Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Buronya Bere—Adwene Bɛn na Ɛwom?

Buronya Bere—Adwene Bɛn na Ɛwom?

Buronya Bere—Adwene Bɛn na Ɛwom?

NNIPA ɔpepem pii bu Buronya bere sɛ ɛyɛ bere a abusuafo ne nnamfo hyiam, na ɛsan yɛ bere a yɛde siesie yɛne afoforo ntam. Pii nso hu saa bere yi sɛ ɛbere a wɔde susuw Yesu Kristo awo ne gye a obegyee adesamma no ho. Nanso bere bi a atwam no, na ɛyɛ den ma Russiafo paa sɛ wobedi Buronya sɛnea aman afoforo di no no. Nokwarem, na Russia Ortɔdɔks Asɔre no mufo adi Buronya mpɛn pii de, nanso wɔamma wɔn kwan amma wɔanni wɔ afeha a ɛto so 20 mu fã kɛse no ara mu. Dɛn na ɛde saa nsakrae yi bae?

Bere a Bolshevik Komunist amanyɔkuw no dan Russia man no ani wɔ afe 1917 mu ara pɛ na Soviet aban no sii gyinae sɛ ɛbɛfa anuɔden kwan so ama Russiani biara agye adi sɛ Onyankopɔn nni hɔ. Eyi ma wɔbaraa Buronya ne biribiara a ɛfa ho biara wɔ hɔ. Ɔman no bɔɔ dawuru de tiaa Buronya ne Afe Foforo di. Wɔkasa tiaa ɛho sɛnkyerɛnne te sɛ Buronya dua ne Papa Buronya a Russiafo frɛ no Ded Moroz no nyinaa.

Nanso nsakrae bi bae wɔ afe 1935 mu maa sɛnea Russiafo di Buronya ne Afe Foforo no sesae koraa. Sovietfo no kɔfaa Papa Buronya, afahyɛ dua ne Afe Foforo di no san bae, nanso wɔsakraa mu kɛse. Wɔkae sɛ ɛnyɛ Buronya bere na Papa Buronya bɛkyekyɛ nneɛma na mmom Afe Foforo Da no. Saa ara na wɔkae sɛ wɔrensi Buronya dua na mmom wobesi Afe Foforo dua! Enti sɛnea na wodi Buronya no sesae koraa wɔ Soviet Union. Yɛbɛka a, Afe Foforo no besii Buronya ananmu.

Enti Buronya bere no bɛyɛɛ sɛ ahomegye bere biara kɛkɛ a asɔre anaa nyamesɛm biara nnim. Wɔamfa nyamesom mu nneɛma ansiesie Afe Foforo dua no na mmom wɔde nneɛma a na ɛkyerɛ sɛnea Soviet Union renya nkɔso na ɛyɛɛ saa. Russiafo nsɛmma nhoma Vokrug Sveta (Wɔ Wiase Nyinaa) ka sɛ: “Sɛ wopɛ sɛ wuhu ɔkwan a Komunist man bi faa so bae a, hwɛ ɔkwan a na wɔfa so siesie Afe Foforo dua bere a na Soviet nniso wɔ hɔ no. Ná wɔde nneɛma a wɔayɛ no sɛ te kantankrakyi, asae ne trata ka nnanko, . . . ne paanoo nkuruwankuruwa ho de siesie dua no. Akyiri yi, wɔde wɔn a wotu fagude, wɔkɔ ahunmu, ade a wɔde tu fango, ne mfiri a wɔde kɔ ɔsram so ho mfonini besii eyinom ananmu.”

Na Buronya Da no nso ɛ? Ná wonni. Nanso Soviet aban no maa saa da no bɛyɛɛ sɛ da hunu bi ara kɛkɛ a wɔde kɔ adwuma. Ná ɛsɛ sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔyɛ nyamesom adeyɛ biara wɔ Buronya bere no yɛ saa wɔ sum ase, na sɛ wɔanhwɛ yiye na Aban no kyere wɔn de a, na asɛnkɛse paa ara na wɔakɔpɛ ama wɔn ho. Yiw, wɔ afeha a ɛto so 20 mu no, adwene a na Russiafo wɔ wɔ afoofi da yi ho no dan fii nyamesom so bɛyɛɛ wiasefo de.

