Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Onyankopɔn Mu Ahotoso A Wowɔ Mu Yɛ Den Yiye?

So Onyankopɔn Mu Ahotoso A Wowɔ Mu Yɛ Den Yiye?

So Onyankopɔn Mu Ahotoso A Wowɔ Mu Yɛ Den Yiye?

“Enti, monkɔ so nhwehwɛ ahenni no . . . kan.”—MATEO 6:33.

1, 2. Adwuma mu nsakrae bɛn na aberante bi yɛe, na dɛn nti na ɔyɛɛ saa?

NÁ ABERANTE bi pɛ sɛ ɔyɛ pii wɔ n’asafo mu. Nanso, na n’adwuma a ɔyɛ mma ontumi nkɔ asafo nhyiam daa. Odii ɔhaw yi ho dwuma dɛn? Ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔrenhwehwɛ asetram nneɛma pii. Ogyaee adwuma a na ɔyɛ no, na bere bi akyi no onyaa adwuma foforo a antwitware n’anan mu wɔ ne Kristofo som adwuma no mu. Ɛnnɛ, akatua a ogye sua koraa sen nea na anka bere bi ogye no de, nanso otumi hwɛ n’abusua san boa asafo a ɔwɔ mu no yiye.

2 So wote nea enti a saa aberante no yɛɛ nsakrae a ɛte saa no ase? Sɛ wo na wuhyiaa tebea a ɛte saa a, so anka wubetumi ayɛ nsakrae a ɛte saa? Kristofo pii ayɛ saa, na wɔfata nkamfo. Saa a wɔayɛ no da ahotoso a wɔwɔ wɔ Yesu bɔhyɛ yi mu no adi: “Enti, monkɔ so nhwehwɛ ahenni no ne ne trenee kan, na ɔde nneɛma a aka yi nyinaa bɛka ho ama mo.” (Mateo 6:33) Wɔde wɔn ho to Yehowa so ma ɔboa wɔn sen sɛ wɔde wɔn ho bɛto wiase no so.—Mmebusɛm 3:23, 26.

3. Dɛn nti na ebia ebinom adwene betumi ayɛ wɔn sɛ mfaso nni so sɛ wɔde Onyankopɔn Ahenni no bedi kan nnɛ?

3 Esiane sɛnea mmere a yɛte mu yi mu yɛ den nti, ebia ebinom adwene bɛyɛ wɔn sɛ nyansa nni gyinae a aberante no sii no mu. Ɛnnɛ, nnipa a wɔwɔ wiase no fã bi di hia buruburoo, ɛnna wɔn a aka di yiye sen bere biara wɔ nnipa asetra mu. Wɔn a wɔte aman a wodi hia mu no mu dodow no ara na wɔde ahopere beso hokwan biara a ɛbɛma wɔadi yiye kakra mu. Nanso, wɔn a wɔte aman a wodi yiye mu no mu pii na wohu sɛ ɛsɛ sɛ wɔyere wɔn ho na ama wɔakɔ so adi yiye wɔ asetram ɛmfa ho sɛ wiase sikasɛm ne aguadi resɛe, na adwumawuranom hwehwɛ sɛ wɔn adwumayɛfo de wɔn bere ne wɔn ahoɔden nyinaa yɛ adwuma no. Esiane sɛ asetram ayɛ den nti, ebia ebinom bebisa sɛ, ‘So mfaso wɔ so sɛ yɛkɔ so hwehwɛ Ahenni no kan?’ Nea ɛbɛyɛ na woanya saa asɛmmisa yi ho mmuae no, susuw atiefo a na Yesu rekasa kyerɛ wɔn no ho hwɛ.

“Monnnwennwene”

4, 5. Ɔkwan bɛn so na Yesu kyerɛkyerɛɛ mu sɛ ɛnsɛ sɛ Onyankopɔn nkurɔfo dwennwen da biara da asetra ho tra so?

