Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔsɔfopɔn A Obuu Yesu Fɔ

Ɔsɔfopɔn A Obuu Yesu Fɔ

Ɔsɔfopɔn A Obuu Yesu Fɔ

WƆ November afe 1990 mu no, mmarima bi a na wɔreyɛ prama ne ɔkwan bi a ne tenten bɛyɛ kwansin biako a ɛda Yerusalem Kurow Dedaw no anafo fam ho adwuma no huu biribi a ɛyɛ nwonwa. Afiri a wɔde reyɛ adwuma no kɔpem tete ɔboda bi ma ano buei. Wɔ afeha a edi kan A.Y.B. ne afeha a edi kan Y.B. mu no, na beae yi yɛ amusiei kɛse paa. Nea ɛyɛ nwonwa paa ne ade a wɔn a wotutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu no hui wɔ aboda no mu no.

Ná nnaka 12 a nnompe wom wɔ aboda no mu. Ná wɔde nnipa a wɔawuwu ma wɔasie wɔn bɛyɛ afe no nnompe a aka no na egu nnaka yi mu. Ná wɔakyerɛw Yehosef bar Caiapha (Kaiafa ba Yosef) din agu nnaka a nnompe wom no mu nea ɛyɛ fɛ paa no ho.

Adanse kyerɛ sɛ ɛbɛyɛ sɛ ɔboda yi yɛ ɔsɔfopɔn a ɔtraa pon ti ma wodii asɛm a ehia paa a ɛso bi mmae da—nea ɛfa Yesu Kristo ho—no de. Yudani abakɔsɛm kyerɛwfo Josephus kyerɛ sɛ ɔsɔfopɔn yi ne “Yosef, a na wɔsan frɛ no Kaiafa no.” Wɔ Kyerɛwnsɛm mu no, edin a wɔde frɛ no ara ne Kaiafa. Dɛn nti na ne ho asɛm hia yɛn? Dɛn na ɛkaa no ma obuu Yesu fɔ?

N’abusua ne N’asetra mu Nsɛm

Kaiafa waree Hana a na ɔno nso yɛ ɔsɔfo panyin no babea. (Yohane 18:13) Ɛbɛyɛ sɛ wɔhyehyɛɛ aware no mfe dodow bi ansa na wɔrehyia ayeforo no, efisɛ na mmusua abien no nyinaa mpɛ sɛ wɔn ntam ayɔnkofa no bɛsɛe. Eyi kyerɛ sɛ wogyee bere hwehwɛɛ wɔn anato ahorow mu sɛnea ɛbɛyɛ a obi remfi abusua foforo mu mmɛfra asɔfo abusua no mu. Ná mmusua abien no nyinaa yɛ adefo ne nnipa atitiriw, na ɛbɛyɛ sɛ agyapade akɛse a na ɛwɔ Yerusalem no na ɛma wonyaa wɔn ho. Akyinnye biara nni ho sɛ na Hana pɛ sɛ ohu sɛ ɔbarima a daakye ɔbɛyɛ n’asew no betumi ne no abom abu ɔman no. Ɛte sɛnea na Hana ne Kaiafa nyinaa yɛ Sadukifo fekuw a na ɛwɔ nnipa so nkɛntɛnso kɛse no mufo.—Asomafo Nnwuma 5:17.

Esiane sɛ na Kaiafa fi asɔfo abusua a wɔwɔ anuonyam kɛse mu no nti, ɛbɛyɛ sɛ wɔde Hebri Kyerɛwnsɛm ne emu nkyerɛkyerɛmu na ɛtetee no. Ebia odii mfe 20 no na ofii ase som wɔ asɔrefie hɔ, nanso mfe a odii ansa na ɔrebɛyɛ ɔsɔfopɔn no de, obiara nnim.

Asɔfopɔn ne Asɔfo Mpanyin

Mfiase no, na ɔsɔfopɔn dibea no yɛ dibea a wɔde gyaw nkyirimma, na na obi di wɔ ne nkwa nna nyinaa. Nanso wɔ afeha a ɛto so abien A.Y.B. no, Hasmoneafo de anuɔden gyee ɔsɔfopɔn dibea no fii asɔfo abusua no nsam. * Herod Ɔkɛseɛ na na ɔpaw asɔfopɔn san tu wɔn ade so. Eyi ma ɛbɛdaa adi sɛ na ɔno na ɔpaw ɔsɔfopɔn. Ná Roma amradofo no nso yɛ saa ara.