Nsakrae a Ɛbaa Nnansa Yi

Soviet Union nniso no gui wɔ afe 1991 mu ma nkurɔfo benyaa ahofadi kɛse. Afei de na Ɔman no nhyɛ obiara mma ɔnhwere ne gyidi wɔ Onyankopɔn mu. Aman pii fii Soviet Union mu bae, na wɔn de, na Asɔre no gyina fã ɛnna Ɔman no nso wɔ fã. Nyamesomfo pii bɛtee nka sɛ saa bere yi ne bere a wobetumi ada wɔn gyidi adi. Wɔkae sɛ ɔkwan biako a wobetumi afa so ada wɔn gyidi adi ne sɛ wobedi Buronya sɛnea nyamesomfo di no no. Nanso ankyɛ koraa na wɔn mu pii abam bui. Dɛn ntia?

Sɛnea ɛte afe biara no, afoofi bere yi abɛyɛ bere a nkurɔfo de pɛ mfaso bum. Yiw, sɛnea ɛte wɔ aman a wɔnyɛ Komunist so no, Buronya abɛyɛ bere a nnwuma ne aguadifo de pɛ mfaso. Wubehu no na wɔde Buronya ho nneɛma asensɛn sotɔɔ anim. Wobɛte no na wɔrebɔ asɔre ne Buronya nnwom a na wonnim n’adeban wɔ Russia no bi wɔ sotɔɔ ahorow mu. Wobɛhwɛ no na adetɔnfo akyekyere nneɛma a mmofra de di agoru Buronya bere deda wɔn kɔn ho retɔn wɔ keteke ne kar mu. Eyi na nnɛ ɛrekɔ so.

Ɛwom sɛ ebinom bɛka sɛ bɔne biara nni mfaso bum a nkurɔfo pɛ saa bere no ho de, nanso ebia ade foforo bi a ɛkɔ so saa bere no haw wɔn. Ɛno ne nsawe bebrebe ne emu nsɛm a ɛkɔ so Buronya ne Afe Foforo mu no. Oduruyɛfo bi a ɔwɔ Moscow ayaresabea bi mu kae sɛ: “Nnuruyɛfo nyinaa hwɛ kwan sɛ, sɛ wɔredi Afe Foforo no a, wɔde nnipa a wɔapirapira, wɔn moma so asoasoa, wɔde sekamma awowɔ wɔn, anaa wɔde tuo abobɔ wɔn pii bɛba ayaresabea. Nea ɛde eyi nyinaa ba ne kar akwanhyia, basabasayɛ a ɛkɔ so wɔ afie ne faako a wɔnom nsa.” Nyansahufo panyin bi a ɔyɛ adwuma wɔ Russia Adebɔ Ho Nyansahu Asuae no kae sɛ: “Edu saa bere no a, wɔn a asanom nti wowuwu no dodow kɔ soro. Na wɔ afe 2000 mu titiriw no, enyaa nkɔanim kɛse. Nnipa dodow a wɔn ankasa kunkum wɔn ho anaa afoforo kunkum wɔn no nso kɔɔ anim.”

