Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nneɛma A Wobedi Ho Dwuma Ama Onyankopɔn Atirimpɔw Aba Mu

Nneɛma A Wobedi Ho Dwuma Ama Onyankopɔn Atirimpɔw Aba Mu

Nneɛma A Wobedi Ho Dwuma Ama Onyankopɔn Atirimpɔw Aba Mu

‘Onyankopɔn yɛ nneɛma nyinaa ma ɛne ne pɛ hyia.’—EFESOFO 1:11.

1. Dɛn nti na Yehowa Adansefo asafo ahorow nyinaa behyiam April 12, 2006?

WUKUDA anwummere, April 12, 2006 no, nnipa bɛyɛ ɔpepem 16 behyiam ahyɛ Awurade Anwummeduan no ho fã. Wɔde abodoo a mmɔkaw nnim a egyina hɔ ma Kristo nipadua, ne bobesa a egyina hɔ ma ne mogya a ohwie gui no besisi pon so wɔ baabiara a wobehyiam no. Sɛ wɔde ɔkasa a ɛkyerɛkyerɛ nea Yesu wu Nkaedi no kyerɛ mu reba awiei a, wobedi kan de sɛnkyerɛnne kwan so abodoo no afa nnipa a wɔahyiam wɔ hɔ no nyinaa anim, na ɛno akyi no wɔde bobesa no nso afa wɔn anim. Wɔ Yehowa Adansefo asafo kakraa bi mu no, onipa baako anaa nea ɛboro saa bedi nkae aduan no bi. Nanso wɔ asafo ahorow pii mu no, obiara renni bi. Dɛn nti na Kristofo kakraa bi, wɔn a wɔwɔ ɔsoro anidaso no na wodi, na nnipa dodow no a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtra asase so daa no de, wonni bi?

2, 3. (a) Ɔkwan bɛn so na Yehowa bɔɔ ade sɛnea n’atirimpɔw te? (b) Atirimpɔw bɛn nti na Yehowa bɔɔ asase ne nnipa?

2 Yehowa yɛ Onyankopɔn a ɔwɔ atirimpɔw. Nea ɛbɛyɛ na n’atirimpɔw abam no, ‘ɔyɛ nneɛma nyinaa ma ɛne ne pɛ hyia.’ (Efesofo 1:11) Ne Ba a ɔwoo no koro no ne n’adebɔ mfiase. (Yohane 1:1, 14; Adiyisɛm 3:14) Afei Yehowa nam ne Ba yi so bɔɔ abɔfo kuw no, na awiei koraa no ɔbɔɔ amansan yi a asase ne adesamma a wɔwɔ so no ka ho.—Hiob 38:4, 7; Dwom 103:19-21; Yohane 1:2, 3; Kolosefo 1:15, 16.

3 Yehowa ammɔ asase yi sɛ baabi a ɔde bɛsɔ nnipa ahwɛ sɛ ebia wɔfata sɛ ɔde wɔn ka abɔfo a wɔwɔ soro hɔ no ho sɛnea Kristoman mu asɔre ahorow kyerɛkyerɛ no. Atirimpɔw pɔtee bi nti na ɔbɔɔ asase no, sɛ “wɔntra so.” (Yesaia 45:18) Nnipa nti na Onyankopɔn bɔɔ asase. (Dwom 115:16) Ná anka wiase nyinaa bɛdan paradise a nnipa atreneefo ahyɛ so ma, na wɔahwɛ so. Wɔamfa anidaso a ɛne sɛ awiei koraa no wɔbɛfa wɔn akɔ soro no ansi nnipa baanu a wodi kan no anim.—Genesis 1:26-28; 2:7, 8, 15.

Wɔkasa Tia Yehowa Atirimpɔw

4. Ɔkwan bɛn so na wɔkasa tiaa Yehowa tumidi wɔ adesamma abakɔsɛm mfiase pɛɛ?

