Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɛnnɛ Ne Bere A Ɛsɛ Sɛ Wokeka Wo Ho

Ɛnnɛ Ne Bere A Ɛsɛ Sɛ Wokeka Wo Ho

Ɛnnɛ Ne Bere A Ɛsɛ Sɛ Wokeka Wo Ho

Da bɛn na mubehinhim nsɛm abien ntam akosi?”—1 AHENE 18:21.

1. Dɛn na ɛma yɛn mmere yi yɛ soronko koraa wɔ mmere a atwam no ho?

WUGYE di sɛ Yehowa ne nokware Nyankopɔn koro no? Wugye di nso sɛ Bible nkɔmhyɛ kyerɛ sɛ yɛn mmere yi ne Satan wiase bɔne no “nna a edi akyiri”? (2 Timoteo 3:1) Sɛ wugye di a, ɛnde wubegye atom sɛ ɛnnɛ paa ne bere a ehia sɛ wokeka wo ho. Ɛmmaa saa da sɛ nnipa pii nkwa da asiane mu sɛnea ɛte nnɛ yi.

2. Dɛn na ɛkɔɔ so wɔ Israel mmusuakuw du ahemman no mu bere a na Ɔhene Ahab di ade no?

2 Wɔ afeha a ɛto so du A.Y.B. mu no, na ehia sɛ Israel man no si aniberesɛm bi ho gyinae. Ná ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ nea wɔbɛsom no. Ɔhene Ahab dii ne yere bosonsomni Isebel akyi maa Baalsom kɔɔ so wɔ Israel mmusuakuw du ahemman no mu. Ná Baal yɛ onyame bi a wobu no sɛ ɔtɔ osu na ɔma nnɔbae ba. Ɛte sɛ nea na Baal asomfo pii yɛ amanne ma wɔn nyame no honi anaa wɔkotow no. Sɛ Baal asomfo pɛ sɛ ohyira wɔn nnɔbae ne wɔn nyɛmmoa so a, na wotumi ne asɔrefie nguaman yɛ nna mu adapaade. Wɔn amanne biako nso ne sɛ na wɔde ade twitwa wɔn ho ma mogya gu wɔn.—1 Ahene 18:28.

3. Baalsom kaa Onyankopɔn nkurɔfo dɛn?

3 Ɛkaa Israelfo bɛyɛ 7,000 a wɔamfa wɔn ho anhyɛ ahonisom, ɔbrasɛe, ne atirimɔdensɛm yi mu. (1 Ahene 19:18) Wɔansɛe apam a na ɛda wɔne Yehowa Nyankopɔn ntam no, na ɛma wohyiaa ɔtaa. Emu biako ne sɛ Ɔhemmaa Isebel kunkum Yehowa adiyifo pii. (1 Ahene 18:4, 13) Esiane sɛ na nneɛma nkɔ yiye nti, Israelfo fã kɛse no ara som Yehowa san som Baal, pɛe sɛ wɔsɔ wɔn baanu nyinaa ani. Nanso Yehowa akyi a Israelni befi akɔsom atoro nyame no kyerɛ sɛ wawae. Ná Yehowa ahyɛ Israelfo bɔ sɛ, sɛ wɔkyerɛ sɛ wɔdɔ no na wodi ne mmara so a, obehyira wɔn. Nanso, ɔbɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ, sɛ wɔansom ɔno nkutoo sɛ “Onyankopɔn ninkufo” a, ɔbɛsɛe wɔn pasaa wɔn.—Deuteronomium 5:6-10; 28:15, 63.

