Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Henanom Ne Nokware Kristofo?

Henanom Ne Nokware Kristofo?

Henanom Ne Nokware Kristofo?

“SƐ NKURƆFO kyerɛkyerɛ Yesu Kristo ho nsɛm na wɔde bɔ wɔn bra nkutoo a, ɛnna ɛma yehu sɛ wɔyɛ Kristofo.” (On Being a Christian) Switzerland nyamekyerɛfo Hans Küng na ɔkaa saa nsɛm yi de daa nokwasɛm bi adi sɛ: Sɛ nnipa a wɔwɔ koma pa de Yesu nkyerɛkyerɛ bɔ wɔn bra nkutoo a, ɛnna ɛma yehu sɛ wɔyɛ nokware Kristofo.

Na sɛ ankorankoro bi anaa ahyehyɛde ahorow bi ka sɛ wɔyɛ Kristo akyidifo nanso wɔmfa nea Yesu kyerɛkyerɛe mmɔ wɔn bra nso ɛ? Yesu ankasa kae sɛ nnipa pii na wɔbɛka sɛ wɔyɛ Kristofo. Wɔbɛtwe adwene asi nnwuma a wɔyɛe so de akyerɛ sɛ wɔadi n’asɛm so, na wɔaka sɛ: “Yɛanhyɛ nkɔm wo din mu, na yɛantu adaemone wo din mu, na yɛanyɛ ahoɔdenne bebree wo din mu anaa?” Nanso, dɛn na Yesu bɛka akyerɛ wɔn? Ne nsɛm a emu da hɔ no ma yehu nea ɔbɛyɛ wɔn no: “Minnim mo da! Mumfi me so nkɔ, mo a moyɛ mmaratode.”—Mateo 7:22, 23.

Kɔkɔbɔ a emu yɛ den a wɔde ma ‘wɔn a wɔyɛ mmaratode’ a wɔka sɛ wɔyɛ Yesu akyidifo bɛn ara ni! Susuw ahwehwɛde atitiriw abien a Yesu kae sɛ ɛsɛ sɛ nkurɔfo yɛ na ama wɔagye wɔn atom sɛ nokware Kristofo na ɛnyɛ sɛ wɔn a wɔyɛ mmaratode no ho hwɛ.

“Sɛ Mododɔ Mo Ho A”

Ahwehwɛde biako a Yesu kae ni: “Mede ahyɛde foforo rema mo, sɛ monnodɔ mo ho; sɛnea medɔ mo no, mo nso monnodɔ mo ho. Sɛ mododɔ mo ho a, ɛno na ɛbɛma nnipa nyinaa ahu sɛ moyɛ m’asuafo.”—Yohane 13:34, 35.

Yesu pɛ sɛ n’akyidifo nya ɔdɔ ankasa ma wɔn ho wɔn ho ne nnipa a aka nyinaa. Kristofo pii atumi ayɛ saa fi Yesu bere so abesi nnɛ. Na nyamesom ahyehyɛde dodow no ara a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo no nso ɛ? So nea wonim fa wɔn ho bere tenten no kyerɛ sɛ wɔdodɔ wɔn ho? Dabida. Mmom no, wɔadi ako ne ntawntawdi pii mu akoten akunkum nnipa a wɔnyɛɛ bɔne biara.—Adiyisɛm 18:24.

Wɔakɔ so ayɛ saa ara de abesi nnɛ. Aman a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo na wodii anim wɔ wiase ko abien a ɛkɔɔ so wɔ afe 1900 mfe no mu kunkum nnipa pii. Nnansa yi ara, asɔre ahorow a wɔn na wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo no mufo na wodii atirimɔdensɛm ne mmusua a wɔtɔree wɔn ase wɔ Rwanda no mu akoten wɔ afe 1994 mu. Desmond Tutu a na anka ɔyɛ Anglikan ɔsɔfopɔn no kyerɛwee sɛ, “Ná wɔn a wɔsɔre tiaa wɔn ho wɔn ho kunkum wɔn ho wɔn ho atirimɔden so saa no wɔ ɔsom biako mu. Ná wɔn mu dodow no ara yɛ Kristofo.”

