Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Suasua Yehowa Abotare No Bi

Suasua Yehowa Abotare No Bi

Suasua Yehowa Abotare No Bi

“Yehowa nkyɛ ne bɔhyɛ ho . . . mmom ɔwɔ mo ho abotare.”—2 Petro 3:9.

1. Akyɛde a ɛso bi nni bɛn na Onyankopɔn de ama nnipa?

YEHOWA ama yɛn akyɛde bi a onipa foforo biara ntumi mfa mma yɛn. Ɛyɛ biribi a ɛyɛ anigye na ɛsom bo paa yiye, nanso yentumi mfa sika ntɔ anaasɛ yentumi nyɛ ho adwuma nnya. Ade a ɔde kyɛ yɛn no ne daa nkwa, yɛn mu dodow no ara fam no, ɛbɛyɛ asetra a enni awiei a yebenya wɔ paradise asase so. (Yohane 3:16) Hwɛ anigye ara a ɛbɛyɛ! Nneɛma te sɛ nitan, awudisɛm, ohia, nsɛmmɔnedi, yare ne owu mpo a ɛma nnipa di awerɛhow pii no befi hɔ koraa. Nnipa bɛtra ase wɔ asomdwoe ne biakoyɛ a edi mũ mu wɔ Onyankopɔn Ahenni nniso a ɔdɔ wom mu. Hwɛ sɛnea yɛn yam a anka saa Paradise no aba!—Yesaia 9:6, 7; Adiyisɛm 21:4, 5.

2. Dɛn nti na Yehowa nnya nyɛɛ biribi mfa nyii Satan wiase bɔne no mfii hɔ?

2 Yehowa hwɛ bere a ɔbɛma asase adan Paradise no kwan denneennen. Ɛte saa, efisɛ Yehowa dɔ asɛntrenee ne atemmu. (Dwom 33:5) Onyankopɔn ani nnye ho sɛ ohu sɛ nnipa a wɔwɔ wiase no bu wɔn ani gu ne trenee nnyinasosɛm so na wobu ne tumidi animtiaa na wɔyɛ ne nkurɔfo basabasa. Nanso, ntease wom sɛ onnya nyɛɛ biribi mfa nyii Satan wiase bɔne no mfii hɔ. Nea enti a ɔnyɛɛ saa no fa teɛ a ne tumidi teɛ anaasɛ ɛnteɛ ho. Nea ɛbɛyɛ na nokware a ɛwɔ asɛm no mu ada adi no, Yehowa da su bi a ɛma yɛn ani gye ne ho, su a nnipa pii nni bi nnɛ, a ɛno ne abotare adi.

3. (a) Hela ne Hebri nsɛmfua a wɔakyerɛ ase “abotare” wɔ Bible mu no kyerɛ dɛn? (b) Nsɛmmisa bɛn na yɛrebesusuw ho?

3 Hela asɛmfua bi wɔ New World Translation no mu a wɔakyerɛ ase mprɛnsa sɛ “abotare.” Nea ɛkyerɛ ankasa ne “honhom a ɛkyɛ,” ma enti wɔtaa kyerɛ ase “abodwokyɛre.” Hebri ne Hela nsɛm a wɔkyerɛ ase “abotare” no kura adwene a ɛkyerɛ boasetɔ, ne abufuw a obi mmfa no ntɛmntɛm. Mfaso bɛn na yenya wɔ Yehowa abotare so? Dɛn na yebetumi asua afi Yehowa ne n’asomfo anokwafo abotare ne boasetɔ a wɔdaa no adi no mu? Yɛyɛ dɛn hu sɛ Yehowa abotare wɔ baabi a ekosi? Momma yɛnhwɛ.

