Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Yehia Mesia No?

So Yehia Mesia No?

So Yehia Mesia No?

EBIA wo nso wubebisa sɛ, “So yehia Mesia no?” Yiw, ɛyɛ ne kwan so sɛ wubisa sɛ ebia Mesia no benya wo so nkɛntɛnso anaa.

Nnipa a ebia wubu wɔn bɛka akyerɛ wo sɛ asɛm biara nni mmue no ho: Wuhia Mesia no paa sɛnea obiara hia no no. Yudafo mmara ho ɔbenfo bi a ɔtraa ase afeha a edi kan no mu no kyerɛw Mesia no ho asɛm sɛ: “Nyankopɔn bɔhyɛ dodow nyinaa nam no so ayɛ Yiw.” Ɔnam asɛm yi so twee adwene sii dwuma titiriw a Mesia no di wɔ Ɔbɔadeɛ no atirimpɔw a ɛne sɛ obehyira aman nyinaa no so. (2 Korintofo 1:20) Mesia no dwumadi ho hia araa ma Bible nkɔmhyɛ nyinaa twee adwene sii ne mmae ne n’asase so asetra so. Henry H. Halley kae wɔ nhoma bi a nnipa ɔpepem pii kenkanee wɔ mfe 70 a atwam ni no mu sɛ: “Wɔkyerɛw Apam Dedaw no na asiesie kwan mu ama [Mesia no] Mmae.” So na ehia sɛ ɔba? Dɛn nti na ɛsɛ sɛ eyi ho hia wo?

Nea “Mesia” kyerɛ ankasa ne “Nea Wɔasra No,” na ɛno na wɔsan kyerɛ ase “Kristo” a nnipa pii nim no. Ná ɛsɛ sɛ Oyi a Encyclopædia Britannica, afe 1970 de no frɛ no “ogyefo a ɔsen biara” no ba esiane nnipa baanu a wodi kan, Adam ne Hawa asoɔden nti. Wɔbɔɔ wɔn sɛ nnipa a wɔyɛ pɛ a na wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtra ase daa wɔ Paradise, nanso saa anidaso no bɔɔ wɔn. Ɔbɔfo tuatewfo a akyiri yi wɔbɛfrɛɛ no Satan Ɔbonsam no ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔn Bɔfo no yɛ katee dodo, na sɛ wɔn ankasa si papa ne bɔne ho gyinae a, ebesi wɔn yiye.—Genesis 3:1-5.

Satan daadaa Hawa ma ogyee saa atosɛm no dii. Esiane sɛ na Adam dɔ ne yere sen nokware a obedi ama Onyankopɔn nti, ɔbɛyɛɛ Ɔbonsam atuatew no fafafo. (Genesis 3:6; 1 Timoteo 2:14) Wɔnam wɔn nneyɛe so hweree asetra a enni awiei ho anidaso a na wɔwɔ wɔ paradise no. Wɔde bɔne ne asotwe a efi mu bae a ɛne owu no gyaw wɔn asefo a na wonnya nwoo wɔn no.—Romafo 5:12.

Ntɛm ara na Yehowa, yɛn Bɔfo no huu ɔkwan a ɛbɛfa so adan nneɛma bɔne a atuatew no de bae no ani. Ná eyi bɛma wasiesie nneɛma a akyiri yi ɛbɛyɛɛ Mose Mmara mu nnyinasosɛm—ɔkra nsi ɔkra ananmu—a Onyankopɔn nam so bɛpata ɔne nnipa ntam no. (Deuteronomium 19:21; 1 Yohane 3:8) Sɛ na Adam ne Hawa asefo a wɔadi amia yi benya paradise atra daa sɛnea Ɔbɔadeɛ no bɔɔ ne tirim no a, na gye sɛ wɔde nnyinasosɛm yi di dwuma. Eyi na ɛmaa Mesia no bae.

Bere a Yehowa Nyankopɔn rebu Ɔbonsam atɛn no, ɔkae wɔ Bible nkɔmhyɛ a edi kan no mu sɛ: “Mede ɔtan mɛto wo ne ɔbea no ntam, ɛne w’asefo ne n’asefo ntam. Ɔno na ɔbɛbɔ wo ti; na wo nso woaka ne nantin.” (Genesis 3:15) Bible ho ɔbenfo bi kae sɛ, “saa asɛm yi na efii Mesia ho bɔhyɛ a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm no mu nyinaa ase.” Ɔfoforo nso kae sɛ Mesia no na Onyankopɔn nam ne so “bɛdan nnipa a wodi kan no bɔne ani” na bere koro no ara ɛde nhyira abrɛ adesamma.—Hebrifo 2:14, 15.

Nanso nea ɛsɛ sɛ wohyɛ no nsow ne sɛ adesamma a yɛwɔ hɔ nnɛ no nsa nkaa nhyira yi. Mmom no, abasamtu na amene nnipa. Enti The World Book Encyclopedia ka sɛ, “Yudafo pii da so ara rehwɛ Mesia no kwan,” ɛne sɛ “obedi n’atamfo so nkonim na wasiesie nneɛma.” Nanso Bible no ka sɛ Mesia no aba dedaw. So biribi wɔ hɔ a enti ɛsɛ sɛ wugye nea Bible ka no di? Asɛm a edi hɔ no bebua.