Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Yɛahu Mesia No”

“Yɛahu Mesia No”

“Yɛahu Mesia No”

“YƐAHU Mesia no.” “Yɛahu nea Mose kyerɛw ne ho asɛm wɔ Mmara no mu, na Adiyifo no nso kyerɛw ne ho asɛm no.” Yudafo baanu a wɔyɛ nsi a wɔtraa ase wɔ afeha a edi kan no mu no na wɔde ahodwiriw bɔɔ amanneɛ yi. Afei de, na Mesia no ho anidaso a wɔwɔ no abam. Ná wɔn adwene si wɔn pi!—Yohane 1:35-45.

Sɛ wususuw sɛnea nneɛma kɔɔ so wɔ nyamesom mu saa bere no ho a, na wɔn ahotoso no wɔ nnyinaso titiriw bi. Atoro Mesia pii sɔree ma nnipa pii tu dii wɔn akyi de wɔn werɛ hyɛɛ wɔn mu, nanso bere a saa mmarima yi antumi annye Yudafo no amfi Romafo kɔndua ase no, wɔn anidaso no tu yerae.—Asomafo Nnwuma 5:34-37.

Nanso ahotoso a na Yudafo baanu yi, Andrea ne Filipo wɔ sɛ wɔahu Mesia no ankasa no anhinhim da. Mmom, bere rekɔ so no, ahotoso a na wɔwɔ wɔ ɔbarima yi mu no kɔɔ so yɛɛ kɛse bere a wɔn ankasa huu ahoɔdenne a ɔbarima yi yɛe de maa Mesia no ho nsɛm a wɔka siei baa mu no.

Dɛn nti na nnipa baanu yi ne afoforo nyaa ne mu gyidi sɛ ɔnka atoro Mesia a wɔbɛdaadaa afoforo no ho? Nneɛma bɛn na edii ne ho adanse sɛ na ɔne Mesia no ankasa?

Sɛnea abakɔsɛm da no adi no, Andrea ne Filipo huu Yesu a ofi Nasaret a na ɔyɛ duadwumfo no sɛ ɔne Mesia a wofi a bere tenten hyɛɛ ne ho nkɔm a na wɔrehwɛ no kwan no. (Yohane 1:45) Luka, abakɔsɛm kyerɛwfo a n’ani kũ n’adwuma ho yiye no kae sɛ Mesia no mmae fii ase wɔ “Tiberio Kaesare ahenni afe a ɛto so dunum mu.” (Luka 3:1-3) Tiberio ahenni afe a ɛto so 15 Y.B. no fii ase September afe 28 Y.B. kosii September afe 29 Y.B. Luka kɔɔ so kae sɛ na Yudafo a wɔwɔ hɔ saa bere no ‘rehwɛ kwan’ sɛ Mesia no bepue. (Luka 3:15) Dɛn nti na na wɔrehwɛ no kwan saa bere no? Yebehu.

Nneɛma a Wogyina so Hu Mesia No

Sɛ wususuw dwuma titiriw a Mesia no di ho a, ntease wom sɛ Yehowa a ɔne Ɔbɔadeɛ no de adanse pɔtee maa anokwafo a na wɔwɛn no ma wohuu Mesia a wɔahyɛ ne ho bɔ no. Dɛn ntia? Efisɛ saa kwan yi so no, nnipa a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Mesia no rennya kwan nnaadaa wɔn a wɔn ani da hɔ no sɛnea wɔyɛɛ afoforo no.

Sɛ ɔman nanmusini bi kɔ ɔman foforo so a, wɔhwɛ kwan sɛ ɔde nneɛma a edi ne ho adanse bɛkɔ akɔma ɔman a wakɔ so no aban. Saa ara na na Yehowa adi kan asiesie nneɛma a ebehia sɛ Mesia no du ho no ato hɔ. Enti bere a “Ɔsafohene” no bae no, na ɛte sɛ nea ɔde nneɛma a ebedi ne ho adanse no nam.—Hebrifo 12:2.

