Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Onyankopɔn Ne Nnipa—Hena Na Wutie No?

Onyankopɔn Ne Nnipa—Hena Na Wutie No?

Onyankopɔn Ne Nnipa—Hena Na Wutie No?

Ɛsɛ sɛ yetie Nyankopɔn mmom sen nnipa.”—ASOMAFO NNWUMA 5:29.

1. (a) Kyerɛwsɛm bɛn na adesua yi gyina so? (b) Ɛyɛɛ dɛn na wɔkyeree asomafo no?

NÁ WƆDE Yesu Kristo a Yudafo asɛnnibea kunini no buaa no fɔ kum no nkyɛe no asomafo akogu afiase. Ná wɔatra ase rebedi wɔn asɛm. Nanso bere a awɛmfo a wɔsomaa wɔn sɛ wɔnkɔfa wɔn mmra no duu afiase hɔ no, na wɔatoto apon no mu nso na obiara nni hɔ. Ná wɔayera afi afiase hɔ. Ɛbɛyɛ sɛ ɛmaa atemmufo no ani beree paa. Ankyɛ na awɛmfo no tee sɛ asomafo no wɔ Yerusalem asɔrefie hɔ reyɛ adwuma koro no ara a enti wɔde wɔn koguu mu no—ná wɔde akokoduru rekyerɛkyerɛ Yesu Kristo ho nsɛm! Awɛmfo no kɔɔ asɔrefie hɔ ntɛm ara kɔkyeree asomafo no de wɔn baa asɛnnibea hɔ.—Asomafo Nnwuma 5:17-25.

2. Ahyɛde bɛn na ɔbɔfo bi de maa asomafo no?

2 Ɔbɔfo bi na obeyii asomafo no fii afiase. Ná ɔreyɛ saa na wɔanhyia ɔtaa bio? Dabi. Ná ɛsɛ sɛ nnipa a wɔwɔ Yerusalem no te asɛmpa a ɛfa Yesu Kristo ho no. Ahyɛde a ɔbɔfo no de maa asomafo no ne sɛ, “munkogyina asɔrefie hɔ, nkɔ so nka nkwa yi ho nsɛm nyinaa nkyerɛ nkurɔfo no.” (Asomafo Nnwuma 5:19, 20) Enti bere a awɛmfo no bɛtoo asomafo no, na wɔde ahyɛde no reyɛ adwuma pɛpɛɛpɛ.

3, 4. (a) Bere a wɔbaraa asɛnka adwuma no, asɛm bɛn na Petro ne Yohane kae? (b) Asɛm bɛn na asomafo nkae no nso kae?

3 Asɛmpakafo a na wɔasi wɔn bo yi mu baanu, ɔsomafo Petro ne ɔsomafo Yohane de, na wɔakɔ asɛnnibea hɔ pɛn, enti ɔtemmufo panyin Yosef Kaiafa de abufuw kaee wɔn sɛ: “Yɛhyɛɛ mo denneennen sɛ monnkyerɛkyerɛ [Yesu din] mu bio, nanso, hwɛ! mode mo nkyerɛkyerɛ ahyɛ Yerusalem mã.” (Asomafo Nnwuma 5:28) Anka ɛnsɛ sɛ ɛyɛ Kaiafa nwonwa sɛ Petro ne Yohane asan abepue asɛnnibea hɔ. Efisɛ bere a edi kan a wɔbaraa asomafo baanu no sɛ wonnyae asɛnka adwuma no, wɔkae sɛ: “Sɛ ɛteɛ wɔ Onyankopɔn ani so sɛ yetie mo mmom sen Onyankopɔn a, mo ankasa mummua. Na yɛn mmom de, nea yɛate na yɛahu no, yentumi nnyae ho asɛm ka.” Esiane sɛ na Petro ne Yohane resuasua tete diyifo Yeremia nti, na wɔrentumi nnyae asɛnka adwuma a wɔde ahyɛ wɔn nsa no.—Asomafo Nnwuma 4:18-20; Yeremia 20:9.