Nsɛm a esisii yi na ɛma wɔhyehyɛɛ kuw bi a Kyerɛwnsɛm no frɛ no “asɔfo mpanyin” no. (Mateo 26:3, 4) Sɛ Kaiafa pa ho a, na nnipa a wɔwɔ kuw yi mu bi ne asɔfopɔn a wɔaba atwam, te sɛ Hana a na wɔatu no ade so nanso na ɔda so ara kura saa abodin no. Wɔn a na wɔka ho bi nso ne asɔfopɔn a wɔwɔ so ne adedawfo abusuafo a wɔbɛn wɔn no.

Romafo no maa Yudafo atitiriw a na asɔfo mpanyimfo no ka ho no kwan ma wodii nsɛm a na esisi daa wɔ Yudea no ho dwuma. Eyi maa Roma aban no nyaa ɔmansin no so tumi, na na wotumi gyigye tow fi Yudea a wɔnsoma asraafo pii nkɔ hɔ. Ná Roma hwɛ kwan sɛ Yudafo mpanyimfo no bɛhwɛ ama wɔadi mmara so de abɔ wɔn ho ban. Ná Roma amradofo no mpɛ Yudafo akannifo a wɔmpɛ sɛ Roma bedi wɔn so no asɛm. Nanso na biako a wɔbɛyɛ no bɛma Roma nniso no agyina na wɔn nyinaa anya so mfaso.

Eduu Kaiafa bere so no, na ɔsɔfopɔn no ara na ɔyɛ Judafo amammui no kannifo. Quirinius a ɔyɛ Roma amrado wɔ Siria wɔ afe a ɛto so 6 ne 7 Y.B. mu no na ɔpaw Hana sɛ Ɔsɔfopɔn. Rabifo atetesɛm kyerɛ sɛ na adifudepɛ, animhwɛ, nhyɛso ne awudisɛm ahyɛ mmusua a Yudafo a wɔyɛ atitiriw fi mu no mu ma. Nhoma kyerɛwfo bi sususw sɛ na ɔsɔfopɔn Hana bɛhwɛ ama n’asew barima no “anya dibea wɔ asɔrefie hɔ ntɛm; anyɛ yiye koraa no, na dibea a ɛkorɔn a Kaiafa benya no bɛma Hana de no adi dwuma kɛse.”

Wɔ afe 15 Y.B. mu no, Yudea amrado Valerius Gratus tuu Hana ade so. Nnipa afoforo baasa, a Hana babarima ka ho bɛyɛɛ asɔfopɔn toatoaa so wɔ bere tiaa bi mu. Kaiafa bɛyɛɛ ɔsɔfopɔn wɔ bɛyɛ afe 18 Y.B. Pontio Pilato a wɔpaw no sɛ Yudea amrado wɔ afe 29 Y.B. no maa Kaiafa kɔɔ so yɛɛ ɔsɔfopɔn wɔ mfe du a ɔde yɛɛ amrado no nyinaa mu. Kaiafa yɛɛ ɔsɔfopɔn wɔ mfe a Yesu de yɛɛ ne som adwuma ne bere a n’asomafo no fii asɛnka adwuma no ase no mu. Nanso na Kaiafa mpɛ asɛm a Kristofo no reka no.

Wosuro Yesu ne Roma

Kaiafa buu Yesu sɛ ɔmammɔfo a ne ho yɛ hu. Yesu ne asɔfo mpanimfo no anyɛ adwene wɔ sɛnea wɔkyerɛkyerɛ Homedadi ho mmara mu no ho na ɔpam aguadifo a na wɔresesa sika wɔ asɔrefie hɔ no fii hɔ, na ɔkae sɛ wɔredan hɔ “adwowtwafo atɛwee.” (Luka 19:45, 46) Abakɔsɛm akyerɛwfo bi gye di sɛ na Hana abusuafo na wodi gua wɔ asɔrefie hɔ no—na ɛbɛyɛ sɛ ɛno nti na Kaiafa bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛma Yesu agyae asɛm a ɔreka no. Bere a asɔfo mpanyimfo no somaa nkurɔfo sɛ wɔnkɔkyere Yesu no, wɔn ho dwiriw wɔn ara ma wɔde nsapan san kɔe.—Yohane 2:13-17; 5:1-16; 7:14-49.

Susuw nea esii bere a Yudafo mpanyimfo no tee sɛ Yesu anyan Lasaro no ho hwɛ. Yohane Asɛmpa no ka sɛ: “Ɛnna asɔfo mpanyin ne Farisifo no boaa Sanhedrin no ano ka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Ɛdɛn na yɛnyɛ, efisɛ onipa yi yɛ nsɛnkyerɛnne bebree? Sɛ yegyaa no saa a, wɔn nyinaa begye no adi, na Romafo no bɛba abɛfa yɛn ha ne yɛn man nyinaa.’” (Yohane 11:47, 48) Sanhedrin no hui sɛ Yesu betumi asɛe tumi a wɔn som no wɔ ne ɔmanfo asomdwoe a na Pilato de ho asodi ato wɔn so no. Ná ade biara a Yudafo bɛyɛ a Romafo bebu no sɛ wɔde retutu ɔman ase no betumi ama wɔde wɔn ho abegye Yudafo nsɛm mu—ɛno nso de, na Sanhedrin no mpɛ sɛ ebesi koraa.

