Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mmofra Baawɔtwe A Metetee Wɔn Wɔ Yehowa Kwan So Mu Haw Ne Anigye

Mmofra Baawɔtwe A Metetee Wɔn Wɔ Yehowa Kwan So Mu Haw Ne Anigye

Asetram Nsɛm

Mmofra Baawɔtwe A Metetee Wɔn Wɔ Yehowa Kwan So Mu Haw Ne Anigye

SƐNEA JOYCELYN VALENTINE KA KYERƐE

Me kunu tuu kwan afe 1989 mu kɔɔ amannɔne kɔyɛɛ adwuma. Ɔka kyerɛɛ me sɛ ɔkɔ a ɔbɛmena me sika na ama matumi ahwɛ me mma baawɔtwe no. Nnawɔtwe pii twaam, nanso mante ne nka. Bosome pii nso twaam a mante ne nka ara da. Mekɔɔ so kyekyee me werɛ sɛ, ‘Sɛ nneɛma kɔ yiye ma no pɛ a, ɔbɛba fie.’

ESIANE sɛ na minni sika a mede bɛhwɛ m’abusua nti, mebɛyɛɛ basaa. Edu anadwo a na mintumi nna, na minnye nni sɛ saa na me kunu ayɛ me, enti na mibisa me ho sɛ, ‘Adɛn na ɔreyɛ n’abusua saa?’ Bere bi akyi no, migyee asɛm a manna annwene ho da no toom sɛ me kunu apo yɛn. Bɛyɛ mfe 16 ni a ogyaw yɛn hɔ kɔe no, ɔmmae ara da de besi nnɛ. Enti, me nkutoo na metetee me mma no. Mmofra no ntetee nyɛ mmerɛw koraa, nanso m’ani agye pii sɛ me mma no afa Yehowa akwan so. Nanso, ansa na mɛka sɛnea nneɛma yɛɛ yiye maa yɛn abusua no, ma menka ntetee a minyae ho asɛm nkyerɛ wo.

Mehwehwɛɛ Bible Mu Akwankyerɛ

Wɔwoo me afe 1938 mu wɔ Caribbean supɔw Jamaica so. Ɛwom sɛ na Paapa nkɔ asɔre biara de, nanso na obu ne ho sɛ obi a osuro Nyankopɔn. Edu anadwo a, na ɔtaa ma me kenkan Dwom nhoma no fi Bible mu kyerɛ no. Ankyɛ na mekyeree dwom nhoma no mu nsɛm pii guu me tirim a na mitumi ka. Ná Maame kɔ asɔre bi a ɛwɔ yɛn mpɔtam hɔ, na na ɛtɔ bere bi a ɔde me kɔ asɔre.

Ná wɔka kyerɛ yɛn wɔ asɔre hɔ sɛ Onyankopɔn fa nnipa pa kɔ soro na ɔhyew abɔnefo wɔ hellgya mu daa. Wɔka kyerɛɛ yɛn nso sɛ, Yesu, ɔno ara ne Onyankopɔn, na ɔdɔ mmofra. M’adwene yɛɛ me basaa nti ɛma misuroo Onyankopɔn. Mibisaa me ho sɛ, ‘Ɛbɛyɛ dɛn na Onyankopɔn a ɔdɔ yɛn no bɛyɛ nnipa ayayade wɔ ogya mu?’

Sɛ hellgya ho adwene besi me tirim a na ɛma mesoso dae bɔne. Bere bi akyi no, Memeneda Asɔre no ma mefaa krataakyerɛw so nyaa Bible ho adesua bi. Wɔkyerɛkyerɛe sɛ wɔrenyɛ abɔnefo ayayade daa, na mmom, ogyaframa no bɛhyew wɔn ma wɔadan nsõ. Ná ɛte sɛ nea ntease wɔ eyi mu paa, na mifii ase kɔɔ wɔn asɔre no bi. Nanso mihui sɛ wɔn nkyerɛkyerɛ no ntɔ asom, na nea misuae no ansesa adwene a na mewɔ wɔ abrabɔ ho no.