4 Afei de na ɛnyɛ Petro ne Yohane nko ara, na mmom asomafo no nyinaa, a Matia a wɔapaw no foforo no nso ka ho, benya hokwan akyerɛ atemmufo no baabi a wogyina wɔ asɛm no mu. (Asomafo Nnwuma 1:21-26) Bere a wɔbaraa wɔn sɛ wonnyae asɛnka adwuma no, wɔn nso de akokoduru yii ano sɛ: “Ɛsɛ sɛ yetie Nyankopɔn mmom sen nnipa.”—Asomafo Nnwuma 5:29.

Wɔn a Wotie Onyankopɔn ne Wɔn a Wotie Nnipa

5, 6. Dɛn nti na asomafo no anni atemmufo no mmara so?

5 Ná asomafo no yɛ nnipa a wodi mmara so, enti na ɛnyɛ ade a wɔbɛhyɛ da abu atemmufo no mmara so. Nanso sɛ onipa wɔ tumi sɛ dɛn mpo a, onni hokwan sɛ ɔhyɛ obi sɛ ommu Nyankopɔn mmara so. Yehowa ne “ɔsorosoroni, asase nyinaa so.” (Dwom 83:18) Ɔno ne “nea obu asase nyinaa atɛn no,” na ɔno ara nso ne Mmarahyɛfo Kunini ne mmeresanten Hene. Mmara biara a atemmufo bɛhyɛ a etia Nyankopɔn mmara no, ɛnyɛ adwuma wɔ Nyankopɔn ani so.—Genesis 18:25; Yesaia 33:22.

6 Nnipa bi a wɔaben wɔ mmara mu agye saa asɛm yi atom. Wɔn mu biako ne William Blackstone, Engiresini temmufo bi a ɔtraa ase wɔ afe 1700 akyi. Ɔkyerɛwee sɛ ɛnsɛ sɛ wɔma nnipa mmara biara tia “mmara a wɔada no adi” a ɛwɔ Bible mu no. Enti Sanhedrin no ani traa wɔn ani ntɔn bere a wɔbaraa asomafo no sɛ wonnyae asɛnka adwuma no. Ná ntease biara nnim sɛ asomafo no di saa mmara no so.

7. Dɛn na ɛmaa asɛnka adwuma no hyɛɛ asɔfo mpanyin no abufuw?

7 Asɛnka adwuma no a asomafo no annyae no hyɛɛ asɔfo mpanyin no abufuw. Ná Kaiafa ankasa ne asɔfo binom yɛ Sadukifo, na na wonnye owusɔre nni. (Asomafo Nnwuma 4:1, 2; 5:17) Nanso na asɛm a asomafo no ano da so daa ne sɛ, wɔanyan Yesu afi awufo mu. Bio nso na asɔfo mpanyin no bi de wɔn ho ahyehyɛ Roma atumfoɔ no araa ma wɔabɛpɛ wɔn asɛm. Bere a wɔredi Yesu asɛm no, wɔde asɛm bi too asɔfo mpanyin no anim a anka ebetumi ama wɔagye Yesu atom sɛ wɔn hene, nanso wotumi buee wɔn ano kae sɛ: “Yenni hene bi sɛ Kaesare.” (Yohane 19:15) * Sɛ asomafo no kae sɛ wɔanyan Yesu kɛkɛ mpo a, anka ebia ɛrenhaw wɔn kɛse, nanso na wɔasan rekyerɛkyerɛ sɛ, Yesu din akyi no, “din foforo nni ɔsoro ase a wɔde ama wɔ nnipa mu a ɛsɛ sɛ wogye yɛn nkwa wɔ mu.” (Asomafo Nnwuma 2:36; 4:12) Ná asɔfo no suro sɛ, sɛ ɔmanfo no fi ase bu Yesu a wɔanyan no no sɛ wɔn Kannifo a, anhwɛ a na Romafo no aba wɔn so ama Yuda akannifo no ‘asɔrefie ne wɔn man’ abɔ wɔn.—Yohane 11:48.