4. Dɛn na Yesu ne n’asomafo no hyɛɛ nkɔm sɛ ɛbɛkɔ so wɔ Kristoman mu, na mmamu bɛn na anya?

4 Saa ara na nneɛma te wɔ Kristoman mu nnɛ. Asɔrefo de wɔn ano ka sɛ wɔyɛ Kristofo, nanso dapɔnna a wodi, wɔn suban, ne nea wogye di, ne Bible nkyerɛkyerɛ nhyia. Kristoman asɔfo asuasua Isebel, na wɔn na wɔagye agyina mu retaa Yehowa Adansefo. Ade foforo a Kristoman asɔfo ayɛ fi teteete ne sɛ wɔaboa akodi, ma enti yebetumi aka sɛ wɔka ho bi na asɔrefo mpempem pii awuwu. Bible kyerɛ sɛ, sɛ asɔre de ne ho gyigye wiase nniso mu saa a, ɛyɛ aguamammɔ wɔ sɛnkyerɛnne kwan so. (Adiyisɛm 18:2, 3) Bio nso Kristoman akɔ so de wɔn suban akyerɛ sɛ aguamammɔ nyɛ hwee, ma enti wɔn asɔfo mpo yɛ bi. Yesu Kristo ne n’asomafo no hyɛɛ nnipa pii a wɔbɛdan awaefo no ho nkɔm. (Mateo 13:36-43; Asomafo Nnwuma 20:29, 30; 2 Petro 2:1, 2) Dɛn na ɛbɛto nnipa bɛboro ɔpepepem biako a wɔwɔ Kristoman mu no? Afei nso dɛn na ɛsɛ sɛ Yehowa asomfo anokwafo yɛ de boa saa nnipa yi ne afoforo a atorosom afura wɔn ani no nyinaa? Sɛ yesusuw nsɛm akɛse a esisii a awiei koraa no ɛma ‘wɔsɛee Baal fii Israel’ no ho a, ɛbɛma yɛanya saa nsɛmmisa no ho mmuae a emu da hɔ.—2 Ahene 10:28.

Onyankopɔn Da Ɔdɔ Adi Kyerɛ ne Nkurɔfo a Wɔawae

5. Dɛn na Yehowa yɛ de kyerɛe sɛ ɔdɔ ne nkurɔfo a na wɔawae no?

5 Ɛnyɛ nea Yehowa Nyankopɔn pɛ ne sɛ ɔbɛtwe n’asomfo a wɔyɛ asoɔden no aso. Ɔyɛ Agya a ɔdɔ ne mma, enti ɔpɛ sɛ adebɔneyɛfo sakra na wɔsan ba ne nkyɛn. (Hesekiel 18:32; 2 Petro 3:9) Yehowa daa no adi saa, bere a ɔmaa adiyifo pii a wɔtraa ase wɔ Ahab ne Isebel bere so bɔɔ ne nkurɔfo kɔkɔ sɛ Baalsom bewie wɔn bɔne no. Adiyifo no mu baako ne Elia. Ɔkɔm kɛse bi a na wɔadi kan ahyɛ ho nkɔm sii, na ɛno akyi no, Elia ka kyerɛɛ Ɔhene Ahab sɛ ɔmmɔ gua mma Israelfo ne Baal adiyifo mmehyiam wɔ Karmel Bepɔw so.—1 Ahene 18:1, 19.

6, 7. (a) Ɔkwan bɛn so na Elia kyerɛɛ nea ɛmaa Israelfo no bɛyɛɛ awaefo no mu? (b) Dɛn na Baal adiyifo no yɛe? (d) Dɛn na Elia yɛe?

6 Wobehyiae wɔ baabi a bere bi na Yehowa afɔremuka si nanso Isebel nti na ‘wɔabubu’ no no. (1 Ahene 18:30) Nea ɛyɛ awerɛhow ne sɛ, ná Israelfo a wɔabehyiam no ntumi nhu sɛ Yehowa na obetumi atɔ osu a na wohia denneennen no ama wɔn anaasɛ Baal. Ná Baal adiyifo no yɛ 450, nanso na Elia nkutoo ne Yehowa diyifo a ɔwɔ hɔ. Nea ɛbɛyɛ na wɔahu nea ɛkɔfaa ɔhaw no bae no, Elia bisaa wɔn sɛ: “Da bɛn na mubehinhim nsɛm abien ntam akosi?” Afei ɔde pem wɔn sɛ: “Sɛ [Yehowa, NW] ne Nyankopɔn a, munni n’akyi: sɛ Baal nso a, munni n’akyi ɛ!” Ná Elia pɛ sɛ ɔboa Israelfo a na wontumi nsi wɔn adwene pi no ma wɔsom Yehowa nkutoo, enti ɔde adwene bae sɛ wɔnyɛ sɔhwɛ bi mfa nhu nea ɔyɛ nokware Nyankopɔn. Ɔkae sɛ wonkum anantwi abien mfa mmɔ afɔre, Yehowa de biako, na Baal nso de biako. Wɔn baanu no, nea obetumi de ogya abɛhyew ne nam no ne nokware Nyankopɔn no. Baal adiyifo no siesiee wɔn nam, na wɔteɛteɛɛm nnɔnhwerew pii sɛ: “Baal, gye yɛn so!” Bere a Elia fii ase dii wɔn ho fɛw no, wotwitwaa wɔn ho kosii sɛ mogya guu wɔn, na wɔteɛteɛɛm denneennen. Nanso hwee ansi.—1 Ahene 18:21, 26-29.

