Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Sɛnea Genesis 44:5 reyɛ akyerɛ no, so Yosef a ɔyɛ Yehowa somfo nokwafo no de dwetɛ kuruwa titiriw bi kenae anaa ɔde hyɛɛ nkɔm?

Biribiara nni hɔ a ɛsɛ sɛ ɛma yegye di sɛ Yosef hyɛɛ abosonkɔm ankasa.

Bible ma yehu ntease ankasa a na Yosef wɔ wɔ abosonkɔm a wɔnam so hu nea ɛbɛba daakye no ho. Bere bi a atwam a wɔka kyerɛɛ Yosef sɛ ɔnkyerɛ Farao dae ase no, osii so dua mpɛn pii sɛ Onyankopɔn nkutoo na obetumi de nea ɛbɛba daakye ho “mmuae” ama. Enti, Farao ankasa begye dii sɛ nokware Nyankopɔn a na Yosef som no no na ɔmaa Yosef tumi kaa nea ɛbɛba daakye na wamfa abosonkɔm so. (Genesis 41:16, 25, 28, 32, 39) Wɔ Mmara a Yehowa de maa Mose akyiri yi mu no, ɔbarae sɛ mma wɔnhyɛ abosonkɔm, na ɔnam so sii so dua sɛ Ɔno nkutoo na otumi kyerɛ nea ɛbɛba daakye.—Deuteronomium 18:10-12.

Ɛnde, dɛn nti na Yosef nam n’akoa no so kae sɛ ɔde dwetɛ kuruwa no ‘kena’? * (Genesis 44:5) Ɛsɛ sɛ yesusuw nea ɛmaa Yosef kaa saa asɛm no ho.

Esiane sɛ na ɔkɔm bi a emu yɛ den asi nti, na Yosef nuanom no atu kwan kɔ Misraim rekɔhwehwɛ aduan. Mfe bi a atwam no, na saa Yosef nuanom yi ara atɔn Yosef kɔ nkoasom mu. Wɔhwehwɛɛ mmoa fii wɔn ankasa nua a na ɔyɛ aduan sohwɛfo wɔ Misraim hɔ a na wonnim sɛ ɛyɛ ɔno. Yosef anna ne ho adi ankyerɛ wɔn, mmom no, ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛsɔ wɔn ahwɛ. Ná Yosef pɛ sɛ ohu sɛ wɔanu wɔn ho ankasa wɔ komam anaa. Ná ɔpɛ sɛ ohu sɛnea wɔdɔ wɔn nua Benyamin ne wɔn papa Yakob a na ɔpɛ Benyamin asɛm paa no fa. Enti, Yosef faa nyansakwan bi so sɔɔ wɔn hwɛe.—Genesis 41:55–44:3.

Yosef hyɛɛ n’akoa biako sɛ ɔmfa aduan nhyɛ ne nuanom nkotoku mu amaama, na ɔmfa wɔn mu biara sika nsan nhyɛ wɔn nkotoku no mu, na ɔmfa Yosef dwetɛ kuruwa no nhyɛ Benyamin kotoku no mu. Eyi nyinaa mu no, na Yosef ayɛ ne ho sɛ aduan sohwɛfo a ɔwɔ abosonsomfo man mu. Ɔhyɛɛ da yɛɛ ne ho, ne nneyɛe, ne ne kasa sɛ obi a ɔyɛ aduan sohwɛfo a ɔte saa, sɛnea ɛbɛyɛ a ne nuanom no renhu akyi.

Bere a Yosef ne ne nuanom no kasae no, ɔkɔɔ so faa nyansakwan so bisaa wɔn sɛ: “Munnim sɛ onipa a ɔte sɛ me nim nkɔmhyɛ anaa?” (Genesis 44:15) Enti, ɛda adi sɛ na kuruwa no nso ka nyansakwan a ɔfaa so sɔɔ wɔn hwɛe no ho. Ná Yosef mfa kuruwa nkena ankasa sɛnea Benyamin anwia kuruwa no ankasa no.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 5 Bere a The Holy Bible, With an Explanatory and Critical Commentary, a F. C. Cook yɛe rekyerɛkyerɛ sɛnea na wɔde dwetɛ kuruwa kena wɔ tete mmere mu mu no, ɔkae sɛ: “Ná wogyae sika kɔkɔɔ, dwetɛ, anaa agude gu nsu no mu, na afei wɔhwɛ sɛnea ɛbɛyɛ; anaasɛ wɔhwɛ nsu no mu kɛkɛ te sɛ nea wɔrehwɛ ahwehwɛ mu.” Bible ho nkyerɛkyerɛmufo Christopher Wordsworth ka sɛ: “Ɛtɔ mmere bi a, na wɔde nsu hyɛ kuruwa no ma, na wogyina sunsum a owia ma ɛtɔ nsu no ani so hu nea ɛbɛba daakye.”