Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wɔboa Chinafo Wɔ Mexico

Wɔboa Chinafo Wɔ Mexico

Wɔboa Chinafo Wɔ Mexico

“MMARIMA du a wofi amanaman kasa nyinaa mu besuso Yudani biako atade mmuano mu aka sɛ: Yɛne mo bɛkɔ, na yɛate sɛ Onyankopɔn ne mo na ɛte.” (Sakaria 8:23) Ɛnnɛ, saa nkɔmhyɛ a ɛma yenya anidaso yi reba mu wɔ wiase nyinaa. Nnipa a “wofi amanaman kasa nyinaa mu” kura Nyankopɔn Israel mu denneennen sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛsom Yehowa Nyankopɔn. Nkɔmhyɛ yi a ɛbɛba mu no ho asɛm hia Yehowa Adansefo papaapa. Wɔn mu bebree resua kasa foforo na ama wɔatumi aka asɛmpa a wɔreka no wiase nyinaa no bi.

Yɛrentumi nyi Yehowa Adansefo a wɔwɔ Mexico no mfi mu. Nnipa a wɔka China kasa a wɔte Mexico no dodow nenam 30,000. Emu 15 na ɛbaa Kristo wu Nkaedi a wɔyɛɛ no Mexico City wɔ 2003 mu no bi. Enti Adansefo a wɔwɔ Mexico no hui sɛ Chinafo a wɔte hɔ no bebree betumi abɛsom Nyankopɔn. Nea ɛbɛyɛ na wɔanya nnipa bebree ma wɔaka asɛmpa no bi akyerɛ Chinafo no nti, wɔyɛɛ sɛ wɔde asram abiɛsa bɛyɛ sukuu bi de ama Mexico Adansefo asua China kasa a nkurɔfo ka no kɛse no. Ɛno bɛma wɔatumi ahu nsɛm kakra a wɔde bedi Chinafo no adanse. Wɔka ne nyinaa bom a Adansefo 25 na ɛkɔɔ sukuu no bi. Bere a wɔrewie sukuu no, Chinafo a wɔka Mandarin kasa a wɔte Mexico City no mpanyinfo no mu baako nso baa hɔ de kyerɛɛ sɛnea sukuu no aka Chinafo no paa. Chinafo sukuu bi a ɛwɔ hɔ bɔɔ sukuufo no baasa aba so sɛ wɔnkɔ amannɔne nkosua kasa no yiye na wɔbɛfa ho ka nyinaa.

Ná sukuu no fã bi ne sɛ wɔde nea wobesua no bedi nkɔmmɔ. Bere a sukuufo no suaa China kasa no kakra a wɔde betwitwa wɔn ho no, ntɛmpa ara na wofii ase de dii wɔn a wɔabuebue nnwuma wɔ Mexico City mpɔtam no adanse. Sukuufo a wɔbɔ mmɔden yi ne nkurɔfo 21 fii Bible adesua ase. Dɛn na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ? nhomawa no bi wɔ hɔ a wɔamfa China nkyerɛwde no ankasa na ɛkyerɛwee. Mmom sɛnea kasa no gyigye na wɔde Borɔfo nkyerɛwde kyerɛwee. Wɔfrɛ no Pinyin, na ɛno na ɛboaa wɔn kɛse.

Adansefo a afei ara na na wɔafi ase resua China kasa yi yɛɛ dɛn tumi yɛɛ Bible adesua? Mfitiase no, nea na wotumi ka ara ne, “Qing Du [Mepa wo kyɛw kenkan].” Wɔka saa wie a, na wɔde wɔn nsa akyerɛ nkyekyɛm no so ansa na wɔde aba asɛmmisa no so. Sɛ onipa no kenkan na oyi asɛm no ano wɔ China kasa mu wie a, na Adansefo no aka sɛ, “Shei shei [Meda wo ase],” “Hen Hao [Woayɛ ade paa].”

Wɔne maame bi a ose ɔyɛ Kristoni hyɛɛ Bible adesua a ɛte saa ase. Wosuaa ade mprɛnsa wiei no, na Ɔdansefo no ntumi nhu sɛ maame no te nea ɔresua no ase anaa. Enti ɔne onua bi a ɔyɛ Chinani kɔɔ hɔ. Bere a onua no ka kyerɛɛ maame no sɛ ommisa asɛm biara ɔwɔ no, maame no bisae sɛ: “Gye sɛ mahu asuguare ansa na moabɔ me asu anaa?”

Ankyɛ koraa na wɔhyehyɛɛ Asafo Nhoma Adesua. Chinafo 9 ne Mexico Adansefo 23 a wɔbɛn hɔ no na na wɔtaa ba. Ná Chinani oduruyɛfo bi nso kɔ adesua no bi. Ná wɔn a ɔhwɛ wɔn yare no bi ama no Ɔwɛn-Aban ne Nyan! wɔ Spain kasa mu. Esiane sɛ na ontumi nkan Spain kasa nti, ɔmaa obi kyerɛɛ kakra ase maa no. Bere a ohui sɛ Bible mu asɛm na ɛwom no, ɔka kyerɛɛ nea ɔde maa no no sɛ onya China de a anka ɔpɛ. Ɔhwehwɛɛ bi maa no, na Yehowa Adansefo Betel adwumayɛbea a ɛwɔ Mexico no yɛɛ nhyehyɛe maa Ɔdansefo a ɔka China kasa kɔɔ ne nkyɛn. Ná ne maame a ɔwɔ China no wɔ Bible, na bere a oduruyɛfo no wɔ hɔ no, ɔkenkanee maa n’ani gyei. Bere a ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛkɔ Mexico no, ne maame ka kyerɛɛ no sɛ onnnyae Bible akenkan. Enti, ɔwɔ hɔ nyinaa na ɔrebɔ mpae sɛ obenya obi a ɔbɛboa no ma wasua Onyankopɔn a Bible ka ne ho asɛm no ho nsɛm pii. Enti ɔde anigye kae sɛ: “Onyankopɔn atie me mpaebɔ!”

Wɔn a wɔkɔɔ nhoma adesua no bi nso ne Chinafo abusua bi a na wɔte Mexiconi bea bi a na ɔne Yehowa Adansefo sua Bible no fie. Ná Chinafo no nhyɛ da nte Spain kasa papa biara de, nanso na wɔtra adesua no mu bi. Ɛyɛɛ kakra no, wobisaa Ɔdansefo a ɔne ɔbea no sua ade no sɛ ebia wobetumi anya nhoma bi wɔ China kasa mu anaa. Ankyɛ koraa na wɔne wɔn yɛɛ Bible adesua wɔ China kasa mu. Ɛno akyi pɛɛ na wɔkae sɛ wɔpɛ sɛ wɔka asɛm no bi kyerɛ wɔn kuromfo na wohyira wɔn nkwa so ma Yehowa.

Ɛwom, China kasa yɛ den, nanso sɛnea nsɛm a yɛaka yi kyerɛ no, Yehowa reboa nnipa a wɔka kasa pii a Chinafo nso ka ho ama wɔasua n’apɛde wɔ Mexico ne wiase aman pii mu.

[Mfonini wɔ kratafa 17]

Nnipa a wɔresua China kasa wɔ Mexico City

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Mexiconi a ɔde China kasa reyɛ Bible adesua

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Wɔde China kasa reyɛ afie afie asɛnka wɔ Mexico City