Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Asɛm A Wɔka Ne Bere Mu, Eye Dɛn Ara!”

“Asɛm A Wɔka Ne Bere Mu, Eye Dɛn Ara!”

“Asɛm A Wɔka Ne Bere Mu, Eye Dɛn Ara!”

WƆ DA koro nhyiam bi a Yehowa Adansefo yɛe ase no, bere a na Kim rebɔ mmɔden atie asɛm no yiye na ɔreyɛ kyerɛwtohɔ no, bere koro no ara no, na ɔrebɔ mmɔden ahwɛ ma ne babea a wanya mfe abien ne fã no atra ase komm. Bere a dwumadi no baa awiei no, Kristoni bea bi a na ɔne Kim nyinaa te faako no fi komam kamfoo Kim ne ne kunu wɔ ɔkwan a wɔfaa so hwɛɛ wɔn babea no bere a na dwumadi no rekɔ so no ho. Kim ani gyee saa nkamfo no ho araa ma mfe pii a atwam nyinaa akyi no, ɛnnɛ ɔka sɛ: “Sɛ mete nka sɛ mabrɛ wɔ nhyiam ase a, misusuw nea saa onuawa no kae no ho. N’asɛm a ɛhyɛ nkuran no da so ara ka me ma mekɔ so tete yɛn babea no.” Ɛyɛ ampa sɛ asɛm a wɔka no ne bere mu tumi hyɛ obi nkuran. Bible ka sɛ: “Asɛm a wɔka ne bere mu, eye dɛn ara!”—Mmebusɛm 15:23.

Nanso, ebia ɛyɛ den ma yɛn mu binom sɛ yɛbɛkamfo afoforo. Ɛtɔ mmere bi a, nim a yenim sɛ yɛtɔ sin wɔ nneɛma bi mu no ma ɛyɛ den sɛ yɛbɛkamfo afoforo. Kristoni bi ka sɛ: “Wɔ me fam no, ɛte sɛ nea migyina baabi a ɛhɔ yɛ mmerɛw. Dodow a mekamfo afoforo no, dodow no ara na mete nka sɛ me so nni mfaso.” Nneɛma bi te sɛ fɛre, ahotoso a obi nni, anaa suro a osuro sɛ wobegye n’ano asi bɔne no nso betumi ama ayɛ den ama no sɛ ɔbɛkamfo afoforo. Bio nso, sɛ bere a yɛrenyin no, wɔankamfo yɛn a, ebetumi ayɛ dɛn ama yɛn sɛ yɛbɛkamfo afoforo.

Nanso, nim a yenim sɛ nkamfo betumi ayɛ ade pa ama nea ɔde ma ne nea wɔde ma no no nyinaa no betumi aka yɛn ma yɛayɛ nea yebetumi biara de akamfo afoforo wɔ bere a ɛfata mu. (Mmebusɛm 3:27) Ɛnde, mfaso bɛn na ɛwɔ nkamfo a wɔde ma so? Momma yensusuw emu bi ho tiawa nhwɛ.

Mfaso a Ɛwɔ So

Nkamfo a ɛfata betumi ama nea yɛkamfo no no anya ahotoso. Elaine a ɔyɛ Kristoni ɔbaa warefo no ka sɛ: “Sɛ nkurɔfo kamfo me a, ɛma mete nka sɛ wɔwɔ me mu ahotoso, na wogye me di.” Yiw, sɛ yɛkamfo obi a onni ahotoso a, ebetumi ama wanya akokoduru de adi akwanside ahorow ho dwuma na ama wanya anigye. Mmerante ne mmabaa titiriw na sɛ wɔde nkamfo a ɛfata wɔn ma wɔn a, ɛso ba wɔn mfaso. Ababaawa bi onyaa adwene a ɛmfata wɔ nea otumi yɛ ho maa n’abam bui no kae sɛ: “Mebɔ mmɔden bere nyinaa sɛ mɛsɔ Yehowa ani, nanso ɛtɔ mmere bi a, nea meyɛ nyinaa akyi no, mete nka sɛ ɛnsɔ ani. Sɛ obi kamfo me a, ɛma m’ani gye paa.” Nokwarem no, Bible mu bɛ yi yɛ ampa sɛ: “Asɛm a wɔka a ɛfata te sɛ sika aduaba wɔ dwetɛ kyerɛnkyɛ mu.”—Mmebusɛm 25:11.

