Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nantew Ɔkwan A Ɛkɔ So Hyerɛn No So

Nantew Ɔkwan A Ɛkɔ So Hyerɛn No So

Nantew Ɔkwan A Ɛkɔ So Hyerɛn No So

“Treneefo kwan te sɛ owia hann, ɛkɔ so hyerɛn kodu awia ketee.”—MMEBUSƐM 4:18.

1, 2. Dɛn na honhom fam hann a efi Yehowa hɔ ba no ama Onyankopɔn nkurɔfo anya?

HENA na ɔfata sɛ ɔkyerɛkyerɛ nkɛntɛnso a owia wɔ wɔ esum so mu sen Yehowa Nyankopɔn a ɔne hann Fibea ankasa no? (Dwom 36:9) Onyankopɔn ka sɛ: ‘Sɛ adekyee nya sɔ asase mmuano a, ɛnnan te sɛ dɔte hyɛ nsɔano ase, na ɛte sɛ nea wɔde atade ahyɛ aduru mu.’ (Hiob 38:12-14) Sɛ owia pue kɛse a, ɛma wuhu nneɛma a ɛwɔ asase so no yiye, sɛnea sɛ wɔyɛ agyiraehyɛde bi gu dɔte so a etumi ka so no ara pɛ.

2 Yehowa san yɛ honhon mu hann Fibea. (Dwom 43:3) Bere a wiase no wɔ esum kabii mu no, nokware Nyankopɔn ma ne hann kɔ so hyerɛn ne nkurɔfo so. Dɛn na afi mu aba? Bible bua sɛ: “Treneefo kwan te sɛ owia hann, ɛkɔ so hyerɛn kodu awia ketee.” (Mmebusɛm 4:18) Hann a efi Yehowa hɔ no kɔ so hyerɛn ɔkwan a ne nkurɔfo nam so no so. Ɛma wɔyɛ nsakrae wɔ ahyehyɛde no, wɔn nkyerɛkyerɛ ne wɔn abrabɔ mu.

Hann no Ma Wɔyɛ Nsakrae Wɔ Ahyehyɛde no Mu

3. Dɛn na wɔahyɛ ho bɔ wɔ Yesaia 60:17?

3 Yehowa nam ne diyifo Yesaia so hyɛɛ nkɔm sɛ: “Kɔbere ananmu na mede sika mesi maba, na dade ananmu na mede dwetɛ mesi maba, na kɔbere asi nnua ananmu, na dade asi abo ananmu.” (Yesaia 60:17) Sɛnea sɛ wɔde ade a ɛwɔ anuonyam hyɛ nea ɛba fam ananmu a ɛkyerɛ nkɔso no, saa ara na Yehowa Adansefo anya nkɔso wɔ ahyehyɛde no mu wɔ “bere a ɛwɔ hɔ yi awiei,” anaa “nna a edi akyiri” yi mu nyinaa.—Mateo 24:3; 2 Timoteo 3:1.

4. Nhyehyɛe bɛn na wɔde sii hɔ wɔ afe 1919, na mfaso bɛn na efii mu bae?

4 Wɔ nna a edi akyiri yi mfiase no, na Bible Asuafo, sɛnea na wɔfrɛ Yehowa Adansefo saa bere no, asafo ahorow no tow aba yi wɔn mpanyimfo ne asomfo nkumaa. Nanso na mpanyimfo no bi nni asɛmpaka no ho su pa. Ɛnyɛ amemenemfe nko na na ebinom de yɛ asɛmpaka adwuma no, na mmom na wobu afoforo abam ma wɔmfa wɔn ho nhyɛ mu. Enti wɔ afe 1919 mu no, wɔyɛɛ nhyehyɛe foforo de paw ɔpanyin a na obedi asafo biara anim—ɔsom adwuma kwankyerɛfo. Ná ɛnyɛ asafo no na ɛtow aba yi ɔsom adwuma kwankyerɛfo no, na mmom na Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ Betel adwumayɛbea no nam teokrase kwan so na ɛpaw wɔn. Na ɔsom adwuma kwankyerɛfo no dwumadi bi ne sɛ ɔbɛyɛ asɛnka adwuma no ho nhyehyɛe, akyekyɛ nsasesin na wahyɛ afoforo nkuran ma wɔde wɔn ho ahyɛ asɛnka adwuma no mu. Mfe a edi hɔ mu no, wɔhyɛɛ nkurɔfo pii nkuran ma wɔde wɔn ho hyɛɛ Ahenni asɛnka adwuma no mu.