Na wɔakyerɛw nneɛma atitiriw a ɛbɛma wafata sɛ Mesia no ho nsɛm ato hɔ wɔ Bible nkɔmhyɛ ahorow mu mfehaha pii. Wɔhyɛɛ ɔkwan a na Mesia no bɛfa so aba, sɛnea ɔbɛyɛ ne som adwuma no, amane a obehu wɔ afoforo nsa ano ne ɔkwan a ɔbɛfa so awu nyinaa ho nkɔm too hɔ. Ebia w’ani begye sɛ wubehu sɛ nkɔmhyɛ a ɛyɛ nokware yi kaa ne wusɔre, ma a wɔbɛma no so akɔtra Onyankopɔn nsa nifa so, ne awiei koraa no nhyira a Ahenni nniso no de bɛba daakye no ho asɛm. Saa kwan yi so no, Bible nkɔmhyɛ ma yɛn adanse soronko a yebetumi agyina so ahu Mesia no.

Nokwarem no, bere a Yesu puei wɔ afe 29 Y.B. no, ɛnyɛ Mesia no ho nkɔmhyɛ ahorow nyinaa na ɛbaa mu saa bere no. Sɛ nhwɛso no, na wonkum no, na na onnyaa owusɔre nso. Nanso Andrea, Filipo ne afoforo pii nyaa Yesu mu gyidi esiane nea ɔkyerɛkyerɛe na ɔyɛe no nti. Wonyaa adanse a ɛdɔɔso a ɛkyerɛ sɛ na ɔne Mesia no ampa. Sɛ na wowɔ hɔ saa bere no na w’ankasa de adwempa hwehwɛɛ adanse ahorow no mu a, anka wubegye atom sɛ Yesu ne Mesia no ampa.

Adanse a Ɛwɔ Afã Bebree

Dɛn na anka ɛbɛboa wo ma woagye atom sɛ Yesu ne Mesia no? Bere rekɔ so no, adiyifo a Bible kaa wɔn ho asɛm no kyerɛɛ nneɛma pɔtee a ɛbɛboa ma yɛahu Mesia no pefee. Bere a adiyifo no de adanse ahorow mae no, ɛmaa Mesia no nipasu ankasa daa adi nkakrankakra. Henry H. Halley kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, ‘Fa no sɛ mmarima bi a ɛsono ɔman a wɔn mu biara fi so na wonnim wɔn ho ba behyiam wɔ ɔdan bi mu de mfonini bi afã a wokura begu ɔdan no mu. Bere a wɔkekaa mfonini no afã horow a wɔde bae no sisii anim no, ɛbɛyɛɛ onipa pɔtee bi mfonini pɛpɛɛpɛ. Sɛ ɛnyɛ obi na ɔde ɛho akwankyerɛ maa wɔn mu biara a, anka ɛbɛyɛ dɛn na mfonini no afã horow no atumi asisi anim pɛpɛɛpɛ? Afei obisae sɛ: “Sɛ ɛnyɛ onipa baako a ɔwɔ tumi na ɔhwɛ ma wɔkyerɛw Yesu asetra ne ne nnwuma ho nsɛm a, anka ɛbɛyɛ dɛn na akyerɛwfo a wɔantra ase bere koro mu na ɛsono ɔman a wofi mu, na wɔtraa ase bere tenten ansa na Yesu reba no betumi aboaboa ne ho nsɛm ano akyerɛw?” Halley de n’asɛm no baa awiei sɛ “Ɛyɛ anwonwade a ɛso bi mmae da!”

“Anwonwade” yi fii ase wɔ Bible mu nhoma a edi kan no mu. Bio nso, bere a Genesis kyerɛwfo no kyerɛw Bible mu nkɔmhyɛ a edi kan a ɛfa Mesia no dwumadi ho wiei no, ɔde kaa ho sɛ Mesia no nam Abraham asefo so na ɛbɛba. (Genesis 3:15; 22:15-18) Adanse foforo ma ɛbɛdaa adi sɛ Mesia no befi Yuda abusua mu. (Genesis 49:10) Onyankopɔn nam Mose so ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ, Mesia no bɛyɛ ɔkasamafo ne ogyefo asen Mose mpo.—Deuteronomium 18:18.

Ɔhene Dawid bere so no, wɔhyɛɛ nkɔm sɛ Mesia no bɛtra n’agya Dawid agua so na ‘N’ahenni betim akosi daa.’ (2 Samuel 7:13-16) Mika nhoma no kae sɛ wɔbɛwo Mesia no wɔ Betlehem, Dawid kurom. (Mika 5:2) Yesaia ka siei sɛ ɔbabun na ɔbɛwo No. (Yesaia 7:14) Odiyifo Malaki hyɛɛ nkɔm sɛ obi a ɔte sɛ Elia bedi n’anim aba.—Malaki 4:5, 6.