Momma Yensusuw Yehowa Abotare Ho

4. Dɛn na ɔsomafo Petro kyerɛw faa Yehowa abotare ho?

4 Ɔsomafo Petro kyerɛw faa Yehowa abotare ho sɛ: “Adɔfo, mommma mo ani mmpa nokwasɛm yi so sɛ Yehowa fam no, da koro yɛ mfe apem na mfe apem nso yɛ da koro. Yehowa nkyɛ ne bɔhyɛ ho sɛnea ebinom bu biribi sɛ ɛkyɛ no, na mmom ɔwɔ mo ho abotare efisɛ ɔmpɛ sɛ obiara bɛsɛe, na mmom ɔpɛ sɛ obiara nya adwensakra.” (2 Petro 3:8, 9) Momma yɛnhyɛ nsɛm abien a wɔada no adi wɔ ha a ebetumi aboa yɛn ma yɛate Yehowa abotare ase no nsow.

5. Sɛnea Yehowa bu bere no ka sɛnea ɔyɛ n’ade dɛn?

5 Nea edi kan ne sɛ Yehowa mmu bere sɛnea nnipa bu bere no. Esiane sɛ Yehowa te hɔ daa nti, mfirihyia apem yɛ no sɛ da koro. Ɛbere ntumi ntia no, nanso ɔnyɛ nyaa wɔ n’adeyɛ mu. Esiane sɛ Yehowa nyansa nni ano nti, onim bere pɔtee a eye paa sɛ ɔbɛyɛ biribi ma ɛso aba obiara mfaso, na osi abotare twɛn kosi sɛ saa bere no bedu. Nanso, ɛnsɛ sɛ yɛka sɛ Yehowa nnwen amane biara a ebia n’asomfo behu saa bere yi no ho. Ɔyɛ Onyankopɔn a ɔwɔ “mmɔborohunu,” na ɔno ara ne dɔ. (Luka 1:78; 1 Yohane 4:8) Obetumi asiesie ɔhaw biara a ebia amanehunu a wama kwan bere tiaa mu ama aba no koraa.—Dwom 37:10.

6. Adwene bɛn na ɛnsɛ sɛ yenya wɔ Onyankopɔn ho, na dɛn ntia ?

6 Nokwarem no, sɛ worehwɛ biribi kwan denneennen na ɛmma a, ɛhaw adwene. (Mmebusɛm 13:12) Enti sɛ nkurɔfo nni wɔn bɔhyɛ so ntɛm a, ebia ebinom benya adwene sɛ ɛnyɛ ade a wɔbɛyɛ. Hwɛ sɛnea nyansa nnim sɛ yebesusuw sɛ saa na Onyankopɔn te! Sɛ yɛn adwene yɛ yɛn sɛ abotare a Onyankopɔn wɔ no kyerɛ sɛ ɔkyɛ wɔ ne bɔhyɛ ho a, ɛnyɛ den koraa sɛ sɛ ade a yɛrehwɛ kwan no amma ntɛm a, ɛbɛma yɛn adwenem ayɛ yɛn naa na yɛn abam abu, na ɛremma yɛnyere yɛn ho wɔ Onyankopɔn som mu. Nea ebetumi asɛe asɛm no koraa ne sɛ, anhwɛ a fɛwdifo a wonni gyidi a Petro dii kan bɔɔ yɛn kɔkɔ wɔ wɔn ho no betumi adaadaa yɛn. Saafo no di fɛw ka sɛ: “Ne mmae a wɔahyɛ ho bɔ no wɔ he? Hwɛ, efi da a yɛn agyanom dedae no, biribiara te sɛ nea na ɛte fi abɔde mfiase.”—2 Petro 3:4.

7. Ɔkwan bɛn so na abotare a Yehowa wɔ no ma yehu sɛ ɔpɛ sɛ nnipa sakra fi wɔn kwammɔne so?

7 Ade a ɛto so abien a yebetumi asua afi Petro asɛm a ɛfa nea enti a Yehowa si abotare ho no ne sɛ, ɔpɛ sɛ nnipa nyinaa ba adwensakra mu. Yehowa bɛsɛe wɔn a wopirim wɔn koma sɛ wɔrensan mfi wɔn akwammɔne so no. Nanso, ɔbɔnefo wu nyɛ Onyankopɔn fɛ. Mmom, n’ani gye ho sɛ nnipa bɛsakra afi wɔn kwammɔne so na wɔanya nkwa. (Hesekiel 33:11) Ɛno nti na Onyankopɔn akɔ so asi abotare na wama wɔreka asɛmpa no wɔ asase so nyinaa sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa benya hokwan atra ase.

