Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛnea Papa Bedi Bɔne So Nkonim

Sɛnea Papa Bedi Bɔne So Nkonim

Sɛnea Papa Bedi Bɔne So Nkonim

Ná Ɔhene Dawid yɛ onipa pa. Ná ɔdɔ Nyankopɔn paa, na ɔpɛ atɛntrenee, na na ɔdɔ ahiafo nso. Nanso, saa ɔhene pa yi ne ne mmarima a ɔwɔ wɔn mu ahotoso mu biako yere sɛee aware. Bere a Dawid hui sɛ ɔne n’akoa no yere Bat-seba anyinsɛn no, ɔyɛɛ nhyehyɛe ma wokum ɔbea no kunu no. Afei esiane sɛ na ɔpɛ sɛ ɔkata ne bɔne so nti, ɔkɔwaree Bat-seba.—2 Samuel 11:1-27.

ƐDA adi sɛ nnipa betumi ayɛ papa pii. Ɛnde, adɛn nti na wɔyɛ nneɛma bɔne pii saa? Bible ma yehu nneɛma titiriw nti a ɛte saa no pii. Ɛsan nso ka sɛnea Onyankopɔn nam Kristo Yesu so beyi bɔne afi hɔ koraa ho asɛm.

Yɛtɔ Kɔ Bɔne So

Ɔhene Dawid ankasa kaa ade biako a ɛde nneɛma bɔne ba ho asɛm. Bere a wɔdaa ne bɔne a ɔyɛe adi kyerɛɛ no no, ogyee ho asodi biara toom. Afei ɔde ahonu kyerɛwee sɛ: “Hwɛ, wɔwoo me amumɔyɛ mu, na bɔne mu na me nã nyinsɛn me.” (Dwom 51:5) Ná ɛnyɛ Onyankopɔn atirimpɔw da sɛ ɛnanom benyinsɛn mmofra a wɔbɛyɛ bɔne. Nanso, bere a Adam ne Hawa tew atua tiaa Onyankopɔn no, wɔhweree hokwan a anka wobenya de awo mma a bɔne nni wɔn ho no. (Romafo 5:12) Bere a nnipa a sintɔ wɔ wɔn ho dɔɔso no, ɛbɛdaa adi sɛ wɔtɔ kɔ bɔne so, efisɛ Genesis 8:21 ka sɛ: “Onipa komam adwene yɛ bɔne fi ne mmofraase.”

Sɛ yɛanhyɛ yɛn ho so a, bɔne a yɛtɔ kɔ so no kowie “aguamammɔ, . . . nitan, ntawntawdi, ahoɔyaw, bobɔne, mansotwe, mpaapaemu, fekusɛm, anibere,” ne subammɔne afoforo a Bible ka ho asɛm sɛ ɛyɛ “ɔhonam nnwuma” mu. (Galatifo 5:19-21) Wɔ Ɔhene Dawid fam no, ogyaee ne ho mu maa honam mmerɛwyɛ ma ɔbɔɔ aguaman, na ɛkɔfaa ntawntawdi bae. (2 Samuel 12:1-12) Ná anka obetumi ako atia ɔbrasɛe ho adwene a ɔtɔ kɔɔ so no. Sɛ́ anka obeyi n’adwene afi akɔnnɔ a onya maa Bat-seba so no, wanyɛ saa, mmom no, Dawid yɛɛ nea osuani Yakobo kaa ho asɛm yi: “Nea ɛsɔ obi hwɛ ne n’ankasa akɔnnɔ a ɛtwetwe no na ɛto no brada. Afei sɛ akɔnnɔ no nyinsɛn a, ɛwo bɔne; na bɔne no nso nyin a, ɛwo owu.”—Yakobo 1:14, 15.

Sɛnea yɛkaa ho asɛm wɔ asɛm a edi eyi anim mu no, sɛ nnipa ma akɔnnɔ bɔne hyɛ wɔn so a, nea ɛde ba ne nnipadɔm a wokunkum wɔn, mmonnaato, ne nneɛma a wɔfow. Saa nneɛma yi yɛ ɛho nhwɛso a ɛkɔ akyiri.

