Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Asiane abiɛsa bɛn na Yesu de ho kɔkɔbɔ mae wɔ Mateo 5:22?

Yesu Kristo bɔɔ n’akyidifo no kɔkɔ wɔ ne Bepɔw so Asɛnka no mu sɛ: “Mise mo sɛ obiara a ɔkɔ so ma ne bo fuw ne nua no bedi fɔ wɔ asɛnnii; obiara a ɔka asɛm a ɛyɛ asefem tia ne nua no bedi fɔ wɔ Bagua Kɛse mu, na wɔde obiara a ɔka sɛ, ‘Woyɛ ɔkwasampani!’ no bɛto Gehenna gya a ɛredɛw mu.”—Mateo 5:22.

Yesu de nneɛma a na Yudafo no nim—asɛnnii, Bagua Kɛse ne Gehenna gya—na edii dwuma de kyerɛɛ wɔn baabi a bɔne a anibere wom a wɔkɔ so yɛ ho asotwe kodu ne sɛnea ɛyɛ aniberesɛm fa.

Nea edi kan no, Yesu kae sɛ, obiara a ɔkɔ so ma ne bo fuw ne nua no bedi fɔ “wɔ asɛnnii,” a na ɛyɛ wɔn asɛnnibea no. Sɛnea Yudafo amammerɛ te no, wɔhyehyɛɛ asɛnnibea ahorow yi wɔ nkuropɔn a emu mmarima mpanyimfo yɛ 120 anaa nea ɛboro saa no mu. (Mateo 10:17; Marko 13:9) Ná atemmufo a wɔwɔ asɛnnibea a ɛtete saa mu no wɔ tumi sɛ wobu awudifo atɛn mpo. (Deuteronomium 16:18; 19:12; 21:1, 2) Enti, na Yesu rekyerɛ sɛ, sɛ obi kɔ so nya ne nua ho menasepɔw a na ɔreyɛ bɔne a anibere wom.

Yesu toaa so kae sɛ, obiara a “ɔka asɛm a ɛyɛ asefem tia ne nua no bedi fɔ wɔ Bagua Kɛse mu.” Hela asɛmfua rha·kaʹ (NW, ase hɔ asɛm) a wɔkyerɛɛ ase “asefem nsɛm a wɔka de bu obi animtiaa” no kyerɛ “nnipa hunu” anaa “obi a onni ti.” Sɛnea nsɛm asekyerɛ nhoma (The New Thayer’s Greek-English Lexicon of the New Testament) kyerɛ no, saa asɛmfua no yɛ “asɛm a na Yudafo a wɔwɔ Kristo bere so no ka de bɔ afoforo ahohora.” Enti, na Yesu rebɔ aniberesɛm a ɛyɛ sɛ obi benya ne yɔnko nipa ho tan aka animguasesɛm atia no no ho kɔkɔ. Nea na Yesu reka ara ne sɛ, sɛ obi ka asɛm a ɛte saa a, ɛnyɛ wɔn asɛnnibea no na ebebu no atɛn na mmom Bagua Kɛse—Sanhedrin no a ɔsɔfo panyin ne mpanyimfo 70 ne akyerɛwfo wom no.—Marko 15:1.

Awiei koraa no, Yesu kyerɛɛ mu sɛ, obiara a ɔbɛka akyerɛ ne yɔnko sɛ, “Woyɛ ɔkwasampani!” no, wɔde no bɛto Gehenna gya a ɛredɛw mu. Wonyaa asɛmfua “Gehenna” no fii Hebri asɛmfua geh hin·nomʹ, a ɛkyerɛ “Hinom bon,” a ɛda tete Yerusalem atɔe ne anafo fam no mu. Wɔ Yesu bere so no na bon no yɛ beae a wɔhyew wura ne nsɛmmɔnedifo a wonsie wɔn no afunu. Enti na “Gehenna” yɛ ɔsɛe pasaa ho sɛnkyerɛnne.

Ɛnde na asɛm “ɔkwasampani” no kyerɛ dɛn? Asɛmfua a ɔde dii adwuma wɔ ha no te sɛ Hebri asɛmfua a ɛkyerɛ “otuatewfo,” anaa “ɔsɔretiafo.” Egyina hɔ ma obi a ne bra asɛe, ɔwaefo ne obi a ɔsɔre tia Nyankopɔn. Enti nea ɔka kyerɛ ne yɔnko sɛ ɔyɛ “ɔkwasampani” no rekyerɛ sɛ ne nua no fata daa ɔsɛe ho asotwe a wɔde ma obi a ɔsɔre tia Nyankopɔn no. Wɔ Onyankopɔn ani so no, onii a ɔka afobusɛm a ɛte saa tia ne nua no momm na obenya atemmu a ano yɛ den yi—daa ɔsɛe.—Deuteronomium 19:17-19.

Ne saa nti, na Yesu rema n’asuafo no ahu gyinapɛn a ɛkorɔn sen nnyinasosɛm a na ɛwɔ Mose Mmara no mu no. Ɛmfa ho sɛ na nkurɔfo gye di sɛ owudifo “bedi fɔ wɔ asɛnnii” no, Yesu kaa nea ɛsen saa ho asɛm. Ɔkyerɛɛ n’asuafo no sɛ wonnya wɔn nuanom ho menasepɔw.—Mateo 5:21, 22.