4 Ná Yesu rekasa kyerɛ nnipadɔm a wofi mmeaemmeae wɔ Galilea. (Mateo 4:25) Sɛ na adefo bi wɔ nnipadɔm no mu mpo a, na wɔbɛyɛ kakraa bi pɛ. Ɛda adi sɛ na wɔn mu dodow no ara yɛ ahiafo. Nanso, Yesu hyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔmmma ahonyade nnyɛ wɔn asetram ade titiriw, na mmom wɔnhyehyɛ honhom fam ademude a ɛno ne biribi a ɛsom bo koraa. (Mateo 6:19-21, 24) Ɔkae sɛ: “Monnnwennwene mo kra ho sɛ dɛn na mubedi anaa dɛn na mobɛnom, anaa mo nipadua ho sɛ dɛn na mobɛhyɛ. So ɔkra no nhia nsen aduan, na nipadua no nsen atade?”—Mateo 6:25.

5 Ná Yesu asɛm no betumi ayɛ sɛ nea mfaso nni so ama wɔn a na wɔretie no no mu pii. Ná wonim sɛ sɛ wɔanyere wɔn ho anyɛ adwuma a, wɔn mmusua ho bɛkyere wɔn. Yesu kaa nnomaa ho asɛm kyerɛɛ wɔn. Nnomaa hwehwɛ wɔn ano aduan da biara da, nanso Yehowa hwɛ wɔn. Yesu san kaa sɛnea Yehowa hwɛ wuram nhwiren ma ɛyɛ fɛ koraa sen Salomo anuonyam mpo no ho asɛm. Sɛ Yehowa hwɛ nnomaa ne nhwiren a, mpɛn ahe ara na ɔrenhwɛ yɛn? (Mateo 6:26-30) Sɛnea Yesu kae no, yɛn nkwa (akra) ne yɛn nipadua ho hia koraa sen aduan a yɛtɔ di ne ntade a yɛde kata yɛn nipadua ho ma yɛkɔ so tra nkwa mu no. Sɛ yɛde yɛn ahoɔden ne yɛn bere nyinaa hwehwɛ yɛn ano aduan ne ntade a yɛbɛhyɛ na sɛ yɛannya bere ne ahoɔden ansom Yehowa sɛnea ɛfata a, na yennim nea enti a yɛte ase ankasa.—Ɔsɛnkafo 12:13.

Adwene a Ɛfata

6. (a) Asɛyɛde bɛn na Kristofo wɔ? (b) Hena so na Kristofo de wɔn ho to?

6 Nokwarem no, Yesu anka ankyerɛ n’atiefo no sɛ wonnyae wɔn adwuma a wɔyɛ na wɔnhwɛ kwan sɛ Onyankopɔn bɛhwɛ wɔn mmusua. Ɛsɛ sɛ nnomaa mpo hwehwɛ wɔne wɔn mma ano aduan. Enti, sɛ na Kristofo no bedidi a, na ɛsɛ sɛ wɔyɛ adwuma. Ná ɛsɛ sɛ wɔde wɔn mmusua ahiade ma wɔn. Ná ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔyɛ adwumayɛfo ne nkoa no yere wɔn ho yɛ adwuma ma wɔn wuranom. (2 Tesalonikafo 3:10-12; 1 Timoteo 5:8; 1 Petro 2:18) Ná ɔsomafo Paulo taa yɛ ntamadan de hwɛ ne ho. (Asomafo Nnwuma 18:1-4; 1 Tesalonikafo 2:9) Nanso, saa Kristofo no amfa wɔn ho anto honam fam adwuma so sɛ ɛno na ɛbɛma wɔadi yiye wɔ asetram. Wɔde wɔn ho too Yehowa so. Enti, wonyaa asomdwoe a na afoforo nni bi no. Odwontofo no kae sɛ: “Wɔn a wɔde wɔn ho to [Yehowa, NW] so no te sɛ Sion bepɔw, entwiw, na esi hɔ daa.”—Dwom 125:1.

7. Adwene bɛn na obi a onni Yehowa mu ahotoso yiye betumi anya?

7 Obi a onni Yehowa mu ahotoso yiye betumi anya adwene foforo. Nnipa mu fã kɛse no ara na wobu ahonyade sɛ ade titiriw a ɛma wodi yiye wɔ asetram. Enti, awofo hyɛ wɔn mma nkuran sɛ wɔnyere wɔn ho paa nsua nhoma wɔ wɔn mmerantebere ne wɔn mmabaabere mu, a wɔhwɛ kwan sɛ saa a wɔbɛyɛ no bɛma wɔanya adwuma pa ayɛ daakye. Awerɛhosɛm ne sɛ, Kristofo mmusua bi ahu sɛ nhomasua a wɔn mma de wɔn ho hyɛɛ mu fee saa no ama wɔabrɛ agu paa, bere a wɔn mma no adwene fii Onyankopɔn som so na wokodii ahonyade akyi no.

