Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Dwom 102:26 ka sɛ asase ne ɔsoro ‘bɛsɛe.’ So saa asɛm no kyerɛ sɛ wɔbɛsɛe Asase no?

Odwontofo no kae wɔ mpae bi a ɔbɔɔ Yehowa no mu sɛ: “Tete beeme na wohyɛɛ asase ase, na ɔsoro ne wo nsa ano adwuma. Ɛno de, ɛbɛsɛe, na wo de, wugyina hɔ. Wɔn nyinaa besuw sɛ atade, wɔbɛsakra wɔn sɛ atade, na wɔasakra.” (Dwom 102:25, 26) Ti no mu nsɛm ma yehu sɛ ɛnyɛ asase a wɔbɛsɛe no ho asɛm na ɛreka, mmom wɔ a Onyankopɔn wɔ hɔ daa. Emu nsɛm no san kyerɛ nea enti a saa nokwasɛm titiriw no yɛ awerɛkyekye ma Onyankopɔn asomfo.

Odwontofo no, a ɛbɛyɛ sɛ na ɔwɔ nnommumfa mu wɔ Babilon no, fii ase kaa n’amanehunu ho asɛm. Otwaa adwo sɛ ne nna resã “sɛ owusiw.” Ná ehu akyekyere no ama ne nnompe “adɔ sɛ mukyia.” Ná wayɛ mmerɛw ma ‘w’akisa sɛ fan,’ na na wayɛ ankonam te “sɛ akasanoma a ne nko si ɔdan atifi.” Na ne sɔhwɛ no ama ne kɔn nnɔ aduan, na na awerɛhow ahyɛ n’asetra ma. (Dwom 102:3-11) Ɛno mpo no, odwontofo no abam ammu koraa. Dɛn ntia? Esiane nea na Yehowa ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛyɛ wɔ Sion anaa Yerusalem ho nti.

Ɛwom sɛ na wɔasɛe Sion de, nanso na Yehowa ahyɛ bɔ sɛ wɔbɛsan akyekye. (Yesaia 66:8) Ne saa nti, odwontofo no fi ahotoso mu ka kyerɛɛ Yehowa sɛ: ‘Wubehu Sion mmɔbɔ, na ɛbere a ɛsɛ sɛ wodom no ni, na ɛbere no adu. Sɛ Yehowa bɛkyekye Sion.’ (Dwom 102:13, 16) Afei odwontofo no san kaa n’amanehunu no ho asɛm bio. Nea na ɔrepɛ akyerɛ ne sɛ, sɛ wɔnam Onyankopɔn tumi so betumi asan akyekye Yerusalem a, ɛnde Yehowa betumi ayi no afi n’awerɛhowdi mu nso. (Dwom 102:17, 20, 23) Afei nso, biribi foforo kaa odwontofo no ma onyaa Yehowa mu ahotoso koraa. Ɛyɛ dɛn? Ɛyɛ wɔ a Onyankopɔn wɔ hɔ daa no.

Sɛ wɔde wɔ a Yehowa wɔ hɔ daa no toto odwontofo no ankasa nkwa nna ho a, na odwontofo no nkwa nna yɛ tiawa koraa. Odwontofo no ka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Wo mfe kyɛ kodu awo ntoatoaso nyinaa so.” (Dwom 102:24) Odwontofo no toaa so kae sɛ: “Tete beeme na wohyɛɛ asase ase, na ɔsoro ne wo nsa ano adwuma.”—Dwom 102:25.

Nanso, wontumi mfa kyɛ a asase ne ɔsoro akyɛ no mpo ntoto wɔ a Yehowa wɔ hɔ daa no ho. Odwontofo no de kaa ho sɛ: “Ɛno [asase ne ɔsoro] de, ɛbɛsɛe, na wo de, wugyina hɔ.” (Dwom 102:26) Asase ne ɔsoro a aniwa hu yi betumi asɛe. Nokwarem no, Yehowa kaa wɔ baabi sɛ asase ne ɔsoro bɛtra hɔ daa. (Dwom 119:90; Ɔsɛnkafo 1:4) Nanso, sɛ Onyankopɔn bɔɔ ne tirim sɛ asase ne ɔsoro a aniwa hu yi bɛsɛe a, anka wobetumi asɛe no. Nanso Onyankopɔn de, ontumi nwu. Esiane sɛ Onyankopɔn siesie abɔde a aniwa hu yi nti na ‘etintim hɔ daa daa’ no. (Dwom 148:6) Sɛ Yehowa ankɔ so ansiesie abɔde a aniwa hu no a, ɛnde “wɔn nyinaa besuw sɛ atade.” (Dwom 102:26) Sɛnea onipa ntama tetew na onipa no da so te ase no, saa ara nso na sɛ Yehowa ma ho kwan a, n’abɔde bɛsɛe na ɔno da so te ase. Nanso, kyerɛw nsɛm afoforo ma yehu sɛ ɛnyɛ ɛno ne n’apɛde. Onyankopɔn Asɛm ma yɛn awerɛhyem sɛ Yehowa abɔ ne tirim sɛ asase ne ɔsoro a ɛwɔ hɔ ankasa yi bɛtra hɔ daa.—Dwom 104:5.

Ɛyɛ awerɛkyekye sɛ yenim sɛ Yehowa bɛwɔ hɔ bere nyinaa na wama n’atirimpɔw abam. Ɛmfa ho sɔhwɛ biara a yebehyia no, sɛ yesu frɛ no a, yebetumi anya awerehyem sɛ ɔbɛdan “n’ani akyerɛ onnibie mpaebɔ, na wampo wɔn mpaebɔ.” (Dwom 102:17) Yiw, ahotoso a yɛwɔ sɛ Yehowa bɛboa yɛn a wɔada no adi wɔ Dwom 102 mu no tim hɔ pintinn mpo sen asase a yɛte so yi.