Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Dɛn Na Ntamasin Ahinasa Afasebiri No Kyerɛ?”

“Dɛn Na Ntamasin Ahinasa Afasebiri No Kyerɛ?”

“Dɛn Na Ntamasin Ahinasa Afasebiri No Kyerɛ?”

ABAN adwumayɛni bi a ɔyɛ adwuma wɔ asɛnnibea wɔ Seoul, Republic of Korea kyerɛwee sɛ: “Nna kakra a atwam ni no, migyee Ɔwɛn-Aban fii Yehowa Dansefo bi nkyɛn.” Ɔtoaa so kae sɛ: “Mekenkanee no, mihuu ɔtaa a Yehowa Adansefo hyiae wɔ Nasi ne Komunis nniso ahorow ase no ho nsɛm bi. Nanso biribi kyere m’adwene. Wɔ mfonini a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban no akyi mu no, mihui sɛ wɔde ntamasin ahinasa afasebiri abobɔ ntade a Yehowa Adansefo hyehyɛ no bekum so. Dɛn na ntamasin ahinasa afasebiri no kyerɛ?”

Wɔ Germany Nasifo nniso ase no, Yehowa Adansefo powee sɛ wɔbɛhyɛ Hitler anuonyam, na wɔkɔɔ so gyinaa afã biara a wonni wɔ amammuisɛm ne sraadi ho nsɛm no mu. Ɛno nti Nasifo no taa wɔn atirimɔden so, kyekyee Adansefo bɛyɛ 12,000 koguu afiase ne nneduaban ahorow mu mmere tenten. Wɔn mu bɛyɛ 2,000 wuwui, na wokunkum ɔhaha pii.

Ahyɛnsode ahinasa afasebiri a na wɔatwa abɔ nneduafo no ntade mu no gyina hɔ ma dɛn? Anatomy of the SS State nhoma no ka sɛ: “Ná nneduafo ahorow a wɔwɔ [Nasi] nsraban mu no bobɔ ahyɛnsode ahorow. Wɔn a wɔyɛɛ ahyɛnsode no ho nhyehyɛe ansa na ɔko no reba no pam ntamasin ahinasa de bobɔɔ nneduafo no ntade mu. Ná ntamasin no kɔla na ɛkyerɛ kuw a obi wom: amammuifo nneduafo de yɛ kɔkɔɔ; Yehowa Adansefo de yɛ afasebiri; nnipa a wɔyɛ keka de yɛ tuntum; nsɛmmɔnedifo de yɛ ahabammono; nnipa a wokura bɔbeasu koro a wɔne wɔn ho da de yɛ nkra nhoma; atutrafo de yɛ bruu. Na wɔpam ntamasin a ne kɔla yɛ akokɔsrade de fam kɔla ahorow a na ɛbɔ Yudafo nneduafo no ntade mu no so ma ɛyɛɛ te sɛ Dawid Nsoromma.”

Ɔbenfo John K. Roth kyerɛw wɔ ne nhoma Holocaust Politics mu sɛ: “Sɛ yɛn nyinaa resua biribi afi mu a, anka ntamasin ahinasa afasibiri a ɛtwe yɛn adwene kɔ abrabɔ pa a ɛfata nkamfo paa so no bɛma yɛakwati atirimmɔdensɛm ɛte saa daakye.” Wɔabɔ Yehowa Adansefo aba so wɔ video, Jehovah’s Witnesses Stand Firm Against Nazi Assault a wɔyɛe no ho. Dɛn nti na wummisa Yehowa Dansefo bi ma ɔnyɛ nhyehyɛe mma wonyi video yi bi nkyerɛ wo?