Nimdeɛ a Wonni Hyɛ Bɔneyɛ Mu Den

Ɔsomafo Paulo suahu no si ade a ɛto so abien nti a nnipa yɛ nneɛma bɔne so dua. Bere a Paulo wui no na wonim no sɛ obi a odwo na ɔwɔ ɔdɔ. Ná wayi ne yam asom ne nuanom Kristofo mmarima ne mmea. (1 Tesalonikafo 2:7-9) Nanso, bere a ɔhyɛɛ ɔbra ase a na wonim no sɛ Saulo no, na ‘ohunahuna’ saa Kristofo yi ara ‘pɛ sɛ okunkum’ wɔn. (Asomafo Nnwuma 9:1, 2) Dɛn nti na Paulo penee so de ne ho hyɛɛ nneɛma bɔne a wɔyɛ tiaa tete Kristofo no mu? Ɔka sɛ: “Efisɛ na minnim nea mereyɛ.” (1 Timoteo 1:13) Yiw, bere bi na Paulo wɔ “Nyankopɔn ho nnamyɛ de; nanso ɛnyɛ nokware nimdeɛ mu.”—Romafo 10:2.

Nnipa komapafo pii te sɛ Paulo de wɔn ho ahyɛ nneɛma bɔne mu esiane sɛ wonni Onyankopɔn apɛde ho nokware nimdeɛ nti. Sɛ nhwɛso no, Yesu bɔɔ n’akyidifo kɔkɔ sɛ: “Dɔn no reba a obiara a obekum mo no besusuw sɛ ɔde ɔsom kronn ama Nyankopɔn.” (Yohane 16:2) Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔ nnɛ hu sɛ Yesu asɛm yi yɛ nokware. Wɔ aman pii so no, nnipa a wɔkyerɛ sɛ wɔresom Onyankopɔn no ataa Adansefo no akunkum bi mpo. Akyinnye biara nni ho sɛ nnamyɛ a ɛmfata saa no nsɔ nokware Nyankopɔn no ani.—1 Tesalonikafo 1:6.

Nea Ɔde Bɔne Bae

Yesu daa ade titiriw nti a bɔne wɔ hɔ adi. Bere a na ɔrekasa kyerɛ nyamesom akannifo a na wɔawe ahinam so sɛ wobekum no no, ɔkae sɛ: “Mufi mo agya Bonsam hɔ, na mopɛ sɛ moyɛ mo agya no apɛde. Ɔno na ɔyɛ owudifo fi mfiase.” (Yohane 8:44) Ɛyɛ pɛsɛmenkominya adwene a Satan nyae nti na ɔdaadaa Adam ne Hawa ma wɔtew atua tiaa Onyankopɔn. Saa atuatew no na ɛde bɔne brɛɛ adesamma nyinaa na owu nso nam so bae.

Nea Satan de yɛɛ Hiob nso ma ɛbɛdaa adi sɛ ɔyɛ owudifo. Bere a Yehowa maa Satan kwan sɛ ɔnsɔ Hiob nokwaredi nhwɛ no, ɔmaa n’agyapade nyinaa fii ne nsa, nanso wamma anso hɔ ara. Ɔmaa ne mma du nso wuwui. (Hiob 1:9-19) Wɔ mfe kakra a atwam mu no, bɔne adɔɔso pii wɔ nnipa asetram, nea enti a aba saa no fi nnipa sintɔ ne nimdeɛ a wonni ne afei nso sɛnea Satan ayere ne ho de ne ho regye nnipa nsɛm mu no. Bible ma yehu sɛ “wɔtow” Ɔbonsam “kyenee asase so, na wɔtow n’abɔfo kaa ne ho gui.” Saa nkɔmhyɛ no ara ka siei pɛpɛɛpɛ sɛ ‘asase nnue’ koraa esiane sɛ wɔatow Satan akyene ha nti. Ɛwom sɛ Satan rentumi nhyɛ nnipa sɛ wɔnyɛ nneɛma bɔne de, nanso “ɔredaadaa asase sofo nyinaa.” Waben wɔ saayɛ mu paa.—Adiyisɛm 12:9, 12.