Mesia no ho nsɛm afoforo nso pue wɔ Daniel nhoma no mu. Bere a nkɔmhyɛ no reka afe a Mesia no bepue ho asɛm no, ɛkae sɛ: ‘Enti hu na tie sɛ: Efi asɛm a ɛka sɛ wɔnsan nkyekye Yerusalem nsi n’ananmu no fi so kosi obirɛmpɔn a wɔasra no so yɛ adapɛn ason, na adapɛn aduosia abien, wɔbɛsan akyekye, mmorɔn ne afasu, nanso ahohiahia bere mu na ɛbɛyɛ.’—Daniel 9:25.

Persia Hene Artasasta de “asɛm” a ɛka sɛ wɔnsan nkyekye Yerusalem no mae wɔ n’ahenni afe a ɛto so 20 mu. N’ahenni no fii ase afe 474 A.Y.B., enti n’ahenni afe a ɛto so 20 no besi afe 455 A.Y.B. (Nehemia 2:1-8) Enti efi bere a wɔde ahyɛde mmae sɛ wɔnsan nkyekye Yerusalem kosi bere a Mesia no bepue no tenten yɛ adapɛn 69 (adapɛn 7 ne 62 a wɔaka abom). Ɛwom, adapɛn 69 ankasa tenten yɛ nnafua 483 pɛ, biribi a ɛrennu mfe abien. Nanso sɛ yɛde nkɔmhyɛ kwan so akontaabu a ɛne sɛ ‘afe afe nyɛ da koro’ no di dwuma a, ɛda adi sɛ Mesia no bepue wɔ mfe 483 akyi, wɔ afe 29 Y.B. mu.—Hesekiel 4:6. *

Ɛwom sɛ nnipa a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Mesia no bae bere afoforo mu de, nanso Nasareni Yesu nkutoo na opuei wɔ afe 29 Y.B. (Luka 3:1, 2) Saa afe no pɛpɛɛpɛ na Yesu baa Osubɔni Yohane nkyɛn ma ɔbɔɔ no asu wɔ nsu mu. Saa bere no, wɔde honhom kronkron sraa Yesu sɛ Mesia no. Ɛno akyi no, Yohane a na wɔaka ne ho asɛm asie sɛ Elia a obedi Yesu anim aba no de Yesu kyerɛɛ Andrea ne osuani foforo, kaa Ne ho asɛm sɛ “Onyankopɔn guammaa a oyi wiase bɔne kɔ no ni.”—Yohane 1:29; Luka 1:13-17; 3:21-23.

Anato ne Nea Wogyina So Hu Mesia No

Nkɔmhyɛ a efi honhom mu no de Mesia no bataa Yudafo mmusua titiriw bi ho. Enti ntease wom sɛ Ɔbɔadeɛ a onim biribiara no bɛyɛ ama Mesia no apue wɔ bere a na anato ho kyerɛwtohɔ wɔ hɔ a wobegyina so adi abusua a ofi mu no ho adanse.

McClintock and Strong’s Cyclopedia ka sɛ: “Akyinnye biara nni ho sɛ Yudafo abusua anato ho kyerɛwtohɔ no ansɛe ansa na afe 70 Y.B. reba, na mmom wɔsɛe no wɔ Yerusalem sɛe no mu [wɔ afe 70 Y.B.]” Adanse wɔ hɔ pefee a ɛkyerɛ sɛ Mateo ne Luka kyerɛw wɔn Asɛmpa no ansa na afe 70 Y.B. reba. Ne saa nti, na wobetumi ahwɛ kyerɛwtohɔ no mu ahyehyɛ Yesu abusua ho anato no. (Mateo 1:1-16; Luka 3:23-38) Na akyinnye biara nni ho sɛ wɔn bere sofo no mu dodow no ara bɛpɛ sɛ wɔyɛ Yesu anato a na ɛyɛ asɛnhia no mu nhwehwɛmu.

Ɛyɛ Nsɛm a Ehyiae Ara Kwa?