“Sɛ Motra M’asɛm Mu A”

Yesu kaa ahwehwɛde a ɛto so abien a wɔde hu nokware Kristosom ho asɛm sɛ: “Sɛ motra m’asɛm mu a, na moyɛ m’asuafo ampa, na mubehu nokware no, na nokware no bɛma moade mo ho.”—Yohane 8:31, 32.

Yesu hwehwɛ sɛ n’akyidifo bɛtra n’asɛm mu, a nea ɛkyerɛ ne sɛ wobedi ne nkyerɛkyerɛ so. Sɛnea nyamekyerɛfo Küng kyerɛ no, nyamesom akyerɛkyerɛfo a wɔn na wɔkyerɛ sɛ wodi Kristo akyi no “akɔ so agye Helafo nkyerɛkyerɛ atom” mmom. Nkyerɛkyerɛ a wɔde asi Yesu de no ananmu no bi ne ɔkra a enwu da, ahodwiragya a wogye di, Maria a wɔsom no, ne asɔfokuw a wɔahyehyɛ, na eyinom nyinaa yɛ nkyerɛkyerɛ a wonya fii abosonsomfo ne nyansapɛfo hɔ.—1 Korintofo 1:19-21; 3:18-20.

Nyamesom akyerɛkyerɛfo de Baasakoro nkyerɛkyerɛ a ntease nnim nso bae, nkyerɛkyerɛ a wɔde ama Yesu so asi dibea bi a ɔno ankasa mpo amfa amma ne ho da. Wɔnam saa nkyerɛkyerɛ no so ayi nnipa adwene afi Yesu Agya Yehowa, onii a Yesu kae bere nyinaa sɛ yɛnsom no no so. (Mateo 5:16; 6:9; Yohane 14:28; 20:17) Hans Küng kyerɛwee sɛ: “Sɛ Yesu ka Onyankopɔn ho asɛm a, na ɔrekyerɛ tete agyanom Abraham, Isak ne Yakob Nyankopɔn no: Nea wɔfrɛ no Yahwe no . . . Wɔ Yesu fam no, ɔno ne Onyankopɔn koro no.” Nnipa dodow ahe na ɛnnɛ wohu no ntɛm sɛ Yesu Agya ne ne Nyankopɔn ne Yahwe, anaa Yehowa, sɛnea nnipa pii kyerɛw no wɔ Twi kasa mu no?

Nyamesom akannifo abu wɔn ani agu Yesu ahyɛde a ɛka sɛ ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn ho hyehyɛ amanyɔsɛm mu no so koraa. Trevor Morrow kyerɛwee sɛ, wɔ Yesu bere so no, na “ɔmampɛ agye ntini” wɔ Galilea. Yudafo ɔmampɛfo pii dii ako sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya amanyɔsɛm ne nyamesom mu ahofadi. So Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo sɛ wɔnyɛ wɔn ade saa? Dabi. Mmom no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monyɛ wiase no fã.” (Yohane 15:19; 17:14) Nanso, sɛ anka asɔfo no bɛpo amanyɔsɛm no, nea wɔyɛ ne sɛ wɔkyerɛkyerɛ nea Irelandni nhoma kyerɛwfo Hubert Butler frɛ no “Kristosom a wɔde sraadi ne amanyɔsɛm afrafra.” Wakyerɛw sɛ: “Ɛreyɛ ayɛ sɛ wɔnam Kristosom a ɛte saa so boa amanyɔsɛm ne sraadi, na sɛ amanyɔfo ne asɔfo adwene hyia a, ɛma Asɔre no hyira ɔman no asraafo, na Asɔre no nso nya mfaso bi fi ɔman no hɔ.”

