Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bolivia Nkurow A Atew Ne Ho Te Asɛmpa

Bolivia Nkurow A Atew Ne Ho Te Asɛmpa

Bolivia Nkurow A Atew Ne Ho Te Asɛmpa

NÁ YƐYƐ nnipa bɛyɛ 20 a yɛaboa yɛn ho ano wɔ mpoano retwɛn denneennen sɛ yebetu da koro kwan akɔ nkuraa a ɛwɔ asubɔnten Beni atifi no. Yɛwɔ Andes mmepɔw no ase, baabi a asubɔnten Beni nam asase tɛtrɛɛ a ɛda asubɔnten Amazon anafo fam no. Ɛhɔ yɛ fɛ yiye.

Nanso yɛnyɛ nsrahwɛfo. Yɛn mu binom fi mpɔtam ha; ɛnna dodow no ara nso fi nkurow a ɛwɔ akyirikyiri na abɛtra Rurrenabaque ha. Ɛyɛ kurow ketewa a nnua a egu nhwiren fɛfɛ wom. Wɔde sare na akuruw adan no so. Ɛha dwo nanso ɛwom wom a na moto a wɔde fa nnipa gye sika no abɛyɛ dede kakra. Dɛn nti na yɛretu kwan yi?

Nea ɛrekɔ so wɔ ha yi ara bi na wɔreyɛ wɔ Bolivia mmeae pii. Yehowa Adansefo a wofi nkurow akɛse mu ne aman afoforo so no kɔka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa wɔ nkurow nketewaa nso mu.—Mateo 24:14.

Bolivia wɔ Amerika Anafo fam mfinimfini. Ɔman no kɛse te sɛ France man no mmɔho abien, nanso emu nnipa no nnu nnipa dodow a wɔwɔ France no ho baabiara. Boliviafo dodow no ara te nkurow akɛse ne nkurow a wotu fagude wom a egu mmepɔw so anaa mmepɔw ase, wɔ baabi a wɔyɛ kua kɛse wɔ hɔ no mu. Nanso wɔ mmeae a osu tɔ na awia bɔ kɛse wɔ hɔ no, nkurow no ntam twetwe na kwae akɛse deda ntam.

Wɔ afe 1950 ne 1960 mfe no mu no, asɛmpatrɛwfo akokodurufo te sɛ Betty Jackson, Elsie Meynberg, Pamela Moseley, ne Charlotte Tomaschafsky dii adwuma no anim wɔ nkurow pii a atew ne ho no mu. Wɔkyerɛkyerɛɛ nnipa komapafo Bible mu nokware no na wɔboa maa wɔtew asafo nketewa pii. Eduu afe 1980 ne 1990 mfe no mu no, Yehowa Adansefo dodow bu bɔɔ ho mpɛn asia, titiriw wɔ nkurow akɛse mu. Seesei de asafo ahorow wɔ kurow biara mu. Wubetumi ahu Yehowa Adansefo wɔ amantam a wodi yiye no mu, baabi a nnipa a wɔte hɔ no yɛ nnwuma wɔ abansoro adan atenten mu, wɔtete afie akɛse a ɛyɛ fɛ mu, na wodi gua wɔ sotɔɔ akɛse mu. Asafo ahorow wowɔ nkuraa a ɛwɔ akyirikyiri no nso mu, baabi a nkurɔfo tete dɔtedan mu, wodi gua wɔ petee mu, na wɔhyɛ wɔn kurom ntade a ɛyɛ fɛ no. Nanso, dɛn na wobetumi ayɛ de aboa nnipa pii a wɔwɔ mmeae a atew ne ho no ma wɔabehu Yehowa?

Wofi Kurow Akɛse Mu Ba Nkuraase

Mfe aduonu a atwam ni no, nnipa pii no ara atu afi Bolivia nkurow ne nkuraase a wotu fagude wom no mu abɛtra nkurow akɛse mu. Nanso wontaa nhu sɛ nkurɔfo tu fi nkurow akɛse mu kɔtra nkuraase. Wɔ nkuraa pii ase no, telefon biako pɛ na ɛwɔ hɔ na nnɔnhwerew kakraa bi na wɔde sɔ anyinam nkanea da mũ no nyinaa. Adansefo a wɔte nkurow nketewa a ɛte saa mu no hu wɔn mfɛfo gyidifo afe afe wɔ ɔmantam nhyiam ase. Wotua sika kɛse ansa na wɔatumi akɔ nhyiam yi bi, nanso ɔbrɛ ne asiane wom. Mfitiase sukuu nkutoo na ɛwɔ nkuraa no ase. Ɛnde, dɛn na ɛka Yehowa Adansefo pii ma wutu fi nkurow akɛse mu kɔtra nkuraase?