Ɛwom sɛ Kaiafa antumi annye tumi a Yesu de yɛɛ anwonwade no ho kyim de, nanso wankyerɛ ne mu gyidi, na mmom ɔpɛɛ kwan a ɔbɛfa so abɔ n’ankasa dibea ne tumi a ɔwɔ no ho ban. Enti ɛbɛyɛ dɛn na wagye atom sɛ wanyan Lasaro? Sɛ́ Sadukini no, na Kaiafa nnye owusɔre nni!—Asomafo Nnwuma 23:8.

Kaiafa abɔnefosɛm bɛdaa adi bere a ɔka kyerɛɛ ne mfɛfo sodifo bi sɛ: “Monnwene nso sɛ eye ma mo sɛ onipa baako bewu ama ɔmanfo na ɔman mũ no nyinaa ansɛe.” Kyerɛwtohɔ no toa so sɛ: “Nanso emfi n’ankasa ne tirim na ɔkaa eyi; na mmom esiane sɛ na ɔyɛ ɔsɔfopɔn saa afe no nti, ɔhyɛɛ nkɔm sɛ etwa sɛ Yesu wu ma ɔman no, na ɛnyɛ ɔman no nko, na mmom sɛnea ɛbɛyɛ na Nyankopɔn bɛka ne mma a wɔabɔ apete no abom ayɛ wɔn biako. Enti efi saa da no ara wɔbɔɔ pɔw sɛ wobekum [Yesu].”—Yohane 11:49-53.

Ná Kaiafa nnim nea ne nsɛm no kyerɛ ankasa. Sɛ́ ɔsɔfopɔn no, na wahyɛ nkɔm. * Ná Yesu wu no so bɛba mfaso, nanso na ɛnyɛ Yudafo no nkutoo na wobenya so mfaso. Na n’agyede afɔrebɔ no bɛma adesamma nyinaa ade wɔn ho afi bɔne ne owu nkoasom mu.

Pɔw Bɔne

Yudafo asɔfo mpanyin no ne ɔman no mu mpanyimfo boaa wɔn ho ano wɔ Kaiafa fie kosusuw sɛnea wɔbɛkyere Yesu na wɔakum no ho. Ɛbɛyɛ sɛ na ɔsɔfo panyin no ka ho bi na wɔkyerɛɛ sika dodow a wɔde bɛma Yuda Iskariot wɔ Yesu a na obeyi no ama wɔn no ho. (Mateo 26:3, 4, 14, 15) Nanso na onipa baako a wobekum no no ara nnɔɔso mma Kaiafa a na adwemmɔne ayɛ no sɛ yare no. ‘Asɔfo mpanyin no bɔɔ pɔw sɛ wobekum Lasaro nso, efisɛ ɔno nti na Yudafo bebree nyaa Yesu mu gyidi.’—Yohane 12:10, 11.

Ná Kaiafa akoa Malko ka basabasayɛfo kuw a wɔsomaa wɔn sɛ wɔnkɔkyere Yesu no ho. Wodii kan de odeduani no kɔɔ Hana fie ma obisaa no nsɛm, ɛno akyi no wɔde no kɔmaa Kaiafa a na wadi kan ne Yudafo mpanyimfo ahyiam rebedi asɛm anadwo a na mmara mma kwan sɛ wɔyɛ saa no.—Mateo 26:57; Yohane 18:10, 13, 19-24.

Adansekurumfo a na wɔn adwene nhyia a wodii adanse tiaa Yesu no amma Kaiafa anyae nea ɔpɛ sɛ ɔyɛ no. Ná ɔsɔfopɔn no nim adwene a ne mfɛfo a ɔne wɔn abɔ pɔw bɔne no kura wɔ obiara a ɔbɛfrɛ ne ho Mesia no ho. Enti ɔpɛe sɛ ohu sɛ Yesu de saa abodin no ato ne ho so anaa. Yesu buaa wɔn a na wɔrebɔ no sobo no sɛ wobehu sɛ “ɔte tumi nsa nifa na ofi ɔsoro mununkum mu reba.” Ahometew nti, “ɔsɔfopɔn no sunsuanee n’atede nguguso mu kae sɛ: ‘Waka abususɛm! Adansefo bɛn bio na yehia?’” Sanhedrin no adwene kɔɔ bɛnkoro mu kae sɛ Yesu fata owu.—Mateo 26:64-66.

