Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nehemia Nhoma no Mu Nsɛntitiriw

Nehemia Nhoma no Mu Nsɛntitiriw

Yehowa Asɛm Wɔ Nkwa

Nehemia Nhoma no Mu Nsɛntitiriw

WƆKYERƐW Bible mu nhoma Esra wiei no, mfe dumien twaam ansa na wɔrekyerɛw Nehemia nhoma no. Afei na bere adu sɛ wɔka “asɛm a ɛka sɛ wɔnsan nkyekye Yerusalem nsi n’ananmu no.” Ná saa asɛm a wɔbɛka no na ebefi mfepɛn 70 a na ɛbɛkɔ akowie Mesia no mmae no so ase. (Daniel 9:24-27) Nehemia nhoma no ka sɛnea Onyankopɔn nkurɔfo san too Yerusalem fasu no ho asɛm. Ɛka nsɛm a ɛho hia a esisii wɔ mfe 12 ntam ho nsɛm fi afe 456 A.Y.B. kosi afe 443 A.Y.B. akyi bere bi.

Nhoma a Amrado Nehemia kyerɛwee no ka nsɛm a ɛyɛ anigye a ɛma yehu sɛnea sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa Nyankopɔn so, na yɛde nsi bɔ ne som ho mmɔden a, ɛma nokware som kɔ so no. Ɛkyerɛ sɛnea Yehowa de ne ho gye nsɛm mu ma n’apɛde yɛ hɔ no mu pefee. Ɛsan nso ka ɔkannifo bi a na ɔyɛ den na ɔwɔ akokoduru ho asɛm. Nehemia nhoma no ma nokware asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ nyinaa nya asuade a ɛsom bo, efisɛ “Onyankopɔn asɛm wɔ nkwa, na tumi wɔ mu.”—Hebrifo 4:12.

‘WOWIEE ƆFASU NO’

(Nehemia 1:1–6:19)

Ná Nehemia kura dibea titiriw sɛ obi a ɔsom Ɔhene Artasasta Longimanus wɔ Susan aban mu. Bere a Nehemia tee sɛ ne nkurɔfo wɔ “amane kɛse ne ahohora mu, na Yerusalem afasu no abubu, na n’apon nso, wɔde ogya ahyew” no, ɛhaw no paa. Ɔbɔɔ Onyankopɔn mpae denneennen hwehwɛɛ nea ɔnyɛ. (Nehemia 1:3, 4) Bere bi akyi no, ɔhene no hui sɛ Nehemia werɛ ahow, na ɛma onyaa kwan kɔɔ Yerusalem.

Bere a Nehemia duu Yerusalem no, ɔkɔhwɛɛ ɔfasu no anadwo, na ɔkaa nhyehyɛe a wayɛ sɛ ɔbɛsan ato ɔfasu no ho asɛm kyerɛɛ Yudafo no. Wofii ase too ɔfasu no. Saa ara nso na ɔsɔretia sɔree wɔ adwuma no ho. Nanso, esiane akokoduru a Nehemia de dii adwuma no anim nti ‘wowiee ɔfasu no.’—Nehemia 6:15.

Kyerɛwnsɛm mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

1:1; 2:1—So wofii ase kan “afe a ɛto so aduonu” a wɔaka ho asɛm wɔ saa nkyekyɛm abien yi mu no fii bere koro? Yiw, afe a ɛto so 20 no fa Ɔhene Artasasta ahenni ho. Nanso, ɛsono sɛnea wɔkan mfe no wɔ nkyekyɛm yi biara mu. Abakɔsɛm kyerɛ sɛ afe 475 A.Y.B. na Artasasta dii hene. Esiane sɛ na Babilon akyerɛwfo no taa kan mfe a Persia ahemfo de di ade fi Nisan (March/April) kosi Nisan nti, Artasasta ahenni afe a edi kan no fii ase Nisan afe 474 A.Y.B. mu. Enti, ahenni afe a ɛto so 20 a wɔaka ho asɛm wɔ Nehemia 2:1 no fii ase wɔ Nisan afe 455 A.Y.B. mu. Ntease wom sɛ yɛbɛka sɛ ɔsram Kislew (November/December) a wɔkaa ho asɛm wɔ Nehemia 1:1 no yɛ afe a na atwam no, afe 456 A.Y.B. mu Kislew. Nehemia san nso kae sɛ saa ɔsram Kislew no sii wɔ ɔhene Artasasta ahenni afe a ɛto so 20 no mu. Wɔ ha yi no, ebia na ɔrekan afi da a ɔhene no fii ase dii ade no. Ebetumi nso aba sɛ na Nehemia rekan afi sɛnea Yudafo bu wɔn afe nnɛ, a wofi ase fi ɔsram Tishri a ɛte sɛ September/October asram no so. Sɛnea ɛte biara no, afe a wɔkae sɛ wɔnsan nkyekye Yerusalem no yɛ afe 455 A.Y.B.