Luis kae nnansa yi ara sɛ: “Minyaa hokwan sɛ merekɔtoa m’adesua so wɔ La Paz kurom. Nanso m’awofo ma mihui bere nyinaa sɛ asuafoyɛ adwuma no ne adwuma a eye sen biara. Enti mede bere tiaa bi suaa adansi ho ade wɔ sukuu mu. Mekɔɔ akwamma wɔ Rurrenabaque no, mihui sɛnea nkurɔfo no de anigye tie asɛmpa no. Bere a mihui sɛ anuanom a wɔwɔ hɔ no sua no, metee nka sɛ ɛsɛ sɛ meba bɛboa. Seesei meyɛ ofie Bible adesua ahorow 12. Sɛ nhwɛso no, me ne aberante bi ne ne yere a wɔwɔ mma baanan na esua ade. Ná ɔyɛ ɔsabofo a ɔtow kyakya, nanso wagyae eyinom nyinaa na wafi ase reka Yehowa ho ade a ɔresua no kyerɛ ne nnamfonom. Osiesie ne ho ma adesua biara. Na sɛ ɛba sɛ ɛsɛ sɛ okodi nnansa anaa nnannan wɔ kwaem bu nnua a, ɛhaw no paa efisɛ ɔmpɛ sɛ Kristofo dwumadi biara pa ne ti so. Sɛ mihu me Bible asuafo yi nyinaa wɔ Kristofo nhyiam ase a, ɛma mete nka sɛ mmɔden a merebɔ nyinaa nyɛ ɔkwa.”

Juana yɛ ɔwofo a onni hokafo. Ɔkae sɛ, “na meyɛ adwuma wɔ La Paz sɛ abaawa. Bere a na mete kurow kɛse mu a na me ba no sua no, mede me ho hyɛɛ bere nyinaa som adwuma no mu. Bere a mekɔɔ Rurrenabaque no, mihui sɛ sɛ mitu ba ha a metumi ayɛ pii. Enti me ne me babarima no bae, na minyaa adwuma sɛ abaawa. Mfiase no, na ɔhyew no ano yɛ den na na nkoekoemmoa nso haw yɛn. Nanso yɛatwa mfe ason wɔ ha. Mitumi yɛ Bible adesua ahorow pii dapɛn biara, na me Bible asuafo pii ba adesua de kyerɛ nea wɔresua no ho anisɔ.” Juana ne ne babarima no ka wɔn a wɔrefa hyɛmma akɔ asubɔnten no atifi no ho. Yɛto nsa frɛ wo sɛ bɛka yɛn ho ma yɛnkɔ.

Ɔkwan a Yetwa Kɔ Asubɔnten no Atifi

Hyɛmma no tu de n’ani kyerɛ atifi fam wɔ ɔkwan hiahia a ɛda mmepɔw no ntam wɔ asubɔnten no so no. Nkoo pii a wɔmpɛ sɛ yɛfa nsu no so no su di yɛn akyi. Ɔhyɛnkafo a onim n’adwuma yiye no de yɛn fa nsu a ahono na ano yɛ den a efi mmepɔw mu rehyia yɛn no so. Eduu anɔpa a na anim atetew no, yefii hyɛn no mu sii akuraa ketewa bi ase. Yehyiaa Rurrenabaque Asafo mu panyin bi wɔ hɔ, na ɔkyerɛɛ yɛn baabi a yɛnkɔ asɛnka.

Nnipa a wɔte akuraa no ase no gyee yɛn fɛw so. Ebinom maa yɛn baabi trae wɔ nnua ase, na ebinom nso de yɛn kɔɔ wɔn afie a wɔde mpampuro asi na wɔde berɛw akuruw so no mu. Ankyɛ na yehyiaa awarefo bi a na wɔrekyĩ ahwerew mu nsu wɔ nnuadan bi mu. Ahwerew mu nsu no tene kogu yawa bi mu. Akyiri yi, wɔde ahwerew nsu no si gya so kosi sɛ ɛbɛdan biribi te sɛ ɛwo a wobetumi akɔtɔn wɔ kurom. Wɔtoo nsa frɛɛ yɛn kɔɔ wɔn afie mu na wobisabisaa yɛn Bible mu nsɛm bebree.

