Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Adanse A Yebedi Amanaman Nyinaa’

‘Adanse A Yebedi Amanaman Nyinaa’

‘Adanse A Yebedi Amanaman Nyinaa’

“Mobɛyɛ m’adansefo . . . de akɔ asase ano nohoa.”—ASOMAFO NNWUMA 1:8.

1. Bere bɛn na asuafo no dii kan tee nkɔmhyɛ a ɛwɔ Mateo 24:14 no, na wɔtee wɔ he?

YƐN mu bebree nim Yesu asɛm a ɛwɔ Mateo 24:14 no yiye araa ma yetumi fi yɛn tirim ka. Nkɔmhyɛ a ɛda nsow bɛn ara ni! Susuw adwene a ɛbɛyɛ sɛ asuafo no nyae bere a wodii kan tee saa nkɔmhyɛ no ho hwɛ! Ná ɛyɛ afe 33 Y.B. mu. Ná asuafo no ne Yesu atra bɛyɛ mfe abiɛsa, na na wɔne no aba Yerusalem saa bere yi. Ná wɔahu anwonwade ahorow a wayɛ no, atie ne nkyerɛkyerɛ nso. Ɛwom sɛ wɔn ani gyee nokwasɛm ahorow a ɛsom bo a na Yesu akyerɛkyerɛ wɔn no ho de, nanso na wonim yiye sɛ ɛnyɛ obiara na n’ani gyee ho. Ná Yesu wɔ atamfo a wɔwɔ tumi na wɔyɛ den.

2. Asiane ne nsɛnnennen bɛn na na asuafo no behyia?

2 Bere a na asuafo baanan ne Yesu te Ngo Bepɔw no so na ɔreka nsɛnnennen ne asiane a na asuafo no behyia ho asɛm akyerɛ wɔn no, wotiee Yesu yiye. Ná Yesu adi kan aka akyerɛ wɔn sɛ wobekum no. (Mateo 16:21) Afei ɔmaa wɔn nso huu pefee sɛ wobehyia ɔsɔretia a emu yɛ den. Ɔkae sɛ: “Wobeyi mo ama ahohiahia na wɔakum mo, na me din nti aman nyinaa bɛtan mo.” Ná ɛrenso hɔ ara. Ná atoro adiyifo bɛdaadaa bebree. Wɔbɛto afoforo hintidua, ayi ebinom ama, na wɔatentan wɔn ho wɔn ho. Nokwarem no, “nnipa dodow no ara” bɛma ɔdɔ a wɔwɔ ma Onyankopɔn ne N’asɛm no ano adwo.—Mateo 24:9-12.

3. Dɛn nti na Yesu asɛm a ɛwɔ Mateo 24:14 no yɛ nwonwa yiye?

3 Ɛyɛ bere a Yesu kaa nsɛm a ebu abam yi wiei no na ɔkaa asɛm a ɛbɛyɛ sɛ ɛmaa asuafo no ho dwiriw wɔn no kyerɛɛ wɔn. Ɔkae sɛ: “Wɔbɛka ahenni ho asɛmpa yi wɔ asase so nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.” (Mateo 24:14) Nokwarem no, na wɔbɛkɔ so atrɛw adwuma a Yesu hyɛɛ ase wɔ Israel a ɛne sɛ ‘wobedi nokware no ho adanse’ no mu akɔ wiase baabiara. (Yohane 18:37) Nkɔmhyɛ a ɛyɛ nwonwa bɛn ara ni! Ná adwuma no a wɔbɛyɛ wɔ “amanaman nyinaa” mu no ankasa nna fam efisɛ na “aman nyinaa bɛtan” wɔn, na na ebegye tumi a ɛboro nnipa de so na ama wɔatumi ayɛ adwuma yi. Ná saa adwuma kɛse yi a wobetumi ayɛ no bɛma wɔahu Yehowa tumidi ne ne tumi yiye, na ama wɔahu ne dɔ, ne mmɔborohunu, ne n’abotare nso. Bio nso, na ɛbɛma n’asomfo anya hokwan de akyerɛ gyidi ne ahofama a wɔwɔ.