Wobeyi Tɔ a Yɛtɔ Kɔ Bɔne So no Afi Hɔ

Sɛ wobeyi bɔne afi hɔ koraa wɔ nnipa asetram a, ɛnde ɛsɛ sɛ woyi ade a ɛma onipa tɔ kɔ bɔne so a wɔde wo no no, nokware nimdeɛ a nipa nni, ne Satan nkɛntɛnso bɔne no fi hɔ. Nea edi kan no, wɔbɛyɛ dɛn ayi ade a ɛma onipa tɔ kɔ bɔne so a wɔde wo onipa no afi ne komam?

Oduruyɛfo anaa aduru a nnipa ayɛ biara nni hɔ a ebetumi ayɛ saa adwuma no. Nanso, Yehowa Nyankopɔn wɔ bɔne ne sintɔ a yenya fii awo mu no ano aduru a ɔde bɛma obiara a ɔpɛ. Ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ: “Yesu mogya hohoro yɛn ho fi bɔne nyinaa ho.” (1 Yohane 1:7) Bere a Yesu a ɔyɛ pɛ no fi ne pɛ mu de ne nkwa mae no, “ɔsoaa yɛn bɔne wɔ n’ankasa honam mu wɔ dua no so sɛnea yɛne bɔne nnya hwee nyɛ bio na yɛatra ase ama trenee.” (1 Petro 2:24) Yesu ho a ɔde mae wu maa yɛn no beyi nea efi Adam bɔne mu bae no afi hɔ. Paulo ka sɛ Kristo Yesu bɛyɛɛ “agyede a ɛfata maa nnipa nyinaa.” (1 Timoteo 2:6) Yiw, Kristo wu no buee kwan maa nnipa nyinaa sɛ wɔbɛsan akɔ pɛyɛ a Adam hweree no mu.

Nanso, ebia wubebisa sɛ, ‘Sɛ mfe 2,000 ni a Yesu wui no ma ɛyɛɛ yiye sɛ adesamma bɛsan akɔ pɛyɛ mu a, ɛnde adɛn nti na bɔne ne owu da so ara wɔ hɔ?’ Sɛ yenya saa asɛmmisa no ho mmuae a, ebetumi ayi ade a ɛto so abien a ɛne Onyankopɔn atirimpɔw ho nimdeɛ a nnipa nni, a ɛde bɔne ba no afi hɔ.

Nokware Nimdeɛ Hyɛ Papayɛ Mu Den

Sɛ obi a ɔwɔ koma pa nya nokware nimdeɛ wɔ nea Yehowa ne Yesu reyɛ seesei de ayi bɔne afi hɔ no ho a, ɛremma ɔnhyɛ da mmoa bɔneyɛ anaa nea enye koraa no ɔnko ntia “Nyankopɔn ankasa.” (Asomafo Nnwuma 5:38, 39) Yehowa Nyankopɔn wɔ ɔpɛ sɛ obebu n’ani agu bɔne a yennim na yɛyɛe so. Bere a na ɔsomafo Paulo rekasa wɔ Atene no, ɔkae sɛ: “Nokwarem no, Onyankopɔn buu n’ani guu mmere a na wonnim hwee no so, nanso afei ɔreka akyerɛ adesamma a wɔwɔ mmaa nyinaa sɛ obiara nsakra. Efisɛ wayi da bi asi hɔ a wabɔ ne tirim sɛ ɔnam ɔbarima bi a wapaw no so bebu asase atɛn wɔ trenee mu, na wanyan no afi owu mu de ayɛ nnyinasode ama nnipa nyinaa.”—Asomafo Nnwuma 17:30, 31.

Ná Paulo nim sɛ wɔanyan Yesu afi awufo mu, efisɛ Yesu a na wɔanyan no no ankasa ne Paulo kasae, na ɔma ogyaee taa a na ɔretaa tete Kristofo no. (Asomafo Nnwuma 9:3-7) Bere a Paulo nyaa Onyankopɔn atirimpɔw ho nokware nimdeɛ pɛ na ɔsesae bɛyɛɛ onipa pa ankasa a osuasua Kristo. (1 Korintofo 11:1; Kolosefo 3:9, 10) Afei nso, Paulo de nnamyɛ kaa “ahenni ho asɛmpa yi.” (Mateo 24:14) Efi bɛyɛ mfe 2,000 ni a Yesu wui na onyanee no, Kristo apaw wɔn a wɔne no bedi ade wɔ N’ahenni mu te sɛ Paulo afi nnipa mu.—Adiyisɛm 5:9, 10.