4 Onyankopɔn honhom mu ba bi sii ne bo sɛ ɔbɛsɛe Yehowa atirimpɔw, na ɔde hokwan a ɔwɔ sɛ ɔpaw nea ɔpɛ no dii dwuma ɔkwammɔne so. Ɔsɛe asomdwoe a wɔn a wofi ɔdɔ mu brɛ wɔn ho ase hyɛ Yehowa tumidi ase nya no. Satan maa nnipa baanu a wodi kan no twee wɔn ho fii Onyankopɔn ho. (Genesis 3:1-6) Wanka sɛ Yehowa nni tumi, na mmom ɔkasa tiaa ɔkwan a Ɔfa so di ne tumi ne hokwan a Ɔwɔ sɛ odi tumi no. Eyi maa Yehowa tumidi ho asɛm sɔree wɔ asase so ha wɔ adesamma abakɔsɛm mfiase pɛɛ.

5. Ɔsɛmpɔw foforo bɛn na ɛsɔree, na ɛfa henanom ho?

5 Nea ɛne amansan tumidi ho ɔsɛmpɔw titiriw yi wɔ abusuabɔ ne asɛm foforo a Satan ma ɛsɔree wɔ Hiob nna no mu no. Satan gyee nea enti a Yehowa abɔde brɛ wɔn ho ase ma No na wɔsom No no ho kyim. Nea na Satan repɛ akyerɛ ne sɛ, pɛsɛmenkominya nti na wɔsom no, na sɛ wɔkɔ sɔhwɛ mu a, wɔbɛsɔre atia Onyankopɔn. (Hiob 1:7-11; 2:4, 5) Ɛwom sɛ ɔsɛmpɔw yi fa nnipa a wɔyɛ Yehowa asomfo ho de, nanso ɛsan fa Onyankopɔn mma a wɔyɛ abɔfo, a Yehowa Ba a ɔwoo no koro no mpo ka ho no ho.

6. Ɔkwan bɛn so na Yehowa daa n’atirimpɔw adi ma ɛne ne din hyiae?

6 Nea ɛne n’atirimpɔw ne ne din hyia no, Yehowa ankasa yɛɛ ne ho Odiyifo ne Agyenkwa. * Ɔka kyerɛɛ Satan sɛ: “Mede ɔtan mɛto wo ne ɔbea no ntam, ɛne w’asefo ne n’asefo ntam. Ɔno na ɔbɛbɔ wo ti; na wo nso woaka ne nantin.” (Genesis 3:15) Yehowa nam Aseni a obefi “ɔbea” no anaa n’ahyehyɛde no fã a ɛwɔ soro no so bebua Satan mpoatwa no, na ama Adam asefo anya nkwagye ho anidaso.—Romafo 5:21; Galatifo 4:26, 31.

“Ne Pɛ Ho Ahintasɛm Kronkron”

7. Yehowa atirimpɔw bɛn na ɔnam ɔsomafo Paulo so daa no adi?

7 Wɔ ɔsomafo Paulo krataa a ɔkyerɛw kɔmaa Kristofo a na wɔwɔ Efesofo no mu no, ɔtɔɔ ne bo kyerɛkyerɛɛ sɛnea Yehowa bedi nneɛma ho dwuma de ama n’atirimpɔw aba mu no mu yiye. Paulo kyerɛwee sɛ: “Ɔma yehuu ne pɛ ho ahintasɛm kronkron. Ɛno na ɛsɔ n’ani sɛnea n’ankasa abɔ ne tirim sɛ sɛ bere no sõ a, obedi nneɛma ho dwuma, kyerɛ sɛ, ɔbɛka nneɛma nyinaa abom bio wɔ Kristo mu, nea ɛwɔ soro ne nea ɛwɔ asase so.” (Efesofo 1:9, 10) Yehowa atirimpɔw a anuonyam wom no ne sɛ ɔbɛka amansan yi nyinaa abom ma abɔde a wɔdɔ no na wɔbrɛ wɔn ho ase hyɛ ne tumidi ase no atra mu. (Adiyisɛm 4:11) Ɛnam so bɛma ne din ho atew, na Satan ayɛ ɔtorofo, ma Onyankopɔn apɛde ayɛ hɔ “wɔ asase so sɛnea ɛte wɔ soro” no.—Mateo 6:10.