Awerɛhosɛm ne sɛ, ade foforo bi nso kɔ so wɔ Russia a ɛma tebea no sɛe koraa. Russia atesɛm krataa Izvestiya kyerɛw asɛm bi sɛ “Russiafo Di Buronya Mprenu,” na ɛkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Sɛ wuyi Russiafo 10 biara si hɔ a, emu 1 di Buronya mprenu afe biara. Sɛnea nhwehwɛmu bi a adwumakuw bi a wɔfrɛ no ROMIR ma ɛdaa adi no, nnipa ɔha mu 8 biara a wobisabisaa wɔn nsɛm no kae sɛ wodi Buronya December 25 mu sɛnea Katolekfo Buronya kalenda kyerɛ no na afei wɔasan adi bio wɔ January 7 mu sɛnea Ortodɔksfo nso di no no . . . Wɔ pii fam no, ɛnyɛ nyamesom mu nneɛma a wɔyɛ no Buronya bere no ne nea ehia wɔn na mmom hokwan a wonya de gye wɔn ani no.” *

So Sɛnea Wodi no Nnɛ no Hyɛ Kristo Anuonyam Ankasa?

Ada adi pefee sɛ nneɛma bɔne pii kɔ so afoofi bere yi. Ebinom bɛka sɛ ɛwom sɛ nea ɛkɔ so no haw adwene de, nanso esiane obu a wɔwɔ ma Onyankopɔn ne Kristo nti ɛsɛ sɛ wodi ara. Ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yɛbɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam no fata. Nanso, so Onyankopɔn ne Kristo ani gye Buronya ho? Susuw faako a Buronya fi bae no ho hwɛ.

Sɛ nhwɛso no, ɛmfa ho sɛnea yɛn adwene yɛ yɛn biara wɔ nea Soviet aban no yɛe wɔ Buronya ho no, ɛbɛyɛ den sɛ obi betumi agye nokwasɛm a Great Soviet Encyclopedia ka yi ho kyim: “Buronya . . . fi ɔkwan a wɔn a wɔtraa ase ansa na Kristosom reba faa so som wɔn anyame a na ‘wowu san sɔre fi awufo mu’ no mu na ɛbae; na wɔn mu akuafo a na wɔayi December 21-25 a ɛyɛ awɔw bere asi nkyɛn afe biara sɛ wɔde bedi Onyankopɔn Ogyefo a ɔma nkwa ‘awoda’ no na na wɔn ani gye saa adeyɛ yi ho paa.”

Ebia nokwasɛm a edi so yi a saa nhoma no ka yi bɛyɛ wo nwonwa: “Ná Kristofo a wodi kan no nnim nea wɔfrɛ no Buronya. . . . Afeha a ɛto so anan no mfinimfini mu hɔ na Kristoman kɔfaa amanne a wɔn a wɔsom owia nyame Mithra yɛ wɔ awɔw bere mu bɛdanee no Buronya. Wɔn a wodii kan dii Buronya ne nyamesomfo a na wɔte Roma no. Wɔ afeha a ɛto so du no mu no, Buronya ne Kristosom trɛw koduu Russia na ɛhɔ nso wɔde fraa tete Slavfo amanne bi a na wɔyɛ de hyɛ wɔn nananom ahonhom anuonyam no mu.”

Ebia wubebisa sɛ, ‘na Onyankopɔn Asɛm Bible nka sɛ wɔwoo Yesu December 25?’ Nokwarem, Bible nka da pɔtee a wɔwoo Yesu, na saa ara nso na kyerɛwtohɔ biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ Yesu ankasa kyerɛɛ bere kõ a wɔwoo no na kampɛsɛ waka sɛ yenni n’awoda. Nanso Bible boa yɛn ma yehu afe no mu bere a wɔwoo Yesu.

Mateo Asɛmpa ti 26 ne ti 27 ma yehu sɛ wokum Yesu wɔ Nisan 14 anwummere bere a na Yudafo redi Twam Afahyɛ a na afi ase March 31, 33 Y.B. no. Luka Asɛmpa no ka sɛ bere a wɔbɔɔ Yesu asu na ɔhyɛɛ ne som adwuma ase no, na wadi bɛyɛ mfe 30. (Luka 3:21-23) Ɔde mfe abiɛsa ne fã na ɛyɛɛ ne som adwuma no. Enti Yesu dii mfe 33 ne fã ansa na ɔrewu. Anka ebedu October 1, 33 Y.B no, na wadi mfe 34. Luka bɔ amanneɛ sɛ bere a wɔwoo Yesu no, na nguanhwɛfo bi afi “adi rehwɛ wɔn nguan anadwo no.” (Luka 2:8) Anka nguanhwɛfo remfa wɔn nguan mpue wɔ December mu bere a awɔw wom a ebi mpo a sukyerɛmma bɛtɔ wɔ Betlehem no. Nanso na wobetumi de wɔn nguan apue wɔ October 1 a adanse nyinaa kyerɛ sɛ saa bere no na wɔwoo Yesu no.

