Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yebedi Yiye Ankasa Wɔ Onyankopɔn Wiase Foforo no Mu

Yebedi Yiye Ankasa Wɔ Onyankopɔn Wiase Foforo no Mu

Yebedi Yiye Ankasa Wɔ Onyankopɔn Wiase Foforo no Mu

DAVID, * Kristoni bi a ɔyɛ ɔwarefo a ɔwɔ mma kɔtraa United States a na ɔwɔ ahotoso sɛ ɔreyɛ ade pa. Ɛwom sɛ na n’ani nnye ho sɛ obegyaw ne yere ne ne mma hɔ de, nanso na ogye di paa sɛ sɛ onya sika pii a ebetumi ama wɔn nyinaa anya asetra pa. Enti bere a n’abusuafo kae sɛ ɔmmra New York no, ɔpenee so kɔe, na ankyɛ na onyaa adwuma wɔ hɔ.

Nanso, bere kɔɔ so no, nea David hwɛɛ kwan no amma mu saa. Ná onnya bere nyɛ Onyankopɔn som adwuma. Eduu bere bi no, ɛkaa ketewaa bi ma anka ɔreyɛ agyae Onyankopɔn som. Ɛyɛ bere a ɔde ne ho kɔhyɛɛ abrabɔ bɔne bi mu na ɛmaa n’ani baa ne ho so ma ohuu tebea a ɔwom no ankasa. Ná n’adwene a ɔde asi ahonyade so no de nkakrankakra rema n’ani afi biribi foforo biara a ɛho hia n’ankasa so. Ná ɛsɛ sɛ ɔyɛ nsakrae.

Afe biara nnipa pii tu fi aman a ohia wom so kɔ aman a wodi yiye so kɔpɛ sika te sɛ nea David yɛe no. Nanso, nea ɛtaa ba ne sɛ wɔne Onyankopɔn ntam abusuabɔ sɛee koraa. Ebinom abisa sɛ, ‘So Kristoni betumi ahwehwɛ ahonyade na wasan ayɛ ɔdefo wɔ Onyankopɔn fam?’ Nhomakyerɛwfo ne asɔfo a wɔagye din ka sɛ ebetumi ayɛ yiye. Nanso, sɛnea David ne afoforo ahu no, ebetumi ayɛ den sɛ wubenya abien no nyinaa.—Luka 18:24.

Sika Nyɛ Bɔne

Nokwasɛm ne sɛ, nnipa na wotwa sika. Sika nyɛ bɔne ankasa te sɛ nea nneɛma afoforo pii a nnipa ayɛ nso nyɛ bɔne no. Nokwarem no yɛde tɔ ade kɛkɛ. Enti sɛ yɛde di dwuma yiye a ebetumi ayɛ ade pa. Sɛ nhwɛso no, Bible ka sɛ: “Sika yɛ ahobammɔ,” ne titiriw no, eyi yɛn fi ohia ne emu ahokyere mu. (Ecclesiastes 7:12, NW) Wɔ ebinom fam no, ɛte sɛ nea ‘sika yɛ ade nyinaa.’—Ɔsɛnkafo 10:19, Asante Bible.

Kyerɛwnsɛm no kasa tia akwadworɔ na ɛhyɛ adwumaden a yɛbɛyɛ ho nkuran. Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yɛn abusua, na sɛ yɛda so ara wɔ sika kakra a, ‘yɛanya biribi de ama nea ahia no.’ (Efesofo 4:28; 1 Timoteo 5:8) Afei nso, sɛ anka yɛde yɛn ahonyade bɛkame yɛn ho no, Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛmfa nnye yɛn ani. Ɛsan ka kyerɛ yɛn sɛ ‘yɛmfa yɛn kyɛfa’ na yenni yɛn nsa ano adwuma. (Ɔsɛnkafo 5:18-20) Nokwarem no, nhwɛso pii wɔ Bible no mu a ɛkyerɛ sɛ na mmarima ne mmea anokwafo bi wɔ hɔ a na wɔyɛ adefo.

Anokwafo a na Wɔyɛ Adefo

Ná Onyankopɔn somfo nokwafo Abraham wɔ nguan ne anantwi, dwetɛ ne sika kɔkɔɔ, ne nkoa pii. (Genesis 12:5; 13:2, 6, 7) Ná ɔtreneeni Hiob nso wɔ ahonyade pii te sɛ, nyɛmmoa, nkoa, sika kɔkɔɔ, ne dwetɛ. (Hiob 1:3; 42:11, 12) Ná wɔyɛ adefo te sɛ adefo a wɔwɔ hɔ nnɛ yi ara, na na wɔyɛ adefo nso wɔ Onyankopɔn fam.