5. Nsakrae bɛn na ɛbae wɔ 1920 mfe no mu?

5 Wɔsan hyɛɛ asafo no mufo nyinaa nkuran bere a wɔde afotu maa wɔn wɔ nhyiam bi a Bible Asuafo no yɛe ase wɔ Cedar Point, Ohio, U.S.A. wɔ afe 1922 mu no. Wɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ, “Mommɔ, mommɔ, mommɔ Ɔhene no ne n’ahenni dawuru.” Eduu afe 1927 no, na wɔayɛ asɛnka adwuma no ho nhyehyɛe adu baabi a ɛma woyii Kwasida sii hɔ sɛ da a ɛfata paa sɛ wɔde yɛ afie afie asɛnka adwuma no. Dɛn nti na wɔpaw da yi? Ɛne sɛ na Kwasida yɛ da a nnipa pii nkɔ adwuma. Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔ nnɛ da su koro yi ara adi na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛkɔ nkurɔfo nkyɛn bere a wosusuw sɛ wobenya wɔn wɔ fie, te sɛ adapɛn awiei ne anwummere anwummere.

6. Wɔ afe 1931 mu no, tirimbɔ bɛn na wogye toom, na ɛkaa Ahenni asɛnka adwuma no dɛn?

6 Wɔhyɛɛ Ahenni asɛnka adwuma no ho nkuran kɛse wɔ Kwasida awia, July 26, 1931, bere a wodii kan de tirimbɔ bi too gua wɔ nhyiam bi a wɔyɛe wɔ Columbus, Ohio, U.S.A. ase no. Ɛno akyi no wɔde too gua wɔ wiase nyinaa. Tirimbɔ no fã bi ka sɛ: “Yɛyɛ Yehowa Nyankopɔn asomfo a yɛyɛ adwuma wɔ ne din mu, na ne mmara a yetie nti, yebedi Yesu Kristo ho adanse, na yɛama amansan ahu sɛ Yehowa ne Ade Nyinaa so Tumfoɔ ne nokware Nyankopɔn no; enti yɛde anigye gye edin a Awurade Nyankopɔn de ato yɛn so no tom, na yɛpɛ sɛ wɔde edin Yehowa adansefo no hu yɛn, na ɛno na wɔmfa mfrɛ yɛn.” (Yesaia 43:10) Hwɛ sɛnea edin foforo yi ma yehu adwuma titiriw a wɔn a edin no da wɔn so no yɛ no pefee! Yiw, Yehowa wɔ adwuma ma ne nkurɔfo nyinaa. Nhyiamfo no nyinaa de anigye gye toom!

7. Nsakrae bɛn na wɔyɛe wɔ 1932 mu, na dɛn ntia?

7 Asafo mu mpanyimfo pii fi ahobrɛase mu tuu wɔn ho maa asɛnka adwuma no. Nanso wɔ mmeae bi no, na mpanyimfo a wɔatow aba ayi wɔn no mpene so mma obiara a ɔwɔ asafo no mu no nyɛ baguam asɛnka adwuma no bi. Nanso na ɛrenkyɛ na nsakrae foforo aba. Wɔ afe 1932 mu no, wɔnam Ɔwɛn-Aban no so de akwankyerɛ maa asafo ahorow no sɛ wontwa aba a wɔtow yi asafo mu mpanyimfo ne asomfo nkumaa no mu. Mmom no, na ɛsɛ sɛ wɔpaw ɔsom boayikuw a emufo no yɛ mmarima a honhom fam nneɛma ho hia wɔn na wɔde wɔn ho hyɛ baguam asɛnka adwuma no mu. Enti wɔde asɛnka adwuma no hyɛɛ wɔn a wɔde nsi yɛ no nsa, na adwuma no kɔɔ so.