8. Dɛn na asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase ‘di nneɛma ho dwuma’ no kyerɛ ankasa?

8 Yehowa nam ‘nneɛma ho dwuma a obedi’ anaa afisiesie so bɛma ‘nea ɛsɔ n’ani’ anaa n’atirimpɔw aba mu. Paulo de asɛmfua a asekyerɛ ankasa ne “ofiehwɛ” na edii dwuma. Ɛnkyerɛ nniso bi, te sɛ Mesia Ahenni, na mmom ɛkyerɛ ɔkwan a wɔfa so toto nneɛma. * Ɔkwan a ɛyɛ nwonwa a Yehowa bɛfa so adi nneɛma ho dwuma de ama n’atirimpɔw aba mu no yɛ “ahintasɛm kronkron” a na wɔde mfe pii bɛda no adi nkakrankakra.—Efesofo 1:10; 3:9.

9. Ɔkwan bɛn so na Yehowa daa ne pɛ ho ahintasɛm kronkron no adi nkakrankakra?

9 Yehowa nam apam ahorow so de nkakrankakra daa sɛnea ɔbɛma n’atirimpɔw a ɛfa Aseni a ɔhyɛɛ ne ho bɔ wɔ Eden no bɛba mu no adi. Apam a Yehowa ne Abraham yɛe no daa no adi sɛ, na Aseni a wɔahyɛ ne ho bɔ no bɛfa Abraham abusua so aba asase so, na ɛdenam Aseni no so no, “asase so amanaman nyinaa” benya nhyira. Saa apam no kyerɛe nso sɛ afoforo bɛba abɛka aseni titiriw no ho. (Genesis 22:17, 18) Mmara apam a Yehowa ne honam fam Israel yɛe no ma yehui sɛ na wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛpaw “asɔfo ahemman.” (Exodus 19:5, 6) Apam a Yehowa ne Dawid yɛe no kyerɛe sɛ Aseni no bedi Ahenni bi so Tumi de akosi daa. (2 Samuel 7:12, 13; Dwom 89:3, 4) Bere a Mmara apam no kyerɛɛ Yudafo no kwan kɔɔ Mesia no so no, Yehowa daa n’atirimpɔw ho nneɛma afoforo a na ɛbɛbam adi. (Galatifo 3:19, 24) Ná nnipa a wɔbɛka aseni titiriw yi ho no bɛyɛ “asɔfo ahemman” a wɔhyɛɛ wɔn ho nkɔm no, na na wɔne wɔn bɛyɛ “apam foforo” sɛ ‘honhom fam Israel.’—Yeremia 31:31-34; Hebrifo 8:7-9. *

10, 11. (a) Ɔkwan bɛn so na Yehowa daa Aseni a na wɔahyɛ ne ho nkɔm no adi? (b) Dɛn nti na Onyankopɔn Ba a ɔwoo no koro no baa asase so?

10 Nea ɛbɛma wɔadi Onyankopɔn atirimpɔw ho dwuma no, bere soe maa Aseni a na wɔahyɛ ne ho nkɔm no baa asase so. Yehowa somaa ɔbɔfo Gabriel baa Maria nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ ɔbɛwo ɔbabarima, na wɔbɛfrɛ no Yesu. Ɔbɔfo no ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔbɛyɛ kɛse na wɔbɛfrɛ no Ɔsorosoroni no Ba; na Yehowa Nyankopɔn de n’agya Dawid ahengua bɛma no, na obedi Yakob fie so hene afebɔɔ, na n’ahenni remma awiei.” (Luka 1:32, 33) Afei de, Aseni a wɔhyɛɛ ne ho nkɔm no bɛdaa adi pefee.—Galatifo 3:16; 4:4.