Sɛ wobekum obi a, na ɛsɛ sɛ Romafo no pene so. Esiane sɛ Kaiafa na na ɔyɛ Romafo no ne Yudafo no ntamgyinafo nti, ɛbɛyɛ sɛ ɔno na ɔde asɛm no kɔtoo Pilato anim. Bere a Pilato pɛe sɛ ogyae Yesu no, ɛda adi sɛ Kaiafa ka ho bi na wɔteɛɛm sɛ: “Bɔ no asɛndua mu! Bɔ no asɛndua mu!” no. (Yohane 19:4-6) Ɛbɛyɛ sɛ Kaiafa na ɔhyɛɛ nkurɔfo akuwakuw no sɛ wɔnyɛ dede nka sɛ wonnyae owudifo no mmom na wonkum Yesu no. Ebetumi nso aba sɛ Kaiafa ne asɔfo mpanyin no nyinaa na ɛboom de nyaatwom kae sɛ: “Yenni ɔhene biara sɛ Kaesare.”—Yohane 19:15; Marko 15:7-11.

Kaiafa poo Yesu wusɔre ho adanse a wɔde mae no. Ɔsɔre tiaa Petro, Yohane ne Stefano. Kaiafa na ɔmaa Saulo tumi sɛ ɔnkɔkyere Kristoni biara a obehu no wɔ Damasko no. (Mateo 28:11-13; Asomafo Nnwuma 4:1-17; 6:8–7:60; 9:1, 2) Nanso wɔ afe 36 Y.B. mu no, Vitellius a ɔyɛ Roma amrado wɔ Siria no tuu Kaiafa ade so.

Nsɛm a Yudafo akyerɛw no nka Kaiafa ne n’abusua ho asɛmpa biara. Sɛ nhwɛso no, Babilonfo Talmud no ka sɛ: “Hanin [Hana] ne n’abusua nti, asɛm ato me, esiane wɔn kɔnkɔnsa nti, madi amia.” Saa abooboodi yi fa hyia a na wohyiam wɔ sum ase de pɛ kwan a wɔbɛfa so ahyɛ ɔmanfo so no ho.

Nea Yesua Fi Kaiafa Asetra Mu

Nhomanimfo bi kae sɛ na asɔfopɔn no yɛ nnipa bi a “wɔn asɛm yɛ den, wɔyɛ anitefo, na wogye wɔn ho di—na ɛbɛyɛ sɛ na wɔyɛ ahantan.” Ahantan amma Kaiafa annye Mesia no antom. Enti sɛ nnipa a wɔwɔ hɔ nnɛ po asɛm a Bible no ka a, ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwonwa. Ebinom mpɛ sɛ wogye nokware a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm no mu no tom na wogyae gyidi a wokura mu no. Ebinom nso te nka sɛ wɔn dibea nti, ɛmfata wɔn sɛ wɔbɛbrɛ wɔn ho ase abɛyɛ asɛmpakafo. Afei Kristofo gyinapɛn nso pam nnipa a wonni nokware na wɔyɛ difudepɛfo no.

Sɛ́ ɔsɔfopɔn no, na anka Kaiafa betumi aboa ne mfɛfo Yudafo ma wɔagye Mesia no atom, nanso tumi a ɔpɛ nti, obuu Yesu fɔ. Ɛbɛyɛ sɛ saa ɔsɔretia no kɔɔ so kosii sɛ wosiee Kaiafa. Sɛnea ne su te no ma yehu sɛ sɛ obi wu a, ɛnyɛ ne nnompe nko na ɛma wɔkae no. Yɛnam yɛn nneyɛe so betumi anya din pa anaa dimmɔne wɔ Onyankopɔn anim daa.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 9 Sɛ wopɛ Hasmoneafo ho abakɔsɛm a, yɛsrɛ sɛ hwɛ June 15, 2001, Ɔwɛn-Aban, kratafa 27 kosi 30.

^ nky. 19 Bere bi Yehowa de Bileam a ɔyɛ ɔbɔnefo no dii dwuma ma ɔhyɛɛ Israelfo no ho nkɔm a ɛyɛ nokware.—Numeri 23:1–24:24.

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Yosef, Kaiafa babarima

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Adaka a nnompe wom a wohui nnansa yi ara

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 10]

Adaka a nnompe wom, nkyerɛwee, ne aboda a ɛwɔ akyi no: Courtesy of Israel Antiquities Authority