4:17, 18—Ɛbɛyɛ dɛn na na obi a ɔreto ɔfasu no atumi de ne nsa biako pɛ ayɛ adwuma? Ná eyi renyɛ den mma wɔn a wɔsoso nnosoa no. Sɛ na wonya de adesoa no si wɔn ti anaa wɔn mmati so a, na ɛnyɛ den koraa sɛ wɔde wɔn nsa biako beso nnosoa a ɛda wɔn atifi anaa wɔn mmati so no mu ‘na wɔde biako akura dade mu.’ Ná abantofo a wohia wɔn nsa abien nyinaa de ayɛ adwuma no “bobɔ wɔn nkrante wɔ wɔn asen na wɔde to.” Ná wɔayɛ krado sɛ, sɛ ɛba sɛ wɔn atamfo tow hyɛ wɔn so a wɔne wɔn bɛko.

5:7—Ham a Nehemia ne “mmakoma ne mpanyimfo no hamee” no kyerɛ dɛn? Ná saa mmarima yi bu Mose Mmara no so gye wɔn mfɛfo Yudafo hɔ mfɛntom. (Leviticus 25:36; Deuteronomium 23:19) Bio nso, na wɔn a wɔbɔ nkurɔfo bosea no gyigye mfɛntom akɛse. Sɛ na wogye mfɛntom no ɔsram biara a, na “ɔha mu abupɛn” biako no bɛyɛ ɔha mu abupɛn 12 afe biako. (Nehemia 5:11) Ná ɛyɛ atirimɔdensɛm sɛ wobegye mfɛntom yi afi nkurɔfo a na wotua tow akɛse dedaw na wodi aduankɔm no hɔ. Nehemia ne adefo no hamee, a nea ɛkyerɛ ne sɛ, ɔde Onyankopɔn mmara kaa wɔn anim na ɔnam so daa wɔn nneyɛe bɔne no adi.

6:5—Dɛn nti na Sanbalat de “nhoma a ano da hɔ” brɛɛ Nehemia, wɔ bere a na wɔtaa de nkrataa anaa nhoma a kokoam nsɛm wom hyɛ kotoku a wɔasɔ ano mu no? Ebia na Sanbalat pɛ sɛ ɔmanfo no hu atoro sobo a wɔaka ho asɛm wɔ krataa anaa nhoma a ano da hɔ no mu no. Ebia na ɔhwɛ kwan sɛ, sɛ ɔyɛ eyi a ɛbɛhyɛ Nehemia abufuw kɛse ma wagyae ɔdan no ho adwuma a ɔreyɛ no akoyi ne ho ano. Anaasɛ ebia na Sanbalat susuw sɛ krataa anaa nhoma no mu nsɛm no bɛma ehu aka Yudafo no kɛse ma wɔagyae adwuma no yɛ koraa. Nehemia amma eyi anhunahuna no, na ɔyɛɛ komm kɔɔ so yɛɛ adwuma a na Onyankopɔn de ahyɛ ne nsa no.

Asuade a Ɛwom Ma Yɛn:

1:4; 2:4; 4:4, 5. Sɛ yehyia tebea horow a emu yɛ den anaa yɛresisi gyinae a ɛho hia a, ɛsɛ sɛ ‘yekura mpaebɔ mu denneennen’ na yɛde akwankyerɛ a wɔde ama wɔ Onyankopɔn asɛm mu no yɛ adwuma.—Romafo 12:12.