4. Henanom na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ adansedi adwuma no, na awerɛkyekyesɛm bɛn na Yesu ka kyerɛɛ wɔn?

4 Yesu maa n’asuafo no huu pefee sɛ wɔwɔ adwuma kɛse bi yɛ. Ansa na Yesu rekɔ soro no, oyii ne ho adi kyerɛɛ wɔn na ɔkae sɛ: “Sɛ honhom kronkron no ba mo so a mubenya tumi, na mobɛyɛ m’adansefo wɔ Yerusalem ne Yudea ne Samaria nyinaa de akɔ asase ano nohoa.” (Asomafo Nnwuma 1:8) Ɛwom sɛ na ɛrenkyɛ na afoforo abɛka wɔn ho, nanso na asuafo no nnɔɔso ara. Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ awerɛkyekye ama wɔn sɛ wohui sɛ Onyankopɔn honhom kronkron bɛma wɔn ahoɔden na wɔde ayɛ saa adwuma a Onyankopɔn de ahyɛ wɔn nsa no!

5. Dɛn na na asuafo no nnim wɔ adansedi adwuma no ho?

5 Ná asuafo no nim sɛ ɛsɛ sɛ wɔka asɛmpa no na ‘wɔyɛ aman nyinaa Yesu asuafo.’ (Mateo 28:19, 20) Nanso, na wonnim baabi a wobedi adanse no akodu ne bere a awiei no bɛba. Na saa ara na yɛn nso yennim. Yehowa nkutoo na obetumi akyerɛ. (Mateo 24:36) Sɛ yedi adanse no kodu baabi a Yehowa pɛ a, ɔde wiase bɔne yi bɛba n’awiei. Ɛyɛ saa bere no nkutoo na Kristofo behu sɛ wɔayɛ asɛnka adwuma no adu baabi a Yehowa pɛ. Ná ɛyɛ den sɛ asuafo a wodi kan no betumi de wɔn adwene abu baabi a na wobedi adanse no akodu wɔ awiei bere yi mu.

Adanse a Wodii Wɔ Afeha a Edi Kan no Mu

6. Asɛm bɛn na esii wɔ Pentekoste afe 33 Y.B. mu ne ɛno akyi bere tiaa bi?

6 Wɔ afeha a edi kan no mu no, Ahenni asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no sow aba pii. Wɔ Pentekoste afe 33 Y.B. mu no, na asuafo bɛyɛ 120 ahyiam wɔ abansoro dan bi mu wɔ Yerusalem. Onyankopɔn hwiee ne honhom kronkron guu wɔn so, na ɔsomafo Petro maa ɔkasa bi a ɛka koma de kyerɛkyerɛɛ anwonwade yi mu, na nnipa bɛyɛ 3,000 gye dii ma wɔbɔɔ wɔn asu. Ná ɛno yɛ mfiase ara kwa. Ɛmfa ho mmɔden a nyamesom mu akannifo bɔe sɛ wɔbɛbara asɛmpa no ka no, “Yehowa kɔɔ so de wɔn a wɔagye wɔn kaa [asuafo no] ho daa.” Ankyɛ na “mmarima no dodow beduu bɛyɛ mpemnum.” Ɛno akyi no, “wɔn a wɔagye Awurade adi no kɔɔ so bɛkaa ho, mmarima ne mmea pii.”—Asomafo Nnwuma 2:1-4, 8, 14, 41, 47; 4:4; 5:14.