7 Afei ná adu Elia so. Odii kan siesiee Yehowa afɔremuka no na ɔde nantwini no nam a wɔatwitwa mu asinasin no guu so. Ɛnna ɔma wɔde nsu hyehyɛɛ nhina anan amaama, na ɔma wohwie guu nam no so. Wɔyɛɛ saa mprɛnsa maa nsu hyɛɛ ɔkã a na ɛwɔ afɔremuka no ho no mã. Afei Elia bɔɔ mpae sɛ: “[Yehowa, NW], Abraham ne Isak ne Israel Nyankopɔn, nnɛ ma wonhu sɛ wo na wone Nyankopɔn Israel mu na mene w’akoa, na w’asɛm so na mayɛ ade yi nyinaa. Gye me so, [Yehowa, NW], gye me so, na ɔman yi nhu sɛ wo [Yehowa, NW] ne Nyankopɔn, na wo nso woama wɔn koma asan akyiri aba.”—1 Ahene 18:30-37.

8. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn tiee Elia mpaebɔ no, na dɛn na odiyifo no yɛe?

8 Nokware Nyankopɔn no gyee no so, na ɔmaa ogya fi soro bɛhyew nam no ne afɔremuka no nyinaa. Ɔkã a na ɛwɔ afɔremuka no ho mpo, ogya no maa emu nsu nyinaa yowee! Hwɛ sɛnea ɛbɛka Israelfo no. “Wɔde wɔn anim butubutuw fam kae sɛ: [Yehowa, NW], ɔno ne Nyankopɔn! [Yehowa, NW], ɔno ne Nyankopɔn!” Afei Elia yɛɛ biribi foforo ntɛm ara. Ɔhyɛɛ Israelfo no sɛ: “Monkyere Baal adiyifo no, mommma wɔn mu biara mmfi mu!” Wokunkum Baal adiyifo 450 no nyinaa wɔ Karmel Bepɔw no anafo.—1 Ahene 18:38-40.

9. Dɛn nti na na ɛsɛ sɛ nokware asomfo san kyerɛ baabi a wogyina?

9 Saa da no ara, Yehowa maa osu tɔe wɔ asase no so bere a mfe abiɛsa ne fã na osu ntɔe! (Yakobo 5:17, 18) Wutumi hu sɛ bere a Israelfo no resan akɔ fie no, ɛno ara ne nkɔmmɔ a wɔbɛbɔ; ná Yehowa akyerɛ ne tumi sɛ ɔne Nyankopɔn ankasa. Nanso Baal asomfo no ampa abaw. Isebel toaa so taa Yehowa asomfo. (1 Ahene 19:1, 2; 21:11-16) Enti na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn nkurɔfo no san kyerɛ baabi a wogyina. Sɛ bere so sɛ Yehowa rebebu Baal asomfo no atɛn a, so obehu ne nkurɔfo no sɛ wɔresom ne nkutoo?

Keka Wo Ho Nnɛ

10. (a) Adwuma bɛn na Kristofo a wɔasra wɔn no reyɛ nnɛ? (b) Dɛn na sɛ obi yɛ a, ɛkyerɛ sɛ ɔretie ahyɛde a ɛwɔ Adiyisɛm 18:4 no?

