Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nnipa A “Wofi Amanaman Kasa Nyinaa Mu” Te Asɛmpa No

Nnipa A “Wofi Amanaman Kasa Nyinaa Mu” Te Asɛmpa No

Nnipa A “Wofi Amanaman Kasa Nyinaa Mu” Te Asɛmpa No

‘Mmarima du a wofi amanaman kasa nyinaa mu bɛka sɛ: Yɛne mo bɛkɔ, na yɛate sɛ Onyankopɔn ne mo na ɛte.’—Sakaria 8:23.

1. Ɛyɛɛ dɛn na Yehowa ma wonyaa bere ne tebea a ɛfata ma wɔhyɛɛ Kristosom ase na wɔkaa asɛm no kyerɛɛ nnipa a wɔka kasa ahorow a wɔwɔ aman nyinaa mu?

NÁ BERE ne tebea no fata paa. Na ɛda no yɛ Pentekoste 33 Y.B. mu. Adapɛn bi a na atwam no, na Yudafo ne wɔn a wɔasakra abɛyɛ Yudafo a wofi amantam bɛyɛ 15 a ɛwɔ Roma Ahemman no mu ne mmeae afoforo abɛhyɛ Yerusalem ma rebedi Twam afahyɛ no. Saa da no, wɔn mu pii tee sɛ nnipa mpapahwekwaa a honhom kronkron ahyɛ wɔn ma reka asɛmpa no wɔ kasa pii a wɔka wɔ ahemman no mu mu, a na ɛnyɛ sɛ wɔayɛ wɔn kasa basabasa sɛnea wɔyɛe wɔ tete Babel no, mmom no, obiara tee nea wɔkae no ase. (Asomafo Nnwuma 2:1-12) Saa bere no na wɔhyɛɛ Kristofo asafo no ase na wofii ase kaa asɛm no kyerɛɛ nnipa a wɔka kasa ahorow a wɔwɔ aman nyinaa mu a atoa so abesi nnɛ da yi.

2. Dɛn na Yesu asuafo no yɛe a ɛmaa wɔn atiefo a wofi mmeaemmeae no ho ‘dwiriw’ wɔn wɔ Pentekoste 33 Y.B. mu?

2 Ɛbɛyɛ sɛ na Yesu asomafo no tumi ka Hela kasa a na nnipa pii ka no, na ɛno ne kasa a na wɔka no kɛse saa bere no. Na wɔsan nso ka Hebri, kasa a na wɔka wɔ asɔrefie hɔ no. Nanso, wɔ Pentekoste da no, wɔkaa atiefo a na wofi mmeaemmeae no biara kurom kasa maa wɔn ho “dwiriw” wɔn. Dɛn na efii mu bae? Nokwasɛm atitiriw a atiefo no tee wɔ wɔn kurom kasa mu no kaa wɔn koma. Ewiee ase no, ná asuafo a wɔyɛ kakraa bi no abɛyɛ bebree ma wɔn dodow boro 3,000!—Asomafo Nnwuma 2:37-42.

3, 4. Ɛyɛɛ dɛn na asɛnka adwuma no mu trɛwee bere a asomafo no tu fii Yerusalem, Yudea, ne Galilea no?

3 Wɔ saa asɛntitiriw no akyi bere tiaa bi no, ɔtaa pii kɔɔ so wɔ Yerusalem, na “wɔn a wɔbɔ hwetee no kyinii asase no so kaa asɛmpa no.” (Asomafo Nnwuma 8:1-4) Sɛ nhwɛso no, yɛkenkan Filipo a ɛda adi sɛ na ɔyɛ ɔsɛmpakafo a ɔka Hela kasa no ho asɛm wɔ Asomafo Nnwuma ti 8. Filipo kaa asɛm no kyerɛɛ Samariafo. Ɔsan nso kaa asɛm no kyerɛɛ Etiopiani piani a ogyee Kristo ho asɛm dii no.—Asomafo Nnwuma 6:1-5; 8:5-13, 26-40; 21:8, 9.

