Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Boaa Me Ma Mihuu No

Yehowa Boaa Me Ma Mihuu No

Asetram Nsɛm

Yehowa Boaa Me Ma Mihuu No

SƐNEA FLORENCE CLARK KA KYERƐE

Misoo me kunu a na ɔyare denneennen no nsa. Sɛ́ obi a na mekɔ Anglikan asɔre no, mebɔɔ Onyankopɔn mpae sɛ ɔmmoa mma me kunu ho ntɔ no, na mehyɛɛ Onyankopɔn bɔ sɛ, sɛ me kunu anwu a, mɛhwehwɛ no araa kosi sɛ mehu no. Na sɛ mihu no a, mɛsom No akosi daa.

WƆWOO me September 18, 1937, wɔ Aboriginefo kurow Oombulgurri a ɛwɔ Kimberley Plateau mantam a ɛwɔ Australia Atɔe fam no, na wɔtoo me din Florence Chulung.

Sɛ mekaakae me mmofraberem a na minni ɔhaw biara no a, ɛma m’ani gye paa. Misuaa Onyankopɔn ne Bible ho ade kakra fii asɔre no mu, nanso ɛyɛ me maame na ɔkyerɛkyerɛɛ me sɛnea ɛsɛ sɛ Kristofo bɔ wɔn bra. Ná ɔkenkan Bible kyerɛ me daa, na ɛmaa m’ani gyei sɛ mesua Onyankopɔn ho ade fi me mmofraase. Ná m’ani nso gye me maame nuabeanom biako a na ɔyɛ ɔsɛmpatrɛwfo wɔ n’asɔre mu no ho. Ná m’ani gye ho sɛ mɛyɛ n’adwuma no bi.

Ná yɛde mfe anum pɛ na ɛkɔ sukuu wɔ yɛn kurow a kan no na wɔfrɛ no Forrest River Mission no mu. Ná mekɔ sukuu nnɔnhwerew abien pɛ anɔpa biara. Enti na me nhomasua nnkɔ akyiri, na na ɛyɛ biribi a na ɛhaw me papa. Ná ɔpɛ sɛ ne mma sua nhoma kɔ akyiri. Enti, ɔne abusua no tu fii Oombulgurri kɔtraa Wyndham. Da a yetui no me werɛ howee, nanso mitumi de da mũ nyinaa kɔɔ sukuu mfe anan a na edi hɔ no, fi afe 1949 kosi afe 1952 wɔ Wyndham. M’ani sɔ paa sɛ me papa ma mitumi nyaa nhomasua a ɛte saa.

Ná me maame ne oduruyɛfo bi a ɔwɔ hɔ yɛ adwuma, na bere a miwiee sukuu a na madi mfe 15 no, oduruyɛfo yi faa me adwumam sɛ ɔyarehwɛfo wɔ Wyndham ayaresabea. Mede anigye yɛe, efisɛ saa bere no na adwuma ho yɛ den.

Mfe bi akyi no mihyiaa Alec, oburoni bi a ɔyɛn mmoa. Yɛwaree wɔ afe 1964 mu wɔ kurow Derby mu, na na mekɔ Anglikan Asɔre daa wɔ hɔ. Da bi, Yehowa Adansefo baa me fie. Meka kyerɛɛ wɔn sɛ m’ani nnye wɔn asɛm no ho koraa enti mma wonsi me fie hɔ bio. Nanso, wɔkaa asɛm bi a m’ani gyee ho, ɛne sɛ Onyankopɔn wɔ din ankasa, wɔfrɛ no Yehowa.

“W’ankasa Wuntumi Mmɔ Wo Mpae Anaa?”

