Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wɔmaa Wɔn Awofo Koma Tɔɔ Wɔn Yam

Wɔmaa Wɔn Awofo Koma Tɔɔ Wɔn Yam

Wɔmaa Wɔn Awofo Koma Tɔɔ Wɔn Yam

“ME BA, sɛ wo koma hu nyansa a, me koma bɛtɔ me yam, me ara nso m’ani begye.” (Mmebusɛm 23:15) Nokwarem no, sɛ Kristofo a wɔyɛ awofo mma nya ɔsoro nyansa a, ɛma awofo no koma tɔ wɔn yam. Wɔ Memeneda, September 10, 2005 no, nnipa a wofi aman ahorow so a wɔn dodow si 6,859 kɔɔ Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu adesuakuw a ɛto so 119 adesua awiei ase. Wɔn ani gyei paa, nanso wɔn a wɔn ani gyei titiriw no ne nnipa 56 a wowiee wɔn adesua no awofo.

David Walker a ɔde bere pii asom sɛ United States Betel abusua no muni na ɔde mpaebɔ a ɛka koma buee dwumadi no ano. Ɛno akyi no, David Splane a ɔyɛ Yehowa Adansefo Sodikuw no muni a ɔyɛɛ dwumadi no guamtrani no na ofii adesua awiei dwumadi no ase. Ɔka kyerɛɛ wɔn a wɔrewie wɔn adesua no awofo sɛ: “Mofata nkamfo. Su pa a mode adua mo mma mmarima ne mo mmabea koma mu no na aka wɔn ma wɔde wɔn ho ahyɛ asɛmpatrɛw adwuma no mu.” Esiane sɛ na ɛrenkyɛ na wɔama adesuafo a wɔawie no dwumadi wɔ akyirikyiri nti, ɛbɛyɛ sɛ na awofo no redwennwen wɔn mma no ho. Nanso, Onua Splane maa wɔn awerɛhyem sɛ: “Mma munnnwinnwen mo mma no ho. Yehowa betumi ahwɛ wɔn yiye asen sɛnea mubetumi ahwɛ wɔn no.” Afei ɔkae sɛ: “Munnwen adwuma pa a mo mma no rekɔyɛ no ho. Wɔrekɔma nnipa a wɔrehu amane anya awerɛkyekye a wonnyaa bi da wɔ wɔn asetram.”

Sɛnea Mobɛkɔ So Ama Afoforo Ani Agye

Oguamtrani no daa akasafo baanan adi. Nea edi kan no, Ralph Walls a ɔyɛ United States Baa Boayikuw no muni no maa ɔkasa a n’asɛmti ne “Momma Mo Ani Nna Hɔ.” Osii so dua sɛ honhom fam anifurae yɛ hu koraa sen honam fam anifurae. Tete Kristofo asafo a na ɛwɔ Laodikea no ani furae wɔ honhom fam. Wɔboaa Kristofo a na wɔwɔ saa asafo no mu a na wɔn ani afura no wɔ honhom fam, nanso ɛyɛ papa koraa sɛ yɛbɛma yɛn ani ada hɔ bere nyinaa na amma yɛn ani amfura wɔ honhom fam. (Adiyisɛm 3:14-18) Ɔkasafo no kae sɛ: “Momma mo ani nna hɔ, na munhu asafo no mu mpanyimfo sɛnea Yehowa hu wɔn no.” Sɛ ɔhaw ba asafo no mu a, ɛnsɛ sɛ adesuafo a wɔawie no ma ɛhaw wɔn pii. Awurade Yesu Kristo hu nneɛma a ɛtete saa no nyinaa. Na ɔbɛhwɛ adi ho dwuma wɔ bere a ɛsɛ mu.

Nea edi hɔ no, Samuel Herd a ɔyɛ Sodikuw no muni buaa asɛmmisa a ɛne sɛ “So Woayɛ Krado?” Sɛnea sɛ obi retu kwan a ɔfa ne ntade a ɔbɛhyɛ no, saa ara nso na ɛsɛ sɛ wɔn a wɔawie wɔn adesua no hyɛ wɔn nipasu foforo no bere nyinaa. Ɛsɛ sɛ wɔn yam hyehye wɔn ma afoforo sɛnea Yesu yɛe no. Bere a ɔkwatani bi ka kyerɛɛ Yesu sɛ: “Sɛ wopɛ nkoaa a, minim sɛ wubetumi ama me ho afi” no, Yesu kae sɛ: “Mepɛ. Wo ho mfi.” (Marko 1:40-42) Ɔkasafo no toaa so kae sɛ: “Sɛ nea mopɛ paa ne sɛ mobɛboa nnipa a, ɛnde mobɛyɛ nea mobetumi biara de aboa wɔn.” Filipifo 2:3 ka kyerɛ Kristofo sɛ, ‘mummu afoforo sɛ wɔkyɛn mo.’ Onua Herd kae sɛ: “Mfaso wɔ so koraa sɛ yɛbɛbrɛ yɛn ho ase wɔ komam sen nimdeɛ a yebenya. Sɛ wobrɛ wo ho ase nkutoo a, ɛnna wɔn a wuhyia wɔn wɔ asɛnka mu ne anuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ asafo no mu benya wo nimdeɛ no so mfaso.” Ɔde ne kasa no baa awiei sɛ sɛ adesuafo a wɔawie no kɔ so hyɛ Kristofo dɔ a, ɛnde na wɔayɛ krado sɛ wɔbɛkɔ akɔyɛ adwuma a wɔde ama wɔn no yiye.—Kolosefo 3:14.