4 Bere a Kristofo no tu fii Yerusalem, Yudea, ne Galilea na wɔkɔhwehwɛɛ baabi trae no, wohyiaa nnipa a wofi mmusua foforo mu a na wɔnte wɔn kasa. Ɛbɛyɛ sɛ wɔn mu binom dii Yudafo nkutoo adanse. Nanso osuani Luka bɔ amanneɛ sɛ: “Kiprofo ne Kirenefo bi wɔ wɔn mu a wɔaba Antiokia, na wofii ase ne wɔn a wɔka Hela kasa no kasae kaa Awurade Yesu ho asɛmpa.”—Asomafo Nnwuma 11:19-21.

Onyankopɔn a Ɔnhwɛ Nnipa Anim Wɔ Asɛm Bi Ma Nnipa Nyinaa

5. Yɛyɛ dɛn hu sɛ Yehowa nhwɛ nnipa anim wɔ asɛmpa no ka mu?

5 Asɛm no a wɔkaa no saa kwan no so ne Onyankopɔn akwan hyia; Onyankopɔn nhwɛ nnipa anim. Bere a Yehowa boaa ɔsomafo Petro ma onyaa amanaman mufo ho adwempa akyi no, Petro fi anisɔ mu kae sɛ: “Nokwasɛm ni, mahu sɛ Onyankopɔn nhwɛ nnipa anim, na mmom ɔman biara mu no onipa a osuro no na ɔyɛ adetrenee no, ogye no tom.” (Asomafo Nnwuma 10:34, 35; Dwom 145:9) Bere a ɔsomafo Paulo a kan no na ɔtan Kristofo no ka faa Onyankopɔn ho sɛ “ɔpɛ sɛ wogye nnipa ahorow nyinaa” no, ɔde saa asɛm no sii so dua sɛ Onyankopɔn nhwɛ nnipa anim. (1 Timoteo 2:4) Nnipa anim a Ɔbɔadeɛ no nhwɛ no da adi efisɛ ɔma nnipa nyinaa nya Ahenni anidaso no bi ɛmfa ho sɛ wɔyɛ mmarima anaa mmea, abusua ko a wofi mu, ɔman ko a wofi mu, anaa kasa ko a wɔka no.

6, 7. Bible mu nkɔmhyɛ ahorow bɛn na ɛkyerɛe sɛ wɔbɛka asɛmpa no wɔ aman nyinaa ne kasa ahorow mu?

6 Wodii kan ka too hɔ mfe pii sɛ wɔbɛka asɛmpa no wɔ aman nyinaa mu. Sɛnea Daniel nkɔmhyɛ no kyerɛ no, “wɔde tumi ne anuonyam ne ahenni maa [Yesu] ma aman, nkurɔfo ne ɔkasa ahorow nyinaa som no.” (Daniel 7:14) Nsɛmma nhoma yi a wotintim wɔ kasa ahorow 151 mu, na wɔkyekyɛ wɔ wiase nyinaa a ɛma wutumi kenkan Yehowa Ahenni no ho ade no kyerɛ sɛ, saa Bible mu nkɔmhyɛ no anya ne mmamu.

7 Bible ka too hɔ sɛ bere bi bɛba a, nnipa a wɔka kasa ahorow nyinaa bɛte Bible mu nsɛm a egye nkwa no. Bere a Sakaria rekyerɛkyerɛ sɛnea nnipa pii bɛba nokware som mu no, ɔhyɛɛ nkɔm sɛ: ‘Nna no mu na mmarima du a wofi amanaman kasa nyinaa mu besuso Yudani [Kristofo a wɔasra wɔn a wɔka “Onyankopɔn Israel no” ho] biako atade mmuano mu aka sɛ: Yɛne mo bɛkɔ, na yɛate sɛ Onyankopɔn ne mo na ɛte.’ (Sakaria 8:23; Galatifo 6:16) Na bere a ɔsomafo Yohane nso reka nea ohui wɔ anisoadehu bi mu ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Hwɛ! nnipakuw kɛse bi a obiara ntumi nkan wɔn, a wofi amanaman ne mmusuakuw ne nnipa ne kasa nyinaa mu, gyinagyina ahengua no ne Oguammaa no anim.” (Adiyisɛm 7:9) Yɛahu sɛ saa nkɔmhyɛ ahorow no renya ne mmamu!