8. Yɛyɛ dɛn hu sɛnea Onyankopɔn nyaa abotare wɔ sɛnea ɔne Israelfo no dii nsɛm no mu?

8 Sɛ yesusuw sɛnea Onyankopɔn ne Israelfo no dii nsɛm ho a, ɛma yehu sɛnea onyaa wɔn ho abotare. Onyaa wɔn ho abotare mfe pii wɔ wɔn asoɔden ho. Yehowa nam n’adiyifo so bɔɔ wɔn kɔkɔ mpɛn pii sɛ: “Monsan mfi mo akwammɔne no so, na munni me mmara nsɛm ne m’ahyɛde so, sɛ mmara a mehyɛɛ mo agyanom a menam me nkoa adiyifo no so mema wɔde brɛɛ mo no nyinaa.” Dɛn na wɔyɛe wɔ ho? Awerɛhosɛm ne sɛ, Israelfo no ‘antie.’—2 Ahene 17:13, 14.

9. Ɔkwan bɛn so na na Yesu wɔ abotare te sɛ N’agya pɛpɛɛpɛ?

9 Awiei koraa no, Yehowa somaa ne Ba no, na ne Ba no kɔɔ so ka kyerɛɛ Yudafo no sɛ wɔnsan mmra Onyankopɔn nkyɛn. Na Yesu wɔ abotare te sɛ N’agya pɛpɛɛpɛ. Esiane sɛ na Yesu nim sɛ ɛrenkyɛ na wɔakum no nti, ɔbɔɔ abubuw sɛ: “Yerusalem, Yerusalem, nea okum adiyifo na osiw wɔn a wɔasoma wɔn ne nkyɛn abo—hwɛ mpɛn dodow ara a mepɛe sɛ meboaboa wo mma ano, sɛnea akokɔbaatan boaboa ne mma ano ne ntaban ase! Nanso moampɛ.” (Mateo 23:37) Saa nsɛm a ɛka koma no nyɛ nsɛm a ɔtemmufo tirimmɔdenfo bi a wawe ahinam so sɛ ɔbɛtwe obi aso ka, mmom no ɛyɛ nsɛm a adamfo bi a ɔwɔ dɔ a ɔwɔ nkurɔfo ho abotare ka. Na Yesu pɛ sɛ nkurɔfo sakra fi wɔn akwammɔne so te sɛ N’agya ara pɛ, sɛnea ɛbɛyɛ a atemmu mma wɔn so. Ebinom tiee Yesu kɔkɔbɔ no na woguan fii atemmu a ɛyɛ hu a ɛbaa Yerusalem so wɔ afe 70 Y.B. mu no mu.—Luka 21:20-22.

10. Ɔkwan bɛn so na yɛanya Onyankopɔn abotare so mfaso?

10 So abotare a Onyankopɔn wɔ no nyɛ biribi a ɛyɛ nwonwa? Asoɔden bebrebe a nnipa yɛ nyinaa akyi no, Yehowa ama yɛne nnipa afoforo ɔpepem pii anya hokwan abehu no na yɛaso nkwagye anidaso no mu. Petro kyerɛw kɔmaa ne mfɛfo Kristofo sɛ: “Mummu yɛn Awurade ntoboase no sɛ nkwagye.” (2 Petro 3:15) So yɛn ani nsɔ sɛ Yehowa abotare abue nkwagye ho kwan ama yɛn? So ɛnsɛ sɛ yɛbɔ mpae sɛ Yehowa nkɔ so nnya yɛn ho abotare bere a yɛsom no da biara da no?—Mateo 6:12.

