Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nneɛma A Ɛwɔ Soro Ne Nea Ɛwɔ Asase So A Wɔbɛka Abom

Nneɛma A Ɛwɔ Soro Ne Nea Ɛwɔ Asase So A Wɔbɛka Abom

Nneɛma A Ɛwɔ Soro Ne Nea Ɛwɔ Asase So A Wɔbɛka Abom

“Ɛno na ɛsɔ n’ani sɛnea n’ankasa abɔ ne tirim sɛ . . . ɔbɛka nneɛma nyinaa abom bio wɔ Kristo mu, nea ɛwɔ soro ne nea ɛwɔ asase so.”—EFESOFO 1:9, 10.

1. Dɛn ne ‘ade a ɛsɔ Yehowa ani’ a wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛma aba ɔsoro ne asase so no?

AMANSAN NYINAA ASOMDWOE! Eyi ne Yehowa, “asomdwoe Nyankopɔn” no atirimpɔw a anuonyam wom. (Hebrifo 13:20) Ɔde Ne honhom kaa ɔsomafo Paulo ma ɔkyerɛwee sɛ ‘nea ɛsɔ N’ani’ ne sɛ “ɔbɛka nneɛma nyinaa abom bio wɔ Kristo mu, nea ɛwɔ soro ne nea ɛwɔ asase so.” (Efesofo 1:9, 10) Dɛn na adeyɛ asɛm a wɔkyerɛɛ ase wɔ ha sɛ ‘ɔbɛka nneɛma nyinaa abom bio’ no kyerɛ? Bible ho ɔbenfo J. B. Lightfoot kae sɛ: “Nea asɛm no kyerɛ ne sɛ amansan nyinaa bɛyɛ biako a wontwiwontwi ne akameakame biara nni wɔn mu, ne sɛ wɔbɛka abɔde nyinaa abom wɔ Kristo mu. Na bɔne ne owu, awerɛhow ne amanehunu ne ɔbrɛgu to betwa.”

‘Nneɛma a Ɛwɔ Soro’

2. Henanom ne ‘nneɛma ɛwɔ soro’ a ɛsɛ sɛ wɔka wɔn bom no?

2 Bere a ɔsomafo Petro rebɔ nokware Kristofo anidaso a ɛyɛ nwonwa no mua no, ɔkyerɛwee sɛ: “Sɛnea ne bɔhyɛ te no, yɛretwɛn ɔsoro foforo ne asase foforo, na eyi mu na trenee bɛtra.” (2 Petro 3:13) “Ɔsoro foforo” a wɔhyɛɛ ho bɔ wɔ ha no kyerɛ nniso foforo a ɛhyɛ Mesia Ahenni no tumidi ase. Wɔbɛka ‘nneɛma a ɛwɔ soro’ a Paulo kaa ho asɛm wɔ ne nhoma a ɔkyerɛw kɔmaa Efesofo no abom “wɔ Kristo mu.” Eyinom ne nnipa kakraa bi a wɔapaw wɔn a wɔne Kristo bedi ade wɔ soro no. (1 Petro 1:3, 4) Kristofo a wɔasra wɔn, 144,000 yi yɛ nnipa a ‘wɔatɔ wɔn afi asase so anaa adesamma mu’ sɛ wɔne Kristo nkodi ade wɔ ne soro Ahenni no mu.—Adiyisɛm 5:9, 10; 14:3, 4; 2 Korintofo 1:21; Efesofo 1:11; 3:6.

3. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ wɔn a wɔasra wɔn no ‘te soro’ bere mpo a wɔwɔ asase so no?

