Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mommma Ɔbonsam Kwan

Mommma Ɔbonsam Kwan

Mommma Ɔbonsam Kwan

“Mommma Ɔbonsam kwan.”—EFESOFO 4:27.

1. Dɛn nti na nnipa pii adwenem yɛ wɔn naa wɔ wɔ a Ɔbonsam wɔ hɔ no ho?

NNIPA de mfe haha pii abu Ɔbonsam sɛ abɔde bi a ɔwɔ mmɛn, ne tɔte mu apae a ɔhyɛ atade kɔkɔɔ na okura adinam a ɔde reyi nnipa abɔnefo agu hellgya mu. Bible no mfoa nsusuwii a ɛte saa so. Nanso akyinnye biara nni ho sɛ nnaadaasɛm a ɛte saa ama nnipa pii adwenem ayɛ wɔn naa wɔ wɔ a Ɔbonsam wɔ hɔ no ho anaa ama wosusuw sɛ edin no gyina hɔ ma bɔne ara kwa.

2. Ɔbonsam ho nokwasɛm ahorow bɛn na ɛwɔ Kyerɛwnsɛm no mu?

2 Bible no de adanse a emu da hɔ ma de kyerɛ sɛ Ɔbonsam wɔ hɔ ankasa. Yesu Kristo huu no wɔ ɔsoro ahonhom atrae, na ɔne no kasae wɔ asase so. (Hiob 1:6; Mateo 4:4-11) Ɛwom sɛ Kyerɛwnsɛm no nka honhom abɔde yi din ankasa nkyerɛ yɛn de, nanso wɔfrɛ no Ɔbonsam (kyerɛ sɛ “Otwirifo”) efisɛ ɔkaa Onyankopɔn ho asɛmmɔne anaa otwirii no. Wɔnsan frɛ no Satan (kyerɛ sɛ “Ɔsɔretiafo”), efisɛ ɔsɔre tia Yehowa. Wɔfrɛ Satan Ɔbonsam “ɔwɔ dedaw no” efisɛ ɔnam ɔwɔ so na ɔdaadaa Hawa. (Adiyisɛm 12:9; 1 Timoteo 2:14) Wɔsan frɛ no “ɔbɔnefo no.”—Mateo 6:13. *

3. Asɛmmisa bɛn na yebesusuw ho?

3 Sɛ́ Yehowa asomfo no, ɛnsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade te sɛ Satan a ɔyɛ nokware Nyankopɔn koro pɛ no tamfo kɛse no da. Enti ɛsɛ sɛ yetie ɔsomafo Paulo afotu yi: “Mommma Ɔbonsam kwan.” (Efesofo 4:27) Ɛnde dɛn ne su ahorow a Satan da no adi a ɛnsɛ sɛ yesuasua no bi?

Munnsuasua Otwirifo Kɛse No

4. Ɔkwan bɛn so na “ɔbɔnefo no” twirii Onyankopɔn?

4 Ɛfata sɛ wɔfrɛ “ɔbɔnefo no” Ɔbonsam efisɛ ɔyɛ otwirifo. Ntwiri yɛ obi ho asɛmmɔne a wɔka de gu n’anim ase pɔtɔɔ. Onyankopɔn hyɛɛ Adam sɛ: “Papa ne bɔne hu dua no de, nni, efisɛ da a wubedi bi no, owu na wubewu.” (Genesis 2:17) Ná wɔaka eyi ho asɛm akyerɛ Hawa, nanso Ɔbonsam nam ɔwɔ bi so ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛnyɛ owu na mubewu: na Onyankopɔn nim sɛ da a mubedi bi no, mo ani bebue, na moayɛ sɛ Onyankopɔn ahu papa ne bɔne.” (Genesis 3:4, 5) Hwɛ sɛnea otwirii Yehowa Nyankopɔn fae!