1:11–2:8; 4:4, 5, 15, 16 6:16. Yehowa tie mpae a n’asomfo fi komam bɔ no.—Dwom 86:6, 7.

1:4; 4:19, 20; 6:3, 15. Ɛwom sɛ na Nehemia wɔ ahummɔbɔ de, nanso ɔyɛɛ nhwɛso pa sɛ onipa a onsuro sɛ ɔbɛyɛ adetrenee.

1:11–2:3. Ná ɛnyɛ dibea kɛse a Nehemia kura sɛ nsahyɛfo no ne ade titiriw a na ɛma n’ani gye, mmom no ɛyɛ nokware som a enyaa nkɔso no. So ɛnsɛ sɛ yɛma Yehowa som ne nneɛma a ɛma enya nkɔso no yɛ yɛn ahiasɛm ne ade titiriw a ɛma yɛn ani gye?

2:4-8. Yehowa maa Artasasta gyaa Nehemia kwan ma ɔsan kɔtoo Yerusalem ɔfasu no. Mmebusɛm 21:1 ka sɛ: ‘Ɔhene koma te sɛ asuten wɔ Yehowa nsam, baabiara a ɔpɛ no na ɔdan kɔ.’

3:5, 27. Ɛnsɛ sɛ yebu adwumaden a yɛyɛ de boa nokware som te sɛ Ahenni Asa ho asiesie sɛ adwuma a ɛmfata yɛn, sɛnea Tekoafo “abirɛmpɔn” no yɛe no. Mmom no, yebetumi asuasua sɛnea Tekoafo a wɔnyɛ abirɛmpɔn no fi wɔn pɛ mu de wɔn ho mae no.

3:10, 23, 28-30. Bere a ebinom tumi tu kɔ baabi a wohia Ahenni adawurubɔfo pii no, yɛn mu pii nso boa nokware som wɔ baabi a yɛte. Yebetumi aboa ma wɔasisi Ahenni Asa na yɛaboa wɔn nso a atoyerɛnkyɛm ato wɔn, nanso ne titiriw no ɛsɛ sɛ yɛyɛ Ahenni asɛnka adwuma no.

4:14. Sɛ yehyia ɔsɔretia na yɛkae Yehowa a ɔyɛ “kɛse a ne ho yɛ hu no” a, yɛn nso yebetumi adi nnipa ho suro so.

5:14-19. Amrado Nehemia yɛ ahobrɛase, ayamye, ne anifere ho nhwɛso a ɛkyɛn so ma Kristofo ahwɛfo. Ɛwom sɛ na ɔbɔ mmɔden hwɛ ma Onyankopɔn Mmara yɛ adwuma de, nanso wanni afoforo so abakomasɛm. Mmom no, ohuu ahiafo ne wɔn a wɔhyɛ wɔn so no mmɔbɔ. Nehemia yɛɛ ayamye ho nhwɛso a ɛsen biara maa Onyankopɔn asomfo nyinaa.

“KAE ME, ME NYANKOPƆN, MA ENSI YIYE”

(Nehemia 7:1–13:31)

Bere a wowiee Yerusalem ɔfasu no pɛ na Nehemia sisii apon, na ɔyɛɛ nhyehyɛe de bɔɔ kurow no ho ban. Ofii ase yɛɛ mmusuakuw no ho kyerɛwtohɔ. Bere a nkurɔfo no nyinaa hyiaam wɔ “mprae a ɛwɔ nsu pon no anim no so” no, ɔsɔfo Esra kenkan Mose Mmara nhoma no, na Nehemia ne Lewifo no kyerɛkyerɛɛ Mmara no mu kyerɛɛ nkurɔfo no. (Nehemia 8:1) Asese Afahyɛ no ho nsɛm a wɔtee no ma wɔde ahurusi dii saa afahyɛ no.