3 Wɔde honhom kronkron no awo Kristofo a wɔasra wɔn anaa wɔawo wɔn bio no sɛ wɔmmɛyɛ Yehowa honhom mu mma. (Yohane 1:12, 13; 3:5-7) Esiane sɛ Yehowa agye wɔn ayɛ wɔn “mma” nti, wɔabɛyɛ Yesu nuanom. (Romafo 8:15; Efesofo 1:5) Ne saa nti bere a wɔwɔ asase so mpo no, wɔka wɔn ho asɛm sɛ ‘wɔanyan wɔn abom de wɔn atra ɔsoro atrae wɔ Kristo Yesu mu.’ (Efesofo 1:3; 2:6) Wɔanya dibea a ɛkorɔn yi efisɛ wɔde ‘honhom kronkron a wɔhyɛɛ ho bɔ, a ɛyɛ agyapade a wɔn nsa bɛka ho sɛnkyerɛnne a wɔde asie ama wɔn wɔ soro no, asɔ wɔn ano.’ (Efesofo 1:13, 14; Kolosefo 1:5) Enti eyinom ne ‘nneɛma a ɛwɔ soro’ a ɛsɛ sɛ wɔka bom a Yehowa ahyɛ wɔn dodow ano ato hɔ no.

Anoboaboa no Fi Ase

4. Bere bɛn na wofii ase boaboaa ‘nneɛma a ɛwɔ soro’ no ano, na ɛyɛɛ dɛn na efii ase?

4 Nea ɛne sɛnea Yehowa ‘di nneɛma ho dwuma’ hyia no, ‘bere soe no,’ wofii ase boaboaa ‘nneɛma a ɛwɔ soro’ no ano. (Efesofo 1:10) Saa bere no wiee du wɔ Pentekoste afe 33 Y.B. Saa da no, wohwiee honhon kronkron guu asomafo no ne asuafo kuw, mmea ne mmarima no so. (Asomafo Nnwuma 1:13-15; 2:1-4) Eyi dii adanse sɛ apam foforo no afi ase reyɛ adwuma, na ɛno ne Kristofo asafo no ne honhom fam Israel, “Nyankopɔn Israel” no mfiase.—Galatifo 6:16; Hebrifo 9:15; 12:23, 24.

5. Dɛn nti na Yehowa bɔɔ “ɔman” foforo de sii honam fam Israel man no ananmu?

5 Mmara apam a wɔne honam fam Israel yɛe no amma wɔanya “asɔfo ahemman ne ɔman kronkron” a wɔbɛsom daa wɔ soro. (Exodus 19:5, 6) Yesu ka kyerɛɛ Yudafo nyamesom akannifo no sɛ: “Wobegye Nyankopɔn ahenni afi mo nsam na wɔde ama ɔman a ɛbɛsow aba.” (Mateo 21:43) Kristofo a wɔasra wɔn a wɔwɔ apam foforo no mu no na wɔbom yɛ honhom fam Israel man yi. Ɔsomafo Petro kyerɛw kɔmaa eyinom sɛ: “Nanso mo de, moyɛ ‘abusua a wɔapaw, adehye asɔfokuw, ɔman kronkron, nnipa a wɔde wɔn ayɛ agyapade soronko, sɛ monka’ nea ɔfrɛɛ mo fii sum mu baa ne hann nwonwaso mu no ‘nneyɛe pa nkyerɛ.’ Mo na kan no na monyɛ ɔman, nanso seesei moyɛ Nyankopɔn man.” (1 Petro 2:9, 10) Ná honam fam Israelfo nna so nyɛ Yehowa nkurɔfo bio. (Hebrifo 8:7-13) Sɛnea na Yesu ahyɛ ho nkɔm no, wogyee hokwan a na ɛbɛma wɔayɛ Mesia Ahenni no mufo no fii wɔn nsam de maa honhom fam Israel a wɔn dodow yɛ 144,000 no.—Adiyisɛm 7:4-8.

Wɔne Wɔn Yɛ Ahenni Apam

6, 7. Apam soronko bɛn na Yesu ne ne nuanom a wɔde honhom awo wɔn no yɛe, na dɛn na eyi kyerɛ ma wɔn?