Na Afe Foforo no nso ɛ? Sɛnea yɛahu no, ɔbrabɔne bu so saa bere no. Ɛwom sɛ wɔabɔ mmɔden sɛ wɔbɛma no abɛyɛ sɛ amanfo adeyɛ de, nanso faako a efi bae no nye.

Nokwasɛm ni, Buronya ho nsɛm a yɛasusuw no ma yehu sɛ nsɛm te sɛ, Yesu nti na yedi Buronya a wɔka no nni nnyinaso biara. Sɛ mfaso a wɔde Buronya pɛ, ɔbrabɔne a ɛkɔ so saa bere no, ne abosonsom mu a efi bae no haw wo a, mma w’abam mmu. Ɔkwampa bi wɔ hɔ a wubetumi afa so adi Onyankopɔn ni na woahyɛ Kristo anuonyam na bere koro no ara woahyɛ abusuabɔ a ɛda wo ne w’abusuafo ntam mu den.

Ɔkwampa a Yɛbɛfa So Ahyɛ Onyankopɔn ne Kristo Anuonyam

Bible kyerɛ yɛn sɛ Yesu Kristo “de ne kra ayɛ agyede de agye nnipa bebree.” (Mateo 20:28) Yɛn bɔne nti, Yesu maa kwan ma wokum no. Ebinom bɛpɛ sɛ wɔhyɛ Kristo anuonyam, na ebia wɔte nka sɛ Buronya bere ne bere pa a wobetumi ayɛ saa. Nanso sɛnea yɛahu no, esiane sɛ Buronya ne Afe Foforo fi abosonsomfo afahyɛ mu nti, ɛne Kristo nni hwee yɛ. Afei nso, ɛmfa ho sɛnea nkurɔfo ani gye Buronya ho no, abɛyɛ bere a wɔde bɔ apoo paa. Bio nso, ɛsɛ sɛ yegye tom sɛ subammɔne a wɔda no adi Buronya bere no nsɔ Onyankopɔn ne Kristo ani koraa.

Na sɛ obi pɛ sɛ ɔyɛ nea ɛbɛsɔ Onyankopɔn ani a, ɛsɛ sɛ ɔyɛ n’ade dɛn? Sɛ anka yebedi nnipa amammerɛ bi a ɛte sɛ nea ɛfata ma Kristofo nanso ɛne Kyerɛwnsɛm nhyia akyi no, obi a odi nokware bɛhwehwɛ ɔkwampa afa so ahyɛ Onyankopɔn ne Kristo anuonyam. Dɛn ne saa ɔkwampa no na dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

Kristo ankasa ka kyerɛ yɛn sɛ: “Eyi na ɛkyerɛ daa nkwa, sɛ wobenya wo, nokware Nyankopɔn koro pɛ no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo, ho nimdeɛ.” (Yohane 17:3) Yiw, obi a ɔpɛ sɛ ɔhyɛ Onyankopɔn ne Kristo anuonyam ankasa no bɛhwehwɛ nokware nimdeɛ a ɔde bɛyɛ saa. Afei bere a wanya no, ɔde saa nimdeɛ no bedi dwuma da biara wɔ n’abrabɔ mu na ɛnyɛ bere pɔtee bi wɔ afe no mu nko. Onyankopɔn ani gye mmɔdenbɔ a ɛte saa a ebetumi ama yɛanya daa nkwa no ho.