5. Dɛn nti na na ɛfata sɛ wɔtwe Diotrefe aso wɔ ntwiri ho?

5 Wɔhyɛɛ Israelfo no sɛ: “Nkyini wo nkurɔfo mu nni nseku.” (Leviticus 19:16) Ɔsomafo Yohane kaa otwirifo bi a na ɔwɔ ne bere so ho asɛm sɛ: “Mekyerɛw biribi kɔmaa asafo no, nanso Diotrefe a ɔpɛ sɛ odi kan wɔ wɔn mu no nnye biribiara mfi yɛn hɔ obu so. Ɛno nti na sɛ meba a, mɛkae ne nnwuma a ɔyɛ no, sɛ ɔkeka yɛn ho nsɛmmɔne.” (3 Yohane 9, 10) Ná Diotrefe retwiri Yohane na na ɛsɛ sɛ wɔtwe n’aso. Kristoni nokwafo bɛn na ɔbɛpɛ sɛ ɔyɛ te sɛ Diotrefe na osuasua Satan, otwirifo kɛse no?

6, 7. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yetwiri obiara?

6 Wɔtaa sopa Yehowa asomfo ka atosɛm to wɔn so. “Asɔfo mpanyin no ne akyerɛwfo no kɔɔ so sɔre gyinae de abufuw bɔɔ [Yesu] sobo.” (Luka 23:10) Ɔsɔfopɔn Anania ne afoforo bɔɔ Paulo sobo. (Asomafo Nnwuma 24:1-8) Bible no nso ka Satan ho asɛm sɛ “nea ɔtoto yɛn nuanom ano no . . . , nea ɔtoto wɔn ano awia ne anadwo wɔ yɛn Nyankopɔn anim.” (Adiyisɛm 12:10) Anuanom a wɔtoto wɔn ano no ne Kristofo a wɔasra wɔn wɔ asase so wɔ nna a edi akyiri yi mu no.

7 Ɛnsɛ sɛ Kristoni biara twiri obi anaa otwa asɛm to no so. Nanso sɛ yɛanhu asɛm bi mu nokwasɛm nyinaa ansa na yɛadi ho adanse atia obi a, ebetumi aba saa. Wɔ Mose Mmara ase no, sɛ obi boapa di adansekurum a, na wotumi kum no. (Exodus 20:16; Deuteronomium 19:15-19) Bio nso, nneɛma a Yehowa kyi no bi ne “ɔdansekurumfo a ohuw atosɛm.” (Mmebusɛm 6:16-19) Enti ɛsɛ sɛ yɛkwati sɛ yebesuasua otwirifo ne ɔdansekurumfo kɛse no.

Kwati Owudifo a Odi Kan no Akwan

8. Ɔkwan bɛn so na Ɔbonsam “yɛ owudifo fi mfiase”?

8 Ɔbonsam yɛ owudifo. Yesu kae sɛ: “[Ɔbonsam] na ɔyɛ owudifo fi mfiase.” (Yohane 8:44) Ofii n’adwuma ase denam Adam ne Hawa a ɔma wɔtwee wɔn ho fii Onyankopɔn ho no so. Satan yɛ owudifo efisɛ ɔde owu baa awarefo a wodi kan no ne wɔn asefo so. (Romafo 5:12) Hyɛ no nsow sɛ, obi ankasa na yebetumi aka eyi afa ne ho, na ɛnyɛ bɔne ara kwa.