Saa bere no, na nnipa dodow no ara gye tom sɛ aguamammɔ yɛ bɔne. Nanso, na me ne afoforo pii susuw sɛ wɔn a wɔne nnipa pii nya nna mu kyɛfa no nkutoo na wɔyɛ aguamammɔfo. Enti, sɛ nnipa baanu a wɔnwaree ne wɔn ho nkutoo da a ɛnyɛ bɔne. (1 Korintofo 6:9, 10; Hebrifo 13:4) Esiane sɛ na migye saa asɛm yi di nti, mewoo mma baasia a na wɔnyɛɛ me ho ade.

Metee Bible no Ase

Wɔ afe 1965 mu no, Vaslyn Goodison ne Ethel Chambers bɛtraa Bath a na ɛbɛn baabi a yɛte no. Ná wɔyɛ akwampaefo anaasɛ Yehowa Adansefo bere nyinaa asomfo, na da bi wɔne me papa kasae. Ɔpenee so sɛ wɔne no nyɛ Bible adesua. Sɛ wɔbɛto me wɔ fie a na wɔne me nso kasa. Ɛwom sɛ na minni Yehowa Adansefo ho adwempa koraa de, nanso meyɛɛ m’adwene sɛ me ne wɔn besua Bible no na makyerɛ wɔn sɛ wɔyɛ atorofo.

Sɛ yɛresua ade a na mibisa Adansefo no nsɛm pii, na wɔde Bible no buaa ne nyinaa. Wɔboaa me ma mihui sɛ awufo nnim biribiara na ɛnyɛ nokware sɛ wɔrehu amane wɔ hell. (Ɔsɛnkafo 9:5, 10) Misuaa daa nkwa a yebetumi anya wɔ Paradise asase so ho ade nso. (Dwom 37:11, 29; Adiyisɛm 21:3, 4) Ɛwom sɛ me papa gyaee Bible no sua de, nanso me de mifii ase kɔɔ Yehowa Adansefo nhyiam ahorow wɔ yɛn mpɔtam hɔ. Sɛnea na adesua no kɔ so asomdwoe mu na nhyehyɛe nso da ho no maa misuaa pii faa Yehowa ho. Mekɔɔ amansin ne amantam nhyiam ahorow, ne nhyiam akɛse a Adansefo no yɛe nso. Bible nkyerɛkyerɛmu a ɛte saa a minyae no ma minyaa ɔpɛ a emu yɛ den sɛ mɛsom Yehowa wɔ ɔkwan a ɛfata so. Nanso, na biribi siw me kwan.

Saa bere no, na me ne me mma baasia no mu baasa papa te a ɔnyɛɛ me ho ade. Mibehui wɔ Bible mu sɛ Onyankopɔn anni nnye ho sɛ wo ne obi a wonwaree no bɛda, na m’ahonim fii ase haw me. (Mmebusɛm 5:15-20; Galatifo 5:19) Bere a anigye a mewɔ wɔ nokware no ho mu yɛɛ den no, na me ho pere me sɛ mede Onyankopɔn mmara bɛbɔ me bra. Awiei koraa no misii gyinae. Meka kyerɛɛ ɔbarima a me ne no te no sɛ ɔnkɔware me anyɛ saa a me ne no ntra bio. Ɛwom sɛ na ɔbarima no ne me nni gyidi biako de, nanso yɛwaree wɔ August 15, 1970, na ɛyɛ da a edi kan a Adansefo no ne me kasae akyi mfe anum. Mede nsu mu asubɔ yɛɛ m’ahosohyira ho sɛnkyerɛnne maa Yehowa wɔ December 1970 mu.

Me werɛ remfi ɛda a mifii asɛnka ase no da. Ná ehu aka me, na na minnim sɛnea mefi Bible mu nkɔmmɔbɔ ase. Nokwasɛm ni, bere a ofiewura a odi kan no twaa yɛn nkɔmmɔbɔ no so ntɛm no, me ho tɔɔ me. Nanso, akyiri yi na minsuro bio. Bere a yɛpɔnee no, m’ani gyei paa, efisɛ na me ne nnipa pii abɔ Bible no ho nkɔmmɔ tiawa ama wɔagye yɛn Bible ho nhoma no bi.