10 Ɛnnɛ mmere yi mu nso Kristofo a wɔasra wɔn no yɛ adwuma a ɛte sɛ Elia de no. Wɔnam wɔn anom asɛm ne nhoma ahorow so ka kyerɛ nnipa a wofi aman nyinaa mu, wɔn a wɔwɔ Kristoman mu ne wɔn a wonni mu nyinaa, sɛ wɔnhwɛ yiye wɔ atorosom ho. Ɛno nti nnipa ɔpepem pii atutu anammɔn ntɛm ne atorosom atwa abusua mu. Wɔahyira wɔn nkwa so ama Yehowa abɔ asu sɛ Yesu Kristo asuafo. Yiw, wɔatie atorosom ho kɔkɔbɔ a Nyankopɔn de ato gua yi: “Mumfi ne mu, me man, sɛ mompɛ sɛ munya ne bɔne no mu kyɛfa na munya ne haw no bi a.”—Adiyisɛm 18:4.

11. Dɛn na ehia sɛ obi yɛ na Yehowa agye no atom?

11 Nnipa ɔpepem pii nso ani gye Bible mu asɛm a Yehowa Adansefo reka no ho, nanso wontumi nsi wɔn adwene pi. Wɔn mu binom wɔ hɔ a, ɛwom wom ara a, na wɔaba Kristofo nhyiam bi te sɛ Awurade Anwummeduan anaa ɔmantam nhyiam. Yɛhyɛ wɔn a wɔte saa no nkuran sɛ wonsusuw Elia nsɛm a edi so yi ho nkɔ akyiri: “Mobɛka nsensɛnmu akosi da bɛn?” (1 Ahene 18:21, New English Bible) Ɛnsɛ sɛ wɔtwentwɛn wɔn nan ase, mmom no ehia sɛ wɔyɛ ntɛm tutu anammɔn nnɛ, na wɔyere wɔn ho bɛyɛ Yehowa asomfo a wɔahyira wɔn ho so abɔ asubɔ. Anyɛ saa a daa nkwa betumi abɔ wɔn!—2 Tesalonikafo 1:6-9.

12. Tebea a ɛyɛ hu bɛn na atwe Kristofo binom a wɔabɔ asu asan, na dɛn na ɛsɛ sɛ wɔyɛ?

12 Awerɛhosɛm ne sɛ, Kristofo bi a wɔabɔ asu toto asɛnka mu, na ebinom nso atew ada koraa. (Hebrifo 10:23-25; 13:15, 16) Nea ama ebinom akɔ fam ne ɔtaa ho hu, nea wobedi ho adwenwene, wɔn ho a wɔrepɛ anya, anaa wɔn ankasa akɔnnɔde a wodi akyi. Yesu kae sɛ saa nneɛma yi na ɛbɛto n’akyidifo binom hintidua, amia ebinom, na asum ebinom nso afiri. (Mateo 10:28-33; 13:20-22; Luka 12:22-31; 21:34-36) Ɛnsɛ sɛ ‘wohinhim nsɛm abien ntam,’ mmom no, ɛsɛ sɛ ‘wɔbɔ mmɔden na wɔsakra wɔn adwene,’ na wɔkeka wɔn ho tutu anammɔn yɛ wɔn ade sɛ nnipa a wɔahyira wɔn ho so ama Nyankopɔn.—Adiyisɛm 3:15-19.

Atorosom Awiei Bɛba Mpofirim

13. Kyerɛkyerɛ tebea a na ɛrekɔ so wɔ Israel bere a wɔsraa Yehu sɛ ɔhene no mu.

13 Asɛm bi a esii Israel bere a Nyankopɔn kyerɛɛ ne tumi wɔ Karmel Bepɔw so no akyi bɛyɛ mfe 18 no bɛboa ma yɛahu nea enti a ɛsɛ sɛ nnipa yɛ ntɛm tutu anammɔn nnɛ. Bere a Elisa bedii Elia ade no, Yehowa de atemmu baa Baalsom so mpofirim a na obiara nhwɛ kwan. Saa bere no, Ɔhene Ahab ba Yehoram na na odi ade wɔ Israel. Na Isebel nso da so te ase a ɔredi hemmaa. Elisa faa sum ase somaa n’abofra sɛ ɔnkɔsra Israel sahene Yehu ma ommedi hene. Saa bere no na Yehu redi Israel anim ako atia wɔn atamfo wɔ Ramot-Gilead wɔ Yordan apuei fam. Ná Ɔhene Yehoram akɔko apira ma ɔwɔ Yesreel a ɛbɛn Megido bon mu no resa ne ho yare.—2 Ahene 8: 29–9:4.