Wɔka Asɛm no Kyerɛ Nnipa Ahorow Nyinaa

8. Ade a ɛrekɔ so nnɛ bɛn na ama ɛho abehia sɛ yɛyɛ nsakrae wɔ yɛn asɛnka adwuma no mu?

8 Ɛnnɛ nnipa pii tu fi mmeae a wɔte kɔ mmeae foforo. Aguadi a ɛkɔ so wɔ amanaman ntam abue kwan ma nkurɔfo tumi fi wɔn man mu kɔ ɔman foforo so. Nnipa pii a wɔtete mmeae a wɔredi ako ne mmeae a wodi hia atu akɔtra mmeae a asomdwoe wɔ rehwehwɛ asetra a ɛbɛma wɔanya wɔn ho wɔ honam fam. Wɔ aman pii so no, atukɔfo ne aguanfo pii ama wɔanya nkurɔfo a ɛsono kasa a wɔka atrae pii wɔ wɔn mu. Sɛ nhwɛso no, wɔka kasa bɛboro 120 wɔ Finland; wɔ Australia nso wɔka kasa bɛboro 200. Wɔ United States kurow, San Diego nkutoo mu no, wɔka kasa bɛboro 100!

9. Ɛsɛ sɛ yebu nkurɔfo a wɔka kasa foforo a yehyia wɔn wɔ yɛn asasesin mu no dɛn?

9 So yɛn a yɛyɛ Kristofo asomfo no bu saa nkurɔfo a wɔka kasa ahorow a yehyia wɔn no sɛ wɔyɛ ɔhaw ma yɛn asɛnka adwuma no? Dabida! Mmom no, yebu nnipa a wɔte saa a yehyia wɔn no sɛ hokwan a ɛyɛ anigye a ɛbɛma yɛatrɛw yɛn asɛnka adwuma no mu wɔ asasesin no mu, a ɛkyerɛ sɛ ‘mfuw no ahoa sɛ wotwa.’ (Yohane 4:35) Yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛboa nnipa a wonim wɔn honhom mu ahiade no ɛmfa ho ɔman a wofi mu anaa kasa a wɔka no. (Mateo 5:3) Ne saa nti, nnipa pii a wofi ‘kasa nyinaa’ mu na wɔbɛyɛ Kristo asuafo afe biara. (Adiyisɛm 14:6) Sɛ nhwɛso no, wɔ August 2004 mu no, na wɔyɛ asɛnka adwuma no wɔ kasa bɛyɛ 40 mu wɔ Germany. Wɔ saa bere koro no ara mu no, na wɔka asɛmpa no wɔ kasa bɛyɛ 30 mu wɔ Australia, nanso wɔ mfe du pɛ a atwam mu no na wɔka asɛm no wɔ kasa 18 mu. Wɔ Greece no, na Yehowa Adansefo reka asɛm no kyerɛ nkurɔfo wɔ kasa bɛyɛ 20 mu. Wɔ wiase nyinaa no, Yehowa Adansefo bɛyɛ ɔha biara mu 80 na wɔnka Engiresi kasa a ɛyɛ kasa a wɔka wɔ aman pii so no.

10. Dwuma bɛn na ankorankoro a wɔyɛ adawurubɔfo di de yɛ nnipa a wɔwɔ “aman nyinaa” mu asuafo?

10 Nokwarem no, wɔredi Yesu ahyɛde a ɛne sɛ ‘monyɛ aman nyinaa m’asuafo’ no ho dwuma! (Mateo 28:19) Yehowa Adansefo de anigye reyɛ saa adwuma no wɔ nsase 235 so na wɔrekyekyɛ nhoma wɔ kasa bɛboro 400 mu. Bere a Yehowa ahyehyɛde no de nneɛma a ehia na ama yɛadi nkurɔfo adanse ma no, ɛsɛ sɛ Ahenni dawurubɔfo biara fi ne pɛ mu ka Bible mu asɛm no kyerɛ “nnipa ahorow nyinaa” wɔ kasa a wɔbɛte ase paa mu. (Yohane 1:7) Mmɔden a yɛn nyinaa bom de yɛ eyi no ma nnipa ɔpepepem pii a wɔka kasa ahorow no nya asɛmpa no so mfaso. (Romafo 10:14, 15) Yiw, yɛn mu biara di dwuma titiriw bi!

