔwɔ hɔ no ka eyinom ho asɛm mmom sen sɛ wɔbɛka nneɛma te sɛ wiase nsɛm tebea a ɛresɛe anaa asetra mu haw bebree ho asɛm wɔ asɛnka mu. Saa ara na adawurubɔfo a wɔwɔ kurow kɛse bi a ɛwɔ United States mu no ahyɛ no nsow sɛ nneɛma a ɛhaw nkurɔfo a wɔwɔ mpɔtam hɔ ne nyansakorɔn, kar a ɛkyere so wɔ akwan mu, ne nsɛmmɔnedi. Enti Adansefo no de saa nsɛm yi fi Bible mu nkɔmmɔbɔ ase ma ɛkɔ yiye. Bible akyerɛkyerɛfo a wɔn ho akokwaw hwɛ hu sɛ wɔbɛma nea wɔbɛka ho asɛm biara no ama wɔn atiefo no anya anidaso, wɔahyɛ wɔn nkuran, na wɔama wɔahu mfaso a ɛwɔ so sɛ wɔde Bible nnyinasosɛm bedi dwuma nnɛ, na afei wɔanya anidaso a ɛyɛ anigye a Onyankopɔn aka sɛ ɔde bɛma yɛn daakye no.—Yesaia 48:17, 18; 52:7.

14. Kyerɛkyerɛ sɛnea yebetumi asakrasakra yɛn nsɛm mu de adi tebea biara ho dwuma no mu.

14 Esiane sɛ nkurɔfo amammerɛ, wɔn nhomasua, ne wɔn som gu ahorow nti, mfaso wɔ so sɛ yɛbɛsakra ɔkwan a yɛfa so ka asɛm no mu. Ɛsɛ sɛ yehu sɛnea yɛne wɔn a wogye di sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ nanso wonnye Bible nni no bɛkasa na yehu sɛnea yɛne wɔn a wonnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ no nso bɛkasa. Ɛsɛ sɛ ɔkwan a yɛfa so ne wɔn a wosusuw sɛ nyamesom nhoma biara yɛ ade a wɔde daadaa nnipa no kasa no yɛ soronko wɔ sɛnea yɛne wɔn a wogye Bible nkyerɛkyerɛ di bɛkasa no ho. Ɛho hia nso sɛ yɛyɛ fakaa bere a yɛne nnipa a wɔn nhomasua gu ahorow rekasa no. Akyerɛkyerɛfo a wɔn ho akokwaw tumi ne nkurɔfo susuw nsɛm ho de mfatoho a ɛfata di tebea biara a wohyia ho dwuma.—1 Yohane 5:20.

Mmoa a Wɔde Ma Asomfo a Wɔyɛ Foforo

15, 16. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛtete asuafo a wɔyɛ foforo no?

15 Ná ɛnyɛ ɔkwan a Paulo bɛfa so ama ne nkyerɛkyerɛ atu mpɔn nkutoo na na ɛho hia no. Mmom no, ohui sɛ ehia sɛ ɔtete mmabun te sɛ Timoteo ne Tito ma wɔn nso bɛyɛ asɛmpakafo a wɔn ho akokwaw. (2 Timoteo 2:2; 3:10, 14; Tito 1:4) Saa ara na ɛho abehia denneennen nnɛ sɛ yɛma wɔtete yɛn na yɛn nso yɛtete afoforo.

16 Wɔ afe 1914 mu no, na Ahenni adawurubɔfo a wɔwɔ wiase nyinaa dodow bɛyɛ 5,000, nanso ɛnnɛ, nnipa bɛyɛ 5,000 na wɔbɔ wɔn asu dapɛn biara! (Yesaia 54:2, 3; Asomafo Nnwuma 11:21) Sɛ wɔn a wɔyɛ foforo no fi ase ne Kristofo asafo no bɔ na wɔka sɛ wɔpɛ sɛ wɔyɛ asɛnka adwuma no bi a, ɛsɛ sɛ yɛtete wɔn na yɛma wɔn akwankyerɛ. (Galatifo 6:6) Ɛho hia sɛ yɛfa ɔkwan a Owura Yesu faa so kyerɛkyerɛe no so kyerɛkyerɛ asuafo a wɔyɛ foforo no na yɛtete wɔn. *

17, 18. Yɛbɛyɛ dɛn atumi aboa adawurubɔfo a wɔyɛ foforo no ma wɔanya ahotoso wɔ asɛnka mu?

17 Ɛnyɛ sɛ Yesu huu nkurɔfokuw bi a ara pɛ na waka akyerɛ n’asomafo no sɛ wɔne wɔn nkɔkasa. Nea edi kan no, osii nea enti ɛsɛ sɛ wɔyɛ asɛnka adwuma no so dua, na ɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔmmɔ wɔn som adwuma no ho mpae daa. Afei, ɔyɛɛ nhyehyɛe abiɛsa bi maa wɔn: ɔhokafo a wɔne no bɛyɛ asɛnka adwuma, asasesin a wɔbɛyɛ mu adwuma, ne asɛm a wɔbɛka. (Mateo 9:35-38; 10:5-7; Marko 6:7; Luka 9:2, 6) Yɛn nso yebetumi ayɛ saa ara. Sɛ́ ebia yɛreboa yɛn ankasa ba, osuani foforo, anaa obi a wagyae asɛnka adwuma no akyɛ no, ɛbɛyɛ nea ɛfata sɛ yɛbɔ mmɔden fa saa kwan yi so tete no.