Wɔyɛɛ nhyiam foforo, na saa nhyiam no ase na “Israel asefo” kaa ɔman no bɔne kyerɛe, Lewifo no kaa sɛnea Onyankopɔn ne Israel man no dii ho asɛm, na wɔkekaa “ntam sɛ wobedi Onyankopɔn mmara” so. (Nehemia 9:1, 2; 10:29) Esiane sɛ na nnipa a wɔwɔ Yerusalem nnɔɔso nti, wɔbɔɔ ntonto ma mmarima 10 biara a na wɔnte kurow no mu 1 tu kɔtraa kurow no mu. Afei, wɔde anigye kɛse hyiraa ɔfasu no so na “wɔtee Yerusalem anigye no nkã akyirikyiri.” (Nehemia 12:43) Nehemia kodii mfe dumien wɔ Yerusalem, na ɛno akyi no, ɔsan kɔyɛɛ adwuma a na ɔyɛ ma Artasasta no. Ankyɛ na Yudafo no fii ase yɛɛ nneɛma bɔne. Nehemia san baa Yerusalem no, ɔyɛɛ ade ntɛm so de siesiee nneɛma bɔne a na ɛrekɔ so no. Ɔno ankasa fi ahobrɛase mu srɛe sɛ: “Kae me, me Nyankopɔn, ma ensi yiye.”—Nehemia 13:31.

Kyerɛwnsɛm mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

7:6-67—Dɛn nti na nsonsonoe wɔ kyerɛwtohɔ a Nehemia yɛ faa nkaefo a wɔsan ne Serubabel baa Yerusalem no abusuakuw biara mu nnipa dodow no ho ne nea Esra yɛe no mu? (Esra 2:1-65) Ɛbɛyɛ sɛ nea enti a nsonsonoe wɔ Esra ne Nehemia kyerɛwtohɔ no mu ne sɛ, ɛsono baabi a wɔn mu biara nyaa ne nsɛm no fii. Sɛ nhwɛso no, ɛbɛyɛ sɛ ɛnyɛ wɔn a wɔkyerɛw wɔn din sɛ wɔbɛkɔ no nyinaa na wɔsan kɔe ankasa. Ebetumi nso aba sɛ, nea enti a nsonsonoe baa kyerɛwtohɔ abien no mu ne sɛ, mfiase no Yudafo binom antumi ankyerɛ abusuakuw a wofi mu, na akyiri yi na wɔyɛɛ saa. Nanso, kyerɛwtohɔ abien no nyinaa hyia sɛ: Wɔn a wɔsan bae no dodow si 42,360, a nkoa ne nnwontofo nka ho.

10:34—Dɛn nti na wɔka kyerɛɛ nkurɔfo no sɛ wɔmfa nnyina mmra? Wɔankyerɛ wɔ Mose Mmara no mu sɛ wɔmfa nnyina mmra. Nea enti a ɛma wɔkaa saa ne sɛ na ɛho abehia denneennen. Ná wohia nnyina pii na wɔde ahyew afɔrebɔde wɔ afɔremuka no so. Ɛbɛyɛ sɛ na Netinimfo a wɔsom sɛ nkoa a wɔnyɛ Israelfo wɔ asɔrefie hɔ no nnɔɔso. Ɛno nti, wɔbɔɔ ntonto sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya nnyina bere nyinaa.

13:6—Nehemia fii Yerusalem no, okodii mmere tenten ahe ansa ɔresan aba? Nea Bible no ka araa ne sɛ “nna bi akyi no,” Nehemia srɛɛ kwan fii ɔhene no hɔ san kɔɔ Yerusalem. Enti, yentumi nkyerɛ bere tenten a odii ansa ɔresan akɔ Yerusalem. Nanso, Nehemia san baa Yerusalem no, obehui sɛ na wɔmmoa asɔfodwuma no, na saa ara nso na na wonni Homeda no. Ná wɔn mu pii akɔware mmea a wɔnyɛ Israelfo, na na wɔn mma no mpo nka Yuda kasa. Esiane sɛnea na tebea no asɛe kɔ akyiri nti, ɛbɛyɛ sɛ Nehemia kɔe no, ɔkyɛe.

