Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Italia Bible Afa Bere Dennen Mu

Italia Bible Afa Bere Dennen Mu

Italia Bible Afa Bere Dennen Mu

“BIBLE no ka nhoma a ahyeta baabiara wɔ yɛn man [Italy] mu no ho, nanso yɛbɛka a, ɛka nhoma a nnipa ntaa nkenkan no ho. Asɔremma no nnya nkuranhyɛ anaa mmoa biara a ɛbɛma wɔahu Bible sɛ Onyankopɔn Asɛm a ɛsɛ sɛ wɔkenkan hu nea ɛwom. Nnipa pii wɔ hɔ a wɔpɛ sɛ wohu nea ɛwɔ Bible mu, nanso ɔboafo wɔ he?”

Wɔkaa asɛm yi wɔ afe 1995 mu wɔ Italy Asɔfo Nhyiam bi ase. Eyi ama nsɛmmisa pii asɔre. Mfe pii a atwam no, na nnipa dodow ahe na wɔkenkan Bible wɔ Italy? Dɛn nti na Bible no annu nnipa pii nkyɛn sɛnea ɛte wɔ aman foforo so no? Adɛn nti na nnɛ mpo nnipa pii nkenkan Bible wɔ Italy? Bible no a wɔkyerɛɛ ase baa Italia kasa mu no mu nhwehwɛmu boa yɛn ma yenya nsɛmmisa no ho mmuae.

Ɛgyee bere tenten ansa na yɛrebenya kasa ahorow te sɛ Franse, Italia, Portuguese, Spania ne afoforo afi Latin mu. Wɔ Europa aman pii a na kan no wɔka Latin kasa mu no, kasa a aman no mufo dodow no ara ka no benyaa gyinabea foforo, na wofii ase de kyerɛw nhoma ahorow mpo. Bere a kasa ahorow a nnipa taa ka yi renya nkɔso no, ɛkaa Bible nkyerɛase nso. Ɔkwan bɛn so? Mfiase no, na Latin ne kasa a wobu no kronkron a wɔde yɛ asɔre, nanso bere bi bae a na nsonsonoe a ɛda Latin ne kasa afoforo ntam no sõ paa ma sɛ obi ankɔ sukuu a ɔnte Latin.

Ebeduu afe 1000 no, sɛ na nnipa a wɔwɔ Italy mpɔtam hɔ betumi anya Latin Vulgate Bible no bi mpo a, na ɛbɛyɛ den ama wɔn sɛ wobetumi akenkan. Asɛm no ne sɛ asɔfo no kɛntɛn nhomasua so gyee sukuupɔn kakra a na ɛwɔ hɔ no mpo bɔɔ so mfe pii. Nnipa kakra a na wodi yiye no na wonyaa sukuu ahorow no mu kwan. Enti Bible no bɛyɛɛ “nhoma a nnipa nnim.” Nanso na nnipa pii pɛ sɛ wonya Nyankopɔn Asɛm no wɔ wɔn ankasa kasa mu na wɔkan te ase.

Asɔfo pii tee nka sɛ Bible a wɔbɛkyerɛ ase no bɛma nnipa pii aman afi asɔre no nkyerɛkyerɛ ho. Sɛnea abakɔsɛm kyerɛwfo Massimo Firpo kae no, “sɛ wɔde kasa a obiara tumi ka di dwuma a, ɛbɛma nkɛntɛnso a [Latin] ama asɔfo anya wɔ nyamesɛm so no ano abrɛ ase.” Enti nneɛma pii na ama ebesi nnɛ Italiafo aka akyi wɔ Bible sua mu.

Wɔkyerɛ Bible no Fã Bi Ase

Wɔ afe 1200 mfe no mu hɔ no, wɔkyerɛɛ Bible mu nhoma bi ase fii Latin baa Italia kasa mu nea edi kan koraa. Wɔamfa nhoma tintim afiri na etintimii na mmom wɔde nsa na ɛkyerɛwee, na na ne bo yɛ den paa. Ebeduu afe 1300 mfe mu hɔ no, na ɛkame ayɛ sɛ wɔakyerɛ Bible mũ no nyinaa ase aba Italia kasa mu, nanso na ɛsono nnipa a wɔkyerɛɛ Bible mu nhoma ahorow no mu biara ase ne bere ne beae a wɔkyerɛɛ ase. Ná wɔn a wɔkyerɛ ase no yɛ adwuma ma asikafo ne nhomanimfo, efisɛ wɔn nkutoo na na wotumi tɔ anaa wɔkenkan. Bere a wonyaa mfiri a wɔde tintim nhoma no, nhoma pii bo baa fam, nanso sɛnea abakɔsɛm kyerɛwfo Gigliola Fragnito kae no, na “nnipa kakraa bi” na Bible tumi du wɔn nsam.

