Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛ Yɛhwehwɛ Trenee a, Ɛbɛbɔ Yɛn Ho Ban

Sɛ Yɛhwehwɛ Trenee a, Ɛbɛbɔ Yɛn Ho Ban

Sɛ Yɛhwehwɛ Trenee a, Ɛbɛbɔ Yɛn Ho Ban

“Enti, monkɔ so nhwehwɛ . . . [Onyankopɔn] trenee kan.”—MATEO 6:33.

1, 2. Gyinae bɛn na Kristoni ababaa bi sii, na dɛn nti na osii saa gyinae no?

NÁ KRISTONI ababaa bi a ɔwɔ Asia yɛ ɔkyerɛwfo wɔ aban adwuma bi mu. Ná ɔyɛ n’adwuma yiye, ɔkɔ adwuma ntɛm, na na ɔnyɛ nkokoaasa wɔ n’adwuma ho. Nanso, esiane sɛ na wɔmfaa no adwuma no mu koraa nti, bere dui sɛ wɔhwehwɛ n’adwumayɛ mu. Adwuma no so panyin no ka kyerɛɛ ababaa no sɛ sɛ ɔma kwan ma ɔne no bɔ aguaman a, ɔbɛfa no wɔ adwuma no mu koraa, na wama no dibea a ɛkorɔn mpo. Onuawa no kaa no pen sɛ ɔrenyɛ biribi a ɛte saa da, ɛwom sɛ na saa a ɔrenyɛ no bɛma adwuma no afi ne nsa.

2 So Kristoni bea no susuw asɛm no ho yiye? Yiw, osusuw ho yiye, na ɔde ahwɛyiye dii Yesu asɛm yi so sɛ: “Enti, monkɔ so nhwehwɛ . . . [Onyankopɔn] trenee kan.” (Mateo 6:33) Wɔ ne fam no, na trenee nnyinasosɛm akyi a obedi ho hia no koraa sen mfaso a ɔnam aguamammɔ so benya no.—1 Korintofo 6:18.

Sɛnea Trenee Ho Hia

3. Dɛn ne trenee?

3 “Trenee” kyerɛ abrabɔ pa ne nokwaredi. Wɔ Bible mu no, Hela ne Hebri nsɛmfua a wɔde di dwuma no kyerɛ “ade a ɛteɛ.” Ɛnyɛ bu a obi bu ne ho ɔtreneeni, a nea ɛkyerɛ ne sɛ ogyina n’ankasa gyinapɛn so bu ne ho bem anaasɛ ɔteɛ. (Luka 16:15) Ɛyɛ trenee a egyina Yehowa gyinapɛn so. Ɛyɛ Onyankopɔn trenee.—Romafo 1:17; 3:21.

4. Dɛn nti na trenee ho hia Kristoni?

4 Dɛn nti na trenee ho hia? Efisɛ Onyankopɔn nkurɔfo yɛ adetrenee a, Yehowa a ɔyɛ “trenee Nyankopɔn” no dom wɔn. (Dwom 4:1; Mmebusɛm 2:20-22; Habakuk 1:13) Obiara a ɔnyɛ adetrenee no ntumi ne no nnya abusuabɔ a emu yɛ den. (Mmebusɛm 15:8) Ɛno nti na ɔsomafo Paulo hyɛɛ Timoteo nkuran sɛ: “Guan mmerante bere mu akɔnnɔ, na di trenee” ne su afoforo a ɛho hia akyi no. (2 Timoteo 2:22) Ɛno nti nso na bere a Paulo bobɔɔ honhom fam akode din no, ɔde “trenee nkatabo” kaa ho no.—Efesofo 6:14.

5. Ɛbɛyɛ dɛn na nnipa a wɔnyɛ pɛ betumi ahwehwɛ trenee?