Meboaa Abusua no Ma Wɔsom Onyankopɔn

Ebeduu afe 1977 no, na mawo mma baanu aka ho ma wɔabɛyɛ baawɔtwe. Na masi me bo sɛ mɛboa me fiefo ma wɔasom Yehowa. (Yosua 24:15) Enti meyeree me ho paa ne abusua no yɛɛ Bible adesua daa. Ɛtɔ da bi a, esiane ɔbrɛ nti, bere a mmofra no biako rekenkan nkyekyɛm no den no na meretɔ nko, ɛba saa a na mmofra no anyan me. Nanso ɔbrɛ no amma yɛannyae Bible no sua sɛ abusua da.

Ná me ne me mma no nso taa bɔ mpae paa. Mekyerɛɛ wɔn sɛnea wɔn ankasa betumi abɔ Yehowa mpae bere a wonyin duu baabi a wobetumi ayɛ saa no. Mehwɛe sɛ wɔn mu biara bɛbɔ mpae bere a ɔrekɔda. Ná me ne mmofra no mu biara a osua koraa a n’ankasa ntumi mmɔ mpae no bɔ mpae.

Mfiase no na me kunu mpɛ sɛ mede mmofra no bɛkɔ asafo nhyiam. Nanso, sɛ mekɔ asafo nhyiam a na ɔno na ɛsɛ sɛ ɔhwɛ mmofra no, enti ɛma ɔbrɛɛ ɔsɔretia no ase. Edu anadwo a na ɔpɛ sɛ opue kɔsrasra ne nnamfo, nanso na n’ani nnye ho koraa sɛ ɔde mmofra baawɔtwe no nyinaa bɛkɔ! Akyiri yi, ɔno mpo na na ofi ase siesie mmofra no ho ma me ne wɔn kɔ Ahenni Asa so.

Ankyɛ na mmofra no ani begyee asafo nhyiam nyinaa kɔ ne asɛnka adwuma no ho. Wɔ wɔn akwamma bere mu no, na wɔtaa ne akwampaefo anaa bere nyinaa asomfo a wɔwɔ yɛn asafo mu no kɔ asɛnka. Eyi boaa me mma nkumaa no ma wobenyaa ɔdɔ maa asafo no ne asɛnka adwuma no.—Mateo 24:14.

Sɔhwɛ Bere

Sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi ahwɛ yɛn abusua no yiye no, me kunu fii ase tutuu akwan kɔɔ amannɔne kɔyɛɛ adwuma. Ná otumi kɔhyɛ mu kyɛ nanso na ɔtaa baa fie. Nanso, wɔ afe 1989 mu no, ɔkɔe a wansan amma bio. Sɛnea midii kan kae no, me kunu a na onni hɔ no ma meyɛɛ basaa. Ná metaa su anadwo paa, na mebɔɔ Yehowa mpae denneennen hwehwɛɛ awerɛkyekye ne ahoɔden a mede begyina ano, na mihui sɛ Yehowa buaa me mpaebɔ. Kyerɛw nsɛm te sɛ Yesaia 54:4 ne 1 Korintofo 7:15 ma minyaa asomdwoe ne ahoɔden a mede bɛkɔ so abɔ bra no. Abusuafo ne nnamfo a wɔwɔ Kristofo asafo no mu nso daa ɔdɔ adi kyerɛɛ me na wɔboaa me honam fam. Meda Yehowa ne ne nkurɔfo ase paa sɛ wɔaboa me.

Yehyiaa sɔhwɛ afoforo nso. Bere bi me mmabea no biako buu brabɔne ma wotuu no fii asafo no mu. Medɔ me mma no nyinaa paa, nanso nokware a medi Yehowa no ne ade mede di kan. Enti, me ne me mma a aka no dii Bible akwankyerɛ a ɛkyerɛ sɛnea yɛbɛyɛ yɛn ade wɔ wɔn a wɔatu wɔn no ho so pɛpɛɛpɛ saa bere no. (1 Korintofo 5:11, 13) Nnipa a na wɔnte nea yɛreyɛ no ase kasa tiaa yɛn paa. Nanso, bere a wɔsan gyee me babea no baa asafo no mu bio no, ne kunu ka kyerɛɛ me sɛ Bible nnyinasosɛm a yegyinaa akyi pintinn no aka no paa. Seesei ɔne n’abusua som Yehowa.