Hann a Ɛkɔ so Hyerɛn no Ma Wɔyɛ Nsakrae Foforo

8. Nsakrae bɛn na ɛbae wɔ afe 1938 mu?

8 Ná hann no ‘kɔ so hyerɛn.’ Wɔ afe 1938 mu no, wotwaa aba a na wɔtow wɔ asafo no mu koraa. “Akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no na na ɛbɛhwɛ ma wɔagyina Kyerɛwnsɛm mu ahwehwɛde so apaw obiara a ɔbɛsom wɔ asafo no mu. (Mateo 24:45-47) Ɛrekame ayɛ sɛ Yehowa Adansefo asafo ahorow no nyinaa gyee nsakrae yi toom, na adansedi adwuma no kɔɔ so sow aba.

9. Wɔ 1972 no mu, nhyehyɛe bɛn na wɔde sii hɔ, na dɛn nti na na ɛyɛ nkɔanim?

9 Wofii nhyehyɛe foforo a ɛbɛma wɔahwɛ asafo no so yiye ase wɔ October 1, 1972. Wɔde nhyehyɛe a ɛne sɛ mpanyimfo kuw na ɛbɛhwɛ Yehowa Adansefo asafo ahorow a ɛwɔ wiase nyinaa so no sii hɔ, na ɛno besii asafo somfo anaa ɔhwɛfo biako a na ɔhwɛ asafo mũ no nyinaa so no ananmu. Nhyehyɛe foforo yi ahyɛ mmarima a wɔn ho akokwaw no nkuran ma wɔbɔ wɔn ho mmɔden sɛ wɔbɛfata ama wɔadi asafo no anim. (1 Timoteo 3:1-7) Ɛno nti, wɔatete mmarima pii ama wɔadi asɛyɛde ahorow a ɛwɔ asafo no mu ho dwuma. Hwɛ sɛnea saa mmarima yi so aba mfaso bere a wɔhwɛ nnipa afoforo pii a wɔagye Bible mu nokware no atom so no!

10. Nhyehyɛe bɛn na wɔde sii hɔ wɔ 1976 mu?

10 Wɔhyehyɛɛ Sodikuw no yɛɛ no akuw asia, na efi January 1, 1976 no, wɔde ahyehyɛde no ne asafo ahorow a ɛwɔ wiase nyinaa dwumadi biara sohwɛ ahyɛ akuw yi ase. Hwɛ mfaso ara a yenya sɛ Ahenni adwuma no afã biara ho akwankyerɛ fi “agyinatufo pii” hɔ!—Mmebusɛm 15:22; 24:6.

11. Nsakrae bɛn na wɔde bae wɔ afe 1992, na dɛn ntia?

11 Wɔ afe 1992 mu no, wɔyɛɛ nsakrae foforo. Yebetumi de nsakrae yi atoto nea esii bere a Israelfo no ne afoforo san fii Babilon nnommumfa mu bae no ho. Saa bere no, na Lewifo a wɔwɔ hɔ no nnɔɔso sɛ wobetumi ayɛ asɔrefie hɔ nnwuma nyinaa. Enti wɔmaa Netinimfo a wɔnyɛ Israelfo no nnwuma pii yɛe de boaa Lewifo no. Nea ɛbɛyɛ na wɔaboa akoa nokwafo ne ɔbadwemma kuw no ma wɔahwɛ asase so nnwuma a ɛredɔɔso no so no, saa ara na wɔde ɔsom mu asɛyɛde foforo hyɛɛ “nguan foforo” no mufo binom nsa wɔ afe 1992 mu. Wɔpaw wɔn sɛ wɔmmoa Sodikuw no boayikuw ahorow no.—Yohane 10:16.

12. Ɔkwan bɛn so na Yehowa de asomdwoe asi yɛn so mpanyin?

12 Dɛn na afi nsakrae yi nyinaa mu aba? Yehowa ka sɛ: “Mɛma asomdwoe adi wo so panyin ahwɛ wo, na mede trenee mayɛ wo kãfo.” (Yesaia 60:17) “Asomdwoe” wɔ Yehowa asomfo mu nnɛ, na “trenee” a wodi akyi no abɛyɛ wɔn “kãfo,” kyerɛ sɛ ɛkanyan wɔn ma wɔsom Nyankopɔn. Wɔasiesie wɔn ho yiye sɛ wɔbɛyɛ Ahenni asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no.—Mateo 24:14; 28:19, 20.