8. Dɛn na Kristofo yɛ de kyerɛ sɛ wɔkari pɛ anaasɛ wɔyɛ nea ɛfata?

8 Enti, Kristofo a wonim nyansa hu sɛ ɛsɛ sɛ wɔde Yesu afotu no yɛ adwuma nnɛ sɛnea na ɛsɛ sɛ wɔde yɛ adwuma wɔ afeha a edi kan no mu, na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛkari pɛ anaasɛ wɔbɛyɛ nea ɛfata wɔ wɔn asetram. Sɛ ɛho behia sɛ wɔde nnɔnhwerew pii yɛ adwuma na ama wɔatumi adi Kyerɛwnsɛm mu asɛyɛde ahorow ho dwuma mpo a, sika a wohia no mma wommu wɔn ani ngu Onyankopɔn som mu asɛyɛde ahorow a ɛho hia kɛse no so da.—Ɔsɛnkafo 7:12.

‘Ɛnsɛ sɛ Yedwennwen’

9. Awerɛhyem bɛn na Yesu de ma wɔn a wɔde wɔn ho to Yehowa so koraa no?

9 Wɔ Yesu Bepɔw so Asɛnka no mu no, ɔka kyerɛɛ n’atiefo no sɛ: “Monnnwennwene nka sɛ, ‘Dɛn na yebedi?’ anaasɛ, ‘Dɛn na yɛbɛnom?’ anaasɛ, ‘Dɛn na yɛbɛhyɛ?’ Na eyinom nyinaa ne nneɛma a amanaman no di akyi denneennen. Na mo soro Agya nim sɛ muhia saa nneɛma yi nyinaa.” (Mateo 6:31, 32) Nkuranhyɛ nsɛm bɛn ara ni! Sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so koraa a, ɔbɛboa yɛn bere nyinaa. Na asɛm a Yesu kae no san ma yetumi susuw nneɛma ho anibere so. Ɛkae yɛn sɛ sɛ yedi ahonyade akyi “denneennen” a, yɛn nsusuwii bɛyɛ sɛ “amanaman” no de, nnipa a wɔnyɛ nokware Kristofo no.

10. Bere a aberante bi kɔɔ Yesu nkyɛn kogyee afotu no, ɔkwan bɛn so na Yesu maa nea na aberante no ani gye ho kɛse ankasa daa adi?

10 Bere bi, aberante bi a ɔyɛ ɔdefo bisaa Yesu nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ na ama wanya daa nkwa. Yesu kaee no nea Mmara no a na ɛda so yɛ adwuma saa bere no hwehwɛ sɛ ɔyɛ. Aberante no ka kyerɛɛ Yesu sɛ: “Madi eyinom nyinaa so; aka me dɛn bio?” Ebia mmuae a Yesu de mae no yɛɛ nnipa pii ani so sɛ nea ntease nnim. Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ wopɛ sɛ woyɛ pɛ a, kɔtɔn w’ahode fa ma ahiafo na wubenya ademude wɔ soro, na bra bedi m’akyi.” (Mateo 19:16-21) Aberante no de awerɛhow san n’akyi kɔe, efisɛ ɛyɛɛ no yaw sɛ n’ahonyade befi ne nsa. Efisɛ ná ɔdɔ n’ahonyade sen Yehowa koraa.

11, 12. (a) Asɛm a ɛma yesusuw nneɛma ho kɔ akyiri bɛn na Yesu ka faa ahonyade ho? (b) Ɔkwan bɛn so na ahonyade remma yentumi nsom Yehowa yiye?

11 Saa asɛm yi maa Yesu kaa biribi a ɛyɛ ahodwiriw: “Ɛbɛyɛ den ama ɔdefo sɛ ɔbɛkɔ soro ahenni mu. . . . Ɛyɛ mmerɛw sɛ yoma bɛfa paane aniwa mu sen sɛ ɔdefo bɛkɔ Onyankopɔn ahenni mu.” (Mateo 19:23, 24) So na Yesu kyerɛ sɛ ɔdefo biara rennya Ahenni no? Dabi, efisɛ ɔka toaa so sɛ: “Onyankopɔn fam de biribiara betumi ayɛ yiye.” (Mateo 19:25, 26) Nokwarem no, ɛdenam Yehowa mmoa so no, adefo a na wɔwɔ hɔ saa bere no bi bɛyɛɛ Kristofo a wɔasra wɔn. (1 Timoteo 6:17) Nanso, biribi pa bi nti na Yesu kaa saa asɛm a ɛyɛ ahodwiriw no. Ná ɔrebɔ kɔkɔ.