18 Wɔn a wɔyɛ foforo no hia mmoa a ɛfata na ama wɔatumi anya ahotoso de aka Ahenni nkrasɛm no. So wubetumi aboa wɔn ma wɔasiesie asɛm bi a ne ka nyɛ den na ɛtɔ asom? Sɛ wo ne wɔn kɔ asɛnka a, di kan kasa wɔ ofie a edi kan no mu ma wɔnhwɛ na wonsua wo. Wubetumi adi Gideon a ɔkaa eyi kyerɛɛ n’akofofo no nhwɛso no akyi: “Monhwɛ me, na monyɛ sɛ meyɛ.” (Atemmufo 7:17) Ɛno akyi no ma ɔdawurubɔfo foforo no nso nkasa bi. Fi ɔdɔ mu kamfo wɔn a wɔyɛ foforo no wɔ wɔn mmɔdenbɔ ho, na afei ma wɔn nyansahyɛ tiawa bi a ɛbɛma wɔatu mpɔn wɔ bere a ɛfata mu.

19. Dɛn na woasi wo bo sɛ wobɛyɛ bere a worebɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ wo som adwuma pɛpɛɛpɛ no?

19 Nea ɛbɛyɛ na ‘yɛayɛ yɛn som adwuma no pɛpɛɛpɛ’ no, ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ fakaa wɔ ɔkwan a yɛfa so kasa kyerɛ nkurɔfo no mu na yɛtete asomfo a wɔyɛ foforo no nso ma wɔyɛ saa ara. Sɛ yesusuw botae a esi yɛn ani so a ɛne sɛ yɛbɛma afoforo anya Onyankopɔn ho nimdeɛ a ɛma daa nkwa no ho a, ɛma yegye tom sɛ ɛfata sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara ‘yɛ biribiara ma nnipa ahorow nyinaa, na ɛyɛ dɛn ara a, yebegye ebinom nkwa.’—2 Timoteo 4:5; 1 Korintofo 9:22.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 5 Sɛ wopɛ su a ɛte saa a Paulo daa no adi wɔ ne som adwuma no mu no ho nhwɛso a, hwɛ Asomafo Nnwuma 13:9, 16-42; 17:2-4; 18:1-4; 19:11-20; 20:34; Romafo 10:11-15; 2 Korintofo 6:11-13.

^ nky. 11 Saa ara nso na bere a Paulo rekyerɛkyerɛ abusuabɔ a ɛda Onyankopɔn ne ne “mma” a wɔde honhom asra wɔn ntam no, ɔde mmara kwan so asɛm bi a na n’akenkanfo a wɔwɔ Roma Ahemman no nim yiye dii dwuma. (Romafo 8:14-17) Nhoma bi a wɔfrɛ no St Paul at Rome (Ɔhotefo Paulo Wɔ Roma) ka sɛ, “Ná abagye ka Romafo amammerɛ ho, na sɛ Romani ka n’abusua ho asɛm a, na wɔn a wagye wɔn ne wɔn te nso ka ho bi.”

^ nky. 16 Mprempren yi, wɔayɛ Akwampaefo Boa Afoforo ho nhyehyɛe wɔ Yehowa Adansefo asafo ahorow nyinaa mu. Wɔnam saa kwan yi so ma bere nyinaa asomfo a wɔn ho akokwaw tete adawurubɔfo a wɔn ho nkokwawee papa no.

So Wokae?

• Akwan bɛn so na yebetumi asuasua Paulo wɔ yɛn som adwuma mu?

• Nsrakrae bɛn na ebehia sɛ yɛyɛ wɔ yɛn nsusuwii mu?

• Yɛbɛyɛ dɛn atumi ama asɛm a yɛka no ayɛ nea ɛma nkurɔfo nya anidaso?

• Dɛn na asomfo a wɔyɛ foforo hia na ama wɔanya ahotoso?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 29]

Ná ɔsomafo Paulo susuw afoforo ho, na ɔyɛ fakaa, na ɔfaa akwan ahorow so kaa asɛm no, na ɔkyerɛkyerɛe

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 31]

Yesu yɛɛ nhyehyɛe abiɛsa bi maa n’asuafo no: ɔhokafo a wɔne no bɛyɛ asɛnka adwuma, asasesin a wɔbɛyɛ mu adwuma, ne asɛm a wɔbɛka

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 28]

Paulo nam ne nsɛm mu a ɔsakrae so tumi kaa asɛm no kyerɛɛ atiefo a wɔn nsɛm tebea gu ahorow

[Mfonini wɔ kratafa 30]

Asɛmpakafo a wɔn ho akokwaw susuw wɔn atiefo amammerɛ ho

[Mfonini wɔ kratafa 31]

Asɛmpakafo a wɔyɛ fakaa boa wɔn a wɔyɛ foforo ma wosiesie wɔn ho ma asɛnka adwuma no