Abrabɔ mu fii ase yɛɛ den wɔ afe 1965 mu. Me kunu nyaa akwanhyia a emu yɛ den mprɛnsa. Emu abien no, ne pɔnkɔ na ɛde no hwee ase, ɛnna biako yɛ ne kar. Anigyesɛm ne sɛ, ne ho tɔɔ no ma otumi san kɔɔ adwuma. Nanso, ɛno akyi bere tiaa bi no, ɔsan fi ne pɔnkɔ so hwee ase. Saa bere yi de, opirae kɛse wɔ ne ti. Bere a miduu ayaresabea no, oduruyɛfo no ka kyerɛɛ me sɛ me kunu bewu. Ɛhaw me yiye. Ɔyarehwɛfo bi ka kyerɛɛ ɛhɔnom sɔfo sɛ ommehu me, nanso ɔsɔfo no kae sɛ: “Mintumi mma nnɛ. Mɛba ɔkyena!”

Meka kyerɛɛ ɔbea kokorani no sɛ mepɛ sɛ ɔsɔfo no bɛbɔ mpae ma me. Ɔbea kokorani no kae sɛ: “Dɛn na ɛhaw wo? W’ankasa wuntumi mmɔ wo mpae anaa?” Enti mifii ase kotow ahoni a esisi asɔredan no mu anim bɔɔ mpae hwehwɛɛ mmoa, nanso ankosi hwee. Ná ɛte sɛ nea me kunu reyɛ awu. Midwenee ho sɛ, ‘Sɛ me kunu wu a, mɛyɛ dɛn?’ Ná midwen me mma baasa a wɔfrɛ wɔn Christine, Nanette, ne Geoffrey nso ho. Sɛ wɔn agya nni hɔ a ɔbra bɛn na wɔbɛbɔ? Anigyesɛm ne sɛ, nnansa akyi no me kunu ani so tetew no na woyii no fii ayaresabea wɔ December 6, 1966.

Ɛwom sɛ me kunu ho tɔɔ no de, nanso na wanya adwenemyare a ɛma ne werɛ fi nneɛma. Ná na ne bo taa fuw ma ɔyɛ basabasa. Ná ontumi nnya mmofra no ho abotare, na sɛ mmofra no anyɛ wɔn ade sɛ mpanyimfo a na ne bo fuw wɔn yiye. Ne hwɛ bɛyɛɛ den yiye. Ná ɛsɛ sɛ meyɛ ne ho biribiara ma no. Mekyerɛɛ no akenkan ne akyerɛw mpo bio. Ofie nnwuma a na meyɛ na mesan hwɛ me kunu no boroo me so, na ɛmaa minyaa adwenemhaw. Me kunu nyaa akwanhyia yi akyi mfe ason no, yɛpenee so sɛ yɛbɛtetew mu kakra sɛnea ɛbɛyɛ a mɛsan asi me dedaw mu.

Me ne mmofra no kɔɔ anafo fam kɔtraa Perth kurow no mu. Ansa na yɛretu no, na me nuabea ne Yehowa Adansefo afi ase resua Bible wɔ kurow ketewaa bi a ɛwɔ Australia Atɔe fam a wɔfrɛ no Kununurra. Ɔsan de paradise asase ho mfonini a Bible ahyɛ ho bɔ a ɛwɔ Nokware a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu * nhoma mu no kyerɛɛ me. Ɔsan buee nhoma yi nso mu kyerɛɛ me Onyankopɔn din, Yehowa, na m’ani gyee ho. Esiane sɛ na mentee saa nneɛma yi ho asɛm da wɔ m’asɔre mu nti, meyɛe sɛ sɛ midu Perth na minya baabi tra pɛ a, mefrɛ Yehowa Adansefo wɔ telefon so.

Nanso, metwentwɛn me nan ase kakra sɛ mɛfrɛ wɔn. Afei anwummere bi obi bɔɔ me pon mu. Me babarima kɔɔ pon no ano kɔhwɛe na afei otuu mmirika bɛka kyerɛɛ me sɛ: “Maame nkurɔfo no a wokaa sɛ wobɛfrɛ wɔn telefon so no aba ha.” Ɛyɛɛ me nwonwa kakra, na mekae sɛ, “Ka kyerɛ wɔn sɛ minni hɔ!” Nanso me babarima no kae sɛ: “Maame wunim sɛ ɛnsɛ sɛ midi atoro.” Enti mesesaa m’adwene, na mekɔhwɛɛ wɔn. Bere a mikyiaa wɔn no, mihui sɛ wɔn anim asesa. Ná anka wɔrebɛhwehwɛ obi a ɔte fie hɔ a watu afi hɔ. Memaa wɔbaa mu na mibisaa wɔn nsɛm pii, na wofi Bible mu maa me mmuae a ɛtɔ asom.

