Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Buronya ne Afe Foforo Yi—So W’anidaso Bɛbam?

Buronya ne Afe Foforo Yi—So W’anidaso Bɛbam?

Buronya ne Afe Foforo Yi—So W’anidaso Bɛbam?

“Peter [Ɔkɛse] hyɛe sɛ asɔre biara nyɛ Afe Foforo som January 1. Ɔsan kae sɛ wɔmfa nhaban a ɛyɛ frɔmm nsiesie wɔn afie pon ano, na Moscowfo nyinaa ‘mfa anigye mma wɔn ho wɔn ho afirihyia pa’ Afe Foforo da no.”—Peter the Great—His Life and World.

DƐN na worehwɛ kwan saa Buronya ne Afe Foforo yi? Ɛyɛ ahomegye bere a ɛware. Sukuu mmofra bɛba akwamma na awofo nso renkɔ adwuma. Enti ebinom bɛte nka sɛ ɛbere yi yɛ bere pa paa ma mmusua sɛ wɔbɛbom agye wɔn ani. Nanso nnipa binom kyerɛ sɛ wɔwoo “Kristo Buronya bere.” Ne saa nti, ɛbere yi mu na ebinom bɛpɛ sɛ wɔhyɛ Kristo anuonyam efisɛ wɔte nka sɛ ɛyɛ bere titiriw paa a wobetumi de ayɛ saa. Ebia wo nso wote nka saa ara.

Sɛ́ ɛyɛ Kristo a wɔbɛhyɛ no anuonyam nti na nkurɔfo di Buronya ne Afe Foforo no oo, anaasɛ abusuafo a wobehyia agye wɔn ani nti oo, mmarima ne mmea, mmofra ne mpanyin ɔpepem pii de anigye kɛse na ɛhwɛ Buronya ne Afe Foforo kwan. Na afe yi nso ɛ? So mmusua ani begye, na so ɛyɛ bere titiriw ma Onyankopɔn? Sɛ wo ne w’abusuafo hyiam a, mo anidaso bɛbam anaa ɛbɛyɛ ɔkwa?

Wɔn a Kristo nti na wodi Buronya ne Afe Foforo no taa hu sɛ ɛnyɛ Kristo adwene koraa na amanfo de di. Abɛyɛ bere a obi hwɛ akyɛde kwan, abusuafo hyia to pon, na ebinom de hokwan no yɛ nneɛma a egu Kristo anim ase. Mpɛn pii no, sɛ wohyiam a, nea ɛtaa ba ne sɛ ebinom didi nom nsa boro so ma akasakasa sɔre a nea ɛtaa kowie ne abusua-ntɔkwaw. Ebia woahyɛ biribi a ɛte saa nsow anaasɛ ebi mpo a ato wo pɛn.

Sɛ saa a, ebia wobɛte nka sɛ, efi Russia Ɔhempɔn Peter Ɔkɛse a yɛkaa ne ho asɛm wɔ atifi hɔ so besi nnɛ no, nsakrae biara mmaa ɔkwan a wɔfa so di Buronya ne Afe Foforo no mu. Nnipa pii na nea ɛrekɔ so no haw wɔn, na wɔn yam a anka nkurɔfo de Buronya ne Afe Foforo no susuw nyamesɛm ho na ama biakoyɛ aba abusuafo ntam. Ebinom mpo reka nsɛm te sɛ Yesu nti na yedi Buronya, na wɔnam so rebɔ dawuru sɛ nkurɔfo nsesa sɛnea wodi no no. Nanso, so nsakrae betumi aba? Sɛ ɛba a, so ɛbɛhyɛ Kristo anuonyam ampa? So yɛwɔ nea yebegyina so ahu Buronya ne Afe Foforo no wɔ ɔkwan soronko so?

Sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya mmuae a ɛtɔ asom no, momma yɛnhwehwɛ nea ɛkɔɔ so wɔ ɔman bi a anka ɛsɛ sɛ wɔn ani gye saa bere yi paa no mu nhwɛ kakra.