11. Sɛ yɛte nea enti a Yehowa si abotare no ase a, dɛn na ɛbɛka yɛn ma yɛayɛ?

11 Sɛ yɛte nea enti a Yehowa si abotare no ase a, ɛboa yɛn ma yɛtɔ yɛn bo ase twɛn ne nkwagye, na ɛremma yɛnka da sɛ ɔkyɛ wɔ ne bɔhyɛ ho. (Kwadwom 3:26) Sɛ yɛkɔ so bɔ mpae sɛ Onyankopɔn Ahenni no mmra a, na nea yɛrekyerɛ ne sɛ Onyankopɔn na onim bere a eye paa sɛ obua saa mpaebɔ no. Afei nso, ɛka yɛn ma yesuasua abotare a Yehowa wɔ no bi na ɛma yenya abotare wɔ sɛnea yɛne yɛn nuanom ne wɔn a yɛka asɛm no kyerɛ wɔn di nsɛm no ho. Yɛn nso, yɛmpɛ sɛ obiara bɛsɛe, na mmom yɛpɛ sɛ wɔsakra na wɔn nso nya daa nkwa anidaso a yɛwɔ no bi.—1 Timoteo 2:3, 4.

Momma Yensusuw Adiyifo no Abotare Ho

12, 13. Ɛyɛɛ dɛn na odiyifo Yesaia tumi nyaa abotare?

12 Sɛ yesusuw Yehowa abotare ho a, ɛboa yɛn ma yenya saa su no bi na yɛkyerɛ ho anisɔ. Ɛyɛ den ma nnipa a yɛnyɛ pɛ sɛ yebenya abotare, nanso yebetumi anya. Efisɛ yehu sɛ Onyankopɔn asomfo a wɔtraa ase tete no yɛɛ saa. Osuani Yakobo kyerɛwee sɛ: “Anuanom, momfa adiyifo a wɔkasaa Yehowa din mu no amanehunu ne wɔn abotare nyɛ nhwɛsode.” (Yakobo 5:10) Sɛ yebehu sɛ afoforo atumi agyina ɔhaw a yehyia yi bi ano a, ɛma yenya awerɛkyekye ne nkuranhyɛ.

13 Sɛ nhwɛso no, akyinnye biara nni ho sɛ na ɛsɛ sɛ odiyifo Yesaia nya abotare wɔ ne dwumadi no mu. Yehowa kaa ho asɛm kyerɛɛ no sɛ: “Kɔ na kɔka kyerɛ ɔman yi sɛ: Ɔte ara na monte, na monnte ase, na ohu ara na munhu, na munnhu mu. Ma ɔman yi koma mpirim, na wɔn aso nyɛ den, na ka wɔn ani fomfam: na wɔamfa wɔn aniwa anhu mu, na wɔansakra, na wɔansa wɔn yare.” (Yesaia 6:9, 10) Ɛmfa ho sɛ nkurɔfo no antie Yesaia asɛm no, onyaa wɔn ho abotare de bɛyɛ mfe 46 kaa Yehowa atemmusɛm kyerɛɛ wɔn! Saa ara nso na sɛ nnipa pii antie asɛm no mpo a, wɔn ho abotare a yebenya no bɛboa yɛn ma yɛakɔ so aka asɛmpa no akyerɛ wɔn.

14, 15. Dɛn na ɛboaa Yeremia ma otumi gyinaa amanehunu ne abasamtu ano?

14 Nokwarem no, bere a na adiyifo no reyɛ wɔn som adwuma no, ɛnyɛ asɛm no a nkurɔfo no antie no nko ne ɔhaw a wohyiae; wohyiaa ɔtaa nso. Wɔde Yeremia bɔɔ duam, wɔde no too afiase wɔ “mpokyerɛfo dan mu,” na wɔtow no kyenee abura mu nso. (Yeremia 20:2; 37:15; 38:6) Nkurɔfo a na anka Yeremia pɛ sɛ ɔboa wɔn no na wɔma ohuu amane saa no. Nanso, Yeremia bo amfuw wɔn na wanyɛ bi antua wɔn so ka nso. Ɔde abotare gyinaa ano mfe pii.