12 Sɛ obi de ne ho to n’ahonyade so denneennen sɛnea aberante a na ɔyɛ ɔdefo no yɛe no a, ɛremma ontumi mfi ne koma nyinaa mu nsom Yehowa. Eyi betumi ato obi a ɔyɛ ɔdefo dedaw ne nea ‘n’ani abere sɛ ɔbɛyɛ ɔdefo’ no. (1 Timoteo 6:9, 10) Sɛ obi de ne ho to ahonyade so denneennen a, ebetumi ama wayɛ obi a ne “honhom mu ahiade” ho nhia no pii. (Mateo 5:3) Ebetumi nso ama wayɛ obi a ɔnhwehwɛ Yehowa mmoa pii. (Deuteronomium 6:10-12) Ebia ɔbɛhwɛ kwan sɛ wɔne no bedi nsɛm wɔ ɔkwan soronko so wɔ asafo no mu. (Yakobo 2:1-4) Na obetumi de ne bere pii agye n’ani sen sɛ ɔde bɛyɛ Yehowa som adwuma.

Nya Adwene a Ɛteɛ

13. Adwene a ɛnteɛ bɛn na na Laodikeafo no kura?

13 Nnipa bi a na wɔwɔ ahonyade ho adwene a ɛnteɛ ne afeha a edi kan no mu asafo a na ɛwɔ Laodikea no mufo. Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Woka sɛ: ‘Meyɛ ɔdefo, manya me ho, na hwee nhia me,’ nanso wunnim sɛ w’asɛm yɛ mmɔbɔ san yɛ awerɛhow, na woyɛ ohiani ne onifuraefo a woda adagyaw.” Ná ɛnyɛ ahonyade a Laodikeafo no wɔ na ɛmaa wɔn asɛm bɛyɛɛ mmɔbɔ wɔ Onyankopɔn som mu. Na mmom, ɛyɛ wɔn ho a wɔde too wɔn ahonyade so sen Yehowa no nti. Ɛno nti wɔbɛyɛɛ boturobodwo wɔ Onyankopɔn som mu, na na ‘Yesu rebɛfe’ wɔn afi n’anom.—Adiyisɛm 3:14-17.

14. Dɛn nti na na Hebrifo Kristofo no fata Paulo nkamfo no?

14 Nanso, Paulo kamfoo Hebrifo Kristofo no wɔ su a wɔdaa no adi wɔ ɔtaa bi a wohyiae no ho. Ɔkae sɛ: “Wɔn a wɔdaa afiase no asɛm yɛɛ mo mmɔbɔ, na mode anigye penee mo ahode a wɔfowee so, bere a munim sɛ mowɔ agyapade a ɛkyɛn so na ɛwɔ hɔ daa no.” (Hebrifo 10:34) Saa Kristofo no amma wɔn agyapade a wɔhweree no anhaw wɔn pii. Wɔkɔɔ so nyaa anigye efisɛ wokuraa wɔn agyapade a ɛsom bo sen biara, wɔn “agyapade a ɛkyɛn so na ɛwɔ hɔ daa” no mu. Te sɛ oguadifo a ɔwɔ Yesu bɛ no mu no, na wɔasi wɔn bo sɛ biribiara nni hɔ a ɛbɛma wɔagyae Ahenni anidaso a wɔwɔ no mu ɛmfa ho nea na wɔbɛhwere. (Mateo 13:45, 46) Su pa bɛn ara ni!

