Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wokae?

So Wokae?

So Wokae?

So w’ani agye Ɔwɛn-Aban a aba nnansa yi akenkan ho? Ɛnde hwɛ sɛ wubetumi abua nsɛmmisa a edidi so yi anaa:

Dɛn nti na wobetumi de bɔne a edi kan—Adam asoɔden—no atoto yare bi a wonya fi awo mu ho?

Ɛte sɛ yare bi a wonya fi awo mu efisɛ Adam de bɔne san n’asefo nyinaa. Enti yenyaa bɔne dɛmdi fii yɛn awofo a wodi kan no hɔ, te sɛ nea mmofra bi nya yare bi fi wɔn awofo hɔ no.—8/15, kratafa 5.

Dɛn titiriw na ama basabasayɛ redɔɔso nnɛ?

Satan rebɔ mmɔden sɛ ɔbɛma nnipa atwe wɔn ho afi Yehowa ho denam basabasayɛ su a ɔde hyɛ wɔn komam, a ebi fi sini ahorow, nnwom, ne kɔmputa so agodi a ɛkanyan wɔn a wɔde wɔn ho hyem na ɛma wɔyɛ atirimɔdenne kunkum nnipa no so. Basabasayɛ a woyi kyerɛ wɔ television so ka ho bi na basabasayɛ pii rekɔ so.—9/1, kratafa 29.

Ná hena ne Pontio Pilato?

Ná ɔyɛ Romani a ɔka asraafo a wɔn dibea ba fam no ho. Roma Hempɔn Tiberio paw Pilato sɛ Yudea mansin so amrado wɔ afe 26 Y.B. mu. Bere a Pilato redi Yesu asɛm no, ɔtee sobo a Yudafo akannifo no de bɔɔ Yesu no. Na esiane sɛ na ɔpɛ sɛ ɔsɔ nnipa kuw no ani nti, ɔpenee Yesu kum no so.—9/15, kratafa 10-12.

Dɛn ne “Sɛnkyerɛnne” a wɔaka ho asɛm wɔ Mateo 24:3 no?

Ná sɛnkyerɛnne yi wɔ afã pii a aka abom. Ebi ne, ɔko, ɔkɔm, yaredɔm, ne asasewosow. Ná ɛbɛboa Yesu akyidifo no ma wɔahu ne “ba” ne “ne bere a ɛwɔ hɔ yi awiei ho sɛnkyerɛnne.”—10/1, kratafa 4-5.

Na Yudafo a wɔahwete no yɛ hefo, na mmeae bɛn na na wɔahwete kɔ?

Na wɔyɛ Yudafo a wɔnte Palestina. Wɔ afeha a edi kan no mu no, ná mmeae atitiriw a Yudafo no te ne Siria, Asia Kumaa, Babilon, ne Misraim. Na wɔn mu kakra traa Europa fã bi wɔ Roma Ahemman mu.—10/15, kratafa 12.

Sɛ Kristoni yɛ adwuma a ɛhwehwɛ sɛ okura akode a, so obetumi akɔ so akura ahonim pa mu?

Sɛ́ obi bɛyɛ adwuma bi a ɛhwehwɛ sɛ okura tuo anaa akode foforo biara no yɛ n’ankasa gyinaesi. Nanso, adwuma a ɛhwehwɛ sɛ okura akode no betumi ama obi adi mogya ho fɔ sɛ ɛba sɛ ɔde akode no di dwuma a, na saa ara na ebetumi ama obi apira no anaa wakum no. Wɔremma Kristoni a ɔte saa no ɔsom hokwan titiriw biara wɔ asafo no mu. (1 Timoteo 3:3, 10)—11/1, kratafa 31.

Esiane sɛ wonyaa asɛmfua “Harmagedon” fii asɛm “Bepɔw Megido” mu nti, so ɛkyerɛ sɛ wɔbɛko Harmagedon ko no wɔ bepɔw bi so wɔ Mediterranea mpɔtam hɔ?

Dabi. Bepɔw Megido biara nni hɔ, mmom esiw tenten bi na esi Israel bon no ho. “Asase so ahemfo ne wɔn asafodɔm” no nyinaa rensen saa beae hɔ. Wɔbɛko Onyankopɔn ko kɛse no wɔ asase so nyinaa, na ɛde ɔko nyinaa bɛba awiei. (Adiyisɛm 16:14, 16; 19:19; Dwom 46:8, 9)—12/1, kratafa 4-7.