8. Afotu a nyansa wom bɛn na Gamaliel de maa Sanhedrin no?

8 Ɛyɛɛ sɛnea na Yesu Kristo asomafo no nni ɔkamafo biara no. Ná Sanhedrin no atemmufo abɔ wɔn tirim pɔw sɛ wobekum wɔn. (Asomafo Nnwuma 5:33) Nanso baabi a anidaso nni no, ɛhɔ na mmoa fi bae. Gamaliel a na onim Mmara no yiye no sɔre gyinae, na ɔbɔɔ ne nkurɔfo no kɔkɔ sɛ wɔnhwɛ yiye na wɔampere wɔn ho anyɛ biribiara. Ɔkaa nyansasɛm yi sɛ: “Sɛ agyina anaa adwuma yi fi nnipa a ebegu; nanso sɛ efi Nyankopɔn a, muntumi ntu wɔn ngu.” Afei Gamaliel de asɛnhia yi kaa ho sɛ: “Anyɛ saa a, ɛbɛyɛ te sɛ nea mo ne Nyankopɔn ankasa na ɛreko.”—Asomafo Nnwuma 5:34, 38, 39.

9. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ adwuma a na asomafo no reyɛ no fi Nyankopɔn?

9 Anwonwasɛm ne sɛ atemmufo no tiee Gamaliel afotu no. Nea Sanhedrin no yɛe ne sɛ “wɔfrɛɛ asomafo no hwee wɔn hyɛɛ wɔn sɛ wonnyae Yesu din no ho asɛm ka, na wogyaa wɔn.” Anka ebetumi ama asomafo no koma atu, nanso wosii wɔn bo mmom sɛ wobetie ɔbɔfo no ahyɛde ayɛ asɛnka adwuma no. Enti bere a wogyaa asomafo no, “wɔkɔɔ so kyerɛkyerɛe kaa Kristo Yesu ho asɛmpa wɔ asɔrefie ne afie mu daa a wɔannyae.” (Asomafo Nnwuma 5:40, 42) Yehowa hyiraa wɔn adwuma no so. Ɔkwan bɛn so? “Onyankopɔn asɛm kɔɔ so nyinii, na asuafo no dodow bu bɔɔ ho pii wɔ Yerusalem.” Mpo “asɔfo no mu pii fii ase yɛɛ aso maa gyidi no.” (Asomafo Nnwuma 6:7) Hwɛ sɛnea na ɛbɛtew asɔfo mpanyin no koma! Biribiara kyerɛe sɛ adwuma a na asomafo no reyɛ no fi Nyankopɔn ampa!

Wɔn a Wɔne Nyankopɔn Ko no Bedi Nkogu

10. Nnipa adwene bɛn na ɛbɛyɛ sɛ Kaiafa nyae a enti ɔtee nka sɛ biribiara ntumi mma ne dibea mfi ne nsa, nanso dɛn na ɛkyerɛ sɛ na ɔredaadaa ne ho?

10 Asomafo no bere so no, Roma atumfoɔ no na na wɔpaw Yudafo asɔfopɔn no. Valerius Gratus na ɔde Yosef Kaiafa a na ɔyɛ ɔdefo no sii ade so, na okuraa saa dibea no mu kyɛe sen wɔn a wodii n’anim bae no mu pii. Ɛbɛyɛ sɛ na Kaiafa gye ne ho di sɛ ɛyɛ ben a waben wɔ amansɛm mu, ne Pilato adamfo a ɔyɛ nti na na watra so akyɛ, na ɛnyɛ Nyankopɔn mmoa so. Nanso na ɔredaadaa ne ho sɛ ɔde ne werɛ hyɛɛ nnipa mu. Bere a wɔde asomafo no kɔɔ Sanhedrin no akyi mfe abiɛsa pɛ no, Kaiafa ho bɛyɛɛ Roma atumfoɔ no ahi, na wotuu no ade so sɛ ɔsɔfopɔn.

11. Ewiee Pontio Pilato ne Yudafo nhyehyɛe no dɛn, na aba bɛn na wunya fi mu?

11 Siria amrado Lucius Vitellius a na Pilato hyɛ n’ase pɛɛ no na ɔma wotuu Kaiafa ade so, nanso Kaiafa adamfo paa Pilato antumi anyɛ ho hwee. Mmom no, bere a Kaiafa dibea fii ne nsa no, afe biako pɛpɛɛpɛ na wotuu Pilato nso ade so, na wɔfrɛɛ no san kɔɔ Roma sɛ wɔabɔ no sobo, enti ɔmmra mmeyi ne ho ano. Yudafo mpanyimfo a wɔde wɔn ho too Kaesare so no nso, Romafo no bae bɛfaa ‘wɔn asɔrefie ne wɔn man.’ Ɛno sii wɔ afe 70 Y.B. bere a Roma asraafo bɛsɛee Yerusalem kurow pasaa, sɛee asɔrefie ne Sanhedrin dan no nyinaa kaa ho no. Hwɛ sɛnea odwontofo no nsɛm yi yɛ nokware: “Mommfa mo ho nnto ahene anaa onipa ba a nkwagye bi nni ne mu so”!—Yohane 11:48; Dwom 146:3.