Nkamfo betumi akanyan obi na ahyɛ no nkuran: Bere nyinaa somfo bi ka sɛ: “Nkamfo hyɛ me nkuran ma meyere me ho yɛ adwuma na ɛma meyɛ me som adwuma yiye.” Ɛna bi a ɔwɔ mma baanu hyɛɛ no nsow sɛ, sɛ asafo no mufo kamfo ne mma wɔ mmuae a wɔma wɔ asafo nhyiam ase ho a, wonya ɔpɛ sɛ wɔbɛma mmuae pii. Yiw, ebetumi akanyan mmofra ma wɔakɔ so abɔ wɔn bra sɛ Kristofo. Nokwarem no, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa nya awerɛhyem sɛ wobu yɛn na yɛsom bo. Wiase a ɔhaw ahyɛ mu ma yi betumi ama yɛabrɛ na yɛn abam abu. Kristofo asafo mu panyin bi ka sɛ, “Sɛ ɛtɔ mmere bi na m’abam bu a, nkamfo a minya no te sɛ nea wɔabua me mpaebɔ ara pɛ.” Saa ara nso na Elaine ka sɛ, “Ɛtɔ mmere bi a mete nka sɛ Yehowa nam nkamfo a afoforo de ma me so ma mihu sɛ ogye me tom.”

Sɛ wɔkamfo yɛn a, ɛma yɛte nka sɛ yɛwɔ adɔfo. Sɛ yefi komam kamfo afoforo a, ɛkyerɛ sɛ yedwen wɔn ho na ɛma yɛne wɔn bɛyɛ nnamfo, ɛma wonya yɛn mu ahotoso, na ɛma wohu sɛ wɔsom bo ma yɛn. Ɛyɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ yɛdɔ yɛn mfɛfo Kristofo ampa na wɔsom bo ma yɛn. Ɛna bi a wɔfrɛ no Josie ka sɛ: “Bere bi a atwam no, na ɛsɛ sɛ migyina nokware no akyi wɔ abusua a ɛsono ɔsom a obiara wom mu. Saa bere no, nkamfo a ankorankoro a wɔn ho akokwaw wɔ honhom fam de maa me no hyɛɛ me bo a na masi sɛ merempa abaw no mu den.” Nokwarem no, “yɛyɛ yɛn ho yɛn ho akwaa.”—Efesofo 4:25.

Yɛkamfo afoforo a, ɛma yehu nneɛma pa wɔ wɔn mu. Yɛhwɛ nneɛma pa a afoforo yɛ no, na ɛnyɛ wɔn mmerɛwyɛ. Kristofo asafo mu panyin bi ka sɛ, “Sɛ yɛma yɛn ani sɔ nea afoforo yɛ a, ɛbɛboa yɛn ma yɛakɔ so akamfo afoforo.” Sɛ yɛma sɛnea Yehowa ne ne Ba no fi ayamye mu ka yɛn nnipa a yɛtɔ sin ho asɛmpa no tra yɛn adwenem a, ɛbɛka yɛn ma yɛn nso yɛafi ayamye mu ayɛ saa ara.—Mateo 25:21-23; 1 Korintofo 4:5.

Wɔn a Wɔfata Nkamfo

Esiane sɛ Yehowa Nyankopɔn ne Ɔbɔadeɛ nti, ɔno ne obi a ɔfata paa sɛ yɛkamfo no. (Adiyisɛm 4:11) Ɛwom sɛ Yehowa nhia yɛn nkamfo na ama wanya ahotoso anaa akanyan no ama wayɛ biribi de, nanso sɛ yɛkamfo no wɔ ne kɛseyɛ ne n’ayamye ho a, ɔbɛn yɛn na yɛne no nya abusuabɔ. Sɛ yɛkamfo Onyankopɔn nso a ɛmma yɛmmfa nea yetumi yɛ nhoahoa yɛn ho, na ɛma yebu nea yetumi yɛ no sɛ efi Yehowa. (Yeremia 9:23, 24) Yehowa ama nnipa a wɔfata nyinaa anya anidaso sɛ wɔbɛtra ase daa, na ɛno nso yɛ ade foforo nti a ɛsɛ sɛ ɛka yɛn ma yɛkamfo no. (Adiyisɛm 21:3, 4) Ná ɛyɛ Ɔhene Dawid a ɔtraa ase tete no anigye sɛ ‘obeyi Nyankopɔn din ayɛ’ na ‘ɔde aseda akamfo no.’ (Dwom 69:30) Ɛmmra sɛ yɛn nso yebenya ɔpɛ a ɛte saa ara.