11 Ná Yehowa Ba a ɔwoo no koro no bɛba asase so na wɔasɔ no ahwɛ akosi owu mu. Ná ɔkwan a Yesu bɛfa so abɔ ne bra no ne ɔkwan koro pɛ a wɔnam so bebua Satan mpoatwa no. So na obedi n’Agya nokware? Ná eyi yɛ ahintasɛm. Akyiri yi, ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛɛ dwuma a Yesu di mu sɛ: “Onyamesom pa ho ahintasɛm kronkron no sõ: ‘Woyii no adi honam mu, wobuu no bem honhom mu, oyii ne ho adi kyerɛɛ abɔfo, wɔkaa ne ho asɛm amanaman mu, wogyee no dii wɔ wiase, wogyee no kɔɔ soro anuonyam mu.’” (1 Timoteo 3:16) Yiw, Yesu nam ne mudi mu a okurae pintinn no so buaa Satan mpoatwa no koraa. Nanso na ahintasɛm kronkron no ho nsɛm afoforo wɔ hɔ a ɛnnaa adi.

“Onyankopɔn Ahenni Ho Ahintasɛm Kronkron No”

12, 13. (a) Dɛn ne “Onyankopɔn ahenni ho ahintasɛm kronkron” no ho ade biako? (b) Dɛn na Yehowa yɛe de paw nnipa kakraa bi a wɔbɛkɔ soro no?

12 Wɔ akwan a Yesu tutu kɔɔ Galilea kɔkaa asɛm no biako mu no, ɔkyerɛe sɛ ahintasɛm kronkron no fa ne Mesia Ahenni nniso no ho pɛɛ. Ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Mo na wɔde ama mo sɛ monte ɔsoro ahenni [“Onyankopɔn ahenni,” Marko 4:11, Akuapem Twi Bible] ho ahintasɛm kronkron no ase.” (Mateo 13:11) Ná saa ahintasɛm no fã bi ne sɛ Yehowa bɛpaw “kuw ketewa” a wɔn dodow si nnipa 144,000 a wɔbɛka ne Ba no ho sɛ aseni no fã, na wɔne no adi ade wɔ soro.—Luka 12:32; Adiyisɛm 14:1, 4.

13 Esiane sɛ wɔbɔɔ nnipa sɛ wɔntra asase so nti, na Yehowa hia “abɔde foforo” na ama nnipa binom akɔ soro. (2 Korintofo 5:17) Bere a ɔsomafo Petro rekasa sɛ obi a ɔka wɔn a wobenya ɔsoro anidaso soronko yi ho no, ɔkyerɛwee sɛ: “Nhyira nka yɛn Awurade Yesu Kristo Agya ne ne Nyankopɔn, efisɛ ne mmɔborohunu nti wawo yɛn foforo kɔ anidaso a nkwa wom mu denam nyan a wonyan Yesu Kristo fii awufo mu so na ama yɛanya agyapade a ɛmporɔw na efĩ nni ho na ɛnsɛe. Wɔakora so wɔ soro ama mo.”—1 Petro 1:3, 4.

14. (a) Ɛyɛɛ dɛn na wɔn a wɔnyɛ Yudafo bɛkaa “Onyankopɔn ahenni ahintasɛm kronkron” no ho? (b) Dɛn na ɛma yetumi te “Onyankopɔn nneɛma a emu dɔ no” ase?