Yehowa ma Nkyerɛkyerɛ Mu Da Hɔ

13. Wɔ 1920 mfe mu no, ɔkwan bɛn so na Yehowa maa ne hann hyerɛn ne nkurɔfo nkyerɛkyerɛ so?

13 Yehowa hyerɛn ne nkurɔfo so ma ne nkyerɛkyerɛ mu kɔ so da hɔ. Adiyisɛm 12:1-9 ma yɛn eyi ho nhwɛso. Kyerɛwtohɔ no ka sɛnkyerɛnne kwan so nneɛma abiɛsa bi ho asɛm—“ɔbea” bi a ɔyem na ɔwoe, “ɔtweaseɛ,” ne “ɔbabarima.” Wunim nea eyi mu biara gyina hɔ ma? Wɔkyerɛɛ nea wɔn mu biara yɛ mu wɔ asɛm “Birth of the Nation,” (Ɔman no Awo) a epuei wɔ March 1, 1925, Borɔfo Ɔwɛn-Aban no mu. Saa asɛm no maa Onyankopɔn nkurɔfo tee nkɔmhyɛ ahorow a ɛfa Ahenni no awo ho no ase yiye, na wobehui pefee sɛ ahyehyɛde abien na ɛwɔ hɔ—Yehowa ahyehyɛde ne Satan de. Afei wɔ afe 1927 ne 1928 mu no, Onyankopɔn nkurɔfo behui sɛ Buronyadi ne awodadi nni Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm biara na wogyaee di.

14. Nokware nkyerɛkyerɛ bɛn na wɔkyerɛkyerɛɛ mu fann wɔ 1930 mfe no mu?

14 Wɔ 1930 mfe no mu no, hann foforo hyerɛnee wɔ nkyerɛkyerɛ abiɛsa bi a ɛyɛ nokware no so. Ná Bible Asuafo no de mfe pii agye atom sɛ nnipakuw pii anaa “nnipakuw kɛse” a wɔkaa wɔn ho asɛm wɔ Adiyisɛm 7:9-17 no yɛ soronko wɔ 144,000 a wɔne Kristo bedi ade sɛ ahemfo ne asɔfo no ho. (Adiyisɛm 5:9, 10; 14:1-5) Nanso na nnipa kõ a nnipakuw kɛse no yɛ no mu nnya nnaa hɔ. Sɛnea sɛ owia kɔ so hyerɛn a wuhu nneɛma a anka na wunhu ne su yiye no, saa ara na wɔ afe 1935 mu no, wobehui sɛ nnipakuw kɛse no yɛ wɔn a wobetwa “ahohiahia kɛse” no, a wɔn anidaso ne sɛ wɔbɛtra asase so daa no. Akyiri yi wɔ saa afe no ara mu no, wɔkyerɛkyerɛɛ asɛm bi mu ma ɛkaa Yehowa Adansefo mmofra a wɔwɔ aman pii so a wɔkɔ sukuu no. Bere a na ɔman ho dɔ mu reyɛ den wɔ wiase nyinaa no, Adansefo no behui sɛ frankaakyia nyɛ adeyɛ biara kɛkɛ. Afe a edi hɔ no, wɔkyerɛkyerɛɛ nokware foforo a ɛne sɛ wɔsɛn Kristo wɔ dua so na mmom ɛnyɛ mmeamudua so no mu.—Asomafo Nnwuma 10:39.

15. Bere bɛn ne ɔkwan bɛn so na wosii kronkron a mogya yɛ no so dua kɛse?

15 Wɔ Wiase Ko II akyi a na wɔma asraafo a wɔapirapira mogya de sa wɔn yare no, hann no hyerɛnee ma wɔkaa kronkron a mogya yɛ no ho asɛm. Borɔfo Ɔwɛn-Aban a ɛbaa July 1, 1945 no hyɛɛ “Yehowa asomfo nyinaa a wɔpɛ sɛ wonya nkwa wɔ wiase foforo a trenee te mu no nkuran sɛ wɔnkyerɛ obu mma kronkron a mogya yɛ no na wɔnyɛ wɔn ade sɛnea Onyankopɔn trenee mmara no ka wɔ asɛnhia yi ho.”