Mfe pii mu no, na nnipa dodow no ara nnim akenkan ne akyerɛw. Mpo bere a wɔkaa Italy afa horow boom yɛɛ no ɔman biako wɔ afe 1861 mu no, na wokyɛ nnipa no mu anan a, na emu abiɛsa nnim akenkan ne akyerɛw. Bere a Italy aban foforo a na ɛwɔ so saa bere no yɛɛ mmara sɛ ɛsɛ sɛ obiara kɔ sukuu a ontua hwee no, Pope Pius IX kyerɛw kɔmaa ɔhene no wɔ afe 1870 mu sɛ mma ɔmpene saa mmara no so, efisɛ sɛnea ɔkyerɛe no, ɛyɛ ‘yare bɔne a ɛbɛsɛe Katolek sukuu nyinaa.’

Bible Mũ a Edi Kan Wɔ Italia Kasa Mu

Wɔde nhoma tintim mfiri dii dwuma wɔ Europa no, edii bɛyɛ mfe 16 ansa na wotintim Bible mũ no nyinaa wɔ Italia kasa mu nea edi kan wɔ Venice wɔ afe 1471 mu. Nicolò Malerbi a na ɔyɛ Camaldoli sɔfo no de ɔsram awotwe na ɛyɛɛ ne nkyerɛase no. Nea ɔyɛe ne sɛ ɔfaa nkyerɛase a na ɛwɔ hɔ dedaw no de totoo Latin Vulgate no ho yɛɛ nsakrae a ehia, ɛnna ɔde nsɛmfua a na wɔde di dwuma wɔ ne kurom Venetia saa bere no sii ebi ananmu. Ne nkyerɛase no ne Italia Bible a edi kan a wotintimii a ɛtrɛw kɔɔ mmeae pii.

Onipa foforo a ɔno nso tintim Bible no bi wɔ Venice ne Antonio Brucioli. Na ɔyɛ nhomanimfo a ɔne Katolek Asɔre no nyɛ adwene papa na mmom ɔka ne ho kɔ Protestanfo ho, nanso wantwe ne ho amfi asɔre no ho koraa. Brucioli tintim Bible a ɔkyerɛɛ ase fii Hebri ne Hela kasa mu wɔ afe 1532 mu. Ɛno ne Italia Bible a edi kan a wɔkyerɛɛ ase fii tete nkyerɛwee no mu tẽẽ. Ɛwom sɛ Italia kasa a ɔde kyerɛɛ ase no nyɛ frenkyemm de, nanso sɛ wohwɛ sɛnea saa bere no na nnipa nnim tete kasa ho nimdeɛ pii no a, yebetumi aka sɛ ɔbɔɔ mmɔden dii Hebri ne Hela kasa no akyi pɛɛ. Brucioli de Onyankopɔn din a ɔkyerɛw no sɛ “Ieova” no hyɛɛ ne nkyerɛase no mu wɔ mmeae bi. Bɛyɛ mfe ɔha de, na eyi ne Bible a Italy Protestantfo ne wɔn a wɔatwe wɔn ho afi Katolek Asɔre no ho de di dwuma paa.

Akyiri yi nnipa afoforo a na Katolekfo binom ka ho kyerɛɛ Bible no ase baa Italia kasa mu, nanso yɛbɛka no yiye a, na ɛyɛ Brucioli Bible no ara na wɔayɛ no foforo. Nkyerɛase yi mu biara nni hɔ a ɛkɔɔ akyiri. Wɔ afe 1607 mu no, Calvin sɔfo Giovanni Diodati a n’awofo som nti wɔde ɔtaa baa wɔn so ma woguan kɔɔ Switzerland no, tintim nkyerɛase foforo bi a efi Hebri ne Hela mu wɔ Italia kasa mu wɔ Geneva. Mfe pii mu no, na ne nkyerɛase no ne Bible a Protestanfo a wɔwɔ Italy de di dwuma paa. Sɛ wohwɛ bere a wɔyɛe no a, yebetumi aka sɛ ɛyɛ nkyerɛase a edi mu paa. Diodati Bible no boaa Italiafo maa wɔtee Bible nkyerɛkyerɛ ase. Nanso asɔfo no bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛka saa nkyerɛase yi ne afoforo ahyɛ.