Nnawɔtwe a edi hɔ no, mifii ase ne Adansefo no de Nokware a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu nhoma no suaa Bible no daa. Adesua no maa m’ani san begyee ho sɛ mesua Onyankopɔn ho ade. Nnawɔtwe abien a akyi no mekɔɔ Kristo Yesu wu Nkaedi no ase. Mifii ase kɔɔ asafo nhyiam Kwasida biara, na ankyɛ na mifii ase kɔɔ nnawɔtwe mfinimfini nhyiam ahorow no nso. Mifii ase nso kaa nea na meresua no ho asɛm kyerɛɛ afoforo. Mibehui sɛ afoforo a na mereboa wɔn ma wɔasua Bible mu nokware no ama me ho afi ase retɔ me. Asram asia akyi no, mebɔɔ asu wɔ ɔmantam nhyiam a wɔyɛe wɔ Perth ase.

Bere a minyaa Bible mu nimdeɛ pii no, mibehuu sɛnea Yehowa bu aware sɛ ade kronkron, ne Bible nnyinasosɛm a ɛwɔ 1 Korintofo 7:13 a ɛka sɛ: “Sɛ ɔbea bi nso wɔ kunu a onnye nni, na sɛ ɔbarima no pene so sɛ ɔne no bɛtra a, ɛnsɛ sɛ ogyaa ne kunu no” no. Saa Kyerɛwnsɛm yi kaa me maa mesan kɔɔ Alec nkyɛn.

Mesan Kɔɔ Derby

Bere a me ne me kunu tetew mu bɛboro mfe anum akyi no, mesan kɔɔ Derby wɔ June 21, 1979. Nokwarem no, na minnim nea na sɛ me kunu hu sɛ masan aba a, ɔbɛyɛ. Ɛyɛɛ me nwonwa sɛ n’ani gyei sɛ masan aba ne nkyɛn, nanso n’ani annye ho papa sɛ na mabɛyɛ Yehowa Dansefo. Ntɛm ara na ɔkae sɛ memma yɛnkɔ n’asɔre, asɔre a na mekɔ ansa na merekɔ Perth no. Nanso, mekae sɛ mintumi nkɔ. Mebɔɔ mmɔden sɛ mɛkyerɛ obu ama ne tiyɛ na meyɛɛ nea metumi biara sɛ mɛyɛ m’ade sɛ Kristoni ɔbaa warefo. Meyɛe sɛ mɛka Yehowa ne Ne nneɛma a ɛyɛ anigye a wahyɛ ho bɔ sɛ ɛbɛba daakye no ho asɛm akyerɛ no, nanso n’ani annye ho.

Nanso, bere kɔɔ so no, ɛnyɛ m’asetra foforo no nko na n’ani begyee ho, na mmom ofii ase boaa me wɔ sika fam nso, sɛnea ɛbɛyɛ a metumi akɔ amantam ne amansin nhyiam, ne dapɛn biara nhyiam ahorow no. Bere a ɔtɔɔ kar, a ɛyɛ ade a ɛsom bo wɔ saa Australia akuraase yi maa me sɛ memfa nyɛ Kristofo som adwuma no, m’ani gyei paa. Ná anuanom mmarima ne mmea ne ɔmansin sohwɛfo no taa bedi nna kakra wɔ yɛn fie. Eyi maa Alec tumi huu Adansefo no pii, na ɛte sɛ nea na n’ani gye wɔn fekubɔ no ho.