16. Bere bɛn na woyii New World Translation of the Holy Scriptures no adi, na nneɛma abien bɛn na ɛma ɛda nsow?

16 Wɔ afe 1946 mu no, ɛho behiae sɛ wogyina nimdeɛ foforo a wɔanya no so kyerɛ Bible no ase foforo. Wɔhwɛe sɛ wɔremma Kristoman nkyerɛkyerɛ a egyina atetesɛm so no mmɛfrafra mu. Wofii saa nkyerɛase no ase wɔ December, 1947 mu. Wɔ afe 1950 mu no, woyii New World Translation of the Christian Greek Scriptures no adi wɔ Borɔfo kasa mu. Efi afe 1953 mu no, wɔyɛɛ Hebri Kyerɛwnsɛm no apo anum, na woyii no adi nnidiso nnidiso. Woyii po a etwa to no adi wɔ afe 1960 mu. Wɔde mfe 12 ne kakra na ɛkyerɛɛ Bible no ase wiei. Woyii New World Translation of the Holy Scriptures mũ no nyinaa adi wɔ afe 1961 mu. Seesei saa Bible nkyerɛase yi wɔ kasa pii mu, na nneɛma pii wɔ ho a ɛma ɛda nsow koraa. Asan de Onyankopɔn din, Yehowa no ahyɛ baabi a ɛhyɛ. Bio nso, sɛnea wɔakyerɛ ase ma ɛne tete nkyerɛase a ɛwɔ hɔ no hyia ankasa no ama wɔakɔ so anya Onyankopɔn Asɛm no mu ntease.

17. Hann bɛn na ɛkɔɔ so hyerɛnee wɔ 1962 mu?

17 Wɔkyerɛɛ “atumfoɔ a wɔkorɔn” a Romafo 13:1 kaa wɔn ho asɛm no ne baabi a ɛsɛ sɛ Kristofo brɛ wɔn ho ase ma wɔn kodu no mu fann wɔ afe 1962 mu. Romafo ti 13 ne Kyerɛwnsɛm bi te sɛ Tito 3:1, 2 ne 1 Petro 2:13, 17 a wɔhwehwɛɛ mu kɔɔ akyiri no maa emu daa hɔ sɛ, asɛm “atumfoɔ a wɔkorɔn” no, nyɛ Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo, na mmom ɛyɛ nnipa amammui atumfoɔ.

18. Nokwasɛm bɛn na wɔmaa emu daa hɔ wɔ 1980 mfe no mu?

18 Wɔ mfe a edi hɔ mu no, atreneefo kwan kɔɔ so hyerɛnee. Wɔ afe 1985 mu no, wɔma yehuu nea obi a wobebu no ɔtreneeni ‘ama nkwa’ ne nea wobu no sɛ Nyankopɔn adamfo a ɔteɛ no kyerɛ mu. (Romafo 5:18; Yakobo 2:23) Wɔkyerɛkyerɛɛ nea Kristofo Ahosɛpɛw kyerɛ no mu wɔ afe 1987 mu.

19. Ɔkwan bɛn so na Yehowa ama ne nkurɔfo honhom fam hann nnansa yi?

19 Wɔ afe 1995 mu no, yɛtee nea “nguan” ne “mpapo” a wɔbɛpaapae wɔn mu no kyerɛ no ase yiye. Wɔ afe 1998 mu no, wɔkyerɛkyerɛɛ asɔrefie a Hesekiel hui wɔ anisoadehu mu, a seesei ɛrenya mmamu no mu kɔɔ akyiri. Wɔ afe 1999 mu no, yenyaa bere a ‘akyide a ɛde amamfoyɛ ba no begyina kronkronbea’ hɔ ne sɛnea ɛbɛyɛ no mu nkyerɛkyerɛmu. (Mateo 24:15, 16; 25:32) Na wɔ afe 2002 mu no, yenyaa Onyankopɔn a yɛbɛsom no “honhom ne nokware mu” no ho ntease foforo.—Yohane 4:24.