15. Dɛn na Kristoni bea bi a ɔwɔ Liberia yɛe a ɛkyerɛ sɛ ɔde Ahenni nneɛma di kan?

15 Nnipa pii anya su pa a ɛte saa nnɛ. Sɛ nhwɛso no, wɔ Liberia no, Kristoni ababaa bi nyaa hokwan sɛ ɔbɛkɔ akosua nhoma wɔ sukuupɔn mu. Wɔ saa man no mu no, wobu hokwan a ɛte saa sɛ ɛyɛ ɔkwan a ɛbɛma obi adi yiye wɔ n’asetram daakye. Nanso, na onuawa no yɛ ɔkwampaefo, bere nyinaa ɔsɛmpakafo, na na wɔato nsa afrɛ no sɛ ɔnkɔsom sɛ bere tiaa mu ɔkwampaefo titiriw. Ɔhwehwɛɛ Ahenni no kan, na ɔkɔɔ so yɛɛ bere nyinaa som adwuma no. Ɔkɔɔ baabi a wɔkyerɛe sɛ ɔnkɔyɛ asɛnka adwuma no, na ofii Bible adesua 21 ase wɔ asram abiɛsa ntam. Onuawa kumaa yi ne nnipa mpempem pii a wɔte sɛ ɔno de honam fam nneɛma a anka wobetumi anya bɔ afɔre na wɔhwehwɛ Ahenni no kan. Wɔyɛ dɛn kura su pa a ɛte saa mu wɔ saa wiase yi a honam fam adedodowpɛ agye nnipa adwene no mu? Wɔanya su pa ahorow pii. Momma yensusuw eyinom mu bi ho nhwɛ.

16, 17. (a) Dɛn nti na ahobrɛase ho hia na ama yɛatumi de yɛn ho ato Yehowa so? (b) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yenya Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow mu ahotoso?

16 Ahobrɛase: Bible ka sɛ: “Fa wo koma nyinaa bata [Yehowa, NW] ho, na mfa wo ho ntweri wo nhumu. Hu no w’akwan nyinaa mu, na ɔno na ɔbɛteɛ w’akwan. Nyɛ w’ani so onyansafo.” (Mmebusɛm 3:5-7) Ɛtɔ mmere bi na sɛ yɛde nnipa adwene susuw biribi ho a, ebetumi ayɛ yɛn sɛ nea mfaso wɔ so. (Yeremia 17:9) Nanso, Kristoni a ɔyɛ ɔnokwafo ma Yehowa kyerɛ no kwan. (Dwom 48:14) Ofi ahobrɛase mu hwehwɛ Yehowa afotu wɔ ‘n’akwan nyinaa mu’—wɔ asafo mu nsɛm mu, nhomasua anaa adwumayɛ mu, ahomegye, anaa biribi foforo biara a ɔyɛ mu.—Dwom 73:24.

17 Yehowa bɔhyɛ ahorow mu ahotoso: Paulo kae sɛ: “Ɛsɛ sɛ nea ɔba [Onyankopɔn] nkyɛn no gye di sɛ ɔwɔ hɔ, na ɔyɛ wɔn a wɔn ani bere hwehwɛ no no katuafo.” (Hebrifo 11:6) Sɛ yɛn adwene yɛ yɛn sɛ ebia Yehowa renni ne bɔhyɛ so a, ebetumi ayɛ yɛn sɛ ɛfata sɛ ‘yebedi wiase yi akosi ase.’ (1 Korintofo 7:31) Nanso, sɛ yɛn gyidi yɛ den a, yebesi yɛn bo sɛ yɛbɛhwehwɛ Ahenni no kan. Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya gyidi a ɛyɛ den? Yɛnam mpae a yebefi komam abɔ Yehowa ne kokoam adesua a yɛbɛyɛ no daa de abɛn no so. (Dwom 1:1-3; Filipifo 4:6, 7; Yakobo 4:8) Yebetumi abɔ mpae te sɛ Ɔhene Dawid: “Wo, [Yehowa, NW], so na mede me ho mato. Mise: Wone me Nyankopɔn. Wo papa a wode asie ama wo fɛrefo no sõ dɛn ara!”—Dwom 31:14, 19.

18, 19. (a) Ɔkwan bɛn so na mmɔdenbɔ hyɛ yɛn ho a yɛde to Yehowa so no mu den? (b) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ Kristoni nya ɔpɛ sɛ ɔde nneɛma bɛbɔ afɔre?

