Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sika ne Abrabɔ Pa—Tete Wɔ Bi Kyerɛ

Sika ne Abrabɔ Pa—Tete Wɔ Bi Kyerɛ

Sika ne Abrabɔ Pa—Tete Wɔ Bi Kyerɛ

BƐYƐ mfe ahanan a abɛsen kɔ no, nnipa bɛyɛ ahanan faa po so hyɛn anan fi England kɔɔ Amerika. Ná wɔn mu pii nim nhoma papaapa, na afoforo nso yɛ aguadifo a wɔwɔ sika. Ná ebinom mpo yɛ mmarahyɛ baguafo. Ná ɔman no sikasɛm asɛe, na na Mfe Aduasa Ko a akɔ so wɔ Europa no ama tebea no asɛe koraa. Enti, wogyaw wɔn afie, wɔn nnwuma ne wɔn abusuafo hɔ kɔhwehwɛɛ asetra pa.

Na saa nnipa no nyɛ aguadifo bi a wɔpɛ sɛ wɔfa ɔkwammɔne bi so nya wɔn ho ara kwa. Mmom no, na wɔyɛ nyamesom kuw bi a wɔfrɛ wɔn Puritanfo a wɔyɛ nsi a na wɔreguan afi nyamesom mu ɔtaa ano. * Na wɔn botae paa ne sɛ wɔbɛkyekyere kurow a wɔne wɔn mma bɛtra mu adi yiye, na bere koro no ara wɔayɛ nnipa a wosuro Onyankopɔn, na wɔde Bible abɔ wɔn bra. Bere a woduu Salem a ɛwɔ Massachusetts no, ankyɛ koraa na wonyaa asase ketewaa bi a ɛbɛn mpoano. Wɔfrɛɛ wɔn kurow foforo no Boston.

Ɛnyɛ Mmerɛw sɛ Wubenya Sika na Woabɔ Ɔbra Pa

John Winthrop na na ɔyɛ Puritanfo no kannifo. Ɔyɛɛ nea obetumi biara sɛ ɔbɛboa kuw no ma wɔanya sika na aboa wɔn kurow foforo no mufo. Ná ɔpɛ sɛ nkurɔfo no nya sika na bere koro no ara wɔbɔ ɔbra pa. Nanso, na abien no yɛ nyɛ mmerɛw. Bere a ohui sɛ ɛrenyɛ mmerɛw no, ɔne ne manfo no kasa kɔɔ akyiri, na ɔma wohui sɛ ɛho hia sɛ wonya sika na bere koro no ara nso wosuro Onyankopɔn.

Ná Winthrop ne Puritan akannifo afoforo gye di sɛ sika a wɔbɛhwehwɛ nyɛ bɔne ankasa. Winthrop kae sɛ, ade titiriw nti a wɔhwehwɛ sika ne sɛ wɔde bɛboa afoforo. Enti, dodow a obi nya sika no, dodow no ara na obetumi aboa afoforo. Abakɔsɛm kyerɛwfo Patricia O’Toole ka sɛ: “Ná sika a wobenya ho asɛm a wɔka haw Puritanfo no. Sɛ na obi nya sika a na wobu no sɛ Onyankopɔn ahyira no, na bere koro no ara nso na wobu no sɛ ebetumi ama obi ayɛ ahantan . . . anaa wakodi ɔhonam akɔnnɔ akyi.”

Winthrop hyɛɛ Puritanfo no nkuran sɛ wɔnnhwehwɛ ahonyade pii na amma wɔanyɛ bɔne. Nanso, esiane sɛ na ne nkurɔfo no pɛ sɛ wonya wɔn ho nti, amma mmɔden a ɔbɔe sɛ ɔbɛhyɛ wɔn ma wɔde onyamesom pa abɔ wɔn bra na wɔadodɔ wɔn ho no anyɛ yiye. Wɔn a wɔne Winthrop anyɛ adwene no fii ase kasa tiaa sɛnea na ɔpɛ sɛ ɔde ne ho hyehyɛ wɔn nsɛm mu no. Ebinom fii ase kae sɛ wɔntow aba nyi baguafo a wobesisi gyinae ama wɔn. Afoforo nso tu fii hɔ kɔɔ Connecticut a ɛbɛn hɔ no kɔbɔɔ wɔn ankasa bra wɔ hɔ.

O’Toole ka sɛ: “Nneɛma hokwan a na Puritanfo no hwehwɛ, yiye a wobedi, ne ka bi ma menka bi amammu a na wɔpɛ nyinaa yɛ ade a ɛmaa Puritanfo a na wɔwɔ Massachusetts no ani beree sɛ wobenya wɔn ho. Na na eyi ne Winthrop adwene a okura a ɛne sɛ wobenya sika na wɔde aboa wɔn ho wɔn ho no nhyia.” Winthrop wui wɔ afe 1649 mu bere a na wadi mfe 61 a na onni kaprɛ mpo. Ɛmfa ho ahokyere a ɛbaa kurow no mu no, kurow no ammɔ, nanso na anka nea Winthrop pɛ sɛ kurow no yɛ no amma mu.

Wɔda So Rehwehwɛ Asetra Pa

Ɛnyɛ John Winthrop nkutoo ne obi a ɔpɛe sɛ onya asetra pa. Afe biara nnipa mpempem pii tu fi Afrika, Asia Anafo fam apuei, Europa Apuei fam, ne Amerika Anafo fam kɔhwehwɛ asetra pa. Nea wɔn mu pii kan fi nhoma ahorow mu, nea wɔte wɔ ɔmanfo guabɔ ahorow ase, ne nea wohu wɔ Intanɛt so afe biara no ma wonya adwene sɛ wobetumi anya wɔn ho. Yetumi hu sɛ, nnipa pii da so ara repere sɛ wobenya sika, na bere koro no ara wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛbɔ ɔbra pa.

Nanso, awerɛhosɛm ne sɛ, ɛtaa ba sɛ wɔn a wɔrehwehwɛ sika no de wɔn abrabɔ pa ne wɔn gyidi mpo sesa ahonyade. Enti, ebia wubebisa sɛ: “Obi betumi ayɛ nokware Kristoni na wasan anya ne ho anaa? So bere bi bɛba a wobenya nnipa a wosuro Onyankopɔn a wodi yiye honam fam ne honhom fam nyinaa?” Bible ma saa nsɛmmisa no ho mmuae sɛnea asɛm a edi hɔ no kyerɛkyerɛ mu no.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 3 Bɛyɛ mfe ahanan a atwam no na wɔde din Puritan no maa Anglikan Asɔre no mufo a na wɔpɛ sɛ wɔtew wɔn ho fi Roma Katolek Asɔre no ho koraa no.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 3]

Nhyɛmma: The Complete Encyclopedia of Illustration/J. G. Heck; Winthrop: Brown Brothers