20. Afã foforo bɛn na Onyankopɔn nkurɔfo anya nkɔso?

20 Nsakrae a wɔayɛ wɔ ahyehyɛde no nhyehyɛe ne ne nkyerɛkyerɛ mu akyi no, wɔayɛ nsakrae wɔ sɛnea ɛsɛ sɛ Kristofo bɔ wɔn bra no nso mu. Sɛ nhwɛso no, wɔ afe 1973 mu no, wobehui sɛ tawanom ‘gu honam ho fĩ,’ na ɛsɛ sɛ wobu no sɛ bɔne a anibere wom. (2 Korintofo 7:1) Mfe du akyi no, Borɔfo Ɔwɛn-Aban a ɛbaa July 15, 1983, no kyerɛkyerɛɛ adwene a yekura wɔ tuo a yɛde bedi dwuma ho no mu pefee. Eyinom yɛ nhwɛso kakraa bi a ɛrekyerɛ sɛnea hann no kɔ so hyerɛn wɔ yɛn bere yi so.

Nantew Ɔkwan Ɛkɔ so Hyerɛn no So

21. Su bɛn na sɛ yenya a ɛbɛboa yɛn ma yɛakɔ so anantew hann a ɛkɔ so hyerɛn no mu?

21 Asafo mu panyin bi a ɔde mfe pii asom kae sɛ: “Sɛ́ wubegye nsakrae bi a aba atom na wode adi dwuma no betumi ayɛ den.” Dɛn na aboa no ma wagye nsakrae pii a aba wɔ mfe 48 a ɔde asom sɛ Ahenni dawurubɔfo no atom? Obua sɛ: “Ade titiriw a ehia ne ɛho adwempa a yebenya. Sɛ yɛpo nsakrae bi a, yɛbɛka akyi bere a ahyehyɛde no kɔ n’anim no. Sɛ tebea bi sɔre na mihu sɛ ɛyɛ den ma me sɛ megye nsakrae no atom a, midwennwen Petro nsɛm a ɔka kyerɛɛ Yesu no ho: ‘Awurade, hena nkyɛn na yɛnkɔ? Wo na wowɔ daa nkwa nsɛm.’ Afei mibisa me ho sɛ, ‘Ɛhe na mɛkɔ—menkɔ wiase sum kabii no mu?’ Eyi boa me ma me ne Onyankopɔn ahyehyɛde no bɔ denneennen.”—Yohane 6:68.

22. Sɛ yɛnantew hann no mu a, mfaso bɛn na yebenya?

22 Wiase a yɛwom no da sum kabii mu ampa. Bere a Yehowa ma ne hann kɔ so hyerɛn wɔ ne nkurɔfo so no, ekũ a ɛda wɔne wɔn a wɔwɔ wiase no ntam no kɔ so yɛ kɛse. Dɛn na hann yi yɛ ma yɛn? Wiɛ, sɛnea sɛ wɔsɔ kanea to amoa bi a ɛda kwan mu so a ɛrenyi amoa no mfi kwan no mu no, saa ara na hann a efi Onyankopɔn Asɛm mu no nyi asiane mfi yɛn akwan mu. Nanso Onyankopɔn Asɛm mu hann boa yɛn ma yɛkwati asiane no sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛkɔ so anantew wɔ ɔkwan a ɛkɔ so hyerɛn no so. Enti momma yɛnkɔ so nyɛ aso ntie Yehowa nkɔmhyɛ nsɛm no ‘sɛnea kanea hyerɛn sum mu no.’—2 Petro 1:19.

Wokae?

• Ahyehyɛde mu nsakrae bɛn na Yehowa ayɛ ama ne nkurɔfo?

• Esiane hann a akɔ so ahyerɛn no nti, nkyerɛkyerɛ mu nsakrae bɛn na wɔayɛ?

• Nsakrae bɛn na w’ankasa woahu, na dɛn na aboa wo ma woagye atom?

• Dɛn nti na wopɛ sɛ wokɔ so nantew ɔkwan a ɛkɔ so hyerɛn no so?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 27]

Nhyiam a Bible Asuafo no yɛe wɔ afe 1922 mu wɔ Cedar Point, Ohio no hyɛɛ wɔn den ma wɔyɛɛ Onyankopɔn adwuma

[Mfonini wɔ kratafa 29]

N. H. Knorr yii “New World Translation of the Christian Greek Scriptures” no adi wɔ afe 1950 mu

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 26]

© 2003 BiblePlaces.com