Yɛn mfɛfo asomfo fata sɛ yɛkamfo wɔn sɛnea ɛsɛ. Sɛ yɛkamfo wɔn a, yɛyɛ saa de di Onyankopɔn ahyɛde a ɛka sɛ “yensusuw yɛn ho yɛn ho, nkanyan yɛn ho yɛn ho nkɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu” no so. (Hebrifo 10:24) Nea ɔyɛɛ eyi ho nhwɛso pa ne ɔsomafo Paulo. Ɔkyerɛw kɔmaa asafo a ɛwɔ Roma no sɛ: “Nea edi kan koraa no, menam Yesu Kristo so da me Nyankopɔn ase wɔ mo nyinaa ho, efisɛ wɔka mo gyidi ho asɛm wɔ wiase mmaa nyinaa.” (Romafo 1:8) Saa ara nso na ɔsomafo Yohane kamfoo ne yɔnko Kristoni Gaio wɔ nhwɛso pa a ɔyɛe de “nantew nokware no mu no” ho.—3 Yohane 1-4.

Ɛnnɛ, sɛ yɔnko Kristoni bi yɛ nhwɛso pa wɔ Kristo nipasu a ɔda no adi mu, ɔyɛ ne dwumadi yiye wɔ asafo nhyiam ase, anaa ɔma mmuae a ɛka koma wɔ asafo nhyiam ase a, ɛyɛ hokwan a ɛfata a yenya sɛ yɛde bɛkamfo onipa a ɔte saa no. Anaasɛ sɛ abofra bi bɔ mmɔden bue kyerɛw nsɛm wɔ asafo nhyiam ase a, yebetumi akamfo no. Elaine a yɛadi kan aka ne ho asɛm no ka sɛ: “Obiara wɔ ne dom akyɛde. Sɛ yɛhyɛ nea obi yɛ nsow a, yɛkyerɛ anisɔ wɔ ɔdom akyɛde a egu ahorow a ɛwɔ Onyankopɔn nkurɔfo mu no ho.”

Yɛn Abusuafo a Yɛbɛkamfo Wɔn

Yɛn ankasa abusua mufo a yɛbɛkamfo wɔn no nso ɛ? Egye mmɔdenbɔ, ɔdɔ ne bere a okunu ne ɔyere nya ma wɔn abusua na ama wɔatumi aboa wɔn wɔ honhom fam, honam fam, ne nkate fam. Akyinnye biara nni ho sɛ ɛfata sɛ okunu ne ɔyere kamfo wɔn ho wɔn ho, na mmofra nso kamfo wɔn awofo. (Efesofo 5:33) Sɛ nhwɛso no, Onyankopɔn Asɛm ka fa ɔyere pa ho sɛ: “Ne mmabanin sɔre, na wɔfrɛ no nhyira, ne kunu nso, oyi no ayɛ.”—Mmebusɛm 31:10, 28.

Mmofra nso fata nkamfo. Nanso awerɛhosɛm ne sɛ, awofo binom wɔ hɔ a sɛ wɔpɛ sɛ wɔn mma yɛ biribi ma wɔn a wɔka no ntɛm, nanso wɔntaa nkamfo wɔn wɔ mmɔden a wɔbɔ yɛ osetie ne asoɔmmerɛw no ho. (Luka 3:22) Sɛ abofra sua na wɔkamfo no a, ɛma ɔte nka sɛ ne so wɔ mfaso na ɔwɔ ahobammɔ paa.

Ɛyɛ ampa sɛ egye mmɔdenbɔ na ama yɛakamfo afoforo de, nanso sɛ yɛyɛ saa a ɛma yenya mfaso pii. Nokwarem no, dodow a yɛbɔ mmɔden kamfo wɔn a wɔfata nkamfo no, dodow no ara na yebenya anigye pii.—Asomafo Nnwuma 20:35.