6 Anadwo a Yesu de ne wu ho Nkaedi sii hɔ no, ɔka kyerɛɛ n’asomafo anokwafo no sɛ: “Nanso, mo na moda so bata me ho wɔ me sɔhwɛ mu; na me ne mo reyɛ ahenni ho apam, sɛnea m’Agya ne me ayɛ apam no, na moadidi anom me pon so wɔ m’ahenni mu, na moatra nhengua so abu Israel mmusuakuw dumien no atɛn.” (Luka 22:28-30) Ná Yesu reka apam soronko a ɔne ne nuanom a wɔde honhom awo wɔn a wɔn dodow si 144,000 a wobedi ‘nokware akosi owu mu,’ na wɔadi “nkonim” no ho asɛm.—Adiyisɛm 2:10; 3:21.

7 Nnipa a wɔwɔ kuw ketewa yi mu no de hokwan a wɔwɔ sɛ wɔtra ase daa wɔ asase so sɛ honam ne mogya no bɛto hɔ. Wɔne Kristo bedi ade wɔ soro na wɔatra ahengua so abu adesamma atɛn. (Adiyisɛm 20:4, 6) Afei momma yɛnhwehwɛ kyerɛw nsɛm afoforo a ɛfa nnipa a wɔasra wɔn no nkutoo ho ne nea enti a “nguan foforo” no nni Nkae abodoo no na wɔnnom bobesa no bi no mu.—Yohane 10:16.

8. Dɛn na abodoo a wɔn a wɔasra wɔn no di no kyerɛ? (Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 23 no.)

8 Wɔn a wɔasra wɔn no behu amane sɛnea Kristo hui no, na wɔayɛ krado sɛ wobewu sɛnea owui no. Paulo a na ɔyɛ saa kuw no muni no kae sɛ na wasiesie ne ho sɛ ɔde ne ho bɛbɔ afɔre na ‘wanya Kristo sɛnea ɛbɛyɛ a obehu no ne ne wusɔre tumi no, na wanya n’amanehunu mu kyɛfa.’ Yiw, na Paulo ayɛ krado sɛ ɔde ne ho bɛma “owu a ɛte sɛ ne de no.” (Filipifo 3:8, 10) Kristofo a wɔasra wɔn no mu dodow no ara ‘afa awude a wɔde baa Yesu so no mu bi’ wɔ wɔn nipadua mu.—2 Korintofo 4:10.

9. Nipadua bɛn na wɔde gyinaa hɔ maa Nkae abodoo no?

9 Bere a Yesu de Awurade Anwummeduan no resi hɔ no, ɔkae sɛ: “Eyi gyina hɔ ma me nipadua.” (Marko 14:22) Ná ɔreka ne nnipadua ankasa a na ɛrenkyɛ wɔbɛhwe no ama atu mogya no ho asɛm. Ɔde abodoo a mmɔkaw nnim no gyinaa hɔ maa ne nipadua ma ɛfatae. Dɛn ntia? Efisɛ wɔ Bible mu no, mmɔkaw betumi agyina hɔ ama bɔne anaa amumɔyɛ. (Mateo 16:4, 11, 12; 1 Korintofo 5:6-8) Ná Yesu yɛ pɛ a na bɔne biara nni ne nipadua mu. Ná ɔde saa nipadua a ɛyɛ pɛ no bɛma sɛ bɔne ho mpata. (Hebrifo 7:26; 1 Yohane 2:2) Nokware Kristofo nyinaa benya saa a ɔbɛyɛ no so mfaso ɛmfa ho sɛ wɔwɔ soro asetra ho anidaso anaasɛ wɔbɛtra ase daa wɔ paradise wɔ asase so no.—Yohane 6:51.

10. Ɔkwan bɛn so na wɔn a wɔnom Nkae bobesa no bi no ‘nya Kristo mogya mu kyɛfa’?