7. Dɛn nti na asɛmpa no a Kornelio begye dii no yɛ asɛntitiriw?

7 Asɛntitiriw bi san sii wɔ afe 33 Y.B. mu, Kornelio a ɔyɛ amanaman muni no begyee asɛmpa no dii ma wɔbɔɔ no asu. Yehowa nam ɔsomafo Petro a ɔsomaa no kɔɔ ɔbarima a osuro Onyankopɔn yi nkyɛn no so kyerɛe sɛ, Yesu ahyɛde a ɔde mae sɛ ‘wɔnkɔyɛ aman nyinaa n’asuafo’ no mfa Yudafo a wɔwɔ aman horow so no nkutoo ho. (Asomafo Nnwuma 10:44, 45) Dɛn na wɔn a wodi anim no yɛe? Bere a asomafo no ne mpanyimfo a wɔwɔ Yudea no hui sɛ ɛsɛ sɛ wɔka asɛm no kyerɛ wɔn a wɔnyɛ Yudafo nso no, wɔhyɛɛ Onyankopɔn anuonyam. (Asomafo Nnwuma 11:1, 18) Saa bere no nyinaa na Yudafo no gu so regye asɛmpa no tom. Mfe bi akyi, bɛyɛ afe 58 Y.B. no, wɔde “Yudafo mpempem a wɔyɛ gyidifo” bɛkaa amanaman mufo a wɔagye adi no ho.—Asomafo Nnwuma 21:20.

8. Asɛmpa no ka ankorankoro abrabɔ dɛn?

8 Ɛwom sɛ nnipa dodow a wɔbɛkaa afeha a edi kan no mu Kristofo no ho no yɛ anigye de, nanso ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn adwene si wɔn dodow no so, na mmom ankorankoro a wɔwom no. Ná tumi wɔ Bible mu asɛm a wɔtee no mu. (Hebrifo 4:12) Ɛsesaa wɔn a wogye toom no abrabɔ ma ɛyɛɛ nwonwa. Wɔn mu biara fii ase bɔɔ ɔbra pa, na wɔhyɛɛ nipasu foforo no na wɔsan kɔɔ Onyankopɔn nkyɛn. (Efesofo 4:22, 23) Saa ara na nnipa pii reyɛ nnɛ. Na wɔn a wɔregye asɛmpa no nyinaa nya anidaso a ɛyɛ anigye a ɛne sɛ wɔbɛtra ase daa.—Yohane 3:16.

Yɛyɛ Onyankopɔn Mfɛfo Adwumayɛfo

9. Hokwan ne asɛyɛde bɛn na tete Kristofo no hui sɛ wɔwɔ?

9 Tete Kristofo no annye nea na wɔreyɛ no ho anuonyam amfa. Wohui sɛ ɛyɛ “honhom kronkron ahoɔden” na ɛboaa wɔn ma wɔyɛɛ asɛnka adwuma no. (Romafo 15:13, 19) Yehowa na ɔmaa wɔn asɛnka adwuma no nyaa nkɔso. Nanso, na saa Kristofo no nim sɛ wɔwɔ hokwan ne asɛyɛde sɛ wɔyɛ “Nyankopɔn mfɛfo adwumayɛfo.” (1 Korintofo 3:6-9) Enti, wotiee Yesu afotu no yeree wɔn ho denneennen yɛɛ adwuma a na ɔde ama wɔn no.—Luka 13:24.

10. Mmɔden bɛn na tete Kristofo binom bɔe de dii amanaman nyinaa adanse?

10 Paulo a ɔyɛ “ɔsomafo . . . ma amanaman” no tutuu akwan kilomita pii faa nsu ne asase so kɔhyehyɛɛ asafo pii wɔ Roma mantam a ɛwɔ Asia ne Hela no mu. (Romafo 11:13) Otutuu akwan nso kɔɔ Roma ne ebia Spania mpo. Saa bere no, na ɔsomafo Petro a wɔde ahyɛ ne nsa sɛ ɔmfa “asɛmpa no nkɔ . . . twetiafo nkyɛn no” de n’ani akyerɛ baabi foforo resom wɔ Babilon, baabi a na Yudasom agye ntini wɔ hɔ no. (Galatifo 2:7-9; 1 Petro 5:13) Ná mmea te sɛ Trifaina ne Trifosa nso ka nnipa pii a wɔyɛ adwumaden wɔ Awurade adwuma mu no ho. Persi nso yɛ ɔbea foforo a wɔkyerɛ sɛ ɔyɛɛ “adwumaden pii wɔ Awurade mu.”—Romafo 16:12.

11. Ɔkwan bɛn so na Yehowa hyiraa asuafo no mmɔdenbɔ so?