Sikasɛm Mu Ahokyere

Bere a me kunu gyaw yɛn hɔ kɔe no, na menyɛ adwuma titiriw biara, na na ɔmmena abusua no nso bio. Tebea a yɛkɔɔ mu yi maa yɛn ani sɔe sɛ yɛbɛyɛ yɛn ho sɛ awiɛmfoɔ na yɛabu honhom fam nneɛma sɛ ɛsom bo sen honam fam nneɛma. Bere a mmofra no suae sɛ wɔbɛdodɔ wɔn ho aboa wɔn ho wɔn ho no, wɔbɛyɛɛ biako. Bere a mpanyimfo a wɔwom no fii ase yɛɛ adwuma no, wofi wɔn pɛ mu boaa wɔn nuanom nkumaa no. Me babea panyin, Marseree, boaa ne nuabea Nicole a ɔyɛ kumaa koraa no ma owiee ntoaso sukuu. Me nso mitumi yɛɛ sotɔɔ ketewaa bi kaa ho. Sika kakraa a minya fii mu no boaa me ma mitumi dii yɛn honam fam nneɛma bi ho dwuma.

Yehowa nnyaw yɛn da. Bere bi, meka kyerɛɛ onuawa Kristoni bi sɛ yenni sika nti yentumi nkɔ ɔmantam nhyiam no bi. Ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Onuawa Val, sɛ wote sɛ yɛrebɛkɔ ɔmantam nhyiam a, fi ase boaboa wo ho! Yehowa bɛhwɛ mo.” Mitiee n’afotu no. Yehowa maa yɛn nea yehia, na wakɔ so ahwɛ yɛn. Ɔmansin anaa ɔmantam nhyiam biara mpaa yɛn abusua no ti so da esiane sika a yenni nti.

Wɔ afe 1988 mu no, ahum bi a ano yɛ den a wɔtoo din sɛ Gilbert no sɛee Jamaica koraa, na yetu fii yɛn fie kɔpɛɛ guankɔbea. Bere a ahum no ano brɛɛ ase kakra no, me ne me babarima san kɔhwɛɛ yɛn fie a na asɛe no kɔhwɛɛ nea aka wɔ hɔ. Bere a na yɛrehwehwɛ nneɛma a asɛe no mu no, mihuu biribi a na mepɛ sɛ mefa. Mpofirim ara na ahum no fii ase sɛ ɛretu bio, nanso na meda so ara kura ade a mafa no mu. Me babarima no kae sɛ: “Maame, fa television no si hɔ. Woyɛ Lot yere?” (Luka 17:31, 32) Saa asɛm a me babarima no kae no maa m’ani baa me ho so. Migyaee TV a na osu afɔw no twɔnn no mu bɔɔ hɔ, na yɛn baanu guan fii hɔ.

Sɛ nnɛ mekae sɛ TV nti anka mereyɛ ahwere me nkwa a na mabɔ hu. Nanso sɛ midwen asɛm a ɛhyɛ nkuran a me babarima no kae saa bere no ho a, ɛma m’ani gye sɛ odwen nneɛma a ɛho hia ho. Ɛdenam Bible mu ntetee a na wanya wɔ Kristofo asafo no mu nti, otumi boaa me ma me kwatii asiane a anka ebetumi ama m’ahwere me nkwa ne me ne Onyankopɔn ntam abusuabɔ a ebia anka ɛbɛsɛe no.

Ahum no sɛee yɛn fie ne yɛn agyapade nyinaa, na ɛmaa yɛn abam nso bui. Ɛno akyi no yɛn nuanom Kristofo no bae. Wɔhyɛɛ yɛn nkuran sɛ yɛmfa yɛn ho nto Yehowa so nnyina amanehunu no ano na yɛnkɔ so nyere yɛn ho wɔ ɔsom adwuma no mu, na wɔboaa yɛn ma yɛsan sii yɛn fie no. Sɛnea Adansefo a wɔwɔ Jamaica ne amannɔne no fi wɔn pɛ mu tuu wɔn ho mae de ɔdɔ bɛboaa yɛn ma yesii yɛn dan no kaa yɛn koma papaapa.