14, 15. Adwuma bɛn na wɔde maa Yehu, na ɔyɛɛ no dɛn?

14 Nea Yehowa ka kyerɛɛ Yehu sɛ ɔnyɛ ne sɛ: “Wobɛbɔ wo wura Ahab fi, na madi me nkoa adiyifo no mogya ne [Yehowa, NW] nkoa nyinaa mogya so were Isebel nsam; na Ahab fi nyinaa asɛe . . . Na akraman bedi Isebel [nam], Yesreel asase so, na obi nni hɔ a obesie no.”—2 Ahene 9:7-10.

15 Ná Yehu nyɛ obi a ɔtwentwɛn ne nan ase wɔ nneɛma ho. Ɔyɛɛ ntɛm kɔtraa ne teaseɛnam mu de n’ani kyerɛɛ Yesreel. Ɔwɛmfo bi a ɔwɔ Yesreel huu mmirika a Yehu de reba no, ɔkɔbɔɔ Ɔhene Yehoram amanneɛ, na ɛmaa Yehoram traa ne teaseɛnam mu fii adi kohyiaa ne sahene no. Bere a wohyiae no, Yehoram bisaa no sɛ: “Yehu, asomdwoe so anaa?” Yehu yii ano sɛ: “Asomdwoe ne dɛn, sɛ wo nã Isebel aguamammɔ ne n’abayigoru bebree no rekɔ so yi?” Afei bere a Ɔhene Yehoram yɛe sɛ ɔreguan ara pɛ na Yehu tow agyan bɔɔ Yehoram ma ekohwirew ne koma.—2 Ahene 9:20-24.

16. (a) Dɛn nti na na ɛsɛ sɛ Isebel apiafo no si nea na wɔbɛyɛ ho gyinae ntɛm? (b) Ɔkwan bɛn so na Yehowa asɛm a ɔka faa Isebel ho no baa mu?

16 Yehu yɛɛ ntɛm de ne teaseɛnam no wuraa kurow no mu. Isebel a na wakeka n’anim bebree no hwɛɛ mfɛnsere mu, na ohuu Yehu no, ɔde abufuw behyiaa no. Yehu ammua no, na mmom ɔteɛɛm sɛ: “Hena na ɔwɔ m’afã, hena?” Ná afei ɛsɛ sɛ Isebel asomfo no si nea wɔbɛyɛ ho gyinae ntɛm ara. Ahemfie hɔ apiafo no baanu anaa baasa twee wɔn ti bɛtɛw mfɛnsere no mu. Ná ɛsɛ sɛ ɛhɔ ara wɔkyerɛ baabi a wogyina. Yehu kae sɛ: “Montow no nhwe fam!” Apiafo no tow Isebel fii soro bɛhwee kwan mu, na Yehu apɔnkɔ ne ne nteaseɛnam no tiatiaa no so. Enti nea ɔkɔfaa Baalsom baa Israel no nyaa ne so ne ne wu. Nkurɔfo kɔe sɛ wɔrekosie no no, na akraman adi ne nam sɛnea na wɔahyɛ ho nkɔm no pɛpɛɛpɛ.—2 Ahene 9:30-37.

17. Ɛsɛ sɛ atemmu a Nyankopɔn de baa Isebel so no hyɛ yɛn gyidi den wɔ nea ebesi daakye no ho dɛn?

17 Saa ara na ɔsɛe pasaa bɛba sɛnkyerɛnne kwan so oguamanfo a wɔfrɛ no “Babilon Kɛse” no so. Oguamanfo no gyina hɔ ma Satan wiase no atorosom, a n’ase fi tete kurow Babilon no. Sɛ Yehowa Nyankopɔn sɛe atorosom wie a, ɔbɛba nnipa a aka a wodi Satan wiase no akyi nyinaa so. Wɔn nso, ɔbɛsɛe wɔn na ɔde trenee wiase foforo aba.—Adiyisɛm 17:3-6; 19:19-21; 21:1-4.