Bible—“Nhoma a Nnipa Nnim”

Nhoma a ɛde Enciclopedia Cattolica ka sɛ, “na Asɔre no tumi de n’ani di nhoma horow akyi bere biara, na nea wosusuw sɛ ɛyɛ hu no, na wɔhyew no. Enti ansa na nhomatintim afiri reba no, na ɛho nhia sɛ wɔhyɛ da kyerɛkyerɛw nhoma a wosusuw sɛ ɛyɛ hu nyinaa din to hɔ. Bere a Protestantfo twee wɔn ho fii Katolek Asɔre no ho akyi mpo no, asɔfo a wɔwɔ Europa aman dodow no ara mu no bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛbara nhoma a wosusuw sɛ etia asɔre no nkyerɛkyerɛ. Nanso nsakrae kɛse bi bae bere a Katolek Asɔre no baguafo bi hyiae wɔ Trent wɔ afe 1546 mu susuw Bible no a wɔbɛkyerɛ ase aba kasa foforo mu ho no. Baguafo no mu kyɛɛ abien. Wɔn a na wɔpɛ sɛ wɔbara Bible nkyerɛase no kae sɛ sɛ wɔkyerɛ Bible no ase ba kasa a nnipa pii ka mu a, “na wɔabue kwantempɔn bi ama nkyerɛkyerɛ a ɛne asɔre no de nhyia.” Wɔn a wɔmpene so sɛ wɔbɛbara Bible nkyerɛase no kae sɛ sɛ wɔyɛ saa a, wɔn “atamfo” Protestanfo no bɛka sɛ Katolek Asɔre no mpɛ sɛ wɔkyerɛ Bible no ase efisɛ wɔmpɛ sɛ nnipa behu Asɔre no “asisi ne ne nnaadaasɛm no.”

Esiane sɛ wɔn adwene anhyia nti, baguafo no ansi gyinae titiriw biara wɔ asɛm no ho, na mmom wɔpenee so sɛ wɔbɛkɔ so abu Vulgate Bible no sɛ nea edi mũ a Katolek Asɔre no de ne nkyerɛkyerɛ begyina so. Nanso, Carlo Buzzetti a ɔkyerɛ ade wɔ Pontifical University Salesianum a ɛwɔ Rome no kae sɛ sɛ Asɔre no ka sɛ Vulgate ne Bible a “edi mũ” a, na nea wɔrepɛ akyerɛ ara ne sɛ “ɛno nkutoo ne Bible a mmara ma kwan sɛ wɔde di dwuma.” Nsɛm a esii akyiri yi kyerɛ sɛ na saa na asɛm no te.

Wɔ afe 1559 mu no, Pope Paul IV tintim nhoma a wɔabara Katolekfo sɛ ɛnsɛ sɛ wɔkenkan, wɔtɔn, wɔkyerɛ ase, anaa wɔtɔ. Wɔkyerɛɛ sɛ saa nhoma no betumi adi wɔn awu asɛe wɔn gyidi ne abrabɔ pa. Wɔkyerɛɛ wɔ krataa yi mu sɛ ɛnsɛ sɛ wɔkenkan Bible biara a wɔakyerɛ ase afi Latin mu aba kasa foforo mu, a nea Brucioli yɛe no nso ka ho. Wɔpam wɔn a wɔanni ahyɛde yi so no fii asɔre no mu. Eduu afe 1596 mpo de, mmara no mu bɛyɛɛ den paa. Afei de na wɔmma obiara kwan mma ɔnkyerɛ Bible no ase nkɔ kasa foforo mu anaa ontintim. Na ɛsɛ sɛ wɔhyew Bible ahorow a ɛte saa nyinaa.

Eyi nti, wɔ afe 1500 mfe no awiei hɔ de, wofa asɔredan mantwea baabiara a, wubehu sɛ wɔrehyew Bible. Eyi maa nnipa dodow no ara benyaa adwene sɛ Kyerɛwnsɛm no yɛ awaefo nhoma, na saa adwene no da so wɔ hɔ nnɛ. Ɛkame ayɛ sɛ Bible ne nhoma biara a wɔde kyerɛkyerɛ Bible mu a wohuu no nhomakrabea no, wɔsɛe no. Enti mfe 200 a edi hɔ no de, Katolekni biara antumi ankyerɛ Bible no ase amma Italia kasa mu. Bible a na obi nsa betumi aka wɔ Italy mpɔtam hɔ no yɛ nea Protestantfo nhomanimfo kyerɛɛ ase, na ɛno mpo na wɔde fa sum ase na wɔamfa nsa anto so. Eyi maa abakɔsɛm kyerɛwfo Mario Cignoni kae sɛ: “Sɛ yɛhwɛ paa a, asɔremma no gyae Bible akenkan koraa mfe haha pii. Bible no bɛyɛɛ nhoma a nnipa nnim, na Italiafo ɔpepem pii nyinii a na wɔnkenkan Bible mu asɛm biako mpo da.”