Yɛde Yehowa Dii Kan

Bere a me ba a ɔto so abien, Melaine, wiee sukuu no, ɔsomee sɛ ɔkwampaefo. Afei wɔtoo nsa frɛɛ no sɛ ɔnkɔsom sɛ ɔkwampaefo wɔ asafo foforo mu, enti na ɛsɛ sɛ ogyae adwuma a na ɔyɛ no. Ɛwom sɛ na adwuma a ɔyɛ no ma otumi boa abusua no paa wɔ sika fam de, nanso na yɛwɔ awerehyem sɛ sɛ yɛn mu biara de Ahenni nneɛma di kan a, Yehowa bɛhwɛ yɛn. (Mateo 6:33) Akyiri yi, wɔtoo nsa frɛɛ me babarima, Ewan nso sɛ ɔnkɔsom sɛ ɔkwampaefo. Ná ɔboa abusua no wɔ sika fam, nanso yɛhyɛɛ no nkuran sɛ ɔmpene so na ɔnkɔyɛ, na yɛsrɛɛ Yehowa nhyira maa no. Mimmuu mmofra no abam da wɔ Ahenni adwuma a wɔpɛ sɛ wɔtrɛw mu no ho, na biribiara nhiaa yɛn a yɛaka wɔ fie no da. Mmom no, yɛanya anigye pii, na ɛtɔ bere bi a, yetumi boa wɔn a wɔwɔ ahokyere mu mpo.

Ɛnnɛ, m’ani gye sɛ mihu sɛ me mma no “nam nokware kwan so.” (3 Yohane 4) Mprempren me babea biako a wɔfrɛ no Melaine ne ne kunu a ɔyɛ ɔmansin sohwɛfo no reyɛ akwantu adwuma no. Me babea Andrea ne ne kunu som sɛ akwampaefo titiriw, na sɛ ne kunu kɔsom asafo ahorow sɛ ɔmansin sohwɛfo nanmusini a, ɔne no kɔ. Me babarima, Ewan ne ne yere som sɛ akwampaefo titiriw, na ɔyɛ asafo mu panyin. Me babea biako a wɔfrɛ no Ava-Gay nso ne ne kunu yɛ adwuma wɔ Yehowa Adansefo dwumadibea a ɛwɔ Jamaica. Jennifer, Genieve, ne Nicole ne wɔn kununom de nnamyɛ resom wɔ wɔn asafo ahorow mu. Marseree ne me na ɛte, na me ne no baanu wɔ Port Morant Asafo mu. Me nhyira dɔɔso, efisɛ me mma baawɔtwe no nyinaa da so resom Yehowa.

Bere a merenyin no, m’ahoɔden so retew. Seesei, ɔkwaha rehaw me, nanso m’ani gye sɛ meda so resom sɛ ɔkwampaefo. Bere bi a atwam no na ɛyɛ den ma me yiye sɛ metumi anantew wɔ mpɔtam a na mete a na mmepɔw wɔ hɔ no. Ná ɛyɛ den ma me sɛ mɛkɔ asɛnka. Mebɔɔ mmɔden sɛ mɛka baesekre, na na ɛyɛ mmerɛw ma me sen sɛ mɛnantew. Enti metɔɔ baesekre dedaw bi fii ase de kɔɔ asɛnka. Mfiase no na ɛyɛ den ma me mma no sɛ wɔbɛma wɔn maame a ɔkwaha haw no aka baesekre. Nanso, wɔn ani gyei paa sɛ wohui sɛ mitumi ka asɛm no sɛnea me koma pɛ.

Sɛ mihu sɛ wɔn a me ne wɔn asua ade no gye Bible mu nokware tom a, ɛma m’ani gye paa. Bere nyinaa mebɔ mpae sɛ Yehowa bɛboa m’abusua mufo nyinaa ma yɛakɔ so adi no nokware wɔ saa awiei bere yi mu de akosi daa. Mede ayeyi ne aseda ma Yehowa, “Mpaebɔ tiefo” Kɛse no sɛ waboa me ma matumi atete me mma baawɔtwe no wɔ ne kwan so wɔ ɔhaw a ɛwom no nyinaa akyi.—Dwom 65:2.

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Me ne me mma, wɔn ahokafo, ne me nenanom

[Mfonini wɔ kratafa 12]

Seesei mede baesekre na ɛyɛ m’asɛnka adwuma