Mark Noumair a ɔka Gilead akyerɛkyerɛfo no ho nam ne kasa a n’asɛmti ne “So Wobɛkɔ So Akura Mu?” no so maa atiefo no hwɛɛ nea na ɔrebɛka ho asɛm no kwan. Na ɔrebɛka Yehowa papayɛ ho anisɔ a yebenya ho asɛm. Dwom 103:2 ka sɛ: “Me kra, hyira [Yehowa, NW] na mma wo werɛ mmfi ne nneyɛe pa nyinaa.” Israelfo no ankyerɛ mana a ɛmaa wɔn ahoɔden no ho anisɔ, na wɔfrɛɛ no “aduan hunu.” (Numeri 21:5) Bere kɔɔ so no, ɛwom sɛ mana no dɛ ansesa de, nanso wɔankɔ so ankyerɛ ho anisɔ. Ɔkyerɛkyerɛfo no kae sɛ: “Sɛ moma mo werɛ fi nea Yehowa ayɛ ama mo no na moyɛ mo asɛmpatrɛw adwuma no bi-ne-bi a, ɛno bɛka sɛnea mubu adwuma a Yehowa de ama mo no.” Dwom 103:4 ka sɛ Yehowa de “adɔe . . . bɔ wo abotiri.” Adesuafo a wɔawie no behu Onyankopɔn adɔe wɔ wɔn asafo ahorow mu.

Gilead ɔkyerɛkyerɛfo foforo a wɔfrɛ no Lawrence Bowen maa ɔkasa a n’asɛmti ne “Wobɛma Nhyira Abɛto Wo?” Ɔkae sɛ Gilead adesuakuw a ɛto so 119 no mufo ayere wɔn ho atete wɔn ho sɛ wɔbɛyɛ asɛmpatrɛwfo pa. Nanso seesei de, ɛsɛ sɛ wɔde wɔn ho bata Yehowa ho na wɔkɔ so yɛ adwuma a ɔde ahyɛ wɔn nsa no. Wɔka 144,000 no ho asɛm wɔ Adiyisɛm 14:1-4 sɛ ‘wodi Oguammaa no akyi baabiara a ɔkɔ’ no. Wɔn a wɔwɔ saa kuw no mu nyinaa kɔ so bata Yehowa ne ne Ba no ho ɛmfa ho sɔhwɛ ahorow a wohyia, na wodu wɔn botae ho. Ɔkasafo no kae sɛ: “Nea ebesi biara no, yɛn nso yɛkɔ so bata Yehowa ho na yɛkɔ so yɛ adwuma a ɔde ahyɛ yɛn nsa no.” Sɛ adesuafo a wɔawie no yɛ saa a, wobehu sɛ Yehowa nhyira bɛba “abɛto” wɔn.—Deuteronomium 28:2.

Wɔresow Aba Wɔ Wɔn Som Adwuma Mu

Bere a na sukuufo no wɔ sukuu mu no, na wɔkɔ asɛnka dapɛn biara awiei. Bere a Wallace Liverance a ɔyɛ sukuufo no ho kyerɛwtohɔ ne wɔn kasae wɔ dwumadi no ase no, ɔma wohui sɛ wɔbɔɔ mmɔden. Anyɛ yiye koraa no, wɔkaa asɛmpa no wɔ kasa du mu, na wofii Bible adesua dodow bi ase. Awarefo bi a wɔkɔɔ Gilead sukuu no bi ne Chinani bi fii Bible adesua ase. Wɔkɔɔ ne nkyɛn mprenu no, wobisaa no sɛnea ɔte nka wɔ Yehowa a wabehu no no ho. Obuee ne Bible mu, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnkenkan Yohane 17:3. Ɔtee nka sɛ wasi nkwa kwan no so.

Afei, Anthony Morris a ɔyɛ Sodikuw no muni no bisabisaa Baa Boayikuw mufo baasa a wofi Côte d’Ivoire, Dominican Republic, ne Ecuador no nsɛm. Saa anuanom yi maa adesuafo a wɔawie no awerɛhyem sɛ Baa Boayikuw no rehwɛ wɔn kwan, na wɔbɛboa wɔn ma wɔn ani aka wɔn dwumadi no mu.

