Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Afe Foforo Dua So Efi Russia? Anaa Efi Kristosom Mu?

Afe Foforo Dua So Efi Russia? Anaa Efi Kristosom Mu?

Afe Foforo Dua So Efi Russia? Anaa Efi Kristosom Mu?

YELENA V. DUSHECHKINA a ɔyɛ ɔbenfo wɔ St. Petersburg State Sukuupɔn mu no kae sɛ: “Wɔ afe 1830 mfiase no, na wɔda so ara frɛ dua a n’ahaban mpo no sɛ ‘Germanfo adeyɛ a ɛyɛ fɛ.’ Bɛyɛ sɛ mfe du akyi no, St. Petersburg abirɛmpɔn no ‘begye toom’ de siesiee wɔn afie mu. . . . Wɔ afeha a ɛto so 19 mu no, na asɔfo ne ahiafo nkutoo na na wɔmfa dua no bi nsiesie wɔn afie. . . .

“Ansa na afeha a ɛto so 19 reba no, na dua no . . . nni anuonyam biara. Na wobu no sɛ owu ne ‘asamando’ sɛnkyerɛnne sɛnea Russiafo amammerɛ kyerɛ no, na eyi ne sɛnea wɔde dua no si asanombea dan atifi no ne nsakrae a wɔyɛe wɔ ho wɔ afeha a ɛto so 19 mfinimfini no nhyia. . . . Ntease wom koraa sɛ bere a wogyee saa dua a wɔde siesie afie mu toom no, aman foforo nso bɛtee ase sɛ ɛne Europafo Buronya dua no yɛ ade koro, kyerɛ sɛ, ɛyɛ Buronya ho ade. . . .

“Na ɛnyɛ mmerɛw sɛ Russiafo begye dua no atom sɛ Kristofo adeyɛ. Ortodɔks Asɔre no sɔre tiae. Asɔfo no behuu afe foforo ho amanne yi sɛ ‘adaemone adeyɛ,’ biribi a efi abosonsom mu a ɛne Agyenkwa no awo nni abusuabɔ biara. Bio nso ɛyɛ amanne a efi Europafo.”

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 32]

Mfonini: Nikolai Rakhmanov