15 Ɔtaa ne fɛwdi amma Yeremia anka n’ano atom, na ɛremma yɛn nso yɛnka yɛn ano ntom. Nokwasɛm ne sɛ, ɛtɔ mmere bi a yɛn abam betumi abu. Yeremia abam bui. Ɔkyerɛwee sɛ: “[Yehowa, NW] asɛm adan me ahohora ne nsopa daa adesae. Na . . . mise: Merenkae no na meremmɔ ne din menkasa bio.” Ɛno akyi dɛn na esii? So Yeremia gyaee asɛm no ka? Ɔtoaa so sɛ: “[Onyankopɔn asɛm yɛ] me koma mu sɛ ogya a ɛredɛw a wɔato mu me nnompe mu; miso mu a mebrɛ ho, na mintumi.” (Yeremia 20:8, 9) Hyɛ no nsow sɛ ɛyɛ bere a ɔde n’adwene sii fɛw a na nkurɔfo di so no, ɛnna n’anigye sɛee. Na bere a ɔde n’adwene sii sɛnea asɛm no yɛ anigye na ɛho hia so no, ɔsan nyaa anigye bio. Bio nso, na Yehowa gyina Yeremia akyi sɛ “dɔmmarima a ne ho yɛ hu,” ɔhyɛɛ no den ma ɔde nnamyɛ ne akokoduru kaa Onyankopɔn asɛm no.—Yeremia 20:11.

16. Yɛbɛyɛ dɛn akɔ so anya anigye wɔ asɛmpaka adwuma a yɛreyɛ no mu?

16 So odiyifo Yeremia nyaa anigye wɔ n’adwuma no mu? Yiw onyaa anigye paa! Ɔka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Wo nsɛm ba a, na ɛyɛ me aduan, na wo nsɛm yɛ me ahosɛpɛw ne akomatɔyam, na wɔde wo din ato me, [Yehowa, NW] asafo Nyankopɔn.” (Yeremia 15:16) Yeremia ani gyei sɛ wanya hokwan sɛ nokware Nyankopɔn no nanmusini a ɔreka n’asɛm. Yɛn nso, yɛn ani betumi agye saa ara. Afei nso, yɛne abɔfo no nyinaa ani gye sɛ nnipa pii agye Ahenni nkrasɛm no atom wɔ wiase nyinaa, asakra, na wɔnam ɔkwan a ɛkɔ daa nkwa mu no so.—Luka 15:10.

“Hiob Boasetɔ No”

17, 18. Ɔkwan bɛn so na Hiob gyinaa amanehunu ano, na dɛn na efi mu bae?

17 Bere a osuani Yakobo kaa adiyifo a wɔtraa ase tete no ho asɛm wiei no, ɔkyerɛwee sɛ: “Moate Hiob boasetɔ no ho asɛm na moahu nea Yehowa ma efii mu bae, sɛ Yehowa wɔ ayamhyehye ne mmɔborohunu.” (Yakobo 5:11) Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase wɔ ha “boasetɔ” no ne asɛmfua a Yakobo kyerɛɛ ase “abotare” wɔ Yakobo 5:10 no ntease reyɛ ayɛ pɛ. Bere a nhomanimfo bi rekyerɛ nsonsonoe a ɛwɔ saa nsɛmfua abien yi mu no, ɔkyerɛwee sɛ: “Sɛ yetumi gyina basabasayɛ ano a ɛnna ɛkyerɛ sɛ yɛwɔ ‘abotare,’ ɛnna sɛ yɛde akokoduru kɔ so gyina amanehunu ano a, ɛnna ɛkyerɛ sɛ yɛwɔ ‘boasetɔ.’”

18 Hiob hyiaa amanehunu a emu yɛ den. Ne sika nyinaa hyewee, ne mma wuwui, na yare bi a emu yɛ den bɔɔ no. Ogyinaa atoro sobo a ɛne sɛ na Yehowa na ɛretwe n’aso nso ano. Hiob kaa n’amanehunu no ho asɛm; odii n’amanehunu no ho awerɛhow, na ɔkekaa nsɛm bi mpo a na ɛreyɛ akyerɛ sɛ ɔteɛ sen Onyankopɔn. (Hiob 35:2) Nanso, wampa ne gyidi da, na saa ara nso na wannyae ne mudi mu. Hiob annome Onyankopɔn sɛnea Satan kae sɛ ɔbɛyɛ no. (Hiob 1:11, 21) Dɛn na efi mu bae? Yehowa “hyiraa Hiob awiei sen ne mfiase.” (Hiob 42:12) Yehowa saa Hiob yare, ɔma onyaa ahonyade mmɔho, na ɔmaa ɔne n’adɔfo nyaa asetra a anigye ne abotɔyam kɛse wom. Hiob boasetɔ no nso ma otumi tee Yehowa ase koraa.