5 Nokwarem no, nnipa ntumi nyɛ adetrenee ma enwie pɛyɛ anaasɛ enni mũ koraa. Yɛn nyinaa nyaa sintɔ fii Adam mu ma enti yɛn nyinaa yɛ abɔnefo fi awo mu. Nanso, Yesu kae sɛ ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ trenee. Ɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ yiye? Ebetumi ayɛ yiye efisɛ Yesu de ne nkwa a ɛyɛ pɛ mae sɛ agyede maa yɛn, na sɛ yenya saa afɔrebɔ no mu gyidi a, Yehowa fi ne pɛ mu de yɛn bɔne kyɛ yɛn. (Mateo 20:28; Yohane 3:16; Romafo 5:8, 9, 12, 18) Sɛ yesua Yehowa trenee gyinapɛn ahorow ho ade na yɛyɛ nea yebetumi biara de yɛ adwuma na yɛbɔ mpae hwehwɛ mmoa a yɛde bedi yɛn mmerɛwyɛ ahorow so a, Yehowa gyina agyede no so gye yɛn som tom. (Dwom 1:6; Romafo 7:19-25; Adiyisɛm 7:9, 14) Hwɛ sɛnea eyi yɛ awerɛkyekye!

Treneefo a Yɛbɛyɛ Wɔ Wiase a Ɛnteɛ Mu

6. Dɛn nti na na wiase no mu tra yɛ hu ma tete Kristofo no?

6 Bere a Yesu maa n’asuafo no adwuma sɛ wɔnyɛ n’adansefo ‘nkɔ asase ano nohoa’ no, wohyiaa tebea a emu yɛ den. (Asomafo Nnwuma 1:8) Ná wɔn asasesin a wɔbɛyɛ mu adwuma no nyinaa “da ɔbɔnefo” Satan “tumi mu.” (1 Yohane 5:19) Ná honhom anaa subammɔne a ɔhyɛ ho nkuran no ahyɛ wiase no mu ma, na na nkɛntɛnso bɔne no bɛka Kristofo. (Efesofo 2:2) Ná wiase no mu tra yɛ hu ma wɔn. Onyankopɔn trenee a na wɔbɛhwehwɛ no kan nkutoo na na ɛbɛma wɔatumi akura wɔn mudi mu pintinn. Wɔn mu dodow no ara kuraa wɔn mudi mu, nanso wɔn mu kakraa bi man fii “trenee kwan so.”—Mmebusɛm 12:28; 2 Timoteo 4:10.

7. Adwuma bɛn nti na ɛsɛ sɛ Kristofo ko tia nkɛntɛnso bɔne?

7 So wiase no mu tra yɛ hu ma Kristofo nnɛ nso? Yiw, ɛte saa! Wiase no asɛe nnɛ koraa sen sɛnea na ɛte wɔ afeha a edi kan no mu no. Afei nso, wɔatow Satan akyene asase so na ɔreko tia Kristofo a wɔasra wɔn, “[ɔbea no asefo] nkae a wodi Nyankopɔn ahyɛde so na wokura Yesu Kristo adanse no so” no denneennen. (Adiyisɛm 12:12, 17) Satan de n’ani si obiara a ɔboa ‘aseni’ no so nso. Nanso, Kristofo ntumi nguan mfi wiase. Ɛwom sɛ wɔnyɛ wiase no fã de, nanso ɛsɛ sɛ wɔtra mu. (Yohane 17:15, 16) Na ɛsɛ sɛ wɔka asɛmpa no de hwehwɛ wɔn a wɔfata ma daa nkwa no, na wɔkyerɛkyerɛ wɔn ma wɔbɛyɛ Kristo asuafo. (Mateo 24:14; 28:19, 20) Esiane sɛ Kristofo ntumi nguan mfi wiase yi nkɛntɛnso bɔne no ho koraa nti, ɛsɛ sɛ wɔko tia. Momma yensusuw saa nkɛntɛnso bɔne no mu anan ho nhwɛ.

Ɔbrasɛe Ho Afiri No

8. Dɛn nti na Israelfo kɔsom Moabfo anyame?

8 Aka kakra ma Israelfo mfirihyia 40 sare so akwantu no aba awiei no, wɔn mu dodow no ara man fii trenee kwan no so. Ná wɔde wɔn ani ahu sɛnea na Yehowa agye wɔn wɔ akwan pii so no, na na aka kakraa bi ma wɔadu Bɔhyɛ Asase no so. Nanso, wɔ bere a na ɛho hia yi mu no, wɔkɔsom Moabfo anyame. Dɛn ntia? Wogyaee wɔn ho mu maa “honam akɔnnɔ.” (1 Yohane 2:16) Bible ka sɛ: “Ɔman no fii ase ne Moab mmabaa bɔɔ aguaman.”—Numeri 25:1.