Nea Yɛyɛ De Di Nsɛnnennen no Ho Dwuma

11, 12. (a) Nsɛnnennen bɛn na ɛsɛ sɛ yedi ho dwuma, na ɔkwan bɛn so na honhom kronkron no boa yɛn? (b) Dɛn nti na mpɛn pii no nkurɔfo kurom kasa a yɛde bɛka asɛm no akyerɛ wɔn no so wɔ mfaso?

11 Ɛnnɛ, Ahenni adawurubɔfo pii bɛpɛ sɛ wosua kasa foforo, nanso wonni Onyankopɔn honhom akyɛde a wɔde yɛ anwonwade a wɔde ka kasa foforo no bi. (1 Korintofo 13:8) Kasa foforo sua yɛ den yiye. Ebia ɛho behia sɛ wɔn a wɔka kasa foforo ka wɔn kurom kasa ho dedaw no sakra wɔn nsusuwii ne ɔkwan a wɔfa so ka asɛm no mu, sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛma nkurɔfo a wɔka saa kasa no nanso ɛsono wɔn amammerɛ ne sɛnea wɔtetee wɔn no ani begye Bible mu asɛm no ho. Afei nso, ehu taa ka atukɔfo a wɔyɛ foforo, na wɔfɛre ade nso; enti egye mmɔdenbɔ kɛse na ama wɔate sɛnea wosusuw nneɛma ho no ase.

12 Nanso, honhom kronkron no da so ara yɛ adwuma wɔ Yehowa asomfo mu wɔ mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔbɛboa nnipa a wɔka kasa foforo no. (Luka 11:13) Sɛ́ anka honhom kronkron no bɛma yɛafa anwonwakwan so aka kasa foforo no, ebetumi ama yɛanya ɔpɛ a emu yɛ den sɛ yɛbɛka asɛm no akyerɛ nnipa a yɛnte wɔn kasa no mmom. (Dwom 143:10) Sɛ yɛka Bible mu asɛm kyerɛ nkurɔfo anaa yɛkyerɛkyerɛ wɔn wɔ kasa a wɔnte no yiye mu a, ebia wɔbɛte ase. Nanso, sɛ wobɛka asɛm ma aka w’atiefo koma a, mpɛn pii no, ɛyɛ papa sɛ wobɛka wɔn kurom kasa. Ɛno ne kasa a wɔte a ɛma wɔn koma tɔ wɔn yam, ɛma wɔn ani gye, na ɛma wonya anidaso.—Luka 24:32.

13, 14. (a) Dɛn na ɛka ebinom ma wɔkɔka asɛm no wɔ kasa foforo mu? (b) Yɛyɛ dɛn hu ahofama a ebinom da no adi no?

13 Sɛ Ahenni adawurubɔfo pii hu sɛ nkurɔfo a wɔwɔ ɔman foforo so ani gye Bible mu nokware no ho a, wotu kɔtra hɔ yɛ asɛnka adwuma no. Adawurubɔfo afoforo nso fam no, sɛ wonya pii yɛ wɔ asɛnka adwuma no mu na wɔn ani gye a, ɛhyɛ wɔn den. Yehowa Adansefo baa dwumadibea bi a ɛwɔ Europa anafo fam ka sɛ, “Nokware no ho sukɔm de nnipa pii a wɔwɔ Europa Apuei fam no.” Hwɛ sɛnea ɛyɛ anigye sɛ yɛbɛboa saa nnipa komapafo no!—Yesaia 55:1, 2.