18. Isebel wu akyi no, dɛn na ɛtoo Baal asomfo a wɔwɔ Israel no?

18 Isebel wui no, ntɛm ara na Ɔhene Yehu kunkum Ahab asefo ne n’akyitaafo nyinaa. (2 Ahene 10:11) Nanso na Israelfo pii da so ara som Baal wɔ ɔman no mu. Enti Yehu yɛɛ ho biribi ntɛm de kyerɛe sɛ ‘ɔtwe ninkunu ma Yehowa.’ (2 Ahene 10:16) Yehu yɛɛ ne ho sɛ obi a ɔsom Baal, bɔɔ gua kɛse wɔ Baal asɔredan a Ahab sii wɔ Samaria no mu. Baal asomfo a wɔwɔ Israel nyinaa baa saa afahyɛ no bi. Bere a wɔkaa wɔn hyɛɛ asɔredan no mu a wonnya baabiara mfa no, Yehu mmarima no kunkum wɔn nyinaa. Bible ka sɛnea asɛm no wiei ho asɛm sɛ: “Sɛɛ na Yehu sɛee Baal fii Israel.”—2 Ahene 10:18-28.

19. Anigyesɛm bɛn na ɛda hɔ retwɛn Yehowa asomfo anokwafo, “nnipakuw kɛse” no?

19 Wotuu Baalsom ase wɔ Israel. Saa ara na wɔbɛsɛe wiase yi mu atorosom pasaa mpofirim. Sɛ saa atemmu da kɛse no du a, hena afã na wubegyina? Ɛnnɛ na ɛsɛ sɛ wokeka wo ho tutu anammɔn, na ebetumi ama woaka “nnipakuw kɛse” a wobenya nkwa wɔ “ahohiahia kɛse” no mu ho. Ɛba saa a, wubetumi de anigye akaakae nsɛm a asisi atwam no, na woayi Nyankopɔn ayɛ sɛ wabu “oguamanfo kɛse a ɔde n’aguamammɔ sɛee asase no” atɛn. Afei wo ne asomfo anokwafo foforo bɛbom agye ayeyi dwom dɛdɛ a ɔsoro abɔfo to yi so sɛ: “Munyi Yah ayɛ, efisɛ Yehowa yɛn Nyankopɔn, ade nyinaa so Tumfoɔ, afi ase redi hene.”—Adiyisɛm 7:9, 10, 14; 19:1, 2, 6.

Nsɛmmisa a Wɔdwennwene Ho

• Ɛyɛɛ dɛn na tete Israelfo kɔsom Baal?

• Bible nkɔmhyɛ bɛn na ɛkae sɛ ɔwae bɛba, na dɛn na ɛkyerɛ sɛ aba mu?

• Ɔkwan bɛn so na Yehu tuu Baalsom ase?

• Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛanya nkwa wɔ Onyankopɔn atemmu da no?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Asase mfonini wɔ kratafa 25]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

Soko

Afek

Helkat

Yokneam

Megido

Taanak

Dotan

SAMARIA

En-Dor

Sunem

Ofra

Yesreel

Yibleam (Gat-Rimon)

Tirsa

Bet-Semes

Bet-Sean (Bet-San)

Yabes-Gilead?

Abel-Mehola

Bet-Arbel

Ramot-Gilead

Mmepɔw Atenten

Bepɔw Karmel

Bepɔw Tabor

More

Bepɔw Gilboa

[Nsu ahorow]

Mediterranean Po

Galilea Po

[Nsubɔnten]

Yordan Asubɔnten

[Asuten ne mmura]

Harod Abura

[Asɛm Fibea]

Based on maps copyrighted by Pictorial Archive (Near Eastern History) Est. and Survey of Israel

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 26]

Asɛnka adwuma ne Kristofo nhyiam a yɛrentoto mu no ho hia na yɛn som asɔ ani

[Mfonini wɔ kratafa 28, 29]

Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wonya nkwa wɔ Yehowa da no mu nyinaa si pi te sɛ Yehu