14 Ná wɔn a wɔnyɛ Yudafo a Onyankopɔn de wɔn bɛka nnipa kakraa bi a ɔbɛfrɛ wɔn aka Kristo ho ma wɔadi ade wɔ soro no nso yɛ ahintasɛm kronkron no ho ade foforo a ɛfa Ahenni nniso no ho. Paulo kyerɛkyerɛɛ Yehowa afisiesie anaa ɔkwan a ɔbɛfa so ama n’atirimpɔw aba mu no mu sɛ: “Awo ntoatoaso afoforo mu no wɔamma nnipa mma anhu ahintasɛm yi sɛnea seesei wɔnam honhom so ayi akyerɛ n’asomafo ne adiyifo kronkron no, sɛ ɛsɛ sɛ amanaman mufo nso fa asɛmpa no so bɛyɛ mfɛfo adedifo ne nipadua no ho akwaa na wɔne yɛn nyinaa anya bɔhyɛ no mu kyɛfa wɔ Kristo Yesu mu.” (Efesofo 3:5, 6) Wɔdaa ahintasɛm kronkron no fã yi ho ntease adi kyerɛɛ ‘asomafo kronkron’ no. Saa ara na ɛnnɛ, sɛ ɛnyɛ honhom kronkron no mmoa a, anka yɛrentumi nte “Onyankopɔn nneɛma a emu dɔ no” ase.—1 Korintofo 2:10; 4:1; Kolosefo 1:26, 27.

15, 16. Dɛn nti na Yehowa paw Kristo mfɛfo adedifo fii adesamma mu?

15 Wɔkyerɛ sɛ “wɔtɔɔ” nnipa “mpem ɔha aduanan anan” a wohui sɛ wɔka “Oguammaa no” ho wɔ ɔsoro Sion Bepɔw so no ‘fii asase so anaa adesamma mu sɛ aba a edi kan maa Nyankopɔn ne Oguammaa no,’ Kristo Yesu. (Adiyisɛm 14:1-4) Yehowa paw ne soro mma no mu abakan maa no bɛyɛɛ aseni titiriw a wɔhyɛɛ ne ho bɔ wɔ Eden no, nanso dɛn nti na ɔpaw Kristo mfɛfo adedifo no fii adesamma mu? Ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛ mu sɛ, ‘wɔfrɛɛ saa nnipa kakraa bi no sɛnea Yehowa atirimpɔw te,’ “sɛnea ɔpɛ na ɛsɔ n’ani.”—Romafo 8:17, 28-30; Efesofo 1:5, 11; 2 Timoteo 1:9.

16 Yehowa atirimpɔw ne sɛ ɔbɛtew ne din kronkron no ho na wasan n’amansan tumidi no ho. Yehowa nam ‘ɔkwan a ɔfa so di nneɛma ho dwuma’ a biribiara ne no nsɛ no so maa N’abakan no baa asase so maa wɔsɔɔ no hwɛe kosii owu mu. Bio nso, Yehowa hui sɛ nnipa a wɔadi N’amansan tumidi no nokware akosi owu mu no nso bɛka ne Ba no Mesia Ahenni nniso no ho.—Efesofo 1:8-12; Adiyisɛm 2:10, 11.

17. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ Kristo ne ne mfɛfo adedifo a wɔatra ase pɛn sɛ nnipa no ma yɛn ani gye?