Yɛtoaa so kɔɔ asubɔnten no atifi, na yɛkaa asɛm no fii akuraa biako ase kɔɔ foforo mu. Nnipa pii ani gyee Bible mu asɛm a ɛfa yare ne owu a ebefi hɔ no ho. (Yesaia 25:8; 33:24) Esiane sɛ wonni ayaresabea wɔ ha nti, mmofra taa wuwu. Asetra yɛ den ma akuafo ne afarefo a wɔwɔ ha no efisɛ nea wonya no ara na wodi. Enti nnipa pii ani gye Onyankopɔn bɔhyɛ a wɔaka ho asɛm wɔ Dwom 72 a ɛfa nniso bi a ebeyi ohia buruburoo afi hɔ no ho. Ne nyinaa akyi no, wususuw sɛ nnipa a wɔn ani gye asɛm no ho a wɔte mmeae a atew ne ho yi bemia wɔn ani aba Kristofo nhyiam? Saa asɛm yi fa Eric ne Vicky ho. Wɔyɛ bere nyinaa asomfo wɔ Santa Rosa a ɛwɔ Amazon anafo fam. Sɛ wofa kar fi hɔ reba a, ebegye nnɔnhwerew abiɛsa.

Anigyefo no Bɛba?

Mfe 12 a atwam ni na Eric ne Vicky fii California, U.S.A., baa Bolivia. Ɔhwɛfo kwantufo bi hyɛɛ wɔn nkuran sɛ wontu nkɔ Santa Rosa. Vicky ka sɛ: “Telefon abien pɛ na ɛwɔ kurom hɔ, na Intanɛt de, ebi nni hɔ. Wuram mmoa pii wɔ hɔ. Sɛ yɛte moto so rekɔ nkuraase a, yɛtaa hu adɛnkyɛm, sohori ne awɔ akɛse. Nanso nnipa a wɔwɔ hɔ no titiriw nti na yɛkɔɔ hɔ na ɛnyɛ mmoa no. Yɛne awarefo bi a wɔfrɛ wɔn Vaca a wɔwɔ mmofra baanan yɛ Bible adesua. Efi baabi a wɔte ba kurom no bɛyɛ akwansin 16. Ná agya no yɛ kɔwensani, nanso seesei de, wagyae. Dapɛn biara ɔde n’abusua nyinaa ne ne nuabea kumaa ba Ahenni Asa so. Ɔde ne yere ne ne ba ketewa tra ne sakre so na etwa kwan no. Ne ba a wadi mfirinhyia akron no de ne nuabea kumaa tra sakre foforo so, na nea wadi mfirinhyia awotwe no nso de ne sakre di wɔn akyi. Wɔde nnɔnhwerew abiɛsa na etwa kwan no.” Abusua no dɔ Yehowa paa na wɔbɔ wɔn ho mmɔden biara sɛ wɔne anuanom a wɔwɔ asafo no mu bɛbɔ fekuw.

Wɔ asram 18 pɛ mu no, nnipa 3 abɔ asu, na nnipa 25 ba adesua wɔ Ahenni Asa foforo a ɛwɔ Santa Rosa no. Ɛwom sɛ nkurɔfo pii pɛ sɛ wosua Bible no de, nanso wɔwɔ akwanside pii a ɛsɛ sɛ wodi ho dwuma na ama wɔatumi asom Yehowa.

Ɛyɛ Den ma Wɔn sɛ Wɔbɛyɛ Wɔn Yerenom Ho Ade

Marina ne Osni a wɔyɛ asɛmpatrɛwfo wɔ kurow a atew ne ho wɔ Bolivia ne Brazilfo hye so no ka sɛ nnipa a wɔwɔ ha no mmu aware sɛ abusuabɔ a ɛsɛ sɛ ɛtra hɔ daa. Wɔfa mmea ne wɔn tra a wɔnyɛ wɔn ho ade. Osni ka sɛ: “Ɛyɛ ade a esiw wɔn som mu nkɔso kwan. Sɛ nkurɔfo no pɛ sɛ wɔbɛyɛ nokware Kristofo a, ɛtaa yɛ den na ɛma wɔbɔ ka nso. Sɛ ɛba saa a, ɛsɛ sɛ ebinom gyae mpenatwe, na wɔware mmara kwan so. Nanso esiane sɛ ebinom ahu sɛ ware a wɔbɛware wɔ mmara kwan so no yɛ Kyerɛwnsɛm mu ahwehwɛde nti, wɔyɛ adwumaden sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya sika a wɔde betua ho ka.”—Romafo 13:1, 2; Hebrifo 13:4.