9. Sɛnea ɛda adi wɔ 1 Yohane 3:15 no, dɛn na ebetumi ama yɛadan awudifo?

9 Mmara Nsɛm Du a wɔde maa Israelfo no mu biako ka sɛ: “Nni awu.” (Deuteronomium 5:17) Bere a ɔsomafo Petro rekasa akyerɛ Kristofo no, ɔkyerɛwee sɛ: “Ɛnsɛ sɛ mo mu biara hu amane sɛ owudifo.” (1 Petro 4:15) Enti sɛ́ Yehowa asomfo no, yɛrenni awu. Nanso, sɛ yɛtan yɛn yɔnko Kristoni na yɛpɛ sɛ owu a, yebedi fɔ wɔ Onyankopɔn anim. Ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ: “Obiara a ɔtan ne nua no yɛ wudifo, na munim sɛ owudifo biara nni hɔ a daa nkwa te ne mu.” (1 Yohane 3:15) Wɔde ahyɛde maa Israelfo no sɛ: “Ntan wo nua wo koma mu.” (Leviticus 19:17) Ɛnde momma yɛnyɛ ntɛm nsiesie asɛm biara a ɛbɛsɔre wɔ yɛne yɛn mfɛfo agyidifo ntam na owudifo Satan ansɛe yɛn Kristofo biakoyɛ no.—Luka 17:3, 4.

Gyina Pintinn Ko Tia Ɔtorofo Kɛse No

10, 11. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛatumi agyina pintinn ako atia ɔtorofo kɛse, Satan?

10 Ɔbonsam yɛ ɔtorofo. Yesu kae sɛ: ‘Sɛ Ɔbonsam ka atosɛm a, efi n’ankasa suban, efisɛ ɔyɛ ɔtorofo ne atoro agya.’ (Yohane 8:44) Satan dii atoro kyerɛɛ Hawa, nanso Yesu baa wiase bedii nokware no ho adanse. (Yohane 18:37) Enti sɛ yebegyina pintinn ako atia Ɔbonsam sɛ Kristo akyidifo a, ɛnsɛ sɛ yedi atoro. Ɛsɛ sɛ ‘yɛka nokware.’ (Sakaria 8:16; Efesofo 4:25) ‘Yehowa a ɔyɛ nokware Nyankopɔn’ no hyira N’adansefo a wɔka nokware no nkutoo. Abɔnefo nni hokwan biara sɛ wogyina Onyankopɔn ananmu.—Dwom 31:5; 50:16; Yesaia 43:10.

11 Sɛ yɛma honhom fam ahofadi a yɛanya afi Satan nnaadaa ho no som bo ma yɛn a, yɛremman mfi Kristosom, a ɛyɛ “nokware kwan” no so. (2 Petro 2:2; Yohane 8:32) Kristofo nkyerɛkyerɛ nyinaa na ɛka bom yɛ “asɛmpa ho nokware no.” (Galatifo 2:5, 14) Yɛn nkwagye ankasa gyina ‘nokware no mu a yɛbɛnantew’ na yɛagyina pintinn ako atia “atoro agya” no so.—3 Yohane 3, 4, 8.

Ko Tia Ɔwaefo a Odi Kan No

12, 13. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yɛne awaefo di?

12 Honhom abɔde a ɔbɛyɛɛ Ɔbonsam no atra nokware no mu pɛn. Nanso sɛnea Yesu kae no, “wannyina nokware no mu, efisɛ nokware nni ne mu.” (Yohane 8:44) Ɔwaefo a odi kan yi akɔ so asɔre atia “nokware Nyankopɔn no.” “Ɔbonsam afiri” yii tete Kristofo binom a ɛda adi sɛ ɔdaadaa wɔn ma wɔman fii nokware no ho no. Enti Paulo tuu ne yɔnko dwumayɛni Timoteo fo sɛ ɔmfa odwo nkasa nkyerɛ wɔn sɛ ebia Onyankopɔn bɛma wɔn adwensakra ma wɔaguan afi Satan afiri mu anaa. (2 Timoteo 2:23-26) Nokwarem no, eye sɛ yebeso nokware no mu pintinn na awaefo nsusuwii ansum yɛn afiri da.