Ɔsomafo Paulo frɛɛ Abraham ‘gyidifo nyinaa agya.’ Ná Abraham nyɛ pɛpɛe, na saa ara nso na wamfa ne ho anto n’ahonyade so. (Romafo 4:11; Genesis 13:9; 18:1-8) Onyankopɔn ankasa nso kae sɛ Hiob ‘di mu na ɔteɛ.’ (Hiob 1:8) Ná ɔboa ahiafo ne amanehunufo bere nyinaa. (Hiob 29:12-16) Abraham ne Hiob nyinaa de wɔn ho too Onyankopɔn so na ɛnyɛ wɔn ahonyade.—Genesis 14:22-24; Hiob 1:21, 22; Romafo 4:9-12.

Ná Ɔhene Salomo nso yɛ ɔdefo ne ɔnokwafo. Sɛ́ obi a na ɔbɛtra Onyankopɔn agua so wɔ Yerusalem no, Onyankopɔn maa Salomo nyansa na ɔsan de ahonyade pii ne anuonyam kaa ho maa no. (1 Ahene 3:4-14) Odii nokware wɔ n’asetra mu fa kɛse no ara. Nanso, wɔ Salomo nkwakoraabere mu no, ‘ne koma anni mũ Yehowa ho.’ (1 Ahene 11:1-8) Nokwarem no, awerɛhosɛm a ɛtoo no no ma yehu asiane a ɛwɔ ahonya mu no bi. Susuw emu kakra ho hwɛ.

Asiane a Ɛwɔ Ahonya Mu

Asiane a ɛyɛ hu paa ne sɛ obi ani bɛbere sika ne ahonyade. Ahonyade ma nnipa bi bɛyɛ wɔn a sika mmee wɔn. Wɔ Salomo ahenni mfiase no, ohuu nnipa bi a wɔte saa. Ɔkyerɛwee sɛ: “Nea ɔpɛ sika no, sika mmee no, na nea ɔpɛ adedodow no nnya mu mfaso. Eyi nso yɛ ahuhude.” (Ɔsɛnkafo 5:10) Akyiri yi, Yesu ne Paulo nyinaa bɔɔ Kristofo kɔkɔ wɔ saa sikanibere yi ho.—Marko 4:18, 19; 2 Timoteo 3:2.

Sɛ yɛma yɛn ani begye sika ho pii sen sɛ yebebu no sɛ ade a yɛde totɔ nneɛma bi kɛkɛ a, ɛma ɛyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛyɛ bɔne ahorow nyinaa bi te sɛ atorodi, korɔnbɔ, ne nkɔnkɔnsa. Kristo asomafo no mu biako a wɔfrɛ no Yuda Iskariot yii Yesu mae de gyee nnwetɛbona 30 pɛ. (Marko 14:11; Yohane 12:6) Nnipa binom ani bere sika araa ma wɔde Onyankopɔn to nkyɛn som wɔn sika. (1 Timoteo 6:10) Enti ɛsɛ sɛ Kristofo ma nea enti a wɔrepɛ sika pii no tra wɔn adwenem bere nyinaa.—Hebrifo 13:5.

Asiane ahorow a ɛnna adi papa wɔ sikapɛ mu nso. Nea edi kan no, sika pii a obi benya ma ɔde ne ho to n’ankasa ho so. Yesu kaa eyi nso ho asɛm bere a ɔkaa “ahonyade nnaadaa” ho asɛm no. (Mateo 13:22) Bible kyerɛwfo Yakobo nso bɔɔ Kristofo kɔkɔ sɛ, sɛ wɔreyɛ wɔn adwuma ho nhyehyɛe a, mma wɔn werɛ mfi Onyankopɔn. (Yakobo 4:13-16) Esiane sɛ ɛte sɛ nea sika ma obi te nka sɛ ɔde ne ho nti, ebetumi ama wɔn a wɔwɔ bi no de wɔn ho ato wɔn sika so mmom asen Onyankopɔn.—Mmebusɛm 30:7-9; Asomafo Nnwuma 8:18-24.

Nea ɛto so abien no, sɛnea David a yɛkaa ne ho asɛm mfiase no hui no, sikapɛ taa gye obi bere ne n’ahoɔden pii ma ɛde nkakrankakra ma ɔtwe ne ho fi Onyankopɔn som ho. (Luka 12:13-21) Wɔ asikafo fam no, asiane wɔ hɔ bere nyinaa sɛ wɔde wɔn sika no begye wɔn ani anaa wɔde bɛyɛ nneɛma a wɔn ankasa pɛ titiriw.

So ebetumi aba sɛ Salomo ahonyade a ɔde gyee n’ani traa so no na amma n’ani anna hɔ ma enti ɔtwee ne ho fii Onyankopɔn som ho no? (Luka 21:34) Ná onim pefee sɛ Onyankopɔn abara sɛ ɛnsɛ sɛ wɔware wɔn a wɔnyɛ Israelfo. Nanso, awiei koraa no obenyaa ɔyerenom ne ayefamnom bɛyɛ apem biako. (Deuteronomium 7:3) Esiane sɛ na ɔpɛ sɛ ɔsɔ ne yerenom a wɔnyɛ Israelfo no ani nti, ɔde abosonsom frafraa ne som mu. Sɛnea yɛaka ho asɛm dedaw no, Salomo koma de nkakrankakra man fii Yehowa ho.