Metee Nka Te sɛ Hesekiel

M’ani gyee anuanom mmarima ne mmea no nsrahwɛ ho, nanso mihyiaa asɛnnennen bi. Ná me nkutoo ne Ɔdansefo a mewɔ Derby kurow no mu. Ná asafo a ɛbɛn me pɛɛ no wɔ Broome, a efi Derby rekɔ hɔ no yɛ kilomita 220. Enti meyɛɛ m’adwene sɛ mɛyɛ nea metumi biara de atrɛw asɛmpa no mu wɔ Derby. Ɛdenam Yehowa mmoa so no, metotoo me nneɛma yiye na mifii ase dii adanse wɔ afie afie. Ná saa adwuma yi yɛ me den, nanso mekɔɔ so kaee ɔsomafo Paulo asɛm yi bere nyinaa sɛ: “Ade nyinaa mu mewɔ ahoɔden esiane nea ɔhyɛ me den no nti.”—Filipifo 4:13.

Asɔfo a na wɔwɔ hɔ no ani annye m’adwuma no ho, titiriw Aboriginefo a na meka asɛm no kyerɛ wɔn no. Wɔbɔɔ mmɔden sɛ wobehunahuna me ama magyae asɛnka adwuma no. Ɔsɔretia a wɔde baa me so no koraa mpo na ɛmaa misii me bo denneennen sɛ mɛkɔ so ayɛ adwuma no, na mebɔɔ Yehowa mpae daa sɛ ɔmmoa me. Ná metaa kae nkuranhyɛsɛm a ɔde maa Hesekiel no: “Hwɛ, mahyɛ w’ani den wɔn anim, na mama wo momaso ayɛ den ahyɛ wɔn momaso. Mayɛ wo momaso sɛ ahemmo a ɛyɛ den sen twerebo; nsuro wɔn, na mma wo bo nntu wɔn anim, na wɔyɛ asowuifo fi.”—Hesekiel 3:8, 9.

Sɛ meredi gua a, na asɔre bi mu mmarima baanu taa ba me nkyɛn bedi me ho fɛw, huro me bɔ me dede, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn a wɔredi gua no adwene bɛba me so. Nanso, mammua wɔn. Bere bi a na me ne onigyeni bi resua ade no, asɔre a ɛwɔ hɔ no sɔfo bɛkae sɛ minnye Yesu nni. Ohwim me Bible fii me nsam yɛɛ sɛnea ɔde repae m’ani so no, na ɔsan de pɔkyeree me nsam. Mehwɛɛ n’anim tẽẽ fii odwo mu kaa Yohane 3:16 mu asɛm kyerɛɛ no pefee, na memaa no hui sɛ migye Yesu di. Ahotoso a mede kasae no maa ne ho dwiriw no yiye ma ɔsan n’akyi kɔe a wammue n’ano.

M’ani gyee asɛm a na meka kyerɛ Aboriginefo a wɔwɔ Derby mpɔtam hɔ no ho. Ɔsɔfo bi a ɔwɔ kurom hɔ no yɛe sɛ ɔmma menka asɛm no nkyerɛ nnipa a wɔwɔ borɔn pɔtee bi so, nanso woyii no fii kurom hɔ. Enti, mitumi kɔkaa Bible mu asɛm no kyerɛɛ wɔn. Mifi me mmofraase na mepɛe sɛ mɛyɛ ɔsɛmpatrɛwfo te sɛ me maame nua no, afei de me na na mereyɛ asɛmpatrɛw adwuma ankasa reboa afoforo ma wɔasua Onyankopɔn Asɛm yi. Aboriginefo pii tiee asɛm a na mereka no, na mifii Bible adesua dodow bi ase.

Memaa Me Ne Onyankopɔn Ntam Abusuabɔ Ho Hiaa Me

Mfe anum mua na na me nkutoo meyɛ Yehowa Adansefo wɔ Derby. Esiane sɛ na me ne me mfɛfo asomfo ntumi nhyiam daa nnya nkuranhyɛ nti, na ɛyɛ den sɛ me ne Onyankopɔn ntam abusuabɔ mu bɛyɛ den. Bere bi, na m’abam abu araa ma mituu kar kotuu mpase. Bere a mesan baa fie saa da no anwummere no, na onuawa bi ne ne mma baason te m’akyi retwɛn me. Ná wɔde nhoma afi Broome asafo a ɛwɔ akyirikyiri no abrɛ me. Efi saa bere no, onuawa yi a wɔfrɛ no Betty Butterfield yɛɛ nhyehyɛe baa Derby pɛnkoro ɔsram biara wɔ nnawɔtwe no awiei. Me ne no kɔɔ asɛnka na afei yesuaa Ɔwɛn-Aban no wɔ me fie. Me nso mekɔɔ Broome pɛnkoro ɔsram biara.