10 Paulo kyerɛw bobesa a Kristofo a wɔasra wɔn no nom wɔ Nkaedi no ase no ho asɛm sɛ: “Nhyira kuruwa a yehyira so no, so ɛnyɛ Kristo mogya mu kyɛfa?” (1 Korintofo 10:16) Ɛyɛ dɛn na wɔn a wɔnom bobesa no bi no ‘nya Kristo mogya mu kyɛfa’? Esiane sɛ wɔn ankasa hia ogye nti, wɔrentumi nka Kristo ho ma wɔmfa agyede no mma. Ɛdenam gyidi a wɔkyerɛ wɔ nkwagye tumi a ɛwɔ Kristo mogya no mu nti, wɔde wɔn bɔne afiri wɔn na wobu wɔn sɛ atreneefo a wobenya ɔsoro asetra. (Romafo 5:8, 9; Tito 3:4-7) Wɔnam Kristo mogya a ohwie gui no so ‘bɛtew’ Kristo mfɛfo adedifo 144,000 no ho, na wɔayi wɔn asi hɔ ahohoro wɔn ho afi bɔne ho ayɛ wɔn “akronkronfo.” (Hebrifo 10:29; Daniel 7:18, 27; Efesofo 2:19) Yiw, Kristo nam ne mogya a ohwie gui no so ‘tɔɔ nnipa fii abusua ne kasa ne nkurɔfo ne ɔman biara mu maa Nyankopɔn, na wayɛ wɔn ahemman ne asɔfo ama yɛn Nyankopɔn, na wobedi asase so ahene.’—Adiyisɛm 5:9, 10.

11. Nkae bobesa a wɔn a wɔasra wɔn no nom no kyerɛ dɛn?

11 Bere a Yesu de ne wu ho Nkaedi no sii hɔ no, ɔde kuruwa a bobesa wom no maa n’asuafo no kae sɛ: “Mo nyinaa monnom mu; na eyi gyina hɔ ma me ‘mogya a wɔde yɛ apam no,’ a wobehwie agu ama nnipa bebree bɔne fafiri.” (Mateo 26:27, 28) Sɛnea nantwinini ne mpapo mogya hyɛɛ Mmara apam a Onyankopɔn ne Israelfo yɛe no mu den no, saa ara na efi Pentekoste afe 33 Y.B. no, Yesu mogya no hyɛɛ apam foforo a Yehowa ne honhom fam Israel yɛe no mu den. (Exodus 24:5-8; Luka 22:20; Hebrifo 9:14, 15) Bere a wɔn a wɔasra wɔn no nom bobesa a egyina hɔ ma ‘mogya a wɔde yɛɛ apam no,’ wɔkyerɛ sɛ wɔne wɔn ayɛ apam foforo na wɔrenya so mfaso.

12. Ɔkwan bɛn so na wɔbɔ wɔn a wɔasra wɔn no asu kɔ Kristo wu mu?

12 Afei eyi ma wɔn a wɔasra wɔn no kae biribi foforo. Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo anokwafo no sɛ: “Nea mɛnom no de mobɛnom, na asu a wɔbɔ me no mobɛbɔ bi.” (Marko 10:38, 39) Akyiri yi ɔsomafo Paulo kaa Kristofo a ‘wɔabɔ wɔn asu kɔ Kristo wu mu’ no ho asɛm. (Romafo 6:3) Wɔn a wɔasra wɔn no de wɔn asetra abɔ afɔre. Wɔn wu yɛ afɔrebɔ efisɛ wɔde daa nkwa a anka wobenya wɔ asase so no ato hɔ. Kristofo a wɔasra wɔn yi asubɔ a ɛkɔ Kristo wu mu no ba awiei bere a wodi nokware kodu owu mu na wonyan wɔn sɛ honhom abɔde a ‘wɔne Kristo bedi ade’ wɔ soro sɛ ahene no.—2 Timoteo 2:10-12; Romafo 6:5; 1 Korintofo 15:42-44, 50.

Nkae Abodoo a Wodi ne Bobesa a Wɔnom

13. Dɛn nti na wɔn a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtra asase so no nni Nkae abodoo no nnom bobesa no bi, nanso adɛn nti na wɔkɔ Nkaedi no ase?