11 Yehowa hyiraa adwumayɛfo a yɛaka wɔn ho asɛm dedaw no ne adwumayɛfo afoforo a wɔyɛ nsi no mmɔdenbɔ so pii. Bere a Yesu ka siei sɛ wobedi amanaman nyinaa adanse no, annu mfe 30 na Paulo kyerɛwee sɛ wɔaka “asɛmpa” no “wɔ abɔde a ɛwɔ soro ase nyinaa mu.” (Kolosefo 1:23) So awiei no bae saa bere no? Yiw, ɛbae wɔ ɔkwan bi so. Ɛbae wɔ Yudafo nneɛma nhyehyɛe no so wɔ afe 70 Y.B. bere a Roma asraafo sɛee Yerusalem ne asɔrefie no. Nanso, na Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛma wɔadi adanse akɔ akyiri paa ansa na ɔde Satan wiase bɔne no aba n’awiei.

Adanse a Yedi no Nnɛ

12. Bible Asuafo no tee ahyɛde a wɔde maa wɔn sɛ wɔnka asɛm no ase dɛn?

12 Bere a na nyamesom mu ɔwae atra hɔ mfe pii akyi no, wɔsan de nokware som sii hɔ bio wɔ afe 1800 mfe no awiei mu hɔ. Yehowa Adansefo a saa bere no na wɔfrɛ wɔn Bible Asuafo no tee ahyɛde a wɔde maa wɔn sɛ wɔnyɛ asuafo wɔ asase nyinaa so no ase yiye. (Mateo 28:19, 20) Eduu afe 1914 no, na nnipa bɛyɛ 5,100 na wɔde nnamyɛ reyɛ asɛnka adwuma no, na na asɛmpa no adu aman 68 so. Nanso, saa Bible Asuafo no ante nea na Mateo 24:14 kyerɛ ase yiye. Eduu afe 1800 mfe no awiei no, na Bible nkyerɛase kuw ahorow akyerɛ Bible a ɛno mu na asɛmpa no wɔ ase, na na wɔatintim wɔ kasa pii mu akyekyɛ wɔ wiase nyinaa. Enti, wɔ mfe pii mu no, na Bible Asuafo no adwene yɛ wɔn sɛ wɔadi amanaman no adanse awie dedaw.

13, 14. Onyankopɔn apɛde ne n’atirimpɔw ho ntease a emu da hɔ yiye bɛn na ɛbaa Ɔwɛn-Aban bi a ɛbae wɔ afe 1928 mu?

13 Yehowa maa ne nkurɔfo tee n’apɛde ne n’atirimpɔw ase yiye nkakrankakra. (Mmebusɛm 4:18) December 1, 1928, Borɔfo Ɔwɛn-Aban no kae sɛ: “So yebetumi aka sɛ Bible a wɔakyekyɛ no pii no kyerɛ sɛ wɔawie Ahenni no ho asɛmpa no a wɔhyɛɛ ho nkɔm sɛ wɔbɛka no? Dabida! Ɛmfa ho sɛ wɔakyekyɛ Bible pii saa no, ɛho da so ara hia sɛ Onyankopɔn adansefo kakra a wɔwɔ asase so no tintim nhoma a ɛkyerɛkyerɛ Onyankopɔn [atirimpɔw] mu, na wɔkɔ afie a wɔama wɔn Bible dedaw no mu. Anyɛ saa a nkurɔfo no renhu sɛ wɔde Mesia Ahenni no asi hɔ wɔ yɛn bere yi so.”

14 Saa Ɔwɛn-Aban no ara san kae sɛ: “Wɔ afe 1920 mu no, . . . Bible Asuafo no bɛtee yɛn Awurade nkɔmhyɛ a ɛwɔ Mateo 24:14 no ase yiye. Wobehui saa bere no sɛ ‘asɛmpa yi’ a na ɛsɛ sɛ wɔka wɔ wiase nyinaa de di Amanaman mufo anaa aman nyinaa adanse no nyɛ ahenni a na ɛrebɛba ho asɛmpa, na mmom na ɛyɛ Ɔhene Mesia a wafi ase redi tumi wɔ asase so no ahenni ho asɛmpa.”

15. Ɔkwan bɛn so na adansedi adwuma no mu atrɛw kɛse fi afe 1920 mfe no mu?