Fa Adwempa Kamfo Afoforo na Fa Adwempa Gye Nkamfo

Nkamfo a wɔde ma ebinom betumi ayɛ sɔhwɛ ama wɔn. (Mmebusɛm 27:21) Sɛ nhwɛso no, ebetumi ama obi a ɔda ahantan adi ate nka sɛ ɔkorɔn sen afoforo. (Mmebusɛm 16:18) Enti, ehia sɛ yɛyɛ ahwɛyiye. Ɔsomafo Paulo de afotu a mfaso wɔ so yi mae sɛ: ‘Meka kyerɛ mo mu biara sɛ ommmu ne ho nntra nea ɛsɛ; na mmom ɔnnwene nnya anidahɔ adwene, sɛnea Nyankopɔn asusuw gyidi akyekyɛ ama obiara no.’ (Romafo 12:3) Nea ɛbɛyɛ na yɛaboa afoforo na amma wɔammu wɔn ho antra so no, ɛbɛyɛ papa sɛ yɛrenkamfo wɔn sɛ wɔyɛ nkurɔfo a wɔaben anaa wɔn ho yɛ fɛ. Mmom no, ɛsɛ sɛ yɛkamfo afoforo wɔ nnwuma pa a wɔyɛ ho.

Sɛ yɛde adwempa kamfo afoforo na yɛde adwempa gye nkamfo a, ɛso betumi aba yɛn mfaso. Ebetumi aka yɛn ma yɛde adepa biara a yɛayɛ ho anuonyam ama Yehowa. Nkamfo betumi ahyɛ yɛn nkuran nso ama yɛakɔ so abɔ bra pa.

Nkamfo a efi komam na ɛfata wɔn a yɛde ma wɔn yiye no yɛ akyɛde a yɛn nyinaa betumi de ama. Sɛ yesusuw ho yiye de ma obi a, ebetumi aboa onii no koraa a yɛn adwene mma so saa.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 18]

Krataa Bi a Ɛkaa Ne Koma

Ɔhwɛfo kwantufo bi kae da bi a na awɔw wom paa a ɔne ne yere fii asɛnka baa fie no yiye. Ɔka sɛ: “Na awɔw de me yere, na na n’abam abu, na ɔka kyerɛɛ me sɛ ɔte nka sɛ ontumi ntoa so nyɛ adwuma no. Me yere kae sɛ, ‘Ɛbɛyɛ papa sɛ yɛbɛtra asafo biako mu ayɛ bere nyinaa som adwuma no, na yɛatra faako ayɛ yɛn Bible adesua ahorow.’ Mansi gyinae biara wɔ asɛm no ho ansa, mekae sɛ yɛbɛtoa adwuma no so ama dapɛn no akɔ n’awiei na yɛahwɛ sɛnea ɔbɛte nka. Sɛ ɔda so ara te nka denneennen sɛ obegyae adwuma no a, mɛpene so. Saa da no ara, yɛfaa posɔfese na yenyaa krataa bi fii baa dwumadibea a na wɔakyerɛw abrɛ me yere ankasa. Wɔkamfoo no wɔ mmɔden a ɔrebɔ wɔ asɛnka adwuma no mu ne ne boasetɔ ho wɔ krataa no mu. Wɔkaa sɛnea ebetumi ayɛ den sɛ ɔbɛda mpa foforo so dapɛn biara no nso ho asɛm wom. Nkamfo no kaa ne koma araa ma wanka bio da sɛ obegyae akwantu adwuma no. Nokwasɛm ni, wahyɛ me nkuran mpɛn pii sɛ menkɔ so nyɛ adwuma no bere a metee nka sɛ mepɛ sɛ migyae no.” Saa awarefo yi kɔɔ so yɛɛ akwantu adwuma no bɛyɛ mfe 40.

[Mfonini wɔ kratafa 17]

Henanom na wɔwɔ w’asafo mu a wɔfata nkamfo?

[Mfonini wɔ kratafa 19]

Sɛ yefi ɔdɔ mu nya mmofra ho adagyew na yɛkamfo wɔn a, esi wɔn yiye