Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Henanom na Wɔde Kristo Nkyerɛkyerɛ Yɛ Adwuma Nnɛ?

Henanom na Wɔde Kristo Nkyerɛkyerɛ Yɛ Adwuma Nnɛ?

Henanom na Wɔde Kristo Nkyerɛkyerɛ Yɛ Adwuma Nnɛ?

WOBU Yesu Kristo sɛ nnipa atitiriw paa a wɔatra ase pɛn no mu biako. Nnipa pii bu no sɛ ɔne onipa a ɔsen biara. Ne nkyerɛkyerɛ aboa nnipa yiye bɛyɛ mfe mpem abien ni. Sɛnea Engiresini nhoma kyerɛwfo Melvyn Bragg kyerɛwee no, aboa “nnipa mpapahwekwa a wɔn yam ye na wɔyɛ papa ne afei nso nnipa a wɔyɛ adɔe akɛse.”

Nkurɔfo Bu Kristosom Dɛn?

Nkurɔfo bu Kristosom dɛn? Wɔaka Kristosom ho asɛm sɛ “ade titiriw bi a aboa ma nkɔso aba nyamesom mu.” David Kelso a ɔwɔ Glasgow Caledonia Sukuupɔn a ɛwɔ Scotland mu no kyerɛɛ n’adwene wɔ ho. Ɔkyerɛwee sɛ: “Mfe mpem abien ni a wɔde Kristosom sii hɔ no, wɔatumi ayɛ nneɛma ahorow pii a ɛso bi nni wɔ adwinni, adansi ho nimdeɛ, nyansapɛ, ne nnwom ne nkitahodi mu.”

Nanso, nnipa afoforo pii nhu no saa. Ɛnyɛ ka a wɔka sɛ Kristosom gyina Yesu Kristo nkyerɛkyerɛ so ne gye a wogye di sɛ Yesu yɛ Onyankopɔn Ba no na ɛhaw wɔn. Mmom no, ɔbra a nyamesom kuw ahorow a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo bɔ no na ɛyɛ wɔn tan.

Sɛ nhwɛso no, Germanni nyansapɛfo Friedrich Nietzsche a ɔtraa ase wɔ afe 1800 mfe no mu no kae sɛ Kristosom “adi nnipa awu ankasa.” Ɔsan kyerɛwee sɛ, “Ɛno ne ade a apira nnipa na asɛe nnipa abrabɔ kɛse, . . . na ɛfa ɔkwammɔne, anibere, ne ɔkwan biara so de du ne botae ho.” Ɛwom sɛ Nietzsche kaa asɛm traa so de, nanso nnipa bi a wosusuw ade ho kɔ akyiri akeka nsɛm a ɛte saa ara. Dɛn ntia? Efisɛ mfe pii a atwam no, yenhui sɛ wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo no da Yesu Kristo su ahorow no bi adi, mmom no, nea yehu wɔ wɔn ho wɔ baabiara ne “ɔbrasɛe, nsɛmmɔnedi akɛse, ne abususɛm.”

So Kristo Wɔ Kristosom Mu?

Ɛnyɛ nwonwa sɛ yebebisa sɛ, “So Kristo da so wɔ Kristosom mu nnɛ?” Ebinom bɛka no ntɛm ara sɛ, “Yiw, ɔwom! So wanhyɛ n’akyidifo bɔ sɛ, ɔne wɔn bɛwɔ hɔ ‘akosi wiase awiei’?” (Mateo 28:20, Twi Bible, Akuapem) Yiw, Yesu kaa saa. Nanso, so na ɔrepɛ akyerɛ sɛ ɔbɛka obiara a ɔde n’ano bɛka kɛkɛ sɛ ɔyɛ ne kyidifo ho, ɛmfa ho sɛnea n’abrabɔ te biara no?

Kae sɛ, Yesu bere so no, na nyamesom akannifo binom a wɔwɔ hɔ no susuw sɛ Onyankopɔn ka wɔn ho ɔkwan biara so. Esiane sɛ na Onyankopɔn apaw Israel ama adwuma titiriw bi nti, na nyamesom akannifo binom susuw sɛ ɛmfa ho nea wɔbɛyɛ biara no, Onyankopɔn rennyaw wɔn da. (Mika 3:11) Nanso, ewiee ase no, nyamesom akannifo no poo Onyankopɔn mmara ne ne gyinapɛn ahorow koraa. Ɛno nti, Yesu Kristo paee mu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Hwɛ! Wɔagyaw mo fie ama mo.” (Mateo 23:38) Enti nyamesom ahyehyɛde mũ no nyinaa hweree Onyankopɔn anim dom. Onyankopɔn poo wɔn na ɔmaa Roma asraafo sɛee wɔn ahenkurow Yerusalem ne n’asɔrefie no wɔ afe 70 Y.B.

So biribi a ɛte saa betumi ato Kristosom? Momma yensusuw ahwehwɛde a Yesu de bataa bɔ a ɔhyɛe sɛ ɔbɛka n’akyidifo ho akosi “wiase awiei” no ho nhwɛ.

[Mfonini wɔ kratafa 3]

Yesu Kristo nkyerɛkyerɛ no boa nnipa ɔpepem pii a wɔwɔ wiase nyinaa yiye