13 Esiane sɛ awarefo a wodi kan no tiee Ɔbonsam na wɔampo n’atosɛm no nti, wɔbɛyɛɛ awaefo. Ɛnde, so ɛsɛ sɛ yetie awaefo, kenkan wɔn nhoma, anaa yɛhwehwɛ wɔn nnwuma mu wɔ Intanɛt so? Sɛ yɛdɔ Onyankopɔn na yɛn ani gye nokware no ho a, yɛrenyɛ saa. Ɛnsɛ sɛ yɛma awaefo ba yɛn afie anaasɛ yekyia wɔn, efisɛ nneyɛe a ɛte saa no bɛma yɛayɛ ‘wɔn nnwuma bɔne no fafafo.’ (2 Yohane 9-11) Mommma yenni Ɔbonsam nnaadaasɛm akyi da denam “nokware kwan” a Kristofo nam so a yebegyaw akodi atoro akyerɛkyerɛfo a wɔpɛ sɛ wɔde wɔn ‘nnaadaasɛm sisi yɛn’ no so.—2 Petro 2:1-3.

14, 15. Kɔkɔbɔ bɛn na Paulo de maa mpanyimfo a wofi Efeso ne ne yɔnko dwumayɛni Timoteo?

14 Paulo ka kyerɛɛ Kristofo mpanyimfo a wofi Efeso no sɛ: “Momma mo ani mmra mo ho ne nguankuw a honhom kronkron apaw mo ahwɛfo wɔ wɔn mu no nyinaa so, sɛ monhwɛ Onyankopɔn asafo a ɔde n’ankasa Ba mogya tɔe no so yiye. Minim sɛ me kɔ akyi no mpataku bɔne bɛhyɛn mo mu a wɔrenyɛ nguankuw no brɛbrɛ, na mo ara mo mu na mmarima bɛsɔre akasa akyinkyim nsɛm de atwe asuafo no adi wɔn akyi.” (Asomafo Nnwuma 20:28-30) Bere bi akyi no, awaefo a wɔte saa no sɔree ampa, na ‘wɔkaa nsɛm kyinkyim no.’

15 Wɔ bɛyɛ afe 65 Y.B. mu no, ɔsomafo no tuu Timoteo fo sɛ ‘onkura nokware no mu pɛpɛɛpɛ.’ Nanso Paulo kyerɛwee sɛ: “Twe wo ho fi nsɛnhunu a etia nea ɛyɛ kronkron ho; na wɔbɛkɔ wɔn anim wɔ amumɔyɛ mu, na wɔn asɛm bɛtrɛw te sɛ yare bɔne. Wɔn mu bi ne Himeneo ne Fileto. Saa mmarima yi aman afi nokware no ho, na wɔka sɛ owusɔre no aba dedaw; na wɔresɛe ebinom gyidi.” Ná ɔwae no afi ase! Paulo de kaa ho sɛ: “Eyi nyinaa mu no, Onyankopɔn fapem a ɛyɛ den no da so ara gyina hɔ.”—2 Timoteo 2:15-19.

16. Ɛmfa ho ɔwaefo a odi kan no nnaadaasɛm no, dɛn nti na yɛakɔ so adi Onyankopɔn ne N’asɛm no nokware?

16 Satan de awaefo adi dwuma mpɛn pii sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛsɛe nokware som nanso ɛnyɛ yiye. Wɔ bɛyɛ afe 1868 mu no, Charles Taze Russell fii ase yɛɛ Kristoman asɔre nkyerɛkyerɛ a na wofi bere tenten agye atom no mu nhwehwɛmu yiye na ohuu sɛnea wɔakyinkyim Kyerɛwnsɛm no. Russell ne nnipa kakra bi a wɔrehwehwɛ Bible mu nokware no tew Bible adesua kuw bi wɔ Pittsburgh, Pennsylvania, U.S.A. Bɛyɛ mfe 140 ni fi saa bere no, Yehowa asomfo nimdeɛ ne ɔdɔ a wɔwɔ ma Onyankopɔn ne N’asɛm no anya nkɔanim. Ɛmfa ho ɔwaefo a odi kan no nnaadaasɛm no, sɛnea akoa nokwafo ne ɔbadwemma kuw no ama n’ani ada hɔ no aboa nokware Kristofo ma wɔakɔ so adi Yehowa ne N’asɛm no nokware.—Mateo 24:45.