Wɔgow Mmara no Mu

Akyiri yi, Pope Benedict XIV hyɛɛ mmara foforo June 13, 1757, de yɛɛ nsakrae wɔ mmara a na ɛwɔ hɔ kan no mu, na “ɛmaa kwan sɛ nnipa betumi akenkan Bible nkyerɛase a Pope apene so na asɔfo na wɔhwɛe ma wotintimii no.” Ɛbaa saa no Antonio Martini a akyiri yi ɔbɛyɛɛ sɔfopanyin wɔ Florence no fii ase sɛ ɔbɛkyerɛ Vulgate Bible no ase. Wotintim ɛfã a edi kan no wɔ afe 1769 mu, na owiee ne nyinaa wɔ afe 1781 mu. Katolek nhoma bi kyerɛ sɛ Martini nkyerɛase no ne Italia Bible “a edi kan a yebetumi abɔ din aka asɛm.” Ansa na saa nkyerɛase no reba no, na Katolekfo a wɔnte Latin nni Bible biara a asɔre no pene so a wobetumi akenkan. Bɛyɛ mfe 150 de, na Martini nkyerɛase no nkutoo na wɔpene so sɛ Katolekfo a wɔwɔ Italy nkenkan.

Nsakrae kɛse bae bere a asɔre no baguafo bi hyiaa wɔ Vatican II no. Asɛm a wotintim no afe 1965 a wɔfrɛ no Dei Verbum (Ɔsoro Adiyisɛm) no de too gua sɛ afei de ‘wobetumi akyerɛ Bible no ase titiriw afi Hebri ne Hela kyerɛw kronkron no mu aba kasa horow mu.’ Mfe kakra bi ansa na wɔde asɛm yi reto gua no, kyerɛ sɛ wɔ afe 1958 mu no, na Pontificio istituto biblico (beae a wɔhwɛ Bible nsɛm so) atintim “Bible mũ no nyinaa a edi kan a Katolekfo kyerɛɛ ase fii Hebri ne Hela kyerɛw nsɛm mu tẽẽ no.” Saa nkyerɛase yi de Nyankopɔn din a wɔakyerɛw no “Jahve” no dii dwuma wɔ nkyekyɛm kakra bi mu.

Ɔsɔretia a wɔde baa Bible no nkyerɛase so no asɛe ade kɛse, na ne nsusuanso da so wɔ hɔ. Sɛnea Gigliola Fragnito kae no, nea afi mu aba ne sɛ “gyidifo no nnye ntom sɛ wɔn ankasa betumi de wɔn adwene ne wɔn ahonim adi dwuma yiye.” Bio nso asɔre no atetesɛm akɛntɛn biribiara so ma Katolekfo pii gye di sɛ eyi hia sen Bible no mpo. Ɛwom sɛ nnipa pii nim akenkan ne akyerɛw nnɛ de, nanso eyinom nyinaa ama nnipa afa Kyerɛwnsɛm no sɛ nhoma hɔho bi.

Nanso, asɛmpaka adwuma a Yehowa Adansefo reyɛ no atwe nnipa pii adwene aba Bible no so wɔ Italy. Adansefo no tintimii New World Translation of the Christian Greek Scriptures no wɔ Italia kasa mu wɔ afe 1963 mu. Ɛbeduu afe 1967 no, na wɔatintim Bible mũ no nyinaa wɔ Italia kasa mu. Wɔakyekyɛ saa Bible yi mfuamfua bɛboro 4,000,000 wɔ Italy nkutoo. New World Translation de Nyankopɔn din Yehowa no ahyehyɛ baabi a ɛsɛ sɛ ɛhyɛ, na nea ɛma no da nsow paa ne sɛ ɛde adwene a ɛwɔ Hebri ne Hela Bible no mu no aba nkyerɛase no nso mu.

Yehowa Adansefo kɔ afie afie mu, na wɔkenkan Kyerɛwnsɛm no san kyerɛkyerɛ awerɛkyekyesɛm a ɛwom no mu kyerɛ obiara a obetie. (Asomafo Nnwuma 20:20) Sɛ wuhyia Yehowa Adansefo a, ma wommue w’ankasa Bible mu nkyerɛ wo Nyankopɔn bɔhyɛ nwonwaso a ɛfa ‘asase foforo a trenee bɛtram’ a ɛbɛba nnansayi ara no.—2 Petro 3:13.

[Asase mfonini wɔ kratafa 13]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

Venice

ROME

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Na Nyankopɔn din Ieova wɔ nkyerɛase a Brucioli yɛe no mu

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Nhoma a Wɔabara Nhyehyɛe Pon yi de Bible a wɔakyerɛ ase no kaa ho

[Mfonini Ahorow Fibea wɔ kratafa 13]

Kratafa a wɔakyerɛw nsɛmti: Biblioteca Nazionale Centrale di Roma

[Mfonini Ahorow Fibea wɔ kratafa 15]

Brucioli nkyerɛase no: Biblioteca Nazionale Centrale di Roma; Nsɛm a wɔahyehyɛ: Su concessione del Ministero per i Beni e le Attività Culturali