17 Yehowa daa ɔdɔ kɛse adi kyerɛɛ Adam asefo denam ne Ba no a ɔbaa asase so ne adesamma mu binom a ɔpaw wɔn sɛ wɔnka ne Ba no ho sɛ Ahenni nniso no adedifo no so. Ɛbɛyɛ dɛn na afoforo a wɔadi Yehowa nokware fi Habel so reba no benya so mfaso? Esiane sɛ wɔwoo yɛn sɛ bɔne ne owu nkoa a yɛnyɛ pɛ nti, ɛho hia sɛ wɔsa yɛn yare wɔ honhom fam ne honam fam na ama yɛayɛ pɛ sɛnea Yehowa atirimpɔw ma adesamma te fi mfiase no. (Romafo 5:12) Hwɛ sɛnea eyi ma wɔn a wɔhwɛ kwan sɛ wobenya daa nkwa wɔ asase so no nya awerɛkyekye. Wonim sɛ wɔn Hene no bɛda ɔdɔ adi akyerɛ wɔn na wate wɔn ase sɛnea ɔdaa no adi kyerɛɛ n’asuafo no bere a ɔbaa asase so bɛyɛɛ ne som adwuma no. (Mateo 11:28, 29; Hebrifo 2:17, 18; 4:15; 7:25, 26) Na hwɛ awerɛkyekye ara a ɛyɛ bere a wohu sɛ Kristo mfɛfo a wɔbɛyɛ ahemfo ne asɔfo wɔ soro no yɛ mmea ne mmarima gyidifo a wɔn nso na wɔwɔ mmerɛwyɛ na wohyiaa nsɛnnennen wɔ asetra mu te sɛ wɔn ara!—Romafo 7:21-25.

Yehowa Atirimpɔw a Ɛrenni Huammɔ

18, 19. Dɛn na ama Paulo nsɛm a ɛwɔ Efesofo 1:8-11 no mu ada hɔ ama yɛn, na dɛn na yebesusuw ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu?

18 Seesei yɛatumi ate ɔsomafo Paulo nsɛm a ɛwɔ Efesofo 1:8-11 a ɔde kɔmaa Kristofo a wɔasra wɔn no ase. Ɔkae sɛ Yehowa ama wɔahu “ne pɛ ho ahintasɛm kronkron no,” ɛne sɛ ‘wɔayɛ wɔn adedifo’ a wɔne Kristo bedi ade, na ‘wɔhyɛ faa wɔn ho too hɔ sɛnea nea ɔyɛ nneɛma nyinaa ma ɛne ne pɛ hyia no bɔɔ ne tirim no.’ Yehu sɛ eyi ne ɔkwan a ɛso nni a Yehowa fa so ‘di nneɛma ho dwuma’ ma n’atirimpɔw ba mu no hyia. Eyi nso boa yɛn ma yehu nea enti a Kristofo a wɔkɔ Awurade Anwummeduan ase no mu kakraa bi na wodi nkae aduan no bi no.

19 Wɔ asɛm a edi hɔ mu no, yebehu nea Kristo wu Nkaedi no kyerɛ ma Kristofo a wɔwɔ ɔsoro anidaso no. Afei nso, yebehu nea enti a ɛsɛ sɛ nnipa ɔpepem pii a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtra asase so daa no ma nea Nkaedi no kyerɛ no yɛ wɔn ahiasɛm no.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 6 Nea Onyankopɔn din kyerɛ ankasa ne “Nea Ɔma Ɛyɛ Hɔ.” Yehowa betumi ayɛ ne ho sɛnea ɔpɛ biara de ama n’atirimpɔw aba mu.—Exodus 3:14.

^ nky. 8 Paulo nsɛm no kyerɛ sɛ, na ‘woredi nneɛma ho dwuma’ dedaw wɔ ne bere so, nanso Kyerɛwnsɛm no kyerɛ sɛ wɔde Mesia Ahenni no sii hɔ wɔ afe 1914 yi ara mu.

^ nky. 9 Sɛ wopɛ apam ahorow a edii Onyankopɔn atirimpɔw ho dwuma mu nkyerɛkyerɛmu a ɛkɔ akyiri a, hwɛ Ɔwɛn-Aban a ɛbae February 1, 1989, kratafa 10-15.

Ntĩmu

• Dɛn nti na Onyankopɔn bɔɔ asase na ɔbɔɔ nnipa guu so?

• Dɛn na ɛma ɛho behiae sɛ Yehowa ma ne Ba a ɔwoo no koro no ba asase so na wɔsɔ no hwɛ?

• Dɛn nti na Yehowa paw Kristo mfɛfo adedifo no fii adesamma mu?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]