Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wote Sɛ Sempoa Dua?

So Wote Sɛ Sempoa Dua?

So Wote Sɛ Sempoa Dua?

NÁ ASƐMPAKAFO baanu bi apɔn asɛnka rekɔ fie wɔ akuraa bi a ɛda Port Moresby, Papua New Guinea kurotia. Bere a wɔnam no wohuu dua fɛfɛ bi. Ɔpanyin a ɔwɔ mu no kae sɛ, “Aa, hwɛ sempoa dua ni!” Ɔdanee n’ani hwɛɛ aberante no, na ɔtoaa so sɛ: “Saa dua no sow afe afe. Saa dua yi nte sɛ nnua afoforo a ɛwɔ mmeae a osu tɔ na owia bɔ kɛse no, ɛno de afe biara ne nhaban po na ɛyɛ te sɛ nea awu no. Nanso, sɛ osu tɔ a, ɛfefɛw, na egu nhwiren na ɛsan yɛ fɛ bio.”

Yebetumi asua biribi afi sempoa dua yi ho. Animdefo bi kyerɛ sɛ, ɛka nnua anum a egu nhwiren a ɛyɛ fɛ sen biara wɔ wiase no ho. Ɛwom sɛ ne nhwiren ne n’ahaban po wɔ ɔpɛ bere mu de, nanso ɛkora nsu so. Ne ntini yɛ den na etumi tentene fa abotan a etintim asase ase paa ho. Ɛnam saayɛ so tumi gyina ahum ano. Ne tiaa mu no, etumi gyina ewim tebea enye koraa ano.

Yebetumi ahyia tebea a ɛsɔ yɛn gyidi hwɛ. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛatumi agyina ano? Yebetumi anom Onyankopɔn Asɛm mu nsu a egye nkwa no atwɛn tebea a emu yɛ den te sɛ sempoa dua no. Ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho bata ‘yɛn botan’ Yehowa ne n’ahyehyɛde no nso ho denneennen. (2 Samuel 22:3) Nokwarem no, sempoa dua no yɛ biribi a ɛbɛkae yɛn sɛ wɔ tebea a emu yɛ den mu mpo no, sɛ yegye Yehowa nsiesiei a ɔde ma yɛn no tom a, yɛne ne ntam abusuabɔ no mu betumi ayɛ den. Sɛ yɛyɛ saa a, ‘yebenya bɔ ahorow’ a Onyankopɔn ahyɛ a daa nkwa ka ho no.—Hebrifo 6:12; Adiyisɛm 21:4.