13 Esiane sɛ eyinom nyinaa fa abodoo a wodi ne bobesa a wɔnom wɔ Nkaedi ase no ho nti, ɛda adi sɛ ɛremfata sɛ wɔn a wɔwɔ asase so anidaso no bedi abodoo no na wɔanom bobesa no bi. Wɔn a wɔwɔ asase so anidaso no hu sɛ wɔnka Kristo nuanom a wɔasra wɔn no ho, na saa ara nso na wɔnka apam foforo a Yehowa ne wɔn a wɔne Yesu Kristo bedi ade ayɛ no ho. Esiane sɛ “kuruwa” no gyina hɔ ma apam foforo no nti, wɔn a wɔwɔ apam foforo no mu nkutoo na wɔnom bobesa no bi. Wɔmmɔ wɔn a wɔrehwɛ kwan sɛ wɔbɛtra asase so daa sɛ nnipa a wɔyɛ pɛ wɔ Ahenni no ase no asu nkɔ Yesu wu mu, na saa ara nso na wɔne no renni ade wɔ soro. Ɛrenkyerɛ nokwaredi sɛ wobedi abodoo no anom bobesa no bi. Ne saa nti, ɛwom sɛ wofi obu mu kɔ Nkaedi no ase de, nanso wonni abodoo no nnom bobesa no bi. Wɔn ani sɔ nea Yehowa nam ne Ba no so ayɛ ama wɔn no nyinaa. Na saa ara na wɔn ani sɔ bɔne fafiri a wɔnam Kristo mogya a ohwie gui no so nya no.

14. Ɔkwan bɛn so na abodoo a wɔn a wɔasra wɔn no di ne bobesa a wɔnom no hyɛ wɔn den honhom mu?

14 Aka kakraa bi na wɔasɔ Kristofo a wɔafrɛ wɔn sɛ wɔne Kristo nkodi ade wɔ soro no ano awie. Enkosi sɛ wɔde wɔn asase so asetra a wɔde abɔ afɔre no bɛba awiei no, Nkae abodoo a wodi ne bobesa a wɔnom no hyɛ wɔn den honhom mu. Wɔte nka sɛ wɔne wɔn nuanom ayɛ biako wɔ Kristo mu. Sɛnkyerɛnne kwan so abodoo a wodi ne bobesa a wɔnom no kae wɔn sɛ ɛsɛ sɛ wodi nokware kosi owu mu.—2 Petro 1:10, 11.

‘Nneɛma a Ɛwɔ Asase so’ a Wɔboaboa Ano

15. Henanom na wɔde wɔn abɛka Kristofo a wɔasra wɔn no ho?

15 Efi bɛyɛ afe 1935 mu hɔ no, “nguan foforo” a wɔredɔɔso a wɔnka “kuw ketewa” no ho, nanso wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtra asase so daa no abɛka wɔn a wɔasra wɔn no ho. (Yohane 10:16; Luka 12:32; Sakaria 8:23) Wɔabɛyɛ Kristo nuanom anokwafo no ahokafo, na wɔreboa ma wɔaka “ahenni ho asɛmpa yi” de adi amanaman nyinaa adanse. (Mateo 24:14; 25:40) Wɔnam saayɛ so anya Kristo anim dom sɛ ne “nguan” a wobegyina ne “nsa nifa” so bere a ɔbɛba abebu amanaman no atɛn no. (Mateo 25:33-36, 46) Wɔnam Kristo mogya mu gyidi a wɔbɛkyerɛ no so bɛda wɔn ho adi sɛ “nnipakuw kɛse” a wobenya wɔn ti adidi mu wɔ “ahohiahia kɛse” no mu.—Adiyisɛm 7:9-14.

16. Ɛhefo na wɔbɛyɛ ‘nneɛma a ɛwɔ asase so’ no, na ɛbɛyɛ dɛn na eyinom nyinaa anya hokwan ayɛ “Onyankopɔn mma”?