15 Saa “adansefo kakra” a na wɔwɔ hɔ wɔ afe 1920 mfe no mu no bɛdɔɔso akyiri yi. Wobehuu “nguan foforo” no mu “nnipakuw kɛse” no na wofii ase boaboaa wɔn ano. (Adiyisɛm 7:9; Yohane 10:16) Ɛnnɛ, asɛmpa no ho adawurubɔfo 6,613,950 na wɔwɔ asase so aman 235 so. Nkɔmhyɛ mmamu a ɛyɛ nwonwa bɛn ara ni! Wɔnkaa “Ahenni ho asɛmpa yi” nkɔɔ akyiri saa da. Na wonnyaa Yehowa asomfo anokwafo pii saa da wɔ asase yi so.

16. Dɛn na yɛyɛe wɔ ɔsom afe a etwaam no mu? (Hwɛ afe 2005 ɔsom afe ho kyerɛwtohɔ a ɛwɔ kratafa 27-30 no.)

16 Adansefo kuw kɛse yi nyinaa yeree wɔn ho kaa asɛm no wɔ afe 2005 ɔsom afe no mu. Wɔde bɛboro nnɔnhwerew ɔpepepem biako kaa asɛmpa no wɔ aman 235 so. Wɔyɛɛ sankɔhwɛ ne Bible adesua ɔpepem pii. Yehowa Adansefo a wɔde wɔn bere ne wɔn ahode mae kwa de kaa Onyankopɔn Asɛm kyerɛɛ afoforo no na wɔyɛɛ saa adwuma yi. (Mateo 10:8) Ɛdenam Onyankopɔn honhom kronkron tumi so no, ɔkɔ so hyɛ n’asomfo den ma wɔyɛ n’apɛde.—Sakaria 4:6.

Nnamyɛ a Yɛde Di Adanse

17. Dɛn na Yehowa nkurɔfo reyɛ wɔ asɛmpa no a Yesu kae sɛ wɔbɛka no ho?

17 Ɛwom sɛ efi bere a Yesu kae sɛ wɔbɛka asɛmpa no bɛyɛ mfe 2,000 atwam de, nanso nnamyɛ a Onyankopɔn nkurɔfo de reyɛ adwuma no ano mmrɛɛ ase. Yenim sɛ sɛ yɛde boasetɔ yɛ adwuma pa no a, yɛda Yehowa su ahorow a ɛne ɔdɔ, mmɔborohunu, ne abotare adi. Te sɛ Yehowa no, yɛmpɛ sɛ obiara bɛsɛe na mmom, nea yɛpɛ ne sɛ obiara bɛsakra na wasan aba Yehowa nkyɛn. (2 Korintofo 5:18-20; 2 Petro 3:9) Onyankopɔn honhom ka Yehowa Dansefo hyew ma wɔde nnamyɛ kɔ so ka asɛmpa no kodu asase ano. (Romafo 12:11) Ne saa nti, nnipa a wɔwɔ mmaa nyinaa regye nokware no tom na wɔredi akwankyerɛ a Yehowa fi ɔdɔ mu de ma no so. Ma yensusuw ɛho nhwɛso kakra ho nhwɛ.

18, 19. Osuahu ahorow bɛn na wubetumi aka afa sɛnea ebinom agye asɛmpa no atom ho?

18 Ná Charles yɛ okuafo wɔ Kenya atɔe fam. Wɔ afe 1998 mu no, ɔtɔn tawa a ne dodow mu duru boro kilogram 8,000, na wɔmaa no abodin krataa de bɔɔ n’abaso sɛ ɔno ne tawa akuafo no mu nea odua sen obiara. Ofii ase suaa Bible no saa bere no. Ankyɛ na obehui sɛ sɛ obi dua tawa a obu Yesu ahyɛde a ɛka sɛ dɔ wo yɔnko no so. (Mateo 22:39) Bere a Charles behui sɛ sɛ ‘obi dua tawa sen obiara’ a na ɔyɛ ‘owudifo sen obiara’ no, ɔde aduru guu ne tawa no so kum no nyinaa. Onyaa nkɔso hyiraa ne ho so bɔɔ asu na mprempren ɔsom sɛ daa kwampaefo ne asafo mu somfo.