Marina ka Norberto ho asɛm sɛ: “Ɔne mmea pii trae ansa na ɔrekɔfa ɔbea bi a ɔto paano. Ná Norberto sen ɔbea no mfe 35, na na ɔbea no wɔ abanoma. Bere a abarimaa no renyin no, na Norberto pɛ sɛ ɔyɛ nhwɛso pa ma no. Enti bere a Ɔdansefo bi baa baabi a wɔto paano sɛ ɔne wɔn bɛyɛ ofie Bible adesua a wontua hwee no, Norberto penee so ɛmfa ho sɛ na onnim akenkan na wadi boro mfe 70 no. Bere a Norberto ne ne hokafo no hui nea Yehowa hwehwɛ sɛ wɔyɛ no, wogyae mpenatwe waree, na akyiri yi wɔbɔɔ asu. Abarimaa no abɛyɛ Kristoni aberante a otumi di n’asɛyɛde ho dwuma yiye sɛnea ne maame kunu pɛe sɛ ɔyɛ no ara pɛ. Norberto suaa akenkan na wama ɔkasa ahorow wɔ asafo nhyiam ase mpo. Ɛmfa ho sɛ ne mfe nti onni ahoɔden pii no, ɔyɛ ɔsɛmpakafo a ɔyɛ nsi.”

Yehowa Honhom Hyɛ Wɔn Den

Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo a wodi kan no sɛ: “Na mmom sɛ honhom kronkron no ba mo so a mubenya tumi, na mobɛyɛ m’adansefo . . . de akɔ asase ano nohoa.” (Asomafo Nnwuma 1:8) Hwɛ sɛnea ɛhyɛ nkuran sɛ Onyankopɔn honhom kanyan Kristofo mmea ne mmarima ma wɔkɔ mmeae a atew ne ho wɔ akyirikyiri kɔka asɛmpa no! Sɛ nhwɛso no, wɔ afe 2004 mu no, Kristofo a wɔwɔ Bolivia bɛyɛ 30 de bere tiaa kɔsomee wɔ mmeae a atew ne ho wɔ akyirikyiri sɛ akwampaefo atitiriw. Wɔkyerɛ anuanom bɛyɛ 180 a wofi amannɔne aba Bolivia abɛsom sɛ akwampaefo, amansin so ahwɛfo, Betel adwumayɛfo, anaa asɛmpatrɛwfo no nhwɛso pa ho anisɔ. Ahenni adawurubɔfo 17,000 a wɔwɔ Bolivia no ne anigyefo yɛ Bible adesua bɛyɛ 22,000 wɔ afie mu.

Hu a anuanom yi hu sɛ Yehowa honhom na ɛkyerɛ wɔn kwan no ma wɔn ani gye yiye. Sɛ nhwɛso no, wɔmaa Robert ne Kathy kɔsomee wɔ Camiri sɛ asɛmpatrɛwfo. Camiri a ɛda asubɔnten bi ho wɔ mmepɔw nsianee so no yɛ kurow a atew ne ho. Robert ka sɛ: “Ɛte sɛ nea yɛbaa ha bere a ɛfata paa mu. Nnipa bɛyɛ 40 abɛyɛ asɛmpa no ho adawurubɔfo wɔ mfe abien mu.”

Ɔkɔwensani a Ɔtow Kyakya Tie Asɛm No

Kurom hɔfo pii ani agye nsakrae a wɔn a wosua Bible no ayɛ no ho. Sɛ nhwɛso no, bɛyɛ mfe anan a atwam ni no, da bi nketenkete kyee ɔkɔwensani bi a wɔfrɛ no Ariel. Ɛwom sɛ kyakyatow ma ogyee din de, nanso na ɛka akɛse a ɔde no haw no, n’aware nye, na na ɔnhwɛ ne mmabea nso. Bere a ɔredwennwen no, Yehowa Dansefo bi a ɔnam afie afie mu no bepuee ne so. Bere a onua no rekasa no, Ariel yɛɛ aso tiee Kyerɛwnsɛm mu nkyerɛkyerɛmu a ɔde mae no yiye. Ankyɛ, Ariel san kɔdae a na ɛnyɛ sɛ nketenkete na akye no, na mmom na ɔrekenkan biribi a ɛfa abusua asetra a ɛyɛ anigye, Paradise ne Onyankopɔn som ho. Akyiri yi, ɔpene ma wɔne no yɛɛ Bible adesua.