Nanso so ebetumi aba sɛ Mesia no ho nsɛm a ɛbaa mu wɔ Yesu so no yɛ nsɛm a ehyiae ara kwa? Bere a wobisaa nhomanimfo bi asɛm no, obuae sɛ, ‘Ɛrentumi mma saa da. Adanse ahorow no bɔ saa adwenkyerɛ no gu koraa. Obi buu akontaa kae sɛ, ɛbɛyɛ den paa sɛ nkɔmhyɛ yi mu biako pɛ mpo betumi aba mu na kampɛsɛ emu awotwe.’ Bere a ɔreyɛ eyi ho mfatoho no, ɔkae sɛ, sɛ wuhwie nkaprɛ ɔpepepem pii gu fam hyɛ emu biako agyirae, na wode ntama kyekyere obi ani sɛ onkyin ne nyinaa mu nkoyi nea woahyɛ no agyirae no a, ebegye no bere tenten ansa na watumi ayi nea woahyɛ no agyirae no. Saa ara na anka ɛbɛyɛ den ama obi sɛ ɔbɛhwɛ ama Mesia no ho nkɔmhyɛ ahorow no mu awotwe pɛ abam.

Nanso wɔ mfe abiɛsa ne fã a Yesu de yɛɛ ne som adwuma no nyinaa no, Bible nkɔmhyɛ bɛboro awotwe na ɛbaa mu wɔ ne so. Esiane adanse a ɛdɔɔso yi nti, saa nhomanimfo no kae sɛ: “Yesu nkutoo na Bible mu nkɔmhyɛ nyaa mmamu wɔ ne so.”

Mesia no “Mmae”

Ɛda adi pefee sɛ, Mesia a ɔne Nasareni Yesu no bae wɔ afe 29 Y.B. Ɛno ne ba a ɔbae sɛ Ogyefo a ɔbrɛ ne ho ase a obehuu amane no. Wamma sɛ Ɔhene tumfoɔ a ɔrebegye ne manfo afi Romafo nhyɛso ase, sɛnea Yudafo ne n’akyidifo pii mpo hwɛɛ kwan no. (Yesaia, ti 53; Sakaria 9:9; Asomafo Nnwuma 1:6-8) Nanso wɔhyɛɛ nkɔm sɛ ɔde tumi ne anuonyam kɛse na ɛbɛba daakye.—Daniel 2:44; 7:13, 14.

Bible nkɔmhyɛ a wɔagye bere ahwehwɛ mu no ama nnipa a wosusuw nsɛm ho yiye a wɔwɔ wiase nyinaa agye atom sɛ Mesia no bae, na ɔbɛsan aba. Adanse ahorow kyerɛ sɛ ne sanba a ebefi ne “mmae” ase no sii wɔ afe 1914 mu. * (Mateo 24:3-14) Wɔ saa afe no mu no, wɔde Yesu sii ade so wɔ soro sɛ Onyankopɔn Ahenni no so Hene a aniwa nhu. Ɛrenkyɛ, ɔbɛkeka ne ho de ayi ɔhaw a atuatew a ɛkɔɔ so wɔ Eden de bae no nyinaa afi hɔ. Ne Mfirinhyia Apem Ahenni no de nhyira bɛbrɛ wɔn a wogye no di sɛ ɔne Aseni a wɔhyɛɛ ne ho bɔ, Mesia a “oyi wiase bɔne fi hɔ no.”—Yohane 1:29; Adiyisɛm 21:3, 4.

Yehowa Adansefo ani begye ho sɛ wɔne wo besusuw adanse no ho na wɔafi Bible no mu akyerɛ wo nea Mesia nniso no bɛyɛ ama wo ne w’adɔfo nyinaa.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 17 Sɛ wopɛ Daniel 9:25 ho nsɛm pii a, hwɛ Insight on the Scriptures, Po 2, kratafa 899 kosi 904 a Yehowa Adansefo tintimii no mu.

[Asɛm a Wɔahyehyɛ/Mfonini ahorow wɔ kratafa 6, 7]

455 A.Y.B., 29 Y.B., 1914, Ɛrenkyɛ

“asɛm a ɛka Mesia no wɔde Mesia Mesia no bɛma

sɛ wɔnsan puei no sii ade abɔnefosɛm

nkyekye so wɔ soro to atwa

Yerusalem” na wayɛ asase

paradise

Mfe 483

(adapɛn 69)

​—Daniel 9:25