14 Nanso, sɛ yɛbɛyɛ adwuma yi ma asow aba a, ehia sɛ yemia yɛn ani na yenya ahofama. (Dwom 110:3) Sɛ nhwɛso no, Japanfo mmusua pii atu afi wɔn afie a ahotɔ wom a ɛwowɔ nkurow akɛse mu akɔtra nkuraase reboa Chinafo atukɔfo akuw ahorow ma wɔate Bible no ase. Wɔ United States atɔe fam mpoano no, adawurubɔfo taa de kar twa nnɔnhwerew biako kosi mmienu kwan ne Philippinesfo kɔyɛ Bible adesua. Awarefo bi a wɔwɔ Norway ne abusua bi a wofi Afghanistan sua ade. Adansefo a wɔyɛ awarefo no de Dɛn na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ? * nhomawa no a ɛwɔ Engiresi kasa ne Norway kasa mu na ɛyɛ adesua no. Abusua no kenkan nhomawa no nkyekyɛm wɔ Persia kasa a ɛte sɛ wɔn kurom kasa Dari no mu. Wɔbɔ nkɔmmɔ no wɔ Engiresi ne Norway kasa mu. Sɛ wɔn a wɔka kasa foforo no tie asɛmpa no a, ɛma wɔn a wɔda ahofama adi na wɔyɛ nsakrae a ɛte saa no ani gye paa. *

15. Ɛbɛyɛ dɛn na yɛn nyinaa atumi abɔ mmɔden aka asɛm no wɔ kasa ahorow mu?

15 So wubetumi aka asɛm no wɔ kasa ahorow no bi mu? Dɛn nti na wumfi ase nhwehwɛ sɛ wubehu kasa foforo a wɔka no kɛse wɔ w’asasesin mu? Afei wubetumi de nkratawa ne nhomawa a ɛwɔ saa kasa ahorow no mu aka wo ho akɔ asɛnka. Wɔde Good News for People of All Nations, (Asɛmpa ma Nnipa a Wofi Aman Nyinaa Mu) nhomawa a woyii no adi wɔ afe 2004 mu no redi dwuma kɛse retrɛw Ahenni anidaso no mu esiane sɛ emu nsɛm no asete nyɛ den, ɛhyɛ nkuran, na ɛwɔ kasa pii mu nti.—Hwɛ asɛm a ɛwɔ “Good News for People of All Nations,” kratafa 32 no.

“Ahɔho a Yɛbɛdɔ Wɔn”

16. Ɔkwan bɛn so na wɔn a wodi anim wɔ asafo no mu betumi de nneɛma abɔ afɔre aboa wɔn a wɔka amannɔne kasa no?

16 Sɛ́ yebesua kasa foforo anaa yɛrensua no, yɛn nyinaa betumi aboa wɔ Bible no a yɛde bɛkyerɛkyerɛ ahɔho a wɔtete yɛn mpɔtam hɔ no mu. Yehowa ka kyerɛɛ ne nkurɔfo sɛ ‘wɔnnɔ ahɔho.’ (Deuteronomium 10:18, 19) Sɛ nhwɛso no, asafo ahorow anum na wohyiam wɔ Ahenni Asa koro so wɔ Amerika Atifi fam kurow kɛse bi mu. Sɛ wɔsesaa bere a wɔde yɛ asafo nhyiam no afe biara sɛnea ɛkɔ so wɔ Ahenni Asa pii so no a, anka bere a Chinafo de yɛ wɔn asafo nhyiam Kwasida no bɛkɔ akɔhyɛ anwummere. Nanso, anka eyi bɛkyerɛ sɛ Chinafo atukɔfo pii a wɔyɛ adwuma wɔ adidibea ahorow no rentumi nkɔ asafo nhyiam no bi. Mpanyimfo a wɔwɔ asafo afoforo a wohyiam wɔ asa no so fi ayamye mu yɛɛ nsakrae wɔ bere a wɔde kɔ wɔn nhyiam no mu sɛnea ɛbɛyɛ a Chinafo no betumi ayɛ wɔn nhyiam no ntɛm Kwasida biara.