9, 10. Tebea bɛn na ɛwɔ hɔ nnɛ a ama ɛho abehia sɛ yɛma sɛnea honam akɔnnɔ bɔne tumi sɛe nnipa no tra yɛn adwenem bere nyinaa?

9 Saa asɛm yi ma yehu sɛ honam akɔnnɔ bɔne betumi asɛe wɔn a wɔn ani nna hɔ no. Ɛsɛ sɛ yesua biribi fi mu efisɛ ɔbrasɛe abɛyɛ ade a nnipa dodow no ara pene so. (1 Korintofo 10:6, 8) Amanneɛbɔ bi a efi United States ka sɛ: “Ansa na afe 1970 reba no, na wobu mpena aware [ɔbarima ne ɔbea a wɔnwaree wɔ mmara kwan so nanso wɔte hɔ sɛ awarefo] sɛ ade a etia mmara wɔ Amerika amantam no nyinaa mu. Nanso, abɛyɛ ade a abu so nnɛ. Nnipa a wɔware nea edi kan no mu bɛboro fã na wodi kan tra sɛ mpenafo ansa na wɔaware.” Ɛnyɛ ɔman biako pɛ mu na saa abrabɔ yi ne ahohwibra afoforo rekɔ so. Ɛrekɔ so wɔ wiase baabiara, na awerɛhosɛm ne sɛ Kristofo bi reyɛ saa, na ɛnam so ma wɔatu wɔn afi Kristofo asafo no mu.—1 Korintofo 5:11.

10 Afei nso, ɛkame ayɛ sɛ wɔbɔ ɔbrasɛe ho dawuru hyɛ ho nkuran wɔ baabiara. Sini ne television so dwumadi ahorow da no adi sɛ mfomso biara nni ho sɛ mmabun benya nna mu kyɛfa ansa wɔaware. Wɔda no adi nso sɛ nnipa a wokura bɔbeasu biako ntam nna nyɛ bɔne. Na woyi sɛnea ɔbarima ne ɔbea da kyerɛ. Ɛnyɛ den koraa sɛ wubehu mmarima ne mmea a wɔreda ankasa wɔ Intanɛt so. Sɛ nhwɛso no, ɔbarima bi a ɔkyerɛw nsɛm kɔ atesɛm krataa mu kae sɛ ne babarima a wadi mfirihyia ason fi sukuu baa fie de anigye bɛka kyerɛɛ no sɛ n’adamfo bi a ɔwɔ sukuu ahu mmea a wɔabobɔ adagyaw a wɔne wɔn ho reda wɔ Intanɛt so. Papa no ho dwiriw no, nanso mmofra baahe na wɔahu mfonini a ɛtete saa wɔ Intanɛt so a wɔaka ho asɛm akyerɛ wɔn awofo pɛn? Afei nso, awofo baahe na wonim nneɛma a ɛwɔ video so agoru a wɔn mma di mu? Ɔbrasɛe a ɛyɛ tan ne adaemonesɛm ne awudisɛm a enye koraa na ɛwɔ video so agodie no pii mu.

11. Abusua bi bɛyɛ dɛn na wɔatumi abɔ wɔn ho ban afi ɔbrasɛe a ɛrekɔ so wɔ wiase no ho?

11 Ɛbɛyɛ dɛn na abusua bi betumi ako atia “anigyede” a ɛyɛ asefem saa no? Ɛdenam Onyankopɔn trenee a wɔbɛhwehwɛ no kan, na wɔatwe wɔn ho afi biribiara a ɔbrasɛe wom so. (2 Korintofo 6:14; Efesofo 5:3) Awofo a wɔma wɔn ani da hɔ na wɔhwɛ nneɛma a wɔn mma yɛ na wɔde Yehowa ne ne trenee mmara ho dɔ dua wɔn mma mu no hyɛ wɔn ho den, na ɛno mma wɔnhwɛ nguamansɛm, wonni video so agoru a nguamansɛm wom, wɔnhwɛ sini a ɔbrasɛe wom, ne nneɛma foforo a ɛnteɛ.—Deuteronomium 6:4-9. *

Ɔmanfo Nhyɛso Betumi De Yɛn Ato Asiane Mu

12. Ɔhaw bɛn na ɛsɔree wɔ afeha a edi kan no mu?