12. Adɛn nti na nea yɛahu afa Yesu ho no boa ma yehu sɛ nyansa wom sɛ yɛbɛyɛ setie ama Nyankopɔn?

12 Yesu Kristo de, wonyan no no, Onyankopɔn na ɔpaw no sɛ onni Sɔfopɔn wɔ sɛnkyerɛnne kwan so asɔrefie kɛse bi mu. Ɔdesani biara ntumi ntu no ade so. Yesu de, “obiara nni n’ade sɛ ɔsɔfo.” (Hebrifo 2:9; 7:17, 24; 9:11) Onyankopɔn asan apaw Yesu sɛ ateasefo ne awufo Temmufo. (1 Petro 4:5) Wɔ saa dibea no mu no, Yesu na ɔbɛhwɛ sɛ ebia Yosef Kaiafa ne Pontio Pilato fata sɛ wɔsan ba nkwa mu bio anaa.—Mateo 23:33; Asomafo Nnwuma 24:15.

Ɛnnɛyi Asɛnkafo Akokodurufo

13. Wɔ nnɛ mmere yi mu no, henanom adwuma na ada adi sɛ efi nnipa, na henanom adwuma na ada adi sɛ efi Nyankopɔn? Yɛyɛ dɛn hu saa?

13 Sɛnea na ɛte wɔ asomafo no bere so no, saa pɛpɛɛpɛ na nnɛ, nnipa ne ‘Nyankopɔn reko.’ (Asomafo Nnwuma 5:39) Nhwɛso bi ni: Bere a Yehowa Adansefo a wɔwɔ Germany no ampene so sɛ wɔbɛbɔ Adolf Hitler mmeran de akyerɛ sɛ ɔne wɔn Kannifo no, Hitler bɔɔ ne tirim sɛ ɔbɛtɔre wɔn ase. (Mateo 23:10) Ná ɔwɔ akwan pii a ɔfa so di awu, enti na ɛte sɛ nea ɛrenso no yɛ koraa. Ɛwom, Nasifo no tumi kyeree Adansefo mpempem pii guu nnadeban mu, na wotumi kunkum wɔn mu binom mpo. Nanso Nasifo no antumi ansɛe botae a na esi Adansefo no anim a ɛne sɛ wɔbɛsom Nyankopɔn nkutoo no. Wɔantumi antɔre Onyankopɔn asomfo nyinaa ase nso. Ná saa Kristofo no adwuma mfi nnipa, mmom na efi Nyankopɔn, na obiara ntumi ntu Nyankopɔn adwuma ngu. Mfe 60 atwam, nanso wɔn a Hitler de wɔn guu nnadeban mu no mu anokwafo pii da so te ase, na wogu so de ‘wɔn koma nyinaa ne wɔn kra nyinaa ne wɔn adwene nyinaa’ resom Yehowa, nanso Hitler ne ne Nasi kuw no de, wɔayera ma wɔn awudisɛm no nkutoo na yɛkae.—Mateo 22:37.

14. (a) Mmɔden bɛn na wɔn a wɔmpɛ Onyankopɔn asomfo asɛm no abɔ sɛ wɔbɛsɛe wɔn din, na dɛn na afi mu aba? (b) Nea wɔde yɛ Onyankopɔn nkurɔfo no betumi agu wɔn adwuma no anaa? (Hebrifo 13:5, 6)