18 Mmɔden a yɛbɛbɔ wɔ Yehowa som adwuma mu: Paulo kyerɛe sɛ sɛ yɛyɛ mmɔdenbɔfo a, yebenya ahotoso wɔ Yehowa bɔhyɛ ahorow mu. Ɔkyerɛwee sɛ: “Yeyi yɛn yam pɛ sɛ mo nyinaa mmiako mmiako yi saa mmɔdenbɔ yi adi kyerɛ wɔ anidaso a akyinnye nni mu koraa mu de kodu ase.” (Hebrifo 6:11) Sɛ yɛde yɛn ho hyɛ Yehowa som adwuma mu denneennen a, ɔbɛboa yɛn. Bere biara a yebehu sɛ Yehowa aboa yɛn no, ne mu ahotoso a yɛwɔ no mu kɔ so yɛ den, na ɛma ‘yetintim a yenhinhim.’ (1 Korintofo 15:58) Ɛma yɛn gyidi yɛ foforo, na yɛn anidaso mu yɛ den.—Efesofo 3:16-19.

19 Ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yɛde nneɛma bɛbɔ afɔre: Paulo de adwuma a na anka ɛbɛma wadi yiye honam fam too hɔ kodii Yesu akyi. Ɛwom sɛ ne ho kyeree no mmere bi wɔ honam fam de, nanso ɛda adi pefee sɛ ɔpaw ade pa. (1 Korintofo 4:11-13) Yehowa nhyɛ n’asomfo bɔ sɛ ɔbɛma wɔanya asetra a ahotɔ wom, na ɛtɔ mmere bi mpo a n’asomfo fa asetra a ahokyere wom mu. Sɛ yɛanhwehwɛ honam fam nneɛma pii na yɛde nneɛma bɔ afɔre a, ɛyɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ yɛasi yɛn bo denneennen sɛ yɛbɛsom Yehowa.—1 Timoteo 6:6-8.

20. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ obi a ɔde Ahenni nneɛma di kan nya ntoboase?

20 Ntoboase: Osuani Yakobo hyɛɛ ne mfɛfo Kristofo nkuran sɛ: “Enti anuanom, munnya ntoboase nkosi Awurade mmae.” (Yakobo 5:7) Wɔ wiase a nneɛma kɔ so ntɛmntɛm mu no, ɛyɛ den sɛ yebenya ntoboase. Nea yɛpɛ ne sɛ yɛn nsa bɛka biribiara ntɛmntɛm. Nanso, Paulo hyɛɛ yɛn nkuran sɛ yensuasua wɔn a “wɔnam gyidi ne ntoboase so nya bɔhyɛ ahorow no.” (Hebrifo 6:12) Tɔ wo bo ase twɛn Yehowa. Akyinnye biara nni ho sɛ ɛfata koraa sɛ wobɛtɔ wo bo ase atwɛn daa nkwa a wubenya wɔ paradise asase so no!

21. (a) Sɛ yɛde Ahenni nneɛma di kan a, dɛn na yɛda no adi? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu?

21 Yiw, mfaso wɔ Yesu afotu a ɛka sɛ yɛnhwehwɛ Ahenni no kan no so. Sɛ yɛyɛ saa a, yɛda no adi sɛ yɛwɔ Yehowa mu ahotoso ankasa, na yɛfa ɔkwan a eye sen biara sɛ Kristoni fa so bɔ ne bra no so. Yesu tuu yɛn fo nso sɛ ‘yɛnhwehwɛ Onyankopɔn trenee.’ Yebehu nea enti a yehia saa afotu no nnɛ titiriw wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?

• Ɔkwan bɛn so na Yesu hyɛɛ yɛn nkuran sɛ yɛnkari pɛ anaa yɛnyɛ nea ɛfata wɔ ahonyade ho?

• Dɛn na yesua fi Yesu bɛ a ɛfa yoma ne paane aniwa ho no mu?

• Kristofo su pa bɛn na ɛboa yɛn ma yɛhwehwɛ Onyankopɔn Ahenni kan?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 21]

Nnipa a wotiee Yesu asɛm no pii yɛ ahiafo

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Oguadifo a ɔwɔ Yesu bɛ no mu de biribiara bɔɔ afɔre de gyee ahene biako a ɛsom bo

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Ná aberante a ɔyɛ ɔdefo no dɔ n’ahonyade koraa sen Onyankopɔn

[Mfonini wɔ kratafa 24]

Sɛ yɛde yɛn ho hyɛ Yehowa som adwuma mu denneennen a, ɔbɛboa yɛn