Mma Wiase Sodifo no Nnya Wo So Tumi Da

17-19. Wiase bɛn na ɛda Ɔbonsam tumi mu no, na dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛdɔ no?

17 Ɔkwan foforo a Satan nam so pɛ sɛ osum yɛn afiri ne sɛ ɔbɛma yɛadɔ wiase—adesamma nhyehyɛe bɔne a atwe ne ho afi Onyankopɔn ho no. Yesu frɛɛ Ɔbonsam “wiase sodifo” na ɔkae sɛ: “Onni tumi wɔ me so.” (Yohane 14:30) Mommma Satan nnya yɛn so tumi da! Nanso nokwarem no, yenim sɛ “wiase nyinaa da ɔbɔnefo no tumi mu.” (1 Yohane 5:19) Ɛno nti na Ɔbonsam kae sɛ sɛ Yesu bɔ ne mu ase som no pɛnkoro pɛ a, ɔde “wiase ahenni nyinaa” bɛma no, nanso Onyankopɔn Ba no powee koraa. (Mateo 4:8-10) Wiase a Satan di so no tan Kristo akyidifo. (Yohane 15:18-21) Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ ɔsomafo Yohane bɔɔ yɛn kɔkɔ sɛ ɛnsɛ sɛ yɛdɔ wiase no!

18 Yohane kyerɛwee sɛ: “Monnnɔ wiase anaa nneɛma a ɛwɔ wiase. Sɛ obi dɔ wiase a, Agya no dɔ nni ne mu; efisɛ nea ɛwɔ wiase biara—honam akɔnnɔ ne aniwa akɔnnɔ ne asetra mu nneɛma a nnipa de hoahoa wɔn ho—emfi Agya no, na mmom efi wiase. Afei nso wiase ne n’akɔnnɔ retwam, na nea ɔyɛ ade a Onyankopɔn pɛ no tra hɔ daa.” (1 Yohane 2:15-17) Ɛnsɛ sɛ yɛdɔ wiase no efisɛ ɛma yedi ɔhonam akɔnnɔ akyi, na ɛsɔre tia Yehowa Nyankopɔn gyinapɛn ahorow koraa.

19 Na sɛ wiase yi ho dɔ wɔ yɛn komam nso ɛ? Ɛnde momma yɛmmɔ mpae nhwehwɛ Onyankopɔn mmoa mfa nni saa ɔdɔ yi ne honam akɔnnɔ a ɛka ho no so. (Galatifo 5:16-21) Akyinnye biara nni ho sɛ sɛ yɛkae sɛ “ahonhommɔne dɔm” a aniwa ntumi nhu wɔn na ‘wodi adesamma abɔnefo wiase yi so a,’ yɛbɛbɔ mmɔden atwe yɛn ho “afi wiase nkekae ho.”—Efesofo 6:11, 12; 2 Korintofo 4:4; Yakobo 1:27.

20. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ ‘yɛnyɛ wiase yi fã’?

20 Yesu kaa n’asuafo ho asɛm sɛ: “Wɔnyɛ wiase no fã sɛnea menyɛ wiase no fã no.” (Yohane 17:16) Kristofo a wɔasra wɔn ne wɔn ayɔnkofo a wɔahyira wɔn ho so no bɔ mmɔden sɛ wobedi wɔn ho nni wɔ abrabɔ fam ne honhom fam, na wɔatwe wɔn ho afi wiase yi ho. (Yohane 15:19; 17:14; Yakobo 4:4) Wiase bɔne yi tan yɛn efisɛ yɛatwe yɛn ho afi ho na ‘yɛka trenee ho asɛm.’ (2 Petro 2:5) Nokwarem no, yɛte adesamma wiase a aguamammɔfo, awaresɛefo, apoobɔfo, abosonsomfo, akorɔmfo, atorofo, ne asabofo wom mu. (1 Korintofo 5:9-11; 6:9-11; Adiyisɛm 21:8) Nanso yɛnhome “wiase honhom” nkɔ yɛn mu efisɛ ɛnyɛ saa nneɛma bɔne yi na ɛkanyan yɛn.—1 Korintofo 2:12.