14 Nasifo no akyi no, ebinom nso reko tia Yehowa ne ne nkurɔfo nanso ɛrenkosi hwee. Wɔ Europa aman bi mu no, nyamesomfo ne amammuifo afa nyansakwan so rebɔ Yehowa Adansefo dimmɔne sɛ ‘wɔyɛ sum ase fekuw bi a wɔn ho yɛ hu,’ sɛnea wɔde yɛɛ afeha a edi kan mu Kristofo no. (Asomafo Nnwuma 28:22) Nokwasɛm a ɛwom ne sɛ, Europa Asɛnnibea Ma Nnipa Hokwan Ahorow no agye Yehowa Adansefo atom sɛ ɛyɛ ɔsom, na ɛnyɛ fekuw. Nnipa a wɔmpɛ wɔn asɛm no nim saa. Nanso wɔkɔ so ara keka Adansefo no ho nsɛmmɔne. Ebinom atietie nkurɔfo ano ayi Kristofo yi bi adi afi wɔn adwumam. Ebinom di Adansefo mmofra ani wɔ sukuu mu. Ehu nti ebinom a wɔde wɔn adan maa Adansefo no ma wɔde yɛɛ asafo nhyiam no agye wɔn ade. Edu baabi mpo a, aban adwumayɛfo tumi de hokwan a ebetumi ama ebinom abɛyɛ ɔmamma no kame wɔn, a wɔn bɔne ara ne sɛ wɔyɛ Yehowa Adansefo! Eyi nyinaa mmu Adansefo no abam.

15, 16. Dɛn na Yehowa Adansefo a wɔwɔ France ayɛ wɔ wɔn som adwuma a ebinom mpɛ no ho, na dɛn nti na wɔkɔ so ka asɛm no?

15 Wɔ France sɛ nhwɛso no, nnipa pii te asɛm ase na wɔka nokware. Nanso, ebinom a wɔn ani nnye asɛnka adwuma no ho ahyehyɛ mmara a wɔpɛ sɛ wɔde sɛe adwuma no. Dɛn na Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔ no ayɛ wɔ ho? Afei koraa na wɔamia wɔn asɛnka adwuma no mu, na nkɔso pii afi mu aba. (Yakobo 4:7) Asram asia pɛ mu no, Bible adesuafo foforo a ɛbɛkaa ho wɔ ɔman no mu kɔɔ soro ara koduu ɔha mu nkyem 33! Ɔbonsam ani renye ho koraa sɛ obehu sɛ nnipa komapafo a wɔwɔ France retie asɛmpa no. (Adiyisɛm 12:17) Yɛn nuanom Kristofo a wɔwɔ France no wɔ awerɛhyem sɛ odiyifo Yesaia nsɛm no benya mmamu wɔ wɔn so, nea ɛka sɛ: “Akode biara a wɔbɔ hyɛ wo renyɛ yiye, na tɛkrɛma biara a ɛbɛsɔre ne wo ayi ntɛn no, wobebu no fɔ.”—Yesaia 54:17.

16 Ɛnyɛ nea Yehowa Adansefo pɛ ne sɛ nkurɔfo bɛtaa wɔn. Nanso, esiane sɛ wotie Nyankopɔn mmara a ɔde ama Kristofo nyinaa nti, wɔrennyae nea wɔate no ho asɛm ka araa da. Wɔbɔ mmɔden yɛ ɔman mma pa. Nanso, sɛ nnipa mmara bɛma wɔabu Nyankopɔn mmara so a, ɛnde wobetie Nyankopɔn mmom.

Nsuro Wɔn

17. (a) Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yesuro yɛn atamfo? (b) Adwene bɛn na ɛsɛ sɛ yenya wɔ wɔn a wɔtaa yɛn no ho?

17 Yɛn atamfo gyina baabi a ɛhɔ yɛ toro paa. Wɔne Nyankopɔn na ɛreko. Ne saa nti, sɛ anka yebesuro wɔn a wɔtaa yɛn no, yedi Yesu ahyɛde so bɔ mpae ma wɔn. (Mateo 5:44) Yɛbɔ mpae srɛ sɛ, sɛ nim na obi nnim nti na ɔne Nyankopɔn ko, sɛnea Saul a ofi Tarso yɛe no a, Yehowa behu no mmɔbɔ abue n’aniwa ama wabehu nokware no. (2 Korintofo 4:4) Saul bɛyɛɛ Kristoni ma wɔbɛfrɛɛ no ɔsomafo Paulo, na ne bere so atumfoɔ no tan n’ani paa. Ne nyinaa akyi no, ɔkɔɔ so kaee ne nuanom Kristofo sɛ “wɔmmrɛ wɔn ho ase nyɛ osetie mma nniso ne tumi horow, na wonsiesie wɔn ho mma adwuma pa biara, wɔnnka obiara ho asɛmmɔne [a wɔn atamfo a wɔn tirim yɛ den paa no mpo ka ho], wɔnnyɛ ntɔkwapɛfo, wɔnyɛ nnipa a wɔte asɛm ase, na wonnwo koraa mma nnipa nyinaa.” (Tito 3:1, 2) Yehowa Adansefo a wɔwɔ France ne mmeae foforo de saa afotu yi yɛ adwuma.