19. Dɛn na yesua fi abotare a Hiob de gyinaa n’amanehunu no ano mu?

19 Dɛn na yesua fi abotare a Hiob de gyinaa n’amanehunu no ano no mu? Ebia yɛn nso yɛbɛyare anaasɛ yɛbɛkɔ ahokyere bi mu te sɛ Hiob. Ebia a yɛrentumi nte nea enti a Yehowa ama kwan ma yehyia sɔhwɛ pɔtee bi no ase nwie. Nanso, yebetumi anya awerɛhyem sɛ: Sɛ yɛkɔ so di nokware a, obehyira yɛn. Yehowa hyira wɔn a wɔn ani bere hwehwɛ no no ɔkwan biara so. (Hebrifo 11:6) Yesu kae sɛ: “Nea obegyina mu akosi awiei no na wobegye no nkwa.”—Mateo 10:22; 24:13.

“Yehowa Da no Bɛba”

20. Dɛn nti na yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa da no bɛba ɔkwan biara so?

20 Ɛwom sɛ Yehowa wɔ abotare de, nanso esiane sɛ ɔyɛ nea ɛteɛ nso nti, ɔremma abɔnefosɛm ntra hɔ daa. N’abotare no wɔ baabi a ekosi. Petro kyerɛwee sɛ: “[Onyankopɔn amma] tete wiase no amfa wɔn ho anni.” Ɛwom sɛ wogyee Noa ne n’abusua no nkwa de, nanso wɔde nsuyiri sɛee saa amumɔyɛfo wiase no. Yehowa de atemmu baa Sodom ne Gomora so nso sɛee wɔn koraa. Saa atemmu yi yɛɛ “sɛnnahɔ maa amumɔyɛfo huu nea ɛbɛba.” Enti, yebetumi anya awerɛhyem sɛ: “Yehowa da no bɛba” ɔkwan biara so.—2 Petro 2:5, 6; 3:10.

21. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ada abotare ne boasetɔ adi, na asɛm bɛn na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu?

21 Ɛnde, momma yɛmmoa afoforo ma wonnya adwensakra sɛnea ɛbɛyɛ a wobegye wɔn nkwa na wɔmfa nsuasua abotare a Yehowa wɔ no bi. Momma yensuasua adiyifo no abotare no nso bi denam asɛmpa no a yɛbɛka akyerɛ afoforo ɛmfa ho sɛ wɔrentie asɛm no mpo no. Bio nso, sɛ yegyina sɔhwɛ ano te sɛ Hiob a, yebetumi anya awerɛhyem sɛ sɛ yɛkɔ so kura yɛn mudi mu pintinn a, Yehowa behyira yɛn pii. Sɛ yehu sɛnea Yehowa ahyira asɛmpa a ne nkurɔfo de mmɔden reka wɔ asase so nyinaa so no a, ɛma yenya biribi gyina so nya anigye wɔ yɛn som adwuma no mu. Yebehu eyi wɔ adesua a edi hɔ no mu.

So Wokae?

• Dɛn nti na Yehowa si abotare?

• Dɛn na yesua fi adiyifo no abotare no ho?

• Dɛn na Hiob yɛe de daa boasetɔ adi, na dɛn na efii mu bae?

• Yɛyɛ dɛn hu sɛ Yehowa abotare wɔ baabi a ekosi?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Ná Yesu wɔ abotare te sɛ N’agya pɛpɛɛpɛ

[Mfonini wɔ kratafa 20]

Dɛn na Yehowa yɛe de hyiraa Yeremia wɔ n’abotare no ho?

[Mfonini wɔ kratafa 21]

Dɛn na Yehowa yɛe de hyiraa Hiob wɔ ne boasetɔ no ho?