17. Sɛ ebinom si gyinae sɛ wɔbɛkɔ akɔboa kuw bi a wɔka kasa foforo a, ɛsɛ sɛ yɛte nka dɛn wɔ ho?

17 Ahwɛfo a wɔwɔ dɔ kamfo anuanom a wɔfata na wɔn ho akokwaw a wɔpɛ sɛ wɔkɔboa akuw a wɔka kasa foforo no. Asafo no betumi ahwere mmoa a saa Bible akyerɛkyerɛfo a wɔn ho akokwaw no de ma wɔn no de, nanso ahwɛfo no te nka te sɛ nea na mpanyimfo a wɔwɔ Listra ne Ikoniom tee nka no ara pɛ. Saa mpanyimfo no ansiw Timoteo kwan sɛ wɔremma ɔne Paulo nnkɔ, ɛmfa ho mpo sɛ na Timoteo boa wɔn asafo ahorow no paa no. (Asomafo Nnwuma 16:1-4) Bio nso, wɔn a wodi asɛnka adwuma no anim no mma adwene a nkurɔfo kura wɔ asɛmpa no ho, wɔn amammerɛ, anaa sɛnea ahɔho yɛ wɔn ade no nsiw wɔn adwuma no kwan. Mmom no, esiane asɛmpa no nti, wogyina tebea ahorow no nyinaa ano, na wɔhwehwɛ akwan a wɔbɛfa so ne nnipa a wɔte saa no anya abusuabɔ pa.—1 Korintofo 9:22, 23.

18. Dwumadi kɛse bi pon bɛn na wɔabue ama yɛn nyinaa?

18 Sɛnea wɔhyɛɛ nkɔm no, wɔreka asɛmpa no wɔ “amanaman . . . kasa nyinaa mu.” Anidaso wɔ hɔ sɛ nnipa pii a wɔka amannɔne kasa betumi abegye nokware no. Adawurubɔfo mpempem pii a wotumi di tebea ahorow ho dwuma ahyɛn “dwumadi kɛse bi pon” yi mu. (1 Korintofo 16:9) Nanso, pii ho hia na ama yɛatumi aka asɛm akyerɛ nnipa a wɔka amannɔne kasa no sɛnea asɛm a edi hɔ no bɛma yɛahu no.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 14 Yehowa Adansefo na wotintimii.

^ nky. 14 Sɛ wopɛ ɛho nhwɛso foforo a, hwɛ “Nneɛma Kakra a Yɛde Bɔɔ Afɔre No Maa Yenyaa Nhyira Pii” wɔ April 1, 2004, Ɔwɛn-Aban no kratafa 24-8 mu.

So Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?

• Yɛbɛyɛ dɛn atumi asuasua Yehowa a yɛrenhwɛ nnipa biara anim?

• Ɛsɛ sɛ yebu nkurɔfo a wɔwɔ yɛn asasesin mu a wɔnka yɛn kasa no dɛn?

• Dɛn nti na mfaso wɔ so sɛ yɛbɛka asɛm no akyerɛ nkurɔfo wɔ wɔn kurom kasa mu?

• Yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ yedwen ahɔho a wɔwɔ yɛn mu no ho?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Asase mfonini/Mfonini wɔ kratafa 23]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

Roma

ASIA

KRETA

LIBIA

FRIGIA

PAMFILIA

Yerusalem

YUDEA

MISRAIM

PONTO

KAPADOKIA

MESOPOTAMIA

MEDIA

ELAM

ARABIA

PARTI

[Nsu ahorow]

Mediterranea Po

Ɛpo Tuntum

Ɛpo Kɔkɔɔ

Persia Po

[Mfonini]

Wɔ Pentekoste 33 Y.B. mu no, nnipa a wofi Roma Ahemman no amantam 15 mu ne mmeae afoforo tee asɛmpa no wɔ wɔn kurom kasa ahorow mu

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 24]

Nnipa pii a wofi amannɔne tie Bible mu nokware no paa

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 25]

Kasa horow anum a wɔyɛ asafo nhyiam wom wɔ Ahenni Asa bi so