Ɛno akyi no, Leonard Pearson a ɔyɛ United States Betel abusua no muni bisabisaa Baa Boayikuw no mufo a wofi Democratic Republic of Congo, Papua New Guinea, ne Uganda no nsɛm. Saa anuanom yi hyɛɛ adesuafo a wɔawie no nkuran sɛ wɔmfa wɔn ho nhyɛ asɛnka adwuma no mu denneennen. Awarefo bi a wɔde bɛboro mfe 21 ayɛ asɛmpatrɛw adwuma wɔ Congo no aboa nnipa 60 ma wɔahyira wɔn ho so abɔ asu. Seesei saa awarefo no yɛ Bible adesua 30, na wɔn asuafo no mu 22 kɔ asafo nhyiam. Bere a honhom fam otwa adwuma no ayɛ kɛse saa no, ɛnnɛ ne bere a ɛfata sɛ obi yɛ ɔsɛmpatrɛwfo.

Adanse a Yebedi Wɔ Ahokeka So

Gerrit Lösch a ɔyɛ Sodikuw no muni no na ɔmaa ɔkasa a etwa to no. Ná ne kasa no asɛmti ne “Onyankopɔn Ho Asɛm a Yɛbɛka ne Yesu Ho Adanse a Yebedi Wɔ Awurade Da no Mu.” Nsɛmfua “adanse,” “adansefo,” ne “adansedi” pue mpɛn 19 wɔ Adiyisɛm nhoma no mu. Enti, Yehowa ma ne nkurɔfo hu adwuma a ɔpɛ sɛ wɔyɛ no pefee. Bere bɛn na ɛsɛ sɛ yedi adanse a ɛte saa no? Yohane kyerɛwee sɛ wɔbɛyɛ no “Awurade da no” mu. (Adiyisɛm 1:9, 10) Saa da no fii ase wɔ afe 1914 mu, na atoa so abesi yɛn bere yi so, na ɛbɛtoa so akosi daakye. Sɛnea Adiyisɛm 14:6, 7 ka no, abɔfo boa Onyankopɔn ho asɛm a yɛreka no. Adiyisɛm 22:17 kyerɛ sɛ wɔde ahyɛ Kristofo a wɔasra wɔn nkaefo no nsa sɛ wonni Yesu ho adansedi adwuma no anim. Nanso, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa yɛ saa adwuma yi bi nnɛ. Wɔ Adiyisɛm 22:20 no, Yesu ka sɛ: “Mereba ntɛm.” Onua Lösch tuu wɔn a wɔwɔ hɔ no nyinaa fo sɛ: “Monka nkyerɛ nkurɔfo sɛ, ‘Wommegye nkwa nsu kwa.’ Yesu reba ntɛm. So yɛayɛ krado?”

Fred Rusk a ɔde mfe 11 kyerɛɛ ade wɔ Gilead sukuu no mu no bɔɔ mpae a ɛkaa wɔn a wɔwɔ hɔ nyinaa koma de daa Yehowa ase de dwumadi no baa awiei. Mpae a ɔbɔe no yɛ nea ɛfata a ɛde saa dwumadi a ɛma akomatɔyam kɛse no baa awiei.

[Adaka wɔ kratafa 13]

ADESUAKUW NO HO NSƐM

Aman dodow a wofi so: 10

Aman dodow a wɔama wɔn hɔ dwumadi: 25

Adesuafo no dodow: 56

Mfe dodow a wɔadi nkyekyɛm: 32.5

Mfe dodow a wɔadi wɔ nokware no mu nkyekyɛm: 16.4

Mfe dodow a wɔayɛ bere nyinaa som adwuma no nkyekyɛm: 12.1

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu Adesuakuw a Ɛto so 119 a Wɔawie Wɔn Adesua

Wɔahyehyɛ akuw no fi anim kɔ akyi, na kuw biara mu din no fi benkum kɔ nifa, wɔ ase hɔ din no mu.

(1) Helgesen, S.; Daugaard, H.; Pierluissi, A.; Joseph, I.; Racanelli, C. (2) Byrge, T.; Butler, D.; Freedlun, J.; Nuñez, K.; Pavageau, C.; Doumen, T. (3) Camacho, O.; Lindqvist, L.; Broomer, A.; Wessels, E.; Burton, J.; Woodhouse, O.; Doumen, A. (4) Tirion, A.; Connally, L.; Fournier, C.; Gil, A.; Johnsson, K.; Hamilton, L. (5) Byrd, D.; Scribner, I.; Camacho, B.; Laschinski, H.; Hallahan, M.; Libuda, O. (6) Joseph, A.; Lindqvist, M.; Helgesen, C.; Nuñez, D.; Scribner, S.; Fournier, J. (7) Pierluissi, F.; Pavageau, T.; Broomer, C.; Racanelli, P.; Butler, T.; Woodhouse, M.; Libuda, J. (8) Laschinski, M.; Freedlun, S.; Burton, I.; Tirion, M.; Byrd, M.; Byrge, J. (9) Wessels, T.; Hallahan, D.; Connally, S.; Gil, D.; Daugaard, P.; Hamilton, S.; Johnsson, T.