Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ma Nneɛma Ho a Wubedwennwen Nyɛ Wo Anigye

Ma Nneɛma Ho a Wubedwennwen Nyɛ Wo Anigye

Ma Nneɛma Ho a Wubedwennwen Nyɛ Wo Anigye

WƆ NNIPA bi fam no, nneɛma ho a wobedwennwen no betumi ayɛ adesoa ama wɔn. Wobetumi abu nneɛma ho a wobedwennwen sɛ adwumaden a ɛhwehwɛ sɛ wɔde wɔn adwene nyinaa si so. Saafo no nso ani betumi awu sɛ wonnnwennwen nneɛma ho, titiriw bere a wɔkenkan hu sɛ mfaso wɔ so no. (Filipifo 4:8) Nanso, sɛ yɛyɛ komm susuw nokware ahorow a yɛasua afa Yehowa ho, ne su ahorow, anwonwade a wayɛ, nea ɔhwehwɛ fi yɛn hɔ, ne n’atirimpɔw a anuonyam wom ho a, ebetumi ayɛ ɔkwan a ɛyɛ anigye paa a yebetumi afa so de yɛn bere adi dwuma, na ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa nso. Dɛn ntia?

Yehowa Nyankopɔn ne amansan yi so Sodifo Pumpuni no, na ɔreyɛ adwuma denneennen sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛma n’atirimpɔw titiriw anya ne mmamu. (Yohane 5:17) Ɛno mpo no, ɔma nneɛma a n’asomfo mu biara dwennwen ho no ho hia no. Ná odwontofo Dawid nim eyi na Onyankopɔn honhom kaa no ma ɔkyerɛwee sɛ: “[Yehowa, NW], wohwehwɛ me mu, na wuhu me. Wo na wunim m’asetra ne me sɔre, wuhu m’adwenem akyirikyiri.”—Dwom 139:1, 2.

Sɛ obi kan odwontofo no asɛm no nea edi kan a, ebia ɛbɛyɛ no sɛ ɛnhyɛ nkuran. Obetumi anya adwene sɛ, ‘Ɛwom sɛ Onyankopɔn wɔ “akyirikyiri” de, nanso ohu nsusuwii bɔne biara a ɛba m’adwenem no.’ Nokwarem no, mfaso wɔ so sɛ yebehu sɛ ohu nsusuwii bɔne a ɛba yɛn adwenem no. Ebetumi aboa yɛn ma yɛako atia nsusuwii bɔne, na sɛ ɛba yɛn adwenem na yɛka ho asɛm kyerɛ Onyankopɔn a, yebetumi anya ahotoso sɛ obegyina gyidi a yɛwɔ wɔ Yesu agyede afɔrebɔ no so de afiri yɛn. (1 Yohane 1:8, 9; 2:1, 2) Nanso, bere koro no ara no, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ Yehowa de adwempa na ɛhwehwɛ n’asomfo mu. Sɛ yedwennwen nneɛma pa fa ne ho a, ohu.

Ebia wubebisa sɛ, “So Yehowa hu nneɛma pa a n’asomfo ɔpepem pii dwennwen ho no nyinaa ankasa?” Yiw ohu paa. Yesu sii so dua sɛ yɛn ho hia Yehowa bere a ɔkae sɛ Yehowa hu nkasanoma nketewa mpo no. Afei ɔde kaa ho sɛ: “Mosom bo sen nkasanoma bebree.” (Luka 12:6, 7) Nkasanoma ntumi nsusuw Yehowa ho. Na sɛ Yehowa dwen wɔn ho a, mpɛn ahe ara na ɔrenwene yɛn ho na n’ani rennye bere a yɛn mu biara susuw ne ho no! Yiw, te sɛ Dawid no, yebetumi afi ahotoso mu abɔ mpae sɛ: “Ma . . . me komam nkɔmmɔ nsɔ w’ani, [Yehowa, NW], me botan ne me gyefo.”—Dwom 19:14.

Yehu adanse foforo a ɛkyerɛ sɛ Yehowa hu nea n’asomfo anokwafo dwennwen ho no wɔ odiyifo Malaki nsɛm a Onyankopɔn maa no kyerɛwee no mu. Bere a ɔreka yɛn nna yi ho asɛm no, ɔhyɛɛ nkɔm sɛ: ‘Ɛnna wɔn a wosuro Yehowa no kasakasae wɔn mu, na Yehowa yɛɛ asõ na ɔtee, na wɔkyerɛw n’anim nkae nhoma maa wɔn a wosuro Yehowa na wobu ne din no.’ (Malaki 3:16) Sɛ yɛkae yɛn ho sɛ Yehowa ‘yɛ aso’ bere a yesusuw ne ho no a, ebetumi ama Onyankopɔn ho a yebedwennwen no ayɛ anigye ankasa. Ne saa nti, yebetumi aka asɛm a odwontofo no kyerɛwee yi bi sɛ: “Masusuw w’adwuma nyinaa ho, na madwen wo nneyɛe ho.”—Dwom 77:12.