16 Sɛ wɔsɔ 144,000 no ano wie a, wobegyae ɔsɛe “mframa” a ɛbɛsɛe Satan nneɛma nhyehyɛe bɔne a ɛwɔ asase so no mu. (Adiyisɛm 7:1-4) Wɔ Mfirihyia Apem Nniso a Kristo ne ne mfɛfo a wɔbɛyɛ ahemfo ne asɔfo bedi so mu no, nnipa a yennim wɔn dodow bɛsɔre afi awufo mu abɛka nnipakuw kɛse no ho. (Adiyisɛm 20:12, 13) Eyinom benya hokwan atra asase so daa na wɔabɛhyɛ Mesia Ahenni no so Hene, Kristo Yesu ase. Sɛ Mfirihyia Apem no ba awiei a, wɔde ‘nneɛma a ɛwɔ asase so’ no bɛfa sɔhwɛ a etwa to no mu. Wobegye wɔn a wobedi nokware no sɛ “Onyankopɔn mma” a wɔwɔ asase so.—Efesofo 1:10; Romafo 8:21; Adiyisɛm 20:7, 8.

17. Ɔkwan bɛn so na Yehowa atirimpɔw bɛbam?

17 Enti ɛdenam ‘ɔkwan a Yehowa fa so di nneɛma ho dwuma’ nyansam so no, ɔbɛma n’atirimpɔw a ɛne sɛ “ɔbɛka nneɛma nyinaa abom bio wɔ Kristo mu, nea ɛwɔ soro ne nea ɛwɔ asase so” no abam. Wɔbɛka abɔde a wonim nyansa a wɔwɔ soro ne wɔn a wɔwɔ asase so no nyinaa abom asomdwoe mu, na wɔde anigye bɛbrɛ wɔn ho ase ahyɛ Yehowa, Atirimpɔw Wura no amansan tumidi no ase.

18. Ɔkwan bɛn so na wɔn a wɔasra wɔn no ne wɔn ahokafo benya Nkaedi no ase a wɔbɛkɔ no so mfaso?

18 Sɛ nnipa kakraa bi a wɔasra wɔn no ne wɔn mfɛfo nguan foforo ɔpepem pii no hyiam wɔ April 12, 2006 a, hwɛ sɛnea ɛbɛhyɛ wɔn gyidi den! Wɔbɛhyɛ Kristo wu Nkaedi no ho fa sɛnea Yesu hyɛe sɛ: “Monkɔ so nyɛ eyi mfa nkae me” no. (Luka 22:19) Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔbɛkɔ bi nyinaa kae nea Yehowa nam ne Dɔba, Kristo Yesu so ayɛ ama wɔn no.

Ntĩmu

• Dɛn ne Yehowa atirimpɔw ma nneɛma a ɛwɔ soro ne nea ɛwɔ asase so no?

• Henanom ne ‘nneɛma a ɛwɔ soro’ no, na ɔkwan bɛn so na wɔaka wɔn abom?

• Henanom ne ‘nneɛma a ɛwɔ asase so’ no, na anidaso bɛn na wɔwɔ?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Adaka wɔ kratafa 23]

“Kristo Nipadua”

Bere a Paulo rekyerɛkyerɛ nea abodoo a egyina hɔ ma Kristo nuanom a wɔasra wɔn no kyerɛ ankasa mu wɔ 1 Korintofo 10:16, 17 no, ɔde “nipadua” dii dwuma wɔ ɔkwan soronko bi so. Ɔkae sɛ: ‘Abodoo a yebubu no, so ɛnyɛ Kristo nipadua mu kyɛfa? Esiane sɛ abodoo no yɛ biako nti, ɛmfa ho sɛ yɛdɔɔso no, yɛyɛ nipadua biako, efisɛ yɛn nyinaa di abodoo koro no bi.’ Sɛ Kristofo a wɔasra wɔn no di Nkae abodoo no bi a, wɔma biakoyɛ a ɛda wɔne wɔn nuanom a wɔasra wɔn no ntam no da adi, na eyi te sɛ nipadua a ne Ti ne Kristo.—Mateo 23:10; 1 Korintofo 12:12, 13, 18.

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Dɛn nti na wɔn a wɔasra wɔn no nkutoo na wodi abodoo no na wɔnom bobesa no bi?

[Mfonini wɔ kratafa 25]

Yehowa nam sɛnea odi nneɛma ho dwuma no so bɛka abɔde a ɛwɔ soro ne asase so nyinaa abom