13:25, 28—Ɔham a Nehemia ne Yudafo awaefo no “hamee” akyi no, nteɛso bɛn bio na ɔde maa wɔn? Nehemia ‘domee wɔn,’ kyerɛ sɛ, ɔkaa atemmusɛm a ɛwɔ Onyankopɔn Mmara mu no guu wɔn so. ‘Ɔbobɔɔ wɔn mu binom,’ ebia ɔma wodii wɔn asɛm. ‘Ɔpempen wɔn nhwi’ anaasɛ ɔtwetwee wɔn nhwi de kyerɛe sɛ n’ani nnye wɔn abrabɔ ho koraa. Ɔpamoo Ɔsɔfopanyin Eliasib banana a na waware Horonini Sanbalat babea no nso.

Asuade a Ɛwom Ma Yɛn:

8:8. Sɛ́ nnipa a yɛkyerɛkyerɛ Onyankopɔn Asɛm mu no, yɛma nkurɔfo ‘te’ Kyerɛwnsɛm no ‘ase’ denam emu nsɛmfua din a yɛbobɔ no yiye, si so dua, kyerɛkyerɛ mu fann, ma wohu sɛnea wɔde bedi dwuma no so.

8:10. Sɛ yɛma yɛn ani kũ yɛn honhom fam ahiade ho na yedi ho dwuma na yedi Onyankopɔn akwankyerɛ akyi a, ɛnna yenya ‘Yehowa anika.’ Hwɛ sɛnea ehia sɛ yɛde nsi sua Bible no, kɔ Kristofo nhyiam daa, na yɛde nnamyɛ yɛ Ahenni asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no!

11:2. Ná gyaw a obi begyaw n’agyapade hɔ akɔtra Yerusalem no bɛma wabɔ ka na wakɔ ahokyere bi mu. Wɔn a wofi wɔn pɛ mu yɛɛ saa no daa ahofama adi. Sɛ ɛho behia sɛ yetu yɛn ho ma yɛ nnwuma bi ma afoforo wɔ nhyiam akɛse ase ne dwumadi afoforo mu a, yɛn nso yebetumi ada ahofama a ɛte saa adi.

12:31, 38, 40-42. Nnwonto yɛ ɔkwampa a yɛfa so yi Yehowa ayɛ na yɛda no ase. Ɛsɛ sɛ yefi yɛn koma nyinaa mu to nnwom wɔ Kristofo nhyiam ase.

13:4-31. Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yɛn ho yiye na yɛamma adedodowpɛ, nyansakorɔn, ne ɔwae anwia yɛn nkakrankakra.

13:22. Ná Nehemia nim pefee sɛ obebu akontaa akyerɛ Onyankopɔn. Ɛsɛ sɛ yɛn nso yehu sɛ yebebu akontaa akyerɛ Yehowa.

Yehowa Mmoa a Yebenya Ho Hia!

Odwontofo no too dwom sɛ: “Sɛ [Yehowa, NW] ansi dan no a, wɔn a wosi yɛ ho adwuma kwa.” (Dwom 127:1) Hwɛ sɛnea Nehemia nhoma no ma yehu sɛnea saa nsɛm no yɛ nokware turodoo!

Yehu nea yebetumi asua afi mu pefee. Sɛ yɛpɛ sɛ biribiara a yɛyɛ kɔ yiye ma yɛn a, ɛsɛ sɛ yenya Yehowa mmoa. So yebetumi ahwɛ kwan ankasa sɛ Yehowa behyira yɛn bere ko a yɛmfa nokware som nni kan wɔ yɛn asetram? Ɛnde, te sɛ Nehemia no, momma yɛmma Yehowa som ne ne nkɔso ho nhia yɛn titiriw.

[Mfonini wɔ kratafa 8]

‘Ɔhene koma te sɛ asuten wɔ Yehowa nsam’

[Mfonini wɔ kratafa 9]

Nehemia, ɔbarima kokodurufo a ɔyɛ ahummɔbɔ no baa Yerusalem

[Mfonini wɔ kratafa 10]

So wunim sɛnea wobɛma nkurɔfo ‘ate’ Onyankopɔn Asɛm ‘ase’?