Efi bɛyɛ mfe ɔha a atwam besi saa bere yi, Yehowa Adansefo de nnamyɛ adi Yesu ahyɛde yi so. Ɛka sɛ: “Enti monkɔ nkɔyɛ aman nyinaa m’asuafo, mommɔ wɔn asu Agya ne Ɔba ne honhom kronkron din mu, monkyerɛkyerɛ wɔn mma wonni nea mahyɛ mo nyinaa so. Na hwɛ! me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de kosi wiase nhyehyɛe no awiei.” (Mateo 28:19, 20) Wɔn a wotie saa asɛm yi wɔ anidaso sɛ wɔbɛtra ase daa wɔ asase so wɔ Kristo soro nniso ase. Yesu kae sɛ: “Eyi na ɛkyerɛ daa nkwa, sɛ wobenya wo, nokware Nyankopɔn koro pɛ no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo, ho nimdeɛ.” (Yohane 17:3) Ade pa a ɛsen biara a obi betumi ayɛ de aboa ɔfoforo ne sɛ ɔbɛboa no ma wanya saa nimdeɛ yi.

Wɔn a wogye Ahenni ho asɛmpa yi tom no da su te sɛ “ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abodwokyɛre, ayamye, papayɛ, gyidi, odwo, ahosodi” adi, ɛmfa ho sɛ bɔne atwa wɔn ho ahyia. (Galatifo 5:22, 23) Wosuasua Yesu nti wɔmfa “bɔne nntua obiara bɔne so ka.” (Romafo 12:17) Wɔn mu biara bɔ mmɔden sɛ ‘ɔbɛkɔ so de papa adi bɔne so nkonim.’—Romafo 12:21; Mateo 5:44.

Wobedi Bɔne So Nkonim Koraa

Nnipa ankasa rentumi nyi Satan Ɔbonsam a ɔno titiriw na ɔde bɔne bae no mmfi hɔ. Nanso, ɛrenkyɛ, Yehowa nam Yesu so bɛpɛkyɛ Satan ti. (Genesis 3:15; Romafo 16:20) Yehowa bɛma Kristo Yesu ‘abubu’ aban ahorow a ɛwɔ hɔ nyinaa nso “ama asã,” wɔn mu pii adi bɔne pii wɔ nnipa abakɔsɛm mu. (Daniel 2:44; Ɔsɛnkafo 8:9) Wɔ saa atemmu bere a ɛreba yi mu no, wɔn a ‘wontie yɛn Awurade Yesu ho asɛmpa no, wɔde daa ɔsɛe bɛyɛ asotwe ama wɔn’ nyinaa.—2 Tesalonikafo 1:8, 9; Sefania 1:14-18.

Sɛ wonya yi Satan ne n’aboafo no fi hɔ pɛ a, Yesu befi soro aboa wɔn a wobenya wɔn ti adidi mu no ma wɔasiesie asase no ayɛ no sɛnea na ɛte kan no. Kristo benyan wɔn a wɔfata sɛ wonya hokwan tra asase a wɔasiesie so no so no. (Luka 23:32, 39-43; Yohane 5:26-29) Ɛdenam saayɛ so no, Yesu beyi nea efi bɔne mu bae a adesamma ahu ho amane no bi afi hɔ.

Yehowa nhyɛ obiara sɛ ontie Yesu ho asɛmpa no. Nanso, ɔde hokwan no ama nnipa sɛ wonnya nimdeɛ a ɛkɔ daa nkwa mu. Ɛho hia sɛ wunya saa nimdeɛ no bi seesei! (Sefania 2:2, 3) Sɛ woyɛ saa a, wubehu sɛnea wubegyina bɔne biara a ɛresɛe w’abrabɔ seesei no ano. Wubehu sɛnea Kristo bedi bɔne so nkonim koraa no nso.—Adiyisɛm 19:11-16; 20:1-3, 10; 21:3, 4.

[Mfonini wɔ kratafa 5]

Saulo penee bɔneyɛ so efisɛ na onni nokware nimdeɛ

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Ade pa a ɛsen biara a obi betumi ayɛ de aboa ɔfoforo ne sɛ ɔbɛboa no ma wanya Onyankopɔn ho nokware nimdeɛ