Wopɛ sɛ w’abusua nso bɛyɛ wɔn a wofi nokwaredi mu hyɛ Onyankopɔn ne Kristo anuonyam sɛnea Kyerɛwnsɛm ka no? Yehowa Adansefo aboa mmusua mpempem pii wɔ wiase nyinaa ma wɔanya nimdeɛ a ɛho hia afi Bible mu. Yefi ɔdɔ mu to nsa frɛ wo sɛ kohu Yehowa Adansefo a wɔte wo mpɔtam no anaa fa address a ɛwɔ nsɛmma nhoma yi kratafa 2 no mu nea ɛfata kyerɛw wɔn.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 11 Ansa na ɔman anidan reba Russia wɔ October, afe 1917 mu no, na Julia kalenda a wiase mfa nyɛ adwuma bio no na Russiafo di akyi nanso na aman afoforo de Gregory kalenda no mmom na edi dwuma. Wɔ afe 1917 mu no, na Julia kalenda no aka akyi nnafua 13. Russia man anidan no akyi no, Sovietfo no nyinaa fii ase de Gregory kalenda no bɛyɛɛ adwuma maa Russia nso bɛyɛɛ sɛ wiase aman a aka no. Nanso sɛ na Ortodɔks Asɔre no bedi afahyɛ bi a, na wogyina Julia kalenda no so na ebu nna, na na wɔfrɛ no “Tete” kalenda kwan so adeyɛ. Enti ebia wobɛte sɛ Russiafo di Buronya January 7. Mma wo werɛ mmfi sɛ January 7 yɛ December 25 wɔ Julia kalenda so. Ɛno nti, Russiafo hyehyɛ wɔn afoofi bere no wɔ saa kwan yi so: December 25, Buronya da sɛnea wiase nyinaa di no; January 1, Afe Foforo; January 7, Ortodɔksfo Buronya da; January 14, Tete Afe Foforo Da.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 7]

Faako a Afe Foforo Fi Bae

Georgia Ortodɔks Sɔfo Bi Kyerɛ N’adwene

Georgia atesɛm krataa bi bɔɔ amanneɛ sɛ: “Wonyaa Afe Foforo afahyɛ no fii abosonsomfo afahyɛ ahorow bi a na wodi wɔ tete Roma no mu. Ná wɔahyira January 1 so ama abosonsomfo nyame Janus a wonyaa saa ɔsram no din fii ne din mu no. Sɛ wɔyɛ Janus honi a, na ɔwɔ anim abien a biako wɔ n’anim na biako nso wɔ n’akyi a nea ɛkyerɛ ne sɛ ohu nea atwam ne ade a ɛwɔ hɔ nnɛ. Ná wɔwɔ gyidi bi sɛ obiara a ɔde anigye ne serew behyia January 1 kwan na wakyɛ ade pii no, n’ani begye na wadi yiye afe mũ no nyinaa. Saa ara na yɛn man mufo no da gyidihunu yi ara bi adi wɔ afe foforo no mu . . . Sɛ edu mmere bi na sɛ abosonsomfo redi wɔn afahyɛ a, na wɔde nnipa bɔ afɔre ma abosom. Ná wonim binom sɛ wɔagye dimmɔne wɔ ɔbrasɛe, awaresɛe ne aguamammɔ mu. Sɛ nhwɛso no, na edu Janus afahyɛ bere no a, na nkurɔfo didi nom boro so na na wɔyɛ afide nyinaa bi. Sɛ yɛkae sɛnea mmere bi a atwam no yɛde yɛn ho hyɛɛ Afe Foforo di no mu no a, ɛnde na ɛsɛ sɛ yegye tom sɛ yɛn nyinaa adi abosonsomfo afahyɛ yi bi da.”

[Mfonini wɔ kratafa 6]

Kristoman gyee Mithra som toom

[Asɛm Fibea]

Museum Wiesbaden

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Anka nguanhwɛfo mfa wɔn nguan mpue December a awɔw wom no