Atoro Akyerɛkyerɛfo Pa Yesu

Ɔsomafo Paulo bɔɔ kɔkɔ sɛ ebinom bɛwae afi nokware Kristosom ho. Ɔkae sɛ ne wu akyi no, “mpataku bɔne” befi wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo mu aba “akasa akyinkyim nsɛm de atwe asuafo no adi wɔn akyi.” (Asomafo Nnwuma 20:29, 30) ‘Wɔbɛpae mu aka no baguam sɛ wonim Onyankopɔn,’ nanso nokwarem no ‘wɔde wɔn nnwuma bɛpa no.’ (Tito 1:16) Ɔsomafo Petro nso bɔɔ kɔkɔ sɛ atoro akyerɛkyerɛfo “bewiawia wɔn ho de fekusɛm a edi awu aba na wɔbɛpa wɔn wura a ɔtɔɔ wɔn no mpo.” Ɔkae sɛ, wɔn bra bɔne no bɛma nkurɔfo aka “nokware kwan no ho asɛmmɔne.” (2 Petro 2:1, 2) Helani nhomanimfo W. E. Vine ka sɛ, sɛ́ wɔbɛpa Kristo wɔ saa kwan yi so no kyerɛ sɛ “wɔnam ɔwae ne nkyerɛkyerɛ a edi awu a wɔtrɛw mu so bɛpa Agya no ne Ɔba no.”

Sɛ wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Yesu asuafo boapa kwati sɛ ‘wɔbɛtra n’asɛm mu’ na wɔadi ahwehwɛde afoforo a waka ho asɛm no so a, Yesu bɛyɛ wɔn dɛn? Ɔbɔɔ kɔkɔ sɛ: “Obiara a ɔpa me nnipa anim no, me nso mɛpa no m’Agya a ɔwɔ soro no anim.” (Mateo 10:33) Nokwarem no, Yesu mpa obi a ɔbɔ mmɔden biara sɛ obedi nokware nanso ɛwɔ hɔ a na wadi mfomso no. Sɛ nhwɛso no, ɛwom sɛ Petro paa Yesu mprɛnsa de, nanso Petro nuu ne ho no, ɔde kyɛɛ no. (Mateo 26:69-75) Nanso, Yesu pa ankorankoro anaa ahyehyɛde ahorow a wɔyɛ mpataku a wɔhyɛ nguan nhoma a wɔboapa yɛ wɔn ho sɛ wodi Kristo akyi nanso wɔhyɛ da kɔ so po Yesu nkyerɛkyerɛ no. Yesu kaa saa atoro akyerɛkyerɛfo no ho asɛm sɛ: “Mode wɔn aba na ebehu wɔn.”—Mateo 7:15-20.

Ɔwae Fii Ase Wɔ Asomafo no Wu Akyi

Bere bɛn na atoro Kristofo fii ase paa Kristo? Wɔyɛɛ saa wɔ Yesu wu akyi pɛɛ. Yesu ankasa bɔɔ kɔkɔ sɛ, Satan Ɔbonsam bɛyɛ ntɛm adua “nwura bɔne” anaa atoro Kristofo wɔ “aba pa” anaa nokware Kristofo a Yesu duae wɔ ne som adwuma no mu no mu. (Mateo 13:24, 25, 37-39) Ɔsomafo Paulo bɔɔ kɔkɔ sɛ na atoro akyerɛkyerɛfo wɔ hɔ dedaw wɔ ne bere so. Ade titiriw a Paulo kyerɛe sɛ ɛma wɔtwee wɔn ho fii Yesu Kristo nkyerɛkyerɛ ho ne sɛ, na wonni “nokware no ho dɔ” ankasa.—2 Tesalonikafo 2:10.