12 Bere a na Paulo wɔ Listra wɔ Asia Kumaa no, ɔsaa ɔbarima bi yare anwonwakwan so. Bible ka sɛ: “Nnipakuw no huu nea Paulo ayɛ no, wɔmaa wɔn nne so kaa no Likaonia kasa mu sɛ: ‘Anyame ayɛ wɔn ho te sɛ nnipa asian aba yɛn nkyɛn!’ Na wɔfrɛɛ Barnaba Seus, ne Paulo Hermes nso, efisɛ ɔno na na odi anim kasa.” (Asomafo Nnwuma 14:11, 12) Akyiri yi, saa nnipakuw no ara pɛe sɛ wokum Paulo ne Barnaba. (Asomafo Nnwuma 14:19) Ɛda adi pefee sɛ ɔmanfo no na wopiapiaa saa nkurɔfo no sɛ wɔnkɔyɛ saa. Ɛte sɛ nea bere a nnipa bi a wofi saa ɔmantam no mu bɛyɛɛ Kristofo no, wɔannyae wɔn gyidihunu no akyi di. Wɔ krataa a Paulo kyerɛw kɔmaa Kolosefo no mu no, ɔbɔɔ wɔn kɔkɔ wɔ “ɔsom a wɔde ma abɔfo” ho.—Kolosefo 2:18.

13. Amanne a ɛsɛ sɛ Kristoni twe ne ho fi ho no bi ne dɛn, na ɔbɛyɛ dɛn atumi anya ahoɔden de ayɛ saa?

13 Saa ara na ɛnnɛ nso ɛsɛ sɛ nokware Kristofo twe wɔn ho fi amanne ahorow a nnipa pii ani gye ho a egyina atoro som nkyerɛkyerɛ so na ɛne Kristofo nnyinasosɛm nhyia no ho. Sɛ nhwɛso no, wɔ aman bi so no, awo ne owu ho amanne pii a wɔyɛ gyina atosɛm a ɛne sɛ yɛwɔ honhom bi a ɛkɔ so tra ase bere a yɛawu no so. (Ɔsɛnkafo 9:5, 10) Aman bi wɔ hɔ a ɛyɛ wɔn amanne sɛ wotwa mmeawa twetia. Eyi yɛ atirimɔdensɛm, adeyɛ a ɛho nhia, na ɛne ɔdɔ a ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔyɛ awofo da no adi kyerɛ wɔn mma no nhyia. (Deuteronomium 6:6, 7; Efesofo 6:4) Kristofo bɛyɛ dɛn na wɔatumi ako atia ɔmanfo nhyɛso na wɔatwe wɔn ho afi nneyɛe a ɛtete saa ho? Wobetumi ayɛ saa denam wɔn ho a wɔde bɛbata Yehowa koraa no so. (Dwom 31:6) Trenee Nyankopɔn no bɛhyɛ wɔn a wofi komam ka asɛm a edi hɔ yi no den, na wahwɛ wɔn: “Me guankɔbea ne m’abankɛse, me Nyankopɔn a mede me ho meto wo so.”—Dwom 91:2; Mmebusɛm 29:25.