Bere a asɛmpatrɛwfo no duu Camiri no, na Ariel yere Arminda resua ade, nanso na ɔmfa no aniberesɛm biara. Ɔbea no kae sɛ, “mɛyɛ nea metumi biara ma wagyae asanom, nanso minnye nni mpo sɛ ebetumi ayɛ yiye. Wagye nsam.” Nanso ɔbea no ani gyee Bible adesua no ho sen sɛnea na ɔhwɛ kwan no. Wɔ afe pɛ mu no, wɔbɔɔ no asu a na ɔredi n’abusuafo adanse. Ankyɛ na n’abusuafo pii hyiraa wɔn nkwa so maa Yehowa.

Ariel de, na ɛyɛ den ma no sɛ obegyae asanom, sigaretnom ne kyakyatow. Nneɛma sesae bere a ɔtoo nsa frɛɛ ne nnamfonom nyinaa kɔɔ Yesu wu Nkaedi ase no. Na wabɔ ne tirim sɛ: “Wɔn a wɔamma no, me ne wɔn remmɔ bio. Me ne wɔn a wɔbɛba no besua Bible no.” Ɔnam saa kwan no so ne wɔn mu baasa yɛɛ Bible adesua. Ansa na Ariel reba asafo no mu no, ɔne n’abusuani suaa Bible no ma ɔne no bɔɔ asu da koro. Arminda ka sɛ: “Ɛte sɛ nea Ariel a na minim no no asesa koraa.”

Robert bɔ amanneɛ sɛ: “Ɛnnɛ, abusuafo yi mu 24 kɔ asafo nhyiam daa. Wɔabɔ emu 10 asu, na emu 8 yɛ adawurubɔfo a wɔmmɔɔ asu. Nnipa binom a wohuu nsakrae a wɔayɛ no nso fii ase suaa Bible no, na wɔba asafo nhyiam ahorow. Nnipa a wɔba nhyiam ahorow no akɔ anim fi 100 akosi 190. Me ne Kathy yɛ Bible adesua bɛyɛ 30, na wɔn nyinaa ba nhyiam ahorow. Yɛn ani agye sɛ yɛbaa ha.”

Nea ɛrekɔ so wɔ Bolivia nkurow a atew ne ho mu yi yɛ nea wɔahyɛ ho nkɔm wɔ Bible mu wɔ Adiyisɛm ti 7 no mmamu kakraa bi. Ɛhɔ na wɔka wiase anoboaboa adwuma a wɔbɛyɛ wɔ “Awurade da no” mu de aboaboa wɔn a wobenya wɔn ti adidi mu wɔ ahohiahia kɛse no mu no ano no ho asɛm. (Adiyisɛm 1:10; 7:9-14) Ɛmmae da wɔ nnipa abɔkɔsɛm mu sɛ nnipa ɔpepem a wofi aman nyinaa mu ayɛ biako resom nokware Nyankopɔn koro no. Hwɛ anigye a ɛyɛ sɛ yehu sɛ ɛrenkyɛ Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow bɛbam!

[Mfonini wɔ kratafa 9]

Betty Jackson

[Mfonini wɔ kratafa 9]

Elsie Meynberg

[Mfonini wɔ kratafa 9]

Pamela Moseley

[Mfonini wɔ kratafa 9]

Charlotte Tomaschafsky, nifa so nohoa

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Dapɛn biara Vaca abusua no de sakre twa nnɔnhwerew abiɛsa kwan kɔ Ahenni Asa so

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Eric ne Vicky bɛsomee wɔ baabi a wohia Ahenni adawurubɔfo kɛse

[Mfonini wɔ kratafa 11]

Nnipa a wɔte nkuraa a ɛbɛn asubɔnten Beni ho no tie asɛmpa no yiye

[Mfonini wɔ kratafa 12]

Robert ne Kathy som sɛ asɛmpatrɛwfo wɔ Camiri