Bere dodow a na Yesu Kristo asomafo no te ase no wɔamma ɔwae yi ho kwan. Nanso, wɔ asomafo no wu akyi no, nyamesom akannifo no faa “ahoɔdenne ne atoro nsɛnkyerɛnne ne anwonwade nyinaa . . . ne nnaadaa bɔne nyinaa” so sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛdaadaa nnipa pii adan wɔn afi nokware a Yesu ne n’asomafo no kyerɛkyerɛe no ho. (2 Tesalonikafo 2:3, 6-12) Bertrand Russell a ɔyɛ Engiresini nyansapɛfo no kyerɛwee sɛ, ankyɛ na wɔdanee Kristofo asafo a wodii kan hyehyɛe no yɛɛ no nyamesom ahyehyɛde a “ɛbɛma Yesu ne Paulo mpo ho adwiriw wɔn.”

Wɔsan De Nokware Kristosom Sii Hɔ

Nea akɔ so no ama nokwasɛm no ada adi pefee. Efi bere a asomafo no wui akyi no, Kristo nni nneɛma pii a wɔayɛ wɔ Kristosom din mu no mu. Nanso, ɛno nkyerɛ sɛ Yesu anni bɔ a ɔhyɛe sɛ ɔbɛka n’akyidifo ho “nna nyinaa de kosi wiase nhyehyɛe no awiei” no so. (Mateo 28:20) Yebetumi anya awerɛhyem sɛ efi bere a Yesu kaa saa asɛm no, nnipa bi wɔ hɔ a wɔadi nokware “akyerɛkyerɛ Yesu Kristo ho nsɛm na wɔde [abɔ] wɔn bra.” Yesu Kristo adi ne bɔhyɛ so aboa saafo no bere a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛda ɔdɔ a ɛma yehu nokware Kristofo adi na wɔkɔ so tra nokware a ɔkyerɛkyerɛe no mu no.

Bio nso, Yesu hyɛɛ bɔ sɛ wɔ wiase nhyehyɛe yi awiei mu no, ɔbɛboaboa n’asuafo anokwafo ano ayɛ no Kristofo asafo a obiara betumi ahu no yiye na ɔnam so ayɛ n’apɛde. (Mateo 24:14, 45-47) Seesei ɔnam saa asafo no so reboaboa “nnipakuw kɛse” a mmarima, mmea, ne mmofra wom ano afi “amanaman ne mmusuakuw ne nnipa ne kasa nyinaa mu,” na ɔreka wɔn abom ayɛ wɔn “kuw biako” wɔ “ɔhwɛfo baako” ase wɔ ne tiyɛ ase.—Adiyisɛm 7:9, 14-17; Yohane 10:16; Efesofo 4:11-16.

Enti, twe wo ho fi ahyehyɛde ahorow a wɔde bɛboro mfe mpem abien a atwam ni agu Kristo din ne Kristosom ho fĩ no ho. Sɛ woanyɛ saa a, sɛnea Yesu Kristo ka kyerɛɛ ɔsomafo Yohane no, sɛ Onyankopɔn de atemmu ba wɔn so daakye a, wubetumi ‘anya wɔn haw no bi.’ (Adiyisɛm 1:1; 18:4, 5) Fa yɛ wo botae sɛ wobɛka wɔn a odiyifo Mika kaa wɔn ho asɛm bere a ɔkae sɛ “nna a edi akyiri no mu no” nokware asɔrefo a wɔn na wɔyɛ nokware Kristofo no betie Onyankopɔn akwankyerɛ na ‘wɔanantew’ ne nokware som a wɔasan de asi hɔ no ‘atempɔn so’ no ho. (Mika 4:1-4) Wɔn a wɔyɛɛ saa nsɛmma nhoma yi no ani begye ho sɛ wɔbɛboa wo ma woahu saa nokware asɔrefo no.

[Mfonini wɔ kratafa 5]

Dɛn nti na nokware Kristofo nkɔ ɔko?

[Nsɛm Fibea]

Asraafo, benkum: U.S. National Archives photo; Flamethrower, nifa: U.S. Army Photo

[Mfonini wɔ kratafa 7]

“Monnodɔ mo ho” ne ‘montra m’asɛm mu’ yɛ ahwehwɛde titiriw a Yesu kae sɛ wɔde behu nokware Kristofo