Mma Wo Werɛ Mfi Yehowa

14. Kɔkɔbɔ bɛn na Yehowa de maa Israelfo no bere a na aka kakraa bi ma wɔadu Bɔhyɛ Asase no so no?

14 Aka kakraa bi ma Israelfo adu Bɔhyɛ Asase no so no, Yehowa bɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ mma wɔn werɛ mfi no. Ɔkae sɛ: “Hwɛ yiye na wo werɛ amfi [Yehowa, NW] wo Nyankopɔn a worenni ne mmara nsɛm ne n’atemmude ne n’ahyɛde a merehyɛ wo nnɛ yi so. Na sɛ wudidi mee na wusisi adan pa tra mu, na w’anantwi ne wo nguan dɔ, na wo dwetɛ ne wo sika dɔɔso ma wo, na ade a wowɔ nyinaa dɔɔso a, wo koma amma ne ho so, na wo werɛ amfi [Yehowa, NW] wo Nyankopɔn.”—Deuteronomium 8:11-14.

15. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ahwɛ ahu sɛ yɛn werɛ mfii Yehowa?

15 So yɛn werɛ betumi afi Yehowa nnɛ? Yiw, sɛ yɛamfa nneɛma a ɛho hia paa no anni kan wɔ yɛn asetram a, yɛn werɛ betumi afi no. Nanso, sɛ yɛhwehwɛ Onyankopɔn trenee kan a, ɔsom kronn na ɛbɛyɛ ade a ɛho hia yɛn sen biara wɔ yɛn asetra mu. Sɛnea Paulo hyɛɛ yɛn nkuran no, ‘yɛbɛtɔ bere’ na yɛayere yɛn ho denneennen wɔ ɔsom adwuma no mu. (Kolosefo 4:5; 2 Timoteo 4:2) Nanso, sɛ ahomegye ne bere a yebenya de agye yɛn ani ho behia yɛn sen asafo nhyiam ne asɛnka a yɛbɛkɔ a, ɛnde yɛn werɛ betumi afi Yehowa a ɛkyerɛ sɛ yɛremfa no nni kan wɔ yɛn asetra mu. Paulo kae sɛ wɔ nna a edi akyiri mu no, nnipa bɛyɛ “wɔn a wɔdɔ anigyede sen Nyankopɔn.” (2 Timoteo 3:4) Kristofo anokwafo hwehwɛ wɔn mu hwɛ bere nyinaa hwɛ sɛ adwene a ɛte saa nnyaa wɔn so nkɛntɛnso anaa.—2 Korintofo 13:5.

Hwɛ Yiye Wɔ Ahofadi Su Ho

16. Subammɔne bɛn na Hawa ne ebinom a wɔtraa ase wɔ Paulo bere so daa no adi?

16 Wɔ Eden no, Satan tumi daadaa Hawa ma ɔhwehwɛɛ ahofadi. Ná Hawa pɛ sɛ ɔno ankasa sisi papa ne bɔne ho gyinae. (Genesis 3:1-6) Wɔ afeha a edi kan no mu no, na Korinto asafo no mufo binom kura ahofadi su a ɛte saa. Ná wosusuw sɛ wɔwɔ nimdeɛ sen Paulo, na Paulo dii wɔn ho fɛw frɛɛ wɔn asomafo a wɔn ho tew boro so.—2 Korintofo 11:3-5; 1 Timoteo 6:3-5.

17. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na amma yɛannya ahofadi su?

17 Nnipa pii na wɔwɔ wiase nnɛ a ‘wɔyɛ asobrakye ne ahomaso,’ na Kristofo binom anya su a ɛte saa. Ebinom mpo abɛyɛ nnipa a wɔsɔre tia nokware no. (2 Timoteo 3:4; Filipifo 3:18) Sɛ yɛresusuw ɔsom kronn ho a, ɛho hia sɛ yɛhwehwɛ Yehowa akwankyerɛ na yetie “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no ne asafo mu mpanyimfo no. Eyi ne ɔkwan a ɛsɛ sɛ yɛfa so hwehwɛ trenee, na ɛremma yennya ahofadi su. (Mateo 24:45-47; Dwom 25:9, 10; Yesaia 30:21) Wɔn a wɔasra wɔn no asafo no yɛ “nokware no dum ne ne nnyinaso.” Yehowa de asafo no ama na abɔ yɛn ho ban akyerɛ yɛn kwan. (1 Timoteo 3:15) Sɛ yegye dwuma a asafo no di tom a ɛremma ‘yɛmfa anuonyamhunupɛ nnyɛ biribiara’ bere a yefi ahobrɛase mu yɛ Yehowa apɛde trenee so no.—Filipifo 2:2-4; Mmebusɛm 3:4-6.