18. (a) Akwan bɛn na Yehowa betumi afa so agye ne nkurɔfo? (b) Dɛn na ebefi mu aba?

18 Onyankopɔn ka kyerɛɛ odiyifo Yeremia sɛ: “Medi w’akyi na mayi wo.” (Yeremia 1:8) Ɔkwan bɛn na Yehowa betumi afa so ayi yɛn afi ɔtaa mu nnɛ? Obetumi ama yɛanya ɔtemmufo a ne tirim wɔ asɛmpa te sɛ Gamaliel. Obetumi nso ama tumidifo bi a ne bra aporɔw anaa ɔmpɛ yɛn asɛm afi hɔ da koro ama nea ɔte asɛm ase abɛhyɛ n’ananmu. Nanso, ɛtɔ da bi a Yehowa betumi ama kwan ma wɔakɔ so ataa ne nkurɔfo. (2 Timoteo 3:12) Bere biara a Onyankopɔn bɛma kwan ama wɔataa yɛn no, ɔbɛma yɛn ahoɔden a yɛde begyina. (1 Korintofo 10:13) Afei nso ɛmfa ho nea Onyankopɔn bɛma kwan ma ato yɛn biara no, yenim sɛnea ebewie: Wɔn a wɔko tia Nyankopɔn nkurɔfo no ne Nyankopɔn na ɛreko, na wobedi nkogu.

19. Asɛm bɛn na yɛde bedi dwuma wɔ afe 2006 mu, na dɛn nti na ɛfata?

19 Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ wɔbɛfa ahohia mu. (Yohane 16:33) Ɛno nti saa bere yi paa na ɛsɛ sɛ yɛde nsɛm a ɛwɔ Asomafo Nnwuma 5:29 yi yɛ adwuma: “Ɛsɛ sɛ yetie Onyankopɔn mmom sen nnipa.” Ne saa nti, wɔayi nkuranhyɛsɛm yi asi hɔ sɛ afe asɛm a Yehowa Adansefo de bedi dwuma wɔ afe 2006 mu. Bɔ mmɔden fa yɛ wo botae sɛ, sɛnea ɛte biara no, wubetie Nyankopɔn afe yi de akosi daa!

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 7 “Kaesare” a asɔfo mpanyin no kaa no pen sɛ ɔne wɔn hene saa bere no ne Roma Hempɔn Tiberio, a na wɔmmɔ no din pa no; ná ɔyɛ nyaatwom ne owudifo. Ná ɔbrasɛe nso adidi Tiberio mu.—Daniel 11:15, 21.

Wubetumi Abua?

• Nhwɛso a ɛhyɛ nkuran bɛn na asomafo no yɛ maa yɛn bere a wohyiaa ɔsɔretia no?

• Dɛn nti na ɛsɛ sɛ bere nyinaa yetie Nyankopɔn mmom sen nnipa?

• Hena paa na yɛn atamfo ne no reko?

• Wɔn a wɔmpa abaw wɔ ɔtaa mu no, ebewie wɔn dɛn?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 23]

Asɛm a yɛde bedi dwuma wɔ afe 2006 mu ni: “Ɛsɛ sɛ yetie Onyankopɔn mmom sen nnipa.”—Asomafo Nnwuma 5:29

[Mfonini wɔ kratafa 19]

“Ɛsɛ sɛ yetie Onyankopɔn mmom sen nnipa”

[Mfonini wɔ kratafa 21]

Kaiafa de ne werɛ hyɛɛ nnipa mu sen sɛ ɔde bɛhyɛ Nyankopɔn mu