Anuanom a na wɔwɔ Broome no boaa me paa, na na da bi wɔ hɔ a wotumi twa kwantenten ba Derby bɛboa me ma yɛyɛ asɛnka adwuma no. Wɔhyɛɛ anuanom mmarima ne mmea biara a wofi nkurow afoforo so a wotwam wɔ Derby no nkuran sɛ wɔnhwehwɛ me na wɔne menyɛ asɛnka adwuma no. Saa anuanom yi brɛɛ me baguam kasa ahorow a wɔakyere agu hama so nso. Ebinom kaa me ho ma yesuaa Ɔwɛn-Aban no. Saa nsrahwɛ ntiantiaa yi hyɛɛ me nkuran yiye.

Ná Mmoa Pii Nam Kwan So Reba

Arthur ne Mary Willis a wɔyɛ awarefo a na wɔakɔ pɛnhyɛn a wofi Australia Atɔe fam no yɛɛ me mmoa foforo, na wɔbɛboa me asram abiɛsa wɔ awɔw bere mu, na wɔyɛɛ saa toaa so mfe bi. Onua Willis na ɔyɛɛ asafo nhyiam no dwumadi mu dodow no ara, na ɔno nso na odii anim wɔ asɛnka adwuma no mu. Yɛn nyinaa twaa kwan kɔɔ Kimberley Plateau nkuraase kɔsrasraa mmeae a wɔyɛn anantwi. Bere biara a na Onua ne Onuawa Willis bɛsan akɔ wɔn kurom no, na mete nka sɛ mayɛ ankonam.

Afei, ɛde rekɔ afe 1983 awiei no, metee anigyesɛm bi sɛ, Danny ne Denise Sturgeon ne wɔn mmabarima baanan reba abɛtra Derby. Bere a wɔbae no yetumi yɛɛ dapɛn dapɛn nhyiam na yɛkɔɔ asɛnka. Yɛtew asafo wɔ afe 2001 mu. Ɛnnɛ, asafo a ɛyɛ den a emu Ahenni adawurubɔfo yɛ 24, na ɛwɔ Derby, na emu mpanyimfo yɛ baanu ne asafo mu ɔsomfo biako a wodi anim boa yɛn ma yɛn nsa ka yɛn honhom fam ahiade. Ɛtɔ mmere bi a, nnipa bɛyɛ 30 na ɛba yɛn asafo nhyiam.

Sɛ mibu kɔmpɔ hwɛ m’akyi a, ɛma m’ani gye sɛ mihu sɛnea Yehowa aboa me ama meresom no. Ɛwom sɛ me kunu nnya mmɛkaa me ho wɔ me som mu de, nanso ɔkɔ so boa me wɔ akwan foforo so. M’abusuafo baanum abɛyɛ adansefo a wɔabɔ asu, me mmabea baanu, me mmanananom baanu, ne me nuabea kumaa babea. Afei nso, m’abusuafo binom ne Yehowa nkurɔfo resua Bible no.

M’ani agye ankasa sɛ Yehowa boaa me ma mihuu no. Masi me bo sɛ mɛsom no akosi daa.—Dwom 65:2.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 14 Yehowa Adansefo na wotintimii, nanso wɔagyae tintim.

[Asase Mfonini/Mfonini ahorow wɔ kratafa 15]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

AUSTRALIA

Wyndham

Kimberley Plateau

Derby

Broome

Perth

[Nsɛm Fibea]

Kangaroo ne lyrebird: Lydekker; koala: Meyers

[Mfonini wɔ kratafa 14]

Mereyɛ adwuma sɛ ɔyarehwɛfo wɔ Wyndham ayaresabea, 1953

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Derby asafo, 2005