Saa nhwɛso yi da no adi sɛ Yesu afotu a edi so yi yɛ nokware. Ɔkae sɛ: “Muntumi nsom Onyankopɔn ne Ahonyade.” (Mateo 6:24) Ɛnde, ɛbɛyɛ dɛn na Kristoni atumi agyina sikasɛm mu nsɛnnennen a nnipa dodow no ara hyia nnɛ no ano? Nea ɛho hia paa no, anidaso bɛn na ɛwɔ hɔ ma yɛn sɛ yebedi yiye ankasa daakye?

Yebedi Yiye Ankasa Daakye

Tete agyanom Abraham ne Hiob ne Israel man no nte sɛ Yesu akyidifo a wɔama wɔn ahyɛde sɛ ‘wɔnkɔyɛ aman nyinaa n’asuafo’ no. (Mateo 28:19, 20) Sɛ yebetumi adi saa ahyɛde yi so a, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn bere ne yɛn ahoɔden a anka yɛde bedi wiase nneɛma akyi no yɛ saa. Enti, ade titiriw a ɛbɛboa yɛn ma yɛadi yiye ne sɛ yɛbɛyɛ nea Yesu ka kyerɛɛ yɛn sɛ yɛnyɛ yi: “Enti, monkɔ so nhwehwɛ [Onyankopɔn] ahenni no ne ne trenee kan, na ɔde nneɛma a aka yi nyinaa bɛka ho ama mo.”—Mateo 6:33.

Bere a anka David reyɛ ahwere n’abusua ne ɔne Onyankopɔn ntam abusuabɔ no, n’ani baa ne ho so ma ɔyɛɛ nsakrae a ɛfata wɔ n’asetra mu. Sɛnea Yesu hyɛɛ bɔ no, bere a David san fii ase de Bible adesua, mpaebɔ, ne ɔsom adwuma no dii kan wɔ n’asetram no, nneɛma a aka nyinaa kɔɔ yiye maa no. Nkakrankakra no ɔne ne yere ne ne mma ntam abusuabɔ san yɛɛ yiye. Onyaa anigye ne abotɔyam bio. Ɔda so yɛ adwumaden. Wammɛyɛ sikani de, nanso onyaa asuade a edi mũ fii awerɛhosɛm a ɛtoo no no mu.

David ahu sɛ na nyansa nnim sɛ otu kɔɔ United States, na onnye nni sɛ ɔbɛma sikapɛ de no akɔ tebea a ɛte saa mu bio da. Afei wabehu sɛ yentumi mfa sika ntɔ nneɛma a ɛsom bo sen biara wɔ asetram a ɛne abusua a ɔdɔ wom, nnamfo pa, ne yɛne Onyankopɔn ntam abusuabɔ no. (Mmebusɛm 17:17; 24:27; Yesaia 55:1, 2) Nokwarem no, abrabɔ pa so wɔ mfaso koraa sen ahonyade. (Mmebusɛm 19:1; 22:1) David ne n’abusua asi wɔn bo sɛ wɔde nneɛma a ɛho hia koraa no bedi kan wɔ wɔn asetram.—Filipifo 1:10.

Mmɔden a nnipa abɔ sɛ wobenya asetra a yiyedi ankasa wom na bere koro no ara wɔabɔ bra pa no adi huammɔ mpɛn pii. Nanso, Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ N’ahenni no bɛma yɛanya honam fam ne honhom fam nneɛma a yehia nyinaa na ama yɛadi yiye wɔ asetram. (Dwom 72:16; Yesaia 65:21-23) Yesu kae sɛ sɛ yebedi yiye ankasa a, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn honhom fam ahiade ho hia yɛn titiriw. (Mateo 5:3) Enti sɛ́ yɛyɛ asikafo anaa ahiafo no, honhom fam nneɛma a yɛde bedi kan wɔ yɛn asetra mu nnɛ no ne ɔkwampa a yɛn mu biara betumi afa so de asiesie ne ho ama Onyankopɔn wiase foforo a abɛn pɛɛ no mu asetra. (1 Timoteo 6:17-19) Saa wiase no bɛyɛ wiase bi a emu nnipa bedi yiye ankasa wɔ honam fam ne honhom fam.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 2 Ɛnyɛ ne din ankasa ne no.

[Mfonini wɔ kratafa 5]

Hiob de ne ho too Onyankopɔn so, na ɛnyɛ n’ahonyade

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Yentumi mfa sika ntɔ nneɛma a ɛsom bo sen biara wɔ asetram no