Mommma Ɔbonsam Kwan

21, 22. Ɔkwan bɛn so na wubetumi de Paulo afotu a ɛwɔ Efesofo 4:26, 27 no ayɛ adwuma?

21 Sɛ́ anka yɛbɛma “wiase honhom” akanyan yɛn no, Onyankopɔn honhom a ɛma yɛsow aba te sɛ ɔdɔ ne ahosodi no mmom na ɛkyerɛ yɛn kwan. (Galatifo 5:22, 23) Eyi boa yɛn ma yegyina Ɔbonsam ntua a ɔde ba yɛn gyidi so no ano. Ɔpɛ sɛ ɔma yɛn ‘bo fuw na yɛyɛ bɔne’ nanso Onyankopɔn honhom boa yɛn ma ‘yɛn abufuw twa na yegyae sɛ yɛbɛyɛ bɔne.’ (Dwom 37:8) Ɛwom, ɛtɔ bere bi a, yɛn bo betumi afuw ma afata, nanso Paulo tu yɛn fo sɛ: “Mo bo mfuw, nanso monnyɛ bɔne; mommma owia nnkɔtɔ mo so mo abufuw mu, na mommma Ɔbonsam kwan nso.”—Efesofo 4:26, 27.

22 Sɛ yɛn bo kɔ so fuw a, yebetumi ayɛ bɔne. Adwene a ɛte saa a yebekura mu no bɛma Ɔbonsam anya kwan de mpaapaemu aba asafo no mu anaa wama yɛayɛ nneɛma a ɛmfata. Ne saa nti, ehia sɛ yɛyɛ ntɛm yesiesie yɛne afoforo ntam nsɛm sɛnea Onyankopɔn hwehwɛ sɛ yɛyɛ no. (Leviticus 19:17, 18; Mateo 5:23, 24; 18:15, 16) Enti momma Onyankopɔn honhom nkyerɛ yɛn kwan, na yɛnna ahosodi adi sɛnea ɛbɛyɛ a abufuw a ɛfata mpo renkowie akameakame, adwemmɔne, ne nitan mu.

23. Nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu?

23 Yɛasusuw Ɔbonsam su ahorow bi a ɛnsɛ sɛ yesuasua ho. Nanso ebia akenkanfo binom bebisa sɛ: So ɛsɛ sɛ yesuro Satan? Dɛn nti na ɔma wɔtaa Kristofo? Ɛnna ɔkwan bɛn so na yebetumi ahwɛ yɛn ho so yiye na Ɔbonsam annya yɛn?

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 2 Hwɛ asɛm “So Ɔbonsam Wɔ Hɔ Ankasa” a ɛwɔ November 15, 2005, Ɔwɛn-Aban mu no.

Wubebua Dɛn?

• Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yetwiri obiara?

• Nea ɛne 1 Yohane 3:15 hyia no, ɔkwan bɛn so na yebetumi akwati sɛ yɛbɛyɛ awudifo?

• Ɛsɛ sɛ yebu awaefo dɛn, na dɛn ntia?

• Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛdɔ wiase no?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Yɛremma Ɔbonsam nsɛe yɛn Kristofo biakoyɛ no da

[Mfonini wɔ kratafa 24]

Dɛn nti na Yohane tuu yɛn fo sɛ ɛnsɛ sɛ yɛdɔ wiase no?