Yensuasua Yesu

18. Dɛn ho na wɔhyɛ yɛn nkuran sɛ yensuasua Yesu?

18 Bible hyɛɛ Yesu ho nkɔm sɛ: “Wodɔ trenee, na wotan abɔnefosɛm.” (Dwom 45:7; Hebrifo 1:9) Su pa a ɛsɛ sɛ yesuasua bɛn ara ni! (1 Korintofo 11:1) Ná ɛnyɛ sɛ Yesu nim Yehowa trenee gyinapɛn ahorow kɛkɛ; mmom na n’ani gye ho ankasa. Enti bere a Satan sɔɔ Yesu hwɛe wɔ sare no so no, wantwentwɛn ne nan ase wɔ ka a na ɔbɛka no pintinn sɛ ɔremman mmfi “trenee tempɔn” anaa trenee kwan so no ho.—Mmebusɛm 8:20; Mateo 4:3-11.

19, 20. Nneɛma pa bɛn na efi trenee a yɛhwehwɛ mu ba?

19 Nokwarem no, honam akɔnnɔ bɔne mu betumi ayɛ den. (Romafo 7:19, 20) Nanso, sɛ adetrenee a yɛbɛyɛ som bo ma yɛn a, eyi bɛhyɛ yɛn den ama yɛako atia bɔne. (Dwom 119:165) Sɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma trenee no mu yɛ den na sɛ yɛrekɔyɛ bɔne a, ɛbɛboa yɛn ma yɛagyae. (Mmebusɛm 4:4-6) Kae sɛ bere biara a yɛbɛyɛ bɔne no yɛma Satan di nkonim. Hwɛ sɛnea ɛyɛ papa sɛ yɛbɛko atia bɔne na yɛama Yehowa adi nkonim!—Mmebusɛm 27:11; Yakobo 4:7, 8.

20 Esiane sɛ nokware Kristofo hwehwɛ trenee nti, ‘trenee aba a ɛnam Yesu Kristo so ahyɛ wɔn mã na ɛde anuonyam ne ayeyi abrɛ Nyankopɔn.’ (Filipifo 1:10, 11) Wɔhyɛ “nipasu foforo a wɔbɔɔ no sɛnea Onyankopɔn pɛ wɔ nokware trenee ne nokwaredi pintinn mu.” (Efesofo 4:24) Wɔyɛ Yehowa dea, wɔsom Yehowa, na wɔnyɛ nneɛma a ɛsɔ wɔn ankasa ani. (Romafo 14:8; 1 Petro 4:2) Ɛno ne nea wogyina so susuw nneɛma ho na wɔbɔ wɔn bra. Hwɛ sɛnea wɔma wɔn soro Agya no ani gye!—Mmebusɛm 23:24.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 11 Nyansahyɛ ahorow a mfaso wɔ so a awofo betumi de abɔ wɔn abusua ho ban afi ɔbrasɛe nkɛntɛnso ho wɔ Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba nhoma a Yehowa Adansefo tintimii no mu.

Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?

• Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛhwehwɛ trenee?

• Ɛbɛyɛ dɛn na Kristoni a ɔnyɛ pɛ betumi ahwehwɛ trenee?

• Wiase nneɛma a ɛsɛ sɛ Kristoni bi twe ne ho fi ho no bi ne dɛn?

• Ɔkwan bɛn so na trenee a yɛhwehwɛ no bɔ yɛn ho ban?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Ná wiase no mu tra yɛ hu ma Yesu akyidifo no

[Mfonini wɔ kratafa 27]

Sɛ wɔkyerɛkyerɛ mmofra ma wɔdɔ Yehowa a, ɛbɛhyɛ wɔn den ma wɔako atia ɔbrasɛe

[Mfonini wɔ kratafa 28]

Bere a Israelfo no bi dii yiye wɔ Bɔhyɛ Asase no so no, wɔn werɛ fii Yehowa

[Mfonini wɔ kratafa 29]

Te sɛ Yesu no, Kristofo tan abɔnefosɛm