19 Akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa nam adanse a yɛredi no so rewosow amanaman no, na ɔde ade a wɔpɛ a wɔne nnipa no reba asafo no mu. (Hagai 2:7) Pedro a ɔwɔ Portugal kɔɔ asɔfodi sukuu bere a na wadi mfe 13 no. Ná ne botae ne sɛ ɔbɛyɛ ɔsɛmpatrɛwfo na wakyerɛkyerɛ afoforo Bible no. Nanso, anni nna bi na ogyaee sukuu no, efisɛ na wɔntaa mfa Bible no nkyerɛ ade wɔ sukuu no mu. Mfe asia akyi no, ɔkɔɔ Lisbon sukuupɔn kosuaa adwene ne nneyɛe ho ade. Ɔtraa ne maame nuabea a na ɔyɛ Yehowa Dansefo nkyɛn, na ɔhyɛɛ no nkuran sɛ onsua Bible no. Saa bere no, na Pedro nnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ, saa ara nso na na ontumi nhu sɛ ɛsɛ sɛ osua Bible no anaasɛ ɛnsɛ sɛ osua. Ɔne adwene ne nimdeɛ ho ɔbenfo bi bɔɔ obi adwene a ensi no pi ho nkɔmmɔ. Ɔbenfo no ka kyerɛ no sɛ adwene ne nneyɛe ho nimdeɛ adesua fã bi ka sɛ nnipa a wontumi nsi gyinae no taa pira wɔn ho. Ɔkaa saa no, Pedro yɛɛ n’adwene sɛ obesua Bible no. Nnansa yi ara na ɔbɔɔ asu, na mprempren ɔno nso ne afoforo sua Bible.

20. Dɛn nti na yɛn ani betumi agye sɛ yɛadi amanaman no adanse akɔ akyiri saa?

20 Ɛde besi saa bere yi no, yennim baabi a yebedi amanaman no adanse akodu, na saa ara nso na yennim ɛda ne bere a awiei no bɛba. Nea yenim araa ne sɛ ɛrenkyɛ. Asɛmpa no a yɛaka akɔ akyiri a ɛma yɛn ani gye no yɛ adanse pii a ɛkyerɛ sɛ ɛrenkyɛ na Onyankopɔn Ahenni abesi nnipa nniso ahorow ananmu no mu no biako. (Daniel 2:44) Afe biara, nnipa ɔpepem pii nya hokwan tie asɛmpa no na eyi hyɛ yɛn Nyankopɔn, Yehowa anuonyam. Momma ɛnyɛ yɛn botae sɛ yɛbɛkɔ so adi nokware na yɛne yɛn nuanom a wɔwɔ wiase nyinaa de nnamyɛ akɔ so adi amanaman no nyinaa adanse. Sɛ yɛyɛ saa a, yebegye yɛn ho ne wɔn a wotie yɛn no nkwa.—1 Timoteo 4:16.

So Wokae?

• Dɛn nti na Mateo 24:14 yɛ nkɔmhyɛ a ɛda nsow saa?

• Mmɔden bɛn na tete Kristofo no bɔe wɔ asɛnka adwuma no mu, na dɛn na efi mu bae?

• Ɛyɛɛ dɛn na Bible Asuafo no bɛtee ase sɛ ehia sɛ wodi amanaman nyinaa adanse?

• Sɛ wususuw adwuma a Yehowa nkurɔfo yɛe wɔ ɔsom afe a etwaam no ho a, nea ɛwɔ he na w’ani gye ho?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 27-30]

YEHOWA ADANSEFO A WƆWƆ WIASE NYINAA 2005 ƆSOM AFE AKONTAABU

(Hwɛ bound volume)

[Mfonini wɔ kratafa 24]

Yehowa somaa Petro ma okodii Kornelio ne n’abusua adanse

[Mfonini wɔ kratafa 25]

Paulo tutuu akwan